Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnã Bi Afotu a Nyansa Wom

Ɛnã Bi Afotu a Nyansa Wom

Ɛnã Bi Afotu a Nyansa Wom

“Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara.”—Mmebusɛm 1:8.

YEBETUMI anya nkuranhyɛ, mmoa, ne afotu afi yɛn awofo—yɛn papa ne yɛn maame—nkyɛn. Bible mu nhoma Mmebusɛm ka ɔhene aberantewaa Lemuel, a ogyee “ɔkasakyerɛ” ne ‘nteɛso’ fii ne nã hɔ ho asɛm. Wɔakyerɛw saa nsɛm no wɔ Mmebusɛm ti 31, na yɛn nso yebetumi anya ɛna yi afotusɛm no mu mfaso.—Mmebusɛm 31:1.

Afotu a Ɛfata Ɔhene

Lemuel maame de nsɛmmisa a ɛkanyan yɛn adwene na efii ne nsɛm no ase: “Ɛdɛn, me ba, na ɛdɛn, me yafumma? Na ɛdɛn, me bɔhyɛ ba?” Sɛnea osii asɛm no so dua mprɛnsa no da sɛnea na ɔpɛ sɛ ne ba no tie ne nsɛm no adi. (Mmebusɛm 31:2) Sɛnea na ne ba no honhom fam yiyedi ho asɛm hia no no yɛ nhwɛso pa ma Kristofo awofo nnɛ.

Ɛdefa ne ba no yiyedi ho no, dɛn na ebetumi ahaw ɛnã bi pii asen ahohwi ne agobɔne a ɛwɔ bobesa, mmea ne dwom a wɔde buu bɛ no mu? Lemuel maame kɔ asɛm no so tẽe sɛ: “Mfa w’ahoɔden mma mmea.” Ɔtwe adwene si ɔbrasɛe so sɛ ‘ade a ɛsɛe ahene’—Mmebusɛm 31:3.

Ɛnsɛ sɛ wobu ani gu asanom ntraso so. Ɔde kɔkɔbɔ ma sɛ “Ɛnsɛ ahene, Lemuel, ɛnsɛ ahene, sɛ wɔbɛnom nsã.” Sɛ ɔhene nom nsa bow bere nyinaa a, ɛbɛyɛ dɛn na wabu atɛn pa a ‘ne werɛ remfi mmara a wɔahyɛ, na ɔrennan amanehunufo nyinaa nsɛm ani’?—Mmebusɛm 31:4-7.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ ɔhene twe ne ho fi ɔbra bɔne a ɛte saa ho a, obetumi abu ‘atɛntrenee na wadi ama ɔbrɛfo ne ohiani.’—Mmebusɛm 31:8, 9.

Ɛwom sɛ ebia Kristofo mmofra nyɛ “ahene” nnɛ de, nanso Lemuel maame afotu pa no yɛ ne bere mu de a ɛfata. Asanom ntraso, tawanom, ne nna mu ɔbrasɛe abu so wɔ mmerante ne mmabaa mu nnansa yi, na ɛho hia sɛ Kristofo mmofra yɛ aso tie “ɔkasakyerɛ” a wɔn awofo de ma wɔn no yiye.

Ɔyepa

Ɛyɛ ne kwan so sɛ ware a ɛnanom a wɔn mmabarima reyɛ adu mpanyin afe so bɛware no ho asɛm hia wɔn yiye. Afei Lemuel maame dan adwene kɔ su horow a ɔyepa wɔ so. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ aberante susuw ɔbea adwene a ɔwɔ wɔ saa asɛm a ɛho hia yi ho ho a, ɛbɛyɛ mfaso kɛse ama no.

nkyekyem 10 no, ɔde “ɔyepa” toto nhene pa a ɛsom bo, a na egye mmɔdenbɔ kɛse ansa na wɔatumi anya wɔ Bible mmere mu no ho. Saa ara nso na egye mmɔdenbɔ ansa na obi anya ɔyepa. Sɛ́ anka aberante de ahopere bɛware no, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔto ne bo ase hwehwɛ mu. Ɛno ansa na, akyinnye biara nni ho sɛ n’ani begye ade a ɛsom bo a wanya no ho yiye.

Ɛdefa ɔyepa ho no, wɔka kyerɛ Lemuel sɛ: “Ne kunu koma da no so.” (Nkyekyem 11) Ɔkwan foforo so no, ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ bere nyinaa gye sɛ ɔpene biribi so ansa na ne yere ayɛ. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ awarefo ne wɔn ho wɔn ho susuw nsɛm ho ansa na wɔasi gyinae atitiriw, te sɛ nea ɛfa nneɛma a ne bo yɛ den a wɔbɛtotɔ anaa sɛnea wɔbɛtete wɔn mma ho. Nkitaho a wobedi wɔ nneɛma a ɛte saa ho no betumi ama wɔn ntam abusuabɔ no mu ayɛ den.

Nokwarem no, ɔyepa wɔ nneɛma pii yɛ. Wɔahyehyɛ afotu ne nnyinasosɛm ahorow a mmea awarefo nyinaa betumi de adi dwuma de aboa wɔn mmusua wɔ nkyekyem 13 kosi 27. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa ntama ne nea yɛde siesie yɛn ho a ne bo kɔ so yɛ den ho no, ɔyepa sua sɛnea ɔde ne nsa bɛyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a n’abusua bɛhyɛ ntade pa na wɔn ho atwa. (Nkyekyem 13, 19, 21, 22) Nea ɛbɛyɛ na abusua no aduan ho ka so atew no, odua nnɔbae kakra a obetumi na ɔde anidahɔ nso di gua.—Nkyekyem 14, 16.

Ɛda adi sɛ, saa ɔbea yi nni “anihaw aduan.” Ɔyɛ adwumaden na ɔhwɛ ne fifo so yiye. (Nkyekyem 27) “Ɔde ahoɔden bɔ n’asen,” a ɛkyerɛ sɛ osiesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ adwumaden. (Nkyekyem 17) Ɔsɔre anɔpatutuutu fi n’adwuma ase, na ɔde nsiyɛ yɛ adwuma kosi anadwo. Ɛte sɛ nea kanea a ɛhwɛ n’adwuma so no kɔ so hyerɛn bere nyinaa no.—Nkyekyem 15, 18.

Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔyepa yɛ honhom muni. Osuro Onyankopɔn na ɔde obu a emu dɔ som no. (Nkyekyem 30) Ɔboa ne kunu ma ɔtete wɔn mma wɔ ɔkwan koro no ara so. Nkyekyem 26 ka sɛ: “Obue n’ano nyansa mu, na adɔe kyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.”

Okunu Pa

Nea ɛbɛyɛ na Lemuel atumi anya ɔyepa no, na ɛsɛ sɛ otumi di asɛyɛde ho dwuma sɛ okunu pa. Lemuel maame ma ɔkae eyinom mu pii.

“Asase no so mpanyimfo” bɛka okunu pa ho nsɛmpa. (Mmebusɛm 31:23) Ɛno kyerɛ sɛ ɔbɛyɛ obi a osi pi, odi nokware, wonya ne mu ahotoso, na osuro Onyankopɔn. (Exodus 18:21; Deuteronomium 16:18-20) Ne saa nti sɛ kurow no mu mpanyimfo hyia susuw kurow no ho a, ‘wohu no wɔ hɔ bi.’ Sɛ ‘wobehu’ no sɛ obi a osuro Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ ntease na ɔne “asase,” a ebetumi agyina hɔ ama ɔmantam anaa dantanban, no so mpanyimfo bom yɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu.

Akyinnye biara nni ho sɛ na Lemuel maame fi n’asetra mu osuahu mu rekae ne ba no mfaso a ɛwɔ so sɛ ɔma n’ani sɔ ɔbea a ɔbɛware no daakye no. Obiara nni asase so a ɔbɛsom bo asen no. Enti susuw nkate a emu yɛ den a ɔde maa ne nne so kamfoo no nnipa nyinaa anim no ho hwɛ: “Mmea pii ayɛ papa, na wo de, wosen wɔn nyinaa.”—Mmebusɛm 31:29.

Ɛda adi sɛ Lemuel ani sɔɔ ne maame afotu pa no. Sɛ nhwɛso no, wɔ nkyekyem 1 no, yɛhyɛɛ eyi nsow sɛ ɔtwee adwene sii ne maame afotu no so sɛ n’ankasa nsɛm. Ne saa nti, ɔde ne ‘nteɛso’ no dii dwuma na onyaa n’afotu no so mfaso. Ɛmmra sɛ yɛn nso yebenya “ɔkasakyerɛ” yi so mfaso denam emu nsɛm a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn asetra mu no so.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Ɔyepa nni “anihaw aduan”