Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahurusi A Yedi wɔ Yɛn Nkwagye Nyankopɔn No Mu

Ahurusi A Yedi wɔ Yɛn Nkwagye Nyankopɔn No Mu

Ahurusi A Yedi wɔ Yɛn Nkwagye Nyankopɔn No Mu

“[Yehowa, “NW”] mu na medi ahurusi, me ho bɛsɛpɛw me, me nkwagye Nyankopɔn mu.”—HABAKUK 3:18.

1. Anisoadehu bɛn na Daniel nyae ansa na Babilon rehwe ase wɔ afe 539 A.Y.B. mu no?

AKA bɛboro mfirihyia du ma Babilon ahwe ase wɔ afe 539 A.Y.B. no, odiyifo Daniel a na ne mfe akɔ anim no nyaa anisoadehu bi a na ɛyɛ anigye. Ɛkaa wiase nsɛm a ebesisi de akowie Yehowa atamfo ne Ne Hene a wapaw no, Yesu Kristo, ntam akodi kɛse mu no ho asɛm siei. Dɛn na Daniel yɛe? Ɔkae sɛ: “Meyɛɛ siamoo . . . na adehu no yɛɛ me ahodwiriw.”—Daniel 8:27.

2. Ɔko bɛn na Daniel hui wɔ anisoadehu mu, na yɛyɛ dɛn hu sɛ abɛn pɛɛ?

2 Na yɛn nso ɛ? Yɛadu akyiri yiye wɔ awiei bere yi mu! Yɛyɛ yɛn ade dɛn bere a yehu sɛ akodi a Daniel nyaa ho anisoadehu—Onyankopɔn ko a ɛne Harmagedon—no abɛn pɛɛ no? Yɛyɛ yɛn ade dɛn bere a yehu sɛ amumɔyɛ a wɔdaa no adi wɔ Habakuk nkɔmhyɛ no mu no abu so araa ma yehu sɛ Onyankopɔn atamfo sɛe bɛba wɔ ɔkwan biara so no? Ɛda adi sɛ, yɛte nka te sɛ Habakuk ankasa, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ nhoma no ti a ɛto so abiɛsa mu no.

Habakuk Bɔ Mpae Hwehwɛ Onyankopɔn Mmɔborohunu

3. Habakuk bɔɔ mpae maa henanom, na ɔkwan bɛn so na ne nsɛm no betumi aka yɛn?

3 Habakuk ti 3 no yɛ mpaebɔ. Sɛnea nkyekyem 1 kyerɛ no, ɔyɛɛ no kwadwom, awerɛhow anaa abooboo dwom. Odiyifo no bɔ mpae te sɛ nea ɔbɔ ma ne ho. Nanso, nokwarem no, Habakuk kasa ma Onyankopɔn man a wapaw wɔn no. Ɛnnɛ, ne mpaebɔ no kyerɛ nneɛma pii ma Onyankopɔn nkurɔfo a wɔreyɛ Ahenni asɛnka adwuma no. Sɛ yɛkenkan Habakuk ti 3 bere a eyi wɔ yɛn adwene mu a, emu nsɛm no ma yɛbɔ hu, na ɛma yɛn ani gye nso. Habakuk mpaebɔ, anaa kwadwom no, ma yenya ntease a emu yɛ den wɔ Yehowa mu a enti ɛsɛ sɛ yedi yɛn nkwagye Nyankopɔn no mu ahurusi no.

4. Dɛn nti na Habakuk suroe, na dwuma a Onyankopɔn de ne tumi bedi bɛn na yebetumi anya mu ahotoso?

4 Sɛnea yɛadi kan ahu wɔ adesua nsɛm abien a edi kan no mu no, na tebea a Yuda wom wɔ Habakuk bere so no nye. Nanso, na Onyankopɔn renhwɛ mma tebea yi nkɔ so. Ná Yehowa bɛyɛ ho biribi, sɛnea na wayɛ bere bi a atwam no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ odiyifo no kae sɛ: ‘Yehowa mate wo ho asɛm, masuro; Yehowa, w’adwuma no’! Dɛn na na ɔkyerɛ? Ná ‘Yehowa ho asɛm’ no yɛ Onyankopɔn mmaninyɛ ho abakɔsɛm kyerɛwtohɔ, te sɛ nea ɔyɛe wɔ Po Kɔkɔɔ no ho, sare so, ne Yeriko no. Ná Habakuk nim saa nnwuma yi yiye, na ɛma osuroe efisɛ na onim sɛ Yehowa bɛsan de ne tumi kɛse no adi dwuma wɔ n’atamfo so. Sɛ yehu adesamma amumɔyɛ nnɛ a, yɛn nso yenim sɛ Yehowa bɛyɛ ade sɛnea ɔyɛe wɔ tete mmere mu no. So ɛno ma yɛbɔ hu? Yiw! Nanso, yɛbɔ mpae sɛnea Habakuk yɛe no: “Mfe mfinimfini na yɛ ma ɛmmra, mfe mfinimfini na ma wonhu; abufuhyew mu kae ayamhyehye.” (Habakuk 3:2) Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, ɔde ne tumi nwonwaso no bedi dwuma ‘wɔ mfe no mfinimfini.’ Na saa bere no, ɔbɛkae ada ne mmɔborohunu adi akyerɛ wɔn a wɔdɔ no no!

Yehowa Tu Aperenten!

5. Ɔkwan bɛn so na “Onyankopɔn fi Teman ba,” na eyi fa Harmagedon ho dɛn?

5 Sɛ Yehowa tie yɛn mpae a yɛde ayamhyehye bɔ no a, dɛn na ɛbɛba? Yehu mmuae no wɔ Habakuk 3:3, 4. Nea edi kan no, odiyifo no ka sɛ: “Onyankopɔn fi Teman ba, na ɔkronkronni no fi Paran bepɔw so.” Wɔ odiyifo Mose bere so no, na Teman ne Paran da ɔkwan a na Israelfo no nam so wɔ sare so rekɔ Kanaan no so. Bere a na Israel ɔman kɛse no retu kwan no, na ɛte sɛ nea Yehowa ankasa na ɔrekɔ, na na biribiara ntumi nsianka no. Aka kakraa na Mose awu no, ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] fi Sinai bae, na opue fii Seir maa wɔn, ɔharan fii Paran bepɔw so; ofi [abɔfo] akronkronfo apedu no mu na ɛbae.” (Deuteronomium 33:2) Sɛ Yehowa tow hyɛ n’atamfo so wɔ Harmagedon a, ɔbɛda mmaninyɛ koro no ara adi, na wɔrentumi nsianka no.

6. Onyankopɔn anuonyam akyi no, dɛn na Kristofo a wɔwɔ nhumu hu?

6 Habakuk san ka sɛ: ‘Yehowa anuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyi yɛ asase so ma. Ne hyerɛn te sɛ owia hann.’ Adehu fɛfɛ bɛn ara ni! Ampa, nnipa ntumi nhu Yehowa Nyankopɔn ntra ase. (Exodus 33:20) Nanso, Onyankopɔn asomfo anokwafo fam de, wɔn koma ani bue bere a wosusuw ne kɛseyɛ ho no. (Efesofo 1:18) Na Kristofo a wɔwɔ nhumu no hu biribi foforo ka Yehowa anuonyam ho. Habakuk 3: 4 de ba awiei sɛ: “Nsesae wowɔ ne ho, na ɛhɔ ne n’ahoɔden ahintawee.” Yiw, yehu sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde ne nsa nifa a ɛkyerɛ n’ahoɔden ne ne tumi no bedi dwuma ayɛ ade ntɛm so.

7. Aperenten a Onyankopɔn tu no nkonimdi so no kyerɛ dɛn ma wɔn a wɔtew atua tia no no?

7 Aperenten a Onyankopɔn tu no nkonimdi so no kyerɛ ɔsɛe ma atuatewfo. Habakuk 3:5 ka sɛ: “Ɔyaredɔm a ɛpra di n’anim, na ɔyare a ɛhyehye fi di ne nan ase.” Wɔ 1473 A.Y.B. mu, bere a na Israelfo no abɛn Bɔhyɛ Asase no, pii tew atua, na wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe ne ahonisom mu. Ne saa nti, Onyankopɔn de yaredɔm kunkum wɔn mu bɛboro 20,000. (Numeri 25:1-9) Saa ara na daakye a enni akyiri no, bere a Yehowa tu aperenten wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” mu no, wɔn a wɔtew atua tia no no behu wɔn bɔne ho amane. Ɔyaredɔm ankasa bekunkum ebinom mpo.—Adiyisɛm 16:14, 16.

8. Sɛnea Habakuk 3:6 kyerɛ no, dɛn na ɛreba Onyankopɔn atamfo so?

8 Afei tie asɛm a emu da hɔ a odiyifo no ka fa asafo Yehowa a ɔreyɛ adwuma no ho. Yɛkenkan wɔ Habakuk 3:6 sɛ: ‘Yehowa Nyankopɔn gyina hɔ na ɔwosow asase, ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo; daa mmepɔw dwiriw, tete nkoko brɛ ase, ne nantew te sɛ tete de.’ Nea edi kan no, Yehowa ‘gyina hɔ’ te sɛ ɔsahene bi a ɔretwa sa wɔ akono. N’atamfo bɔ hu. Wohu onii ko a wɔn tamfo no yɛ, na wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔn ho popo. Yesu kaa bere a “asase so mmusuakuw nyinaa besu” ho asɛm. (Mateo 24:30) Wobehu sɛ obiara rentumi ne Yehowa apɛde nni asi, nanso na aka akyi dodo. Nnipa ahyehyɛde ahorow—nea ɛte sɛ nea etim hɔ daa te sɛ “daa mmepɔw” ne “tete nkoko” mpo—bedwiriw. Ɛbɛyɛ sɛnea Onyankopɔn ‘nantew tete no,’ sɛnea ɔyɛɛ ade wɔ tete mmere mu no.

9, 10. Dɛn na Habakuk 3:7-11 kae yɛn?

9 Yehowa ‘abufuw redɛw’ tia n’atamfo. Nanso, akode bɛn na ɔde bedi dwuma wɔ ne ko kɛse no mu? Tie sɛnea odiyifo no ka ho asɛm no: “Wo ta ho da hɔ; wɔnam asɛm no so aka nteɛso mmaa ho ntam. Wopaapae asase mu yɛ no nsubɔnten. Mmepɔw hu wo hinhim; nsu a etue reba; ebun donkudonku ma ne nne so, ɛma ne nsa so kɔ soro. Owia ne ɔsram gyinagyinaa wɔn sibere w’agyan a ɛnennam no hann nti, wo peaw anyinam pa hyerɛn no nti.”—Habakuk 3:7-11.

10 Wɔ Yosua nna no mu no, Yehowa maa owia ne ɔsram gyinaa faako denam ne tumi a ɔdaa no adi wɔ anwonwakwan so no so. (Yosua 10:12-14) Habakuk nkɔmhyɛ no kae yɛn sɛ Yehowa bɛda tumi koro yi ara adi wɔ Harmagedon. Wɔ 1513 A.Y.B. mu no, Yehowa daa tumi a ɔwɔ wɔ asase so nsubɔnten so no adi bere a ɔnam Po Kɔkɔɔ so sɛee Farao asraafo no. Mfe aduanan akyi no, asubɔnten Yordan a na ayiri no anyɛ akwanside amma Israelfo bere a na wɔretwa kwan akɔ Bɔhyɛ Asase so no. (Yosua 3:15-17) Wɔ odiyifobea Debora bere so no, osu kɛse bi tɔe sesaw Israel tamfo Sisera nteaseɛnam kɔe. (Atemmufo 5:21) Nsuyiri, osu kɛse a ɛtɔ, ne nsubun a ɛte saa ara na Yehowa de bedi dwuma wɔ Harmagedon. Aprannaa ne anyinam nso wɔ ne nsam, te sɛ peaw anaa boha a bɛmma ahyɛ mu ma.

11. Sɛ Yehowa de ne tumi kɛse no di dwuma a, dɛn na ɛbɛba?

11 Nokwarem no, ɛbɛyɛ hu bere a Yehowa de ne tumi kɛse no di dwuma koraa no. Habakuk nsɛm no kyerɛ sɛ anadwo bɛdan adekyee, na adekyee hann ahyerɛn asen owia. Sɛ́ Harmagedon ho nkɔmhyɛsɛm a efi honhom mu yi yɛ paa ara anaa sɛnkyerɛnne kwan so de no, ade biako na yegye tom—Yehowa bedi nkonim, na ɔremma ɔtamfo biara mfi mu nka.

Wobegye Onyankopɔn Nkurɔfo Nkwa!

12. Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ n’atamfo, na henanom na wobegye wɔn nkwa?

12 Odiyifo no toa so ka sɛe a Yehowa bɛsɛe N’atamfo no ho asɛm. Yɛkenkan wɔ Habakuk 3:12 sɛ: “Abohuru mu na wonam fa asase so, abufuw mu na woposaw amanaman.” Nanso, Yehowa rensɛe nnipa nyinaa. Wobegye nnipa bi nkwa. Habakuk 3:13 ka sɛ: “Wufii adi sɛ worebegye wo man, worebegye nea wɔasra no no.” Yiw, Yehowa begye n’asomfo anokwafo a wɔasra wɔn no nkwa. Afei, ɔsɛe a wɔde ba Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman so no bɛba awiei. Nanso, ɛnnɛ, amanaman no rebɔ mmɔden sɛ wobegu nokware som koraa. Ɛrenkyɛ, Gog a ofi Magog dɔm bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so. (Hesekiel 38:1–39:13; Adiyisɛm 17:1-5, 16-18) So Satan bedi nkonim wɔ saa ntua yi mu? Dabi! Yehowa de abufuw bɛposaw n’atamfo saa bere no, na wasiw wɔn sɛ awi a wosiw wɔ awiporowbea. Nanso obegye wɔn a wɔsom no honhom ne nokware mu no.—Yohane 4:24.

13. Ɔkwan bɛn so na Habakuk 3:13 benya ne mmamu?

13 Wɔkaa abɔnefo ase a wɔbɛtɔre koraa no ho asɛm siei sɛ: ‘Wo Yehowa, wobobɔɔ ɔbɔnefo fie ti, womaa ne fapem ho daa hɔ fi n’asrɛ ho koduu ne kɔn ho.’ (Habakuk 3:13) ‘Ofie’ yi yɛ nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ Satan Bonsam nkɛntɛnso ase no. Wɔbɛsɛe no. Wɔbɛsɛe ‘ti’ no anaa akannifo a wɔsɔre tia Nyankopɔn no. Wɔbɛsɛe ofie no koraa akosi ne fapem so. Ɛrentra hɔ bio. Hwɛ abotɔyam kɛse a ɛno bɛyɛ!

14-16. Sɛnea Habakuk 3:14, 15 kyerɛ no, dɛn na ɛbɛto Yehowa nkurɔfo ne wɔn atamfo?

14 Wɔ Harmagedon ko no mu no, wɔbɛma wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe ‘nea’ Yehowa ‘asra no’ no adwene atu afra. Sɛnea Habakuk 3:14, 15 kyerɛ no, odiyifo no ne Nyankopɔn kasa sɛ: “Wode mpɛmɛ hwirew n’akofo tirim, wotu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete, wɔn anigye ne sɛ wɔbɛmene ɔbrɛfo ahintawee mu. Wode w’apɔnkɔ si po mu, nsu pii a ehuru no mu.”

15 Sɛ Habakuk ka sɛ ‘akofo tu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete’ a, na odiyifo no rekasa ma Yehowa asomfo a wɔasra wɔn. Te sɛ adwowtwafo a wɔayɛ krado no, amanaman bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so sɛ wɔrekɔsɛe wɔn. Onyankopɔn ne ne nkurɔfo atamfo yi ‘ani begye,’ a wɔwɔ ahotoso sɛ wobedi nkonim. Nokware Kristofo bɛyɛ sɛ nea wɔyɛ mmerɛw, te sɛ ‘abrɛfo.’ Nanso sɛ tumi a etia Onyankopɔn no de wɔn ntua no ba a, Yehowa bɛma wɔde wɔn akode no ako atia wɔn ho wɔn ho. Wɔde wɔn akode, anaa “mpɛmɛ,” bɛko atia wɔn ankasa akofo no.

16 Nanso, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛbɛkɔ so. Afei Yehowa de ahonhom a wɔwɔ tumi sen nnipa bɛba abɛsɛe wɔn awie koraa. Bere a ɔde “apɔnkɔ” a wɔne ne soro asafo a Yesu Kristo di wɔn anim di dwuma no, ɔbɛkɔ n’anim akodi nkonim wɔ “po” ne “nsu pii a ehuru” mu, atamfo pii a wɔyɛ nnipa no mu. (Adiyisɛm 19:11-21) Wobeyi abɔnefo afi asase so saa bere no. Onyankopɔn atɛntrenee a ɔda no adi ɔkwan a tumi wom so bɛn ara ni!

Yehowa Da no Reba!

17. (a) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Habakuk nsɛm no bɛba mu? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ sɛ Habakuk bere a yɛretwɛn Yehowa da kɛse no?

17 Yebetumi anya ahotoso sɛ Habakuk nsɛm no benya mmamu nnansa yi ara. Ɛrenka akyiri. Woyɛ w’ade dɛn wɔ nimdeɛ a woadi kan anya yi ho? Kae sɛ, honhom na ɛkaa Habakuk ma ɔkyerɛw ne nsɛm no. Yehowa bɛka ne ho, na sɛ ɛba saa a, wɔbɛsɛe nneɛma wɔ asase so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ odiyifo no kyerɛwee sɛ: “Metee na me yafunum popoe, m’ano saw biribiri, ɛnne no ho; ɔporow hyɛn me nnompe mu, na m’ase popoe, sɛ méntra ase mentwɛn ahohia da no menhwɛ nea ɔnam so reba abɛtoa ɔman no.” (Habakuk 3:16) Habakuk ho popoe yiye—na ntease wom. Na so na ne gyidi hinhim? Dabida! Ná ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ komm atwɛn Yehowa da no. (2 Petro 3:11, 12) So ɛnyɛ saa na yɛn nso yɛyɛ yɛn ade? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛte saa! Yɛwɔ gyidi koraa sɛ Habakuk nkɔmhyɛ no benya mmamu. Nanso enkosi sɛ ɛbɛbam no, ɛsɛ sɛ yɛde boasetɔ twɛn.

18. Ɛwom sɛ na Habakuk hwɛ ahokyere kwan de, nanso su bɛn na ɔdaa no adi?

18 Akodi de ahokyere ba bere nyinaa, na mpo ɛde ahokyere ba wɔn a wodi nkonim no so. Aduan ho betumi ayɛ na. Wobetumi ahwere ahode. Nkurɔfo asetra betumi asɛe. Sɛ ɛba saa wɔ yɛn fam a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn? Habakuk daa su pa adi, efisɛ ɔkae sɛ: “Na borɔdɔma rengu nhwiren, na aba bi nni abobe so; ngodua sow di huammɔ, na mfuw mma aduan, nguan to twa fi ban mu, na nantwi bi nni adan mu. Nanso [Yehowa, NW] mu na medi ahurusi, me ho bɛsɛpɛw me, me nkwagye Nyankopɔn mu.” (Habakuk 3:17, 18) Akyinnye biara nni ho sɛ Habakuk hwɛɛ kwan sɛ ahokyere, a ebia ɛyɛ ɔkɔm, bɛba. Nanso, anigye a na ɔwɔ wɔ Yehowa mu no, ansɛe da.

19. Ahokyere bɛn na Kristofo pii wom, nanso sɛ yɛde Yehowa di kan wɔ yɛn asetram a, dɛn na yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebenya?

19 Ɛnnɛ, ansa na Yehowa ko a etia amumɔyɛfo bɛba mpo no, nnipa pii hyia ahohia a emu yɛ den. Yesu ka siei sɛ akodi, ɔkɔm, asasewosow, ne nyarewa bɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ waba n’ahenni tumi mu no bi. (Mateo 24:3-14; Luka 21:10, 11) Yɛn mfɛfo gyidifo pii tete nsase a Yesu nsɛm no renya mmamu kɛse wom so, na ɛma wohyia ahokyere pii. Ebia Kristofo foforo nso behyia nea ɛte saa daakye. Wɔ yɛn mu pii fam no, ebetumi aba ankasa sɛ “borɔdɔma rengu nhwiren” ansa na awiei no aba. Nanso, yenim nea enti a saa nneɛma yi resisi, na ɛno ma yenya ahoɔden. Bio nso, yɛwɔ okyitaafo. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Ɛno nkyerɛ sɛ yebenya asetra a ɛyɛ dwoodwoo, nanso ɛma yenya awerɛhyem sɛ sɛ yɛde Yehowa di kan a, ɔbɛhwɛ yɛn so.—Dwom 37:25.

20. Ɛmfa ho bere tiaa mu ahokyere no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

20 Ɛmfa ho bere tiaa mu ahokyere biara a yebehyia no, yɛrempa abaw na yɛrenhwere Yehowa nkwagye tumi no mu gyidi. Yɛn nuanom mmarima ne mmea pii a wɔwɔ Afrika, Europa Apuei fam, ne mmeae foforo hyia tebea a emu yɛ den yiye, nanso wɔkɔ so ‘di Yehowa mu ahurusi.’ Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ sɛ wɔn. Kae sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Yehowa ne Nea ɔma yɛn ‘ahoɔden.’ (Habakuk 3:19) Ɔrenni yɛn huammɔ da. Harmagedon bɛba ɔkwan biara so, na akyinnye biara nni ho sɛ wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no bedi akyi. (2 Petro 3:13) Afei, “[Yehowa, NW] anuonyam hu bɛhyɛ asase so ma sɛ nsu kata ɛpo so.” (Habakuk 2:14) Enkosi saa bere no, momma yenni Habakuk nhwɛso pa no akyi. Momma yɛnkɔ so ‘nni Yehowa yɛn nkwagye Nyankopɔn no mu ahurusi’ daa.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na Habakuk mpaebɔ no betumi aka yɛn?

• Dɛn nti na Yehowa tu aperenten?

• Dɛn na Habakuk nkɔmhyɛ no ka fa nkwagye ho?

• Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde twɛn Yehowa da kɛse no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

So wunim nneɛma a Onyankopɔn de bɛko atia abɔnefo wɔ Harmagedon?