Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Animia Ma Yedi Nkonim

Animia Ma Yedi Nkonim

Animia Ma Yedi Nkonim

ANIMIA ho abɛyɛ na wɔ nnɛ bere yi mu. Nnipa pii gye di sɛ nkonimdi gyina biribi a obi bɛyɛ wɔ bere pa mu sen sɛ obemia n’ani so. Hena na obetumi agye wɔn kyim? Nsɛm a wɔde bɔ aguade ho dawuru ahyɛ nsɛm ho amanneɛbɔ mu ma, na ɛnam anifere kwan so rekyerɛ sɛ, sɛ woyere wo ho kakraa bi a, wubetumi de sika kakraa bi a wowɔ no anya biribiara a wopɛ. Atesɛm nkrataa kɔ so tintim nkurɔfo a wodi yiye ntɛm, ne adwumawuranom a sɛ wowie sukuu a, ɛnkyɛ na wɔanya sika pii, ho nsɛm.

Leonard Pitts a ɔyɛ sɛnkyerɛwfo no ka sɛ: “Ɔmanfo a wɔn mu dodow no ara de wɔn adwene bu nneɛma fam no, ɛte sɛ nea ɛnyɛ den koraa sɛ obi bɛyɛ yiye. . . . Ayɛ te sɛ biribi a sɛ obiara hu ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so, na sɛ ɔwɔ ho ahoɔden, anaasɛ Onyankopɔn boa no a, obetumi ayɛ.”

Dɛn Ne Animia?

Sɛ́ wubemia w’ani no kyerɛ sɛ ‘wubekura atirimpɔw, tebea bi anaa dwumadi bi mu pintinn a akwanside anaa huammɔdi biara mfa ho.’ Ɛkyerɛ sɛ wobɛyere wo ho agyina amanehunu ano, a worennyae mu. Bible si hia a saa su yi ho hia so dua. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ: “Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no . . . kan,” “Monkɔ so mpem, na wobehiɛ mo,” “Munkura mpaebɔ mu ara,” na “Munso nea eye no mu.”—Mateo 6:33, NW; Luka 11:9, NW; Romafo 12:12; 1 Tesalonikafo 5:21.

Animia fã titiriw ne sɛ wubegyina huammɔdi a wuntumi nkwati ano. Mmebusɛm 24:16 ka sɛ: ‘Mpɛn ason na ɔtreneeni hwe ase na ɔsɔre.’ Sɛ anka obi ‘begyae mu’ bere a ɔrehyia nsɛnnennen anaa huammɔdi no, mmɔdenbɔfo ‘sɔre gyina,’ ‘ɔpere kɔ n’anim,’ na ɔsɔ nneɛma hwɛ bio.

Nanso, nnipa pii nsiesiee wɔn ho mmaa nsɛnnennen ne huammɔdi a wobetumi ahyia no. Esiane sɛ wonnyaa ɔpɛ sɛ wobemia wɔn ani nti, wogyae nneɛma mu ntɛm ara. Nhoma kyerɛwfo Morley Callaghan ka sɛ: “Nnipa pii yɛ wɔn ade wɔ huammɔdi ho wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so. Wosu wɔn ho mmɔbɔ, wɔde asodi to obiara so, wodi yaw, na . . . wogyae mu.”

Eyi yɛ awerɛhosɛm. Pitts ka sɛ: “Ɛyɛ a yɛn werɛ fi sɛ biribi nti na yɛfa sɔhwɛ mu, na mfaso bi wɔ amanehunu mu.” Dɛn ne saa mfaso no? Ɔde ba awiei sɛ: “Ɛma [obi] hu sɛ huammɔdi nkum nnipa, na saa ara nso na nkogudi nso ntra hɔ daa. Ɛma obi nya nhumu. Ɛma obi da ne ho so.” Bible ka no tiawa sɛ: “Ɔbrɛ nyinaa mu wɔ nnɔbae.”—Mmebusɛm 14:23.

Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wubegyina wo nan so bio bere a nneɛma bi ankɔ yiye no. Ɛtɔ mmere bi a yehyia nsɛnnennen a ɛte sɛ nea ɛsɛe mmɔden a yɛbɔ sɛ yebedi so no. Sɛ́ anka yɛbɛbɛn yɛn botae ahorow ho no, ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛretwe akɔ akyirikyiri no. Ebetumi abunkam yɛn so, na yɛn nsam agow, na yɛn abam betumi abu, na yɛabotow. (Mmebusɛm 24:10) Nanso Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: ‘Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.’—Galatifo 6:9.

Dɛn na Ebetumi Aboa Yɛn Ma Yɛamia Yɛn Ani?

Ade a edi kan a ɛbɛma yɛamia yɛn ani wɔ biribi a yɛde asi yɛn ani so mu ne sɛ yɛde botae ahorow a mfaso wɔ so na yebetumi adu ho besisi yɛn anim. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔsomafo Paulo te eyi ase. Ɔka kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Mmirika a mitu yi, mintu no asunsumabo mu; kuturuku a meko yi, menko no sɛ nea ɔboro mframa.” Na Paulo nim sɛ, sɛ obetumi adi nkonim a, na ebehia sɛ ɔde botae horow pɔtee bi sisi n’anim, te sɛ mmirikatufo a ɔde n’adwene asi beae a obewie n’ammirika so no. Otuu wɔn fo sɛ: “Munnim sɛ wɔn a wosi mmirika kane no, wɔn nyinaa tu mmirika no de, nanso obiako na onya nkonim bo no? Muntu mmirika saa ara, na moanya bi.” (1 Korintofo 9:24, 26) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ eyi?

Mmebusɛm 14:15 ka sɛ: “Onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” Eye sɛ bere ne bere mu no, yɛbɛsan asusuw yɛn asetram botae horow ho, na yɛabisa yɛn ho faako a yɛn ani kyerɛ, ne sɛ ebia ehia sɛ yɛyɛ nsakrae horow bi anaa. Ehia sɛ yɛma nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ ne nea enti a yɛpɛ sɛ yɛyɛ no tra yɛn adwenem fann. Sɛ yɛma nea yɛpɛ sɛ yedu ho no tra yɛn adwenem yiye a, ɛbɛyɛ den sɛ yebegyae mu. Mmebusɛm a efi honhom mu no ka sɛ: “Ma w’ani nhwɛ tẽẽ, na w’anisuatɛtɛw nteɛ nhwɛ w’anim.”—Mmebusɛm 4:25, 26.

Sɛ wuhu wo botae ahorow wie a, nea edi hɔ ne sɛ wobɛhwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so adu ho. Yesu bisae sɛ: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa?” (Luka 14:28) Nea ɛne nnyinasosɛm yi hyia no, adwenemyare ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Nea mahu wɔ nnipa a wɔanya nkɔso ho ne sɛ, wɔte nea ɛde biribi ba wɔn asetram ne nea efi mu ba no ase yiye. Nnipa a wɔanya nkɔso nim sɛ, sɛ wɔpɛ biribi a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea ehia biara a ɛbɛma wɔn nsa aka.” Sɛ yɛte akwan a ehia sɛ yɛfa so ansa na yɛn nsa aka nea yɛrehwehwɛ no ase a, ɛbɛma yɛahwɛ yɛn anim tẽẽ. Afei nso sɛ yehyia huammɔdi a, ɛrenyɛ den sɛ yebefi nneɛma ase bio. Nhwehwɛmu a ɛte saa na ɛmaa Orville ne Wilbur Wright dii nkonim no.

Ne saa nti, sɛ nneɛma ankɔ yiye a, bɔ mmɔden sɛ wubenya ho adwempa, na fa no sɛ ɛyɛ adesua mu suahu. Susuw tebea no ho, na hu faako a wofomee, na afei teɛteɛ mfomso no na siesie mmerɛwyɛ no. Sɛ woka ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛboa efisɛ, “wɔde agyinatu na ɛma tirimpɔw gyina.” (Mmebusɛm 20:18) Ɔkwan biara so no, bere biara a wobɔ wo ho mmɔden saa no, ɛma wo ho kokwaw kɛse, na awiei koraa no, wudi nkonim.

Animia mu ade a ɛto so abiɛsa ne sɛ wobɛkɔ so ara ayɛ biribi. Ɔsomafo Paulo tu yɛn fo sɛ: “Nea yɛaso dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara.” (Filipifo 3:16) Sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo bi kae no, “sɛ obi de anidahɔ ne boasetɔ yɛ ade bere tenten a, mfaso pa fi mu ba.” Aesop anansesɛm a agye din yiye no mu asɛm bi a ɛfa akyekyere ne adanko ho no kyerɛkyerɛ asɛm yi mu yiye. Ɛmfa ho sɛ na adanko ho yɛ hare sen akyekyere no, akyekyere dii mmirikatu no mu nkonim. Dɛn ntia? Efisɛ akyekyere ampere ne ho, na mmom ɔtoo ne bo ase. Wannyae, na mmom otuu mmirika no sɛnea obetumi, na okuraa mu saa ara koduu awiei. Esiane sɛ obi a ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ no nya nkɔso nkakrankakra nti, ɛhyɛ no nkuran ma enti ɛyɛ den sɛ obegyae anaasɛ obefi mmirikatu no mu. Yiw, ‘tu mmirika sɛnea’ ɛbɛma woadu wo botae ho.

Botae Horow a Mfaso Wɔ So a Yɛbɛpaw

Nokwarem no, sɛ yebenya yɛn mmɔdenbɔ so mfaso a, ehia sɛ yɛde botae horow a mfaso wɔ so sisi yɛn anim. Nnipa pii di nneɛma a ɛmfa anigye mmrɛ wɔn akyi. Nanso Bible ka sɛ: ‘Nea ɔkotow hwɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtraa mu no, wobehyira no n’adeyɛ no mu.’ (Yakobo 1:25) Yiw, Onyankopɔn mmara a ɛwɔ Bible mu a yebesua ate ase no yɛ botae a mfaso wɔ so. Dɛn ntia? Ɛte saa titiriw, efisɛ Onyankopɔn mmara gyina ne gyinapɛn ahorow a ɛyɛ pɛ na ɛteɛ no so. Sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, onim nea eye ma n’abɔde. Enti sɛ yɛkɔ so sua Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow na yɛde di dwuma wɔ yɛn asetram a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛma yɛn ani agye. Mmebusɛm 3:5, 6 hyɛ bɔ sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, . . . Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”

Bio nso, Yesu kae sɛ Onyankopɔn ne ne ho nimdeɛ a yebenya no ‘bɛma yɛanya daa nkwa.’ (Yohane 17:3) Bible nkɔmhyɛ ma ɛda adi sɛ yɛte nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu. (2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3-13) Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni, ne trenee nniso no, bedi asase ne ɛsotefo so. (Daniel 2:44; Mateo 6:10) Nniso yi de asomdwoe ne yiyedi a ebi mmae da bɛba, na adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa ho bɛtɔ wɔn. (Dwom 37:10, 11; Adiyisɛm 21:4) Asomafo no Nnwuma 10:34 ka sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim.” Yiw, wɔto nsa frɛ obiara sɛ ommenya mfaso a ebefi mu aba no bi!

Bible no yɛ tete nhoma a nyansa ne ntease ahyɛ no ma. Egye bere ne mmɔdenbɔ na obi atumi ate ase. Nanso ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no—sɛ yɛkɔ so hwehwɛ emu nimdeɛ a—yebetumi ate ase. (Mmebusɛm 2:4, 5; Yakobo 1:5) Nokwasɛm ne sɛ, ebetumi ayɛ den sɛ yɛde nea yesua no bedi dwuma. Ebia ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe mu. Nnamfonom ne abusuafo a wɔwɔ yɛn ho adwempa mpo betumi asɔre atia Bible no a yesua no. Enti ehia sɛ yemia yɛn ani. Ɔsomafo Paulo kae yɛn sɛ Onyankopɔn de daa nkwa bɛma wɔn a ‘wɔto wɔn bo ase wɔ papayɛ mu’ no. (Romafo 2:7) Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woadu botae yi ho.

Nya awerɛhyem sɛ, sɛ wumia w’ani sua Onyankopɔn ne n’apɛde ho ade, na wokɔ so de nea wusua no di dwuma a, wubedi nkonim.—Dwom 1:1-3.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Sɛ wumia w’ani sua Onyankopɔn ne n’apɛde ho ade a, wubedi nkonim

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

Culver Pictures