Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere Tenten Bɛn Na Aka Ama Abɔnefo?

Bere Tenten Bɛn Na Aka Ama Abɔnefo?

Bere Tenten Bɛn Na Aka Ama Abɔnefo?

Ɛdɛn nti na Yehowa, wohwɛ ma ɔbɔnefo mene ɔtreneeni a ɔteɛ sen no, na woyɛ komm?’—HABAKUK 1:13.

1. Bere bɛn na Yehowa anuonyam hu bɛhyɛ asase so ma koraa?

SO Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo da bi? Sɛ saa a, bere tenten bɛn na ɛsɛ sɛ yɛtwɛn? Nkurɔfo bisa nsɛm a ɛtete saa wɔ wiase nyinaa. Ɛhe na yebetumi anya ho mmuae? Yebetumi ayɛ saa wɔ nkɔmhyɛ nsɛm a efi Onyankopɔn home mu a ɛfa bere a wɔahyɛ ho no mu. Ɛma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa bebu abɔnefo nyinaa atɛn nnansa yi ara. Saa bere no na ‘Yehowa anuonyam hu bɛhyɛ asase so ma sɛ nsu kata ɛpo so.’ Ɛno ne nkɔmhyɛ kwan so bɔhyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Kronkron mu wɔ Habakuk 2:14 no.

2. Onyankopɔn atemmu ahorow abiɛsa bɛn na ɛho nsɛm wɔ Habakuk nhoma no mu?

2 Yehowa Nyankopɔn atemmu ahorow abiɛsa na ɛwɔ Habakuk nhoma a wɔkyerɛw no bɛyɛ 628 A.Y.B. mu no mu. Wɔadi saa atemmu no mu abien ho dwuma dedaw. Nea edi kan no ne Yehowa atemmu a ɔde baa tete Yuda man asoɔdenfo no so no. Nea ɛto so abien no nso ɛ? Ɛno yɛ Onyankopɔn atemmu a ɔde baa Babilon atirimɔdenfo so no. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ, yɛwɔ nea enti a yebetumi anya ahotoso koraa sɛ wobedi Onyankopɔn atemmu ahorow yi mu nea ɛto so abiɛsa no ho dwuma. Nokwarem no, yebetumi ahwɛ ne mmamu kwan nnansa yi ara. Esiane atreneefo a wɔwɔ nna a edi akyiri yi mu nti, Onyankopɔn de ɔsɛe bɛba abɔnefo nyinaa so. Wɔn a wobewuwu no mu nea otwa to koraa bewu wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu.—Adiyisɛm 16:14, 16.

3. Dɛn na ɛbɛba abɔnefo so ankasa wɔ yɛn bere yi mu?

3 Onyankopɔn da kɛse no mu ko no rebɛn ntɛmntɛm. Na Onyankopɔn atemmu a ɔde bɛba abɔnefo so wɔ yɛn bere yi mu no bɛbam pɛpɛɛpɛ sɛnea Yehowa atemmu a na etia Yuda ne Babilon no baam no. Nanso, mprempren, dɛn nti na momma yɛmfa no sɛ yɛwɔ Yuda, wɔ Habakuk nna no mu? Dɛn na ɛrekɔ so wɔ saa asase no so?

Ɔman a Basabasayɛ Wom

4. Ahodwirisɛm bɛn na Habakuk te?

4 Yɛ Yehowa diyifo Habakuk a ɔte ne dan atifi regye anwummere mframa dɛdɛ no ho mfonini wɔ w’adwenem. Sanku da ne nkyɛn. (Habakuk 1:1; 3:19, ɔfã a etwa to) Nanso, Habakuk te ahodwirisɛm bi. Yuda hene Yehoiakim akum Uria, na watow saa diyifo no funu akyene mpapahwekwa ada so. (Yeremia 26:23) Nokwarem no, Uria ankura Yehowa mu ahotoso a na ɔwɔ no mu ma enti ehu kaa no ma oguan kɔɔ Misraim. Nanso, Habakuk nim sɛ ɛnyɛ ɔpɛ a Yehoiakim wɔ sɛ obedi Yehowa din ni nti na wayɛ atirimɔdensɛm no. Nea edi eyi ho adanse ne bu a ɔhene no mmu Onyankopɔn mmara, ne tan a na ɔtan odiyifo Yeremia ne afoforo a wɔsom Yehowa no.

5. Yuda honhom fam tebea te dɛn, na Habakuk yɛ n’ade dɛn wɔ ho?

5 Habakuk hu sɛ aduhuam wusiw fi afie a ɛbemmɛn hɔ no atifi reforo soro. Ɛnyɛ Yehowa som nti na nkurɔfo no rehyew saa aduhuam yi. Wɔde wɔn ho rehyɛ atoro som a Yuda hene tirimɔdenfo Yehoiakim hyɛɛ ho nkuran no mu. Animguasede bɛn ara ni! Habakuk aniwa taataa nusu, na ɔsrɛ sɛ: “[Yehowa, NW], mateɛm makyɛ dɛn ara, na wuntie? Nhyɛso nti misu mefrɛ wo, na worennye me. Ɛdɛn nti na woma mihu abusude, na wohwɛ ɔhaw yi? Ɔsɛe ne nhyɛso da m’anim, na ɔham ba, na akameakame sɔre. Enti mmara mu agow, na atɛmpa mfi ara da, efisɛ abɔnefo twa ɔtreneeni ho hyia, enti atemmu fi a, na akyea.”—Habakuk 1:2-4.

6. Dɛn na na aba mmara ne atɛntrenee so wɔ Yuda?

6 Yiw, ɔsɛe ne nhyɛso abu so. Baabiara a Habakuk bɛhwɛ no, ohu ɔhaw, ɔham, ne akameakame. “Mmara mu agow,” ɛnyɛ adwuma. Na atɛmpa nso ɛ? Wiɛ, ‘emfi ara da!’ Enni hɔ koraa. Mmom no, ‘abɔnefo atwa atreneefo ho ahyia,’ na wɔakyea mmara a wɔhyehyɛe sɛ ɛmmɔ wɔn a wɔn ho nni asɛm ho ban no. Nokwarem no, “atemmu fi a, na akyea.” Wɔakyinkyim no. Tebea a ɛyɛ awerɛhow bɛn ara ni!

7. Dɛn na Habakuk asi ne bo sɛ ɔbɛyɛ?

7 Habakuk gyina susuw tebea no ho. So ɔbɛpa abaw? Dabida! Bere a osusuw ɔtaa a wɔde baa Onyankopɔn nokware asomfo so nyinaa ho wiei no, saa barima nokwafo yi hyɛɛ ne bo a wasi sɛ obegyina pintinn sɛ Yehowa diyifo no mu den. Habakuk bɛkɔ so aka Onyankopɔn asɛm—sɛ saa a ɔbɛyɛ no bɛma wɔakum no mpo a.

Yehowa Yɛ ‘Anwonwadwuma’ Bi

8, 9. ‘Anwonwadwuma’ bɛn na Yehowa reyɛ?

8 Habakuk hu atoro nyamesomfo a wɔsopa Onyankopɔn no wɔ anisoadehu mu. Tie nea Yehowa ka kyerɛ wɔn: “Monhwɛ amanaman mu na munhu, na mo ho nnwiriw mo odwiriw pa ara.” Ɛda adi sɛ, ɛyɛ Habakuk nwonwa sɛ Onyankopɔn rekasa kyerɛ saa abɔnefo no saa no. Afei ɔte sɛ Yehowa ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Mo ho nnwiriw mo, efisɛ mereyɛ adwuma bi mo bere so, na wɔka kyerɛ mo a, morennye nni.’ (Habakuk 1:5) Nokwarem no, Yehowa ankasa na ‘ɔreyɛ adwuma a wontumi nnye nni yi.’ Ɛyɛ adwuma bɛn?

9 Habakuk tie nsɛm a edi hɔ a Onyankopɔn ka a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Habakuk 1:6-11 no yiye. Yehowa asɛm ni—na atoro nyame anaa ohoni a nkwa nnim biara ntumi nsiw ne mmamu kwan: “Hwɛ, merehwanyan Kaldeafo, ɔman a wɔn tirim yɛ den na wɔn ho yɛ hare a wɔnantew fa asase so nyinaa fa trabea a ɛnyɛ wɔn de di. Wɔn ho yɛ nwonwa ne hu, wɔn mu ara na wɔn atemmu ne wɔn kɛseyɛ fi. Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ, na wɔyɛ hyerebahyereba sen anadwofa mpataku, na wɔn apɔnkɔsotefo guam, na wɔn apɔnkɔsotefo fi akyirikyiri reba, wotu sɛ ɔkɔre a ɔrepɛ adidi ho ntɛm. Wɔn nyinaa reba nhyɛso, na wɔde wɔn ani akyerɛ apuei fam anibere so, na wɔtase nnommum sɛ nhwea. Wɔn de, wosi ahene atwetwe na abirɛmpɔn ho yɛ wɔn serew, wɔserew aban a ɛyɛ den nyinaa, na wɔboa dɔte ano gu hɔ na wɔafa. Ɛno na wotwam sɛ mframa, na wɔsen kɔ, na wokodi sõ; wɔn ahoɔden yi ara ne wɔn nyame.”

10. Henanom na Yehowa hwanyan wɔn?

10 Nkɔmhyɛ kwan so kɔkɔbɔ a efi Ɔsorosoroni no hɔ bɛn ara ni! Yehowa rehwanyan Kaldeafo, Babilon man atirimɔdenfo no. Bere a wɔsen fa “asase so nyinaa” no, wobedi trabea pii so nkonim. Akomatusɛm bɛn ara ni! Kaldeafo dɔm no “ho yɛ nwonwa ne hu,” wɔn ho yɛ hu ankasa. Wɔn ankasa yɛ wɔn mmara katee. ‘Wɔn mu ara na wɔn atemmu fi.’

11. Wobɛka sɛnea Babilon asraafo ba Yuda so no ho asɛm dɛn?

11 Babilon apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ a wɔn ho yɛ hare. N’apɔnkɔsotefo no yɛ hyerebahyereba sen anadwo mpataku. ‘N’apɔnkɔ guan’ ahopere so. Wofi Babilon a ɛwɔ akyirikyiri no de wɔn ani kyerɛ Yuda. Bere a Kaldeafo no atu sɛ ɔkɔre a ɔrepɛ ntɛm akodi akɔnnɔduan no, wɔbɛtow ahyɛ wɔn atamfo so ntɛm ara. So eyi bɛyɛ ntua ketewa bi, asraafo kakraa bi a wɔfow nneɛma? Koraa! ‘Wɔn nyinaa reba ɔhyɛ so’ te sɛ dɔm kɛse bi a wɔrebɛsɛe ade. Wɔde wɔn ani kyerɛ atɔe fam anibere so kɔ Yuda ne Yerusalem, na wɔn ho yɛ hare sɛ apuei mframa. Babilon asraafo no tase nneduafo pii araa ma ɛyɛ te sɛ nea ‘wɔretase nnommum sɛ nhwea.’

12. Babilonfo no su te dɛn, na dɛn ho ‘fɔ ankasa’ na asraafo a wɔyɛ den yi bedi?

12 Kaldea asraafo no si ahene atwetwe, na wodi abirɛmpɔn ho fɛw, a wɔn mu biara nni tumi a wɔde bɛma wɔagyae wɔn ntua a ano yɛ den no. “Wɔserew aban a ɛyɛ den nyinaa,” efisɛ abannennen biara hwe ase bere a Babilonfo no ‘boa dɔte ano gu hɔ’ denam dɔte siw a wɔhyehyɛ na wofi mu tow hyɛ aban no so no so. Wɔ Yehowa bere a wahyɛ mu no, atamfo a wɔyɛ den no ‘betwam sɛ mframa.’ Bere a wɔtow hyɛ Yuda ne Yerusalem so no, ‘wobedi fɔ’ sɛ wɔhaw Onyankopɔn nkurɔfo. Sɛ Kaldea asraafo di nkonim ahoɔhare so wie a, wɔn sahene no bɛhoahoa ne ho sɛ: ‘Saa ahoɔden yi fi yɛn nyame.’ Nanso hwɛ sɛnea wonnim nea ɛreba ankasa!

Nea Wogyina so Nya Anidaso Ankasa

13. Dɛn nti na Habakuk nya anidaso ne ahotoso?

13 Bere a Habakuk nya Yehowa atirimpɔw ho ntease pii no, onya anidaso. Bere a onya ahotoso koraa no, ɔhyɛ Yehowa anuonyam. Sɛnea yehui wɔ Habakuk 1:12 no, odiyifo no ka sɛ: ‘So wumfi tete nteredee? Yehowa, me Nyankopɔn, me Kronkronni, wunwu.’ Nokwarem no, Yehowa yɛ Onyankopɔn fi ‘mmeresanten kosi nnasanten’—ɔte hɔ daa.—Dwom 90:1, 2.

14. Dɛn na na Yudafo awaefo no reyɛ?

14 Bere a odiyifo no resusuw anisoadehu a Onyankopɔn de maa no no ho, na ɔredi nhumu a ɛma onyae no ho ahurusi no, ɔde ka ho sɛ: “[Yehowa, NW], woahyɛ ɛno sɛ ɛ́nyɛ atemmu, na wo, ɔbotan, wode atim hɔ sɛ ɛ́nyɛ asotwe.” Onyankopɔn abu Yuda awaefo no fɔ, na Yehowa bɛka wɔn anim, ama wɔn asotwe a emu yɛ den. Ná anka ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to ne so sɛ wɔn Botan, wɔn abannennen, guankɔbea, ne nkwagye Fibea koro pɛ ankasa. (Dwom 62:7; 94:22; 95:1) Nanso, Yuda akannifo awaefo no ammɛn Onyankopɔn, na wɔkɔɔ so hyɛɛ Yehowa asomfo a wɔn ho nni asɛm no so.

15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘aniwa yɛ kronkron na entumi nhwɛ bɔne’?

15 Saa tebea yi haw Yehowa diyifo no kɛse. Enti obisa sɛ: “Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ bɔne na wuntumi nhwɛ ɔhaw.” (Habakuk 1:13) Yiw, Yehowa ‘aniwa yɛ kronkron na entumi nhwɛ bɔne,’ kyerɛ sɛ, enni bɔne ho koma.

16. Ɔkwan bɛn so na wubetwa Habakuk 1:13-17 mu nsɛm no tiawa?

16 Enti na Habakuk wɔ nsɛmmisa bi a ɛkanyan anigye wɔ n’adwenem. Ɔka sɛ: “Ɛdɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafo, na ɔbɔnefo mene ɔtreneeni a ɔteɛ sen no a, woyɛ komm? Na woayɛ nnipa sɛ ɛpo mu mpataa, sɛ mmoa a wɔwea a obi nni wɔn so. Ɔde darewa atwe wɔn nyinaa, ɔde n’asawu twe wɔn, na ɔboa wɔn ano, n’akyɛ mu; enti n’ani gye na ne ho sɛpɛw no, enti ɔbɔ n’asawu no afɔre na ɔhyew aduhuam ma n’akyɛ no, efisɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔ srade, na n’aduan yɛ sɔɔsɔɔ. So ɛno nti ɔmporow n’asawu mu, sɛ ɔrebekunkum amanaman daa yi na ɔrenkyɛe so?”—Habakuk 1:13-17.

17. (a) Ɔkwan bɛn so na Babilonfo no nam Yuda ne Yerusalem so a wɔbɛtow ahyɛ no so bedi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma? (b) Dɛn na Yehowa bɛma Habakuk ahu?

17 Sɛ Babilonfo no tow hyɛ Yuda ne n’ahenkurow, Yerusalem, so a, Babilonfo no bɛfa no sɛ wɔn ankasa reyɛ wɔn apɛde. Wɔrenhu sɛ Onyankopɔn na ɔde wɔn redi dwuma de ne trenee atemmu aba nkurɔfo a wɔanni nokware no so. Ɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu nea enti a ɛyɛ den ma Habakuk sɛ ɔbɛte ase sɛ Onyankopɔn de Babilonfo atirimɔdenfo no bedi dwuma ma wɔde N’atemmu ama. Ná saa Kaldeafo atirimɔdenfo no nyɛ Yehowa asomfo. Wobu nnipa sɛ ‘mpataa ne mmoa a wɔwea’ kɛkɛ a wɔbɛfa wɔn nnommum adi wɔn so. Nanso, haw a Habakuk ahaw no renkyɛ. Ɛrenkyɛ na Yehowa ayi akyerɛ ne diyifo no sɛ Babilonfo no remfa wɔn ho nni wɔ wɔn adifudepɛ kwan so adesɛe no ne mogyahwiegu pii no ho.—Habakuk 2:8.

Osiesie Ne Ho Ma Nsɛm Foforo a Yehowa Bɛka

18. Dɛn na yebetumi asua afi Habakuk su no mu, sɛnea wɔada no adi wɔ Habakuk 2:1 no?

18 Nanso, mprempren de, Habakuk twɛn sɛ ɔbɛte nsɛm foforo a Yehowa bɛka akyerɛ no. Odiyifo no de akokoduru ka sɛ: “Megyina m’ahwɛe na mede me ho mesi aban so, na masra mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka me mu, ne nea mede mebua me nkurobɔ.” (Habakuk 2:1) Habakuk ani gye nea Onyankopɔn nam ne so sɛ odiyifo bɛka ho asɛm no ho yiye. Yehowa mu gyidi a ɔwɔ sɛ Onyankopɔn a onni bɔne ho koma no, ma amumɔyɛ a abu so no yɛ nwonwa, nanso ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛsakra ne nsusuwii no. Wiɛ, ɛnde, yɛn nso ɛ? Sɛ yɛnte nea enti a Yehowa Nyankopɔn ma amumɔyɛde bi ho kwan ase a, esiane sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ ɔteɛ nti ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ na yɛtwɛn no.—Dwom 42: 5, 11.

19. Sɛnea Onyankopɔn asɛm a ɔka kyerɛɛ Habakuk kyerɛ no, dɛn na ɛbaa Yudafo asoɔdenfo no so?

19 Nea ɛne Onyankopɔn asɛm a ɔka kyerɛɛ Habakuk hyia no, ɔde atemmu baa Yuda man asoɔdenfo no so denam Babilonfo a ɔma wɔbɛtow hyɛɛ Yuda so no so. Wɔ 607 A.Y.B. mu no, wɔsɛee Yerusalem ne asɔrefie no, kunkum mpanyin ne mmofra nyinaa, na wɔfaa pii nnommum. (2 Beresosɛm 36:17-20) Bere a wɔkɔɔ Babilon nnommumfa mu bere tenten bi akyi no, Yudafo nkaefo anokwafo bi san baa wɔn asase so, na awiei koraa no, wosii asɔrefie no bio. Nanso, ɛno akyi no, Yudafo no yɛɛ Yehowa so asoɔden bio—titiriw bere a wɔpoo Yesu sɛ Mesia no.

20. Ɔkwan bɛn so na Paulo de Habakuk 1:5 dii dwuma wɔ Yesu a wɔpoo no no ho?

20 Sɛnea Asomafo no Nnwuma 13:38-41 kyerɛ no, ɔsomafo Paulo daa nea Yesu ne n’agyede no a wɔbɛpo no kyerɛ adi kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ Antiokia no. Bere a Paulo refa asɛm a ɛwɔ Habakuk 1:5 aka, sɛnea ɛwɔ Hela Septuagint nkyerɛase no mu no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye, na asɛm a wɔaka no adiyifo mu no amma mo so sɛ: ‘Monhwɛ, mo fɛwdifo, na ɛnyɛ mo nwonwa, na munguan; efisɛ mereyɛ adwuma bi wɔ mo nna mu, adwuma a sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni.’” Nea ɛne asɛm a Paulo fa kae yi hyia no, Habakuk 1:5 nyaa mmamu a ɛto so abien bere a Roma asraafo no sɛee Yerusalem ne n’asɔrefie wɔ 70 Y.B. mu no.

21. Ɔkwan bɛn so na Yudafo a wɔtraa ase Habakuk nna no mu no buu Onyankopɔn “adwuma” a ɔmaa Babilonfo yɛe de sɛee Yerusalem no?

21 Wɔ Yudafo a na wɔwɔ Habakuk bere so fam no, na Onyankopɔn “adwuma” a ɛne sɛ ɔbɛma Babilonfo asɛe Yerusalem no yɛ nea wonsusuw ho da efisɛ na saa kurow no ne baabi a wɔsom Yehowa, na na ɛhɔ ne baabi a ne hene a wasra no te. (Dwom 132:11-18) Ɛno nti, na wɔnsɛee Yerusalem da. Ná wɔnhyew n’asɔrefie da. Ná wontuu Dawid adehye abusua no ngui da. Ná obiara nnye nni sɛ Yehowa bɛma nneɛma a ɛtete saa asisi. Nanso, Onyankopɔn nam Habakuk so de kɔkɔbɔ a emu da hɔ mae sɛ nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw yi besisi. Na abakɔsɛm kyerɛ sɛ esisii sɛnea wɔka siei no.

‘Anwonwadwuma’ a Onyankopɔn Bɛyɛ Wɔ Yɛn Bere Yi So

22. Dɛn ne Yehowa ‘anwonwadwuma’ a ɔbɛyɛ wɔ yɛn bere yi mu no?

22 So Yehowa rebɛyɛ ‘anwonwadwuma’ bi wɔ yɛn bere yi so? Nya awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ, ɛwom mpo sɛ ɛte sɛ nea akyinnyegyefo rennye nni de. Saa bere yi, Yehowa anwonwadwuma no bɛyɛ Kristoman a wɔbɛsɛe no. Te sɛ tete Yuda no, wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔaporɔw koraa. Ɛrenkyɛ, Yehowa bɛhwɛ ma wɔapopa Kristoman nyamesom ahyehyɛde no ho biribiara, sɛnea ɔbɛyɛ “Babilon kɛse,” wiase atoro som ahemman no.—Adiyisɛm 18: 1-24.

23. Afei dɛn na Onyankopɔn honhom maa Habakuk yɛe?

23 Ná Yehowa wɔ nnwuma pii a ɔbɛma Habakuk ayɛ ansa na wɔasɛe Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu. Afei dɛn na aka a na Onyankopɔn bɛka akyerɛ ne diyifo no? Wiɛ, na Habakuk bɛte nsɛm a ɛbɛma wafa ne sanku abɔ mpae atwa kwadwom ama Yehowa. Nanso, nea edi kan no, Onyankopɔn honhom bɛka odiyifo no ma waka ɔhaw ahorow a ɛyɛ hu ho asɛm. Nokwarem no, yɛn ani begye ho sɛ yebenya nkɔmhyɛ nsɛm a ɛte saa a ɛfa bere a Nyankopɔn ahyɛ no ho mu ntease a emu dɔ. Ɛnde momma yɛn nyinaa ntie Habakuk nkɔmhyɛ no ho asɛm foforo.

So Wokae?

• Tebea horow bɛn na na ɛwɔ Yuda wɔ Habakuk bere so?

• ‘Anwonwadwuma’ bɛn na Yehowa yɛe wɔ Habakuk bere so?

• Dɛn na ɛmaa Habakuk nyaa anidaso?

• ‘Anwonwadwuma’ bɛn na Onyankopɔn bɛyɛ wɔ yɛn bere yi mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Nea enti a Onyankopɔn hwɛ maa abɔnefosɛm kɔɔ so no yɛɛ Habakuk nwonwa. So ɛyɛ wo nwonwa?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Habakuk kaa amane a Yuda man no behu wɔ Babilonfo nsam no ho asɛm siei

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yerusalem a wɔsɛee no afe 607 A.Y.B. mu amamfo a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu