Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Ɛde Nkonimdi Ba?

Dɛn na Ɛde Nkonimdi Ba?

Dɛn na Ɛde Nkonimdi Ba?

NÁ MMERANTE mmɔdenbɔfo baanu bi de nkakrankakra resiesie afiri nwonwaso bi a wɔbɛsɔ ahwɛ. Mpofirim ara, mframa a ano yɛ den bi a ɛbɔe faa afiri no kɔɔ wim de bɛhwee fam bubuu no pasaa. Mmarima a na wɔn abam abu no gyinaa hɔ dinn. Adwuma a wɔabrɛ de ahwɛyiye ayɛ no mu nnua ne nnade nyinaa na atutu agu yi.

Wɔ Orville ne Wilbur Wright fam no, nea esii saa October da no wɔ 1900 mu no nyɛ bere a edi kan a wɔadi nkogu wɔ mmɔden a wɔabɔ sɛ wɔbɛyɛ afiri bi a emu yɛ duru sen nea ebetumi atu afa ahunmu no mu. Ná wɔadi kan de mfe pii asɔ ahwɛ, na na wɔasɛe ho sika pii.

Nanso, awiei koraa no, wonyaa wɔn boasetɔ no so akatua. Wɔ December 17, 1903, wɔ Kitty Hawk, North Carolina, U.S.A. no, Wright anuanom no tumi hwɛɛ afiri dedaw bi so yɛɛ bi a ɛde anibu 12 tui,—sɛ wɔde toto nnɛ de ho a, ankɔ akyiri, nanso ɛsakraa wiase no koraa!

Mpɛn pii no, dwumadi pii mu nkonimdi gyina boasetɔ ne animia so. Gye sɛ wumia w’ani ansa na woatumi ayɛ biribi pa, sɛ́ ebia ɛyɛ kasa foforo sua, adwumasua, anaasɛ mpo adamfofa. Nhoma kyerɛwfo Charles Templeton ka sɛ: “Wɔ nnwuma du biara mu akron mu no, ade biako a ɛma obi tumi di nkonim ne: adwumaden.” Sɛnkyerɛwfo Leonard Pitts, Kumaa, ka sɛ: “Yɛka ɔdom akyɛde ho asɛm, yegye akraye tom, nanso mpɛn pii no, yebu yɛn ani gu nneɛma a ehia sen biara no so. Adwumaden ne huammɔdi bebrebe no. Adwuma a yɛkɔ no ntɛm ne pɔn a yɛmpɔn ntɛm no.”

Eyi foa nea Bible no kae bere tenten bi a atwam ni no so sɛ: “Nsiyɛfo nsa bedi panyin.” (Mmebusɛm 12:24) Nsiyɛ kyerɛ sɛ yɛde animia yɛ ade. Sɛ yɛpɛ sɛ yetumi yɛ nea yɛde asi yɛn ani so a, eyi ho hia. Dɛn ne animia? Yɛbɛyɛ dɛn amia yɛn ani bere a yedi yɛn botae ahorow ho dwuma no? Yebebua nsɛmmisa yi wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

U.S. National Archives photo