Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Nyinaa a Yɛbɛboa Wɔn Wɔ Netherlands

Nnipa Nyinaa a Yɛbɛboa Wɔn Wɔ Netherlands

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Nnipa Nyinaa a Yɛbɛboa Wɔn Wɔ Netherlands

NA Abraham yɛ ɔbarima a ne gyidi da nsow. Ɔsomafo Paulo ka sɛ: ‘Bere a wɔfrɛɛ Abraham no, otiee Onyankopɔn fii adi a na onnim nea ɔrekɔ.’ Bere a Abraham de n’abusua no nyinaa fii adi no, ‘ɔkɔtraa bɔhyɛ asase no so sɛ ɔhɔho’ ne nkwa nna mu mfe ɔha a na aka no.—Hebrifo 11:8, 9.

Saa ara nso na nnɛ, Yehowa Adansefo pii agye ɔfrɛ no so atu kɔ ɔman foforo so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsom baabi a mmoa ho hia kɛse no. Afoforo asua kasa horow na ama wɔatumi adi ananafo a wɔatu aba wɔn man mu no adanse. Sɛnea osuahu ahorow a edidi so yi da no adi no, su pa yi ‘abue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba’ wɔ Netherlands, baabi a nnipa ɔpepem 15 no mu ɔpepem biako na wofi aman foforo so no.—1 Korintofo 16:9.

◻ Bahram, a kan na ɔyɛ Kung Fu kyerɛkyerɛfo no fi ɔman bi a ɛwɔ Mediterranea Supɔw so mu. Ne nsa kaa Bible ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow. Bahram de ɔsram biako begye toom sɛ wahu nokware no. Wɔne no ne ne yere fii ase suaa ade, nanso na wɔwɔ nsɛnnennen bi—na wɔn Bible kyerɛkyerɛfo no ntumi nka wɔn kasa no. Wɔka sɛ, na wɔde wɔn nipadua, “wɔn nsa ne wɔn nan” na ɛyɛ sɛnkyerɛnne de si nsɛm so dua wɔ wɔn nkɔmmɔbɔ mu. Bere kɔɔ so no, Bahram ne ne yere tumi huu asafo a na wɔka wɔn kasa, na ɛno akyi no wonyaa nkɔso ntɛmntɛm. Mprempren Bahram yɛ Ɔdansefo a wabɔ asu.

◻ Akwampaefo awarefo a wɔka Dutch kasa kɔɔ Indonesiani barima bi a na ogyina sotɔɔ bi anim nkyɛn. Ne ho dwiriw no yiye bere a awarefo no ne no kaa ne kurom kasa no. Enti wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ ne fie. Wobehui sɛ na watra Russia bɛboro mfe 20, na saa bere no na wayɛ adwuma sɛ oduruyɛfo a ɔhwɛ mmea. Na onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso ogye toom sɛ bere biara a ne yere bɛwo ba no, ne ho dwiriw no “Sɛ ɔdasani nipadua di mũ! Ɛyɛ nwonwa!” Ɔpenee so sɛ obesua Bible no na ogye toom ntɛm ara sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a odwen adesamma ho. (1 Petro 5:6, 7) Mprempren ɔyɛ onua a wabɔ asu a ɔsom wɔ Indonesia asafo a ɛwɔ Amsterdam no mu.

◻ Wɔ Rotterdam, a ɛyɛ wiase nyinaa hyɛn gyinabea akɛse no mu biako no, akwampaefo no de ahokokwaw reka asɛmpa no wɔ kasa horow pii a wɔn a wɔba mpoano hɔ da biara da ka no mu. Esiane nsi a saa asɛmpakafo kuw yi de yɛ wɔn adwuma no nti, po so adwumayɛfo pii, a hyɛn mu panyin, po so adwumayɛfo panyin, ne kan ɔwɛmfo bi agye nokware no. Ɛnnɛ, wɔn nso retrɛw Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no mu wɔ wiase nyinaa.—Mateo 24:14.

Sɛnea ɛte wɔ wiase afanan nyinaa no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Netherlands asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ wɔn fam de de atrɛw nkwagye ho asɛmpa no mu wɔ aman, ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu.—Adiyisɛm 14:6.