Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ne Me Guankɔbea Ne M’ahoɔden

Yehowa Ne Me Guankɔbea Ne M’ahoɔden

Asetram Nsɛm

Yehowa Ne Me Guankɔbea Ne M’ahoɔden

SƐNEA MARCEL FILTEAU KA KYERƐE

“Sɛ woware no a, wobɛda afiase ɔkwan biara so.” Ɛno ne nsɛm a nkurɔfo ka kyerɛɛ ɔbea a na mereyɛ nhyehyɛe sɛ mɛware no no. Ma menkyerɛkyerɛ nea enti a na wɔka saa no mu.

BERE a wɔwoo me 1927 mu no, na Katoleksom gyina mu denneennen wɔ Canadafo mansin Quebec mu. Bɛyɛ sɛ mfe anan akyi no, na Cécile Dufour, a ɔyɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo no taa ba yɛn fie wɔ Montreal kuropɔn mu. Esiane eyi nti na yɛn afipamfo taa hunahuna no. Nokwasɛm ne sɛ wɔtan n’ani mpɛn pii esiane Bible mu asɛm a na ɔka nti. Ankyɛ na yebehuu nokwasɛm a Yesu nsɛm yi yɛ: “Me din nti, aman nyinaa bɛtan mo.”—Mateo 24:9.

Saa bere no na nnipa pii susuw sɛ Canadafo abusua a wɔn ase fi France rentumi nnyae Katoleksom. Ɛwom sɛ wɔammɔ m’awofo asu sɛ Adansefo da de, nanso wobegye toom ntɛm ara sɛ Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ nnyina Bible so. Enti wɔhyɛɛ wɔn mma baawɔtwe no nkuran sɛ wɔnkenkan nhoma a Adansefo tintim no, na wɔboaa yɛn a yegyinaa Bible mu nokware afã pintinn no.

Gyinae a Misii Wɔ Mmere a Emu Yɛ Den Mu

Wɔ 1942, bere a na meda so ara kɔ sukuu no, m’ani begyee Bible adesua ho yiye paa. Ná wɔabara Yehowa Adansefo dwumadi no wɔ Canada esiane sɛ na wodi afeha a edi kan Kristofo no nhwɛso akyi denam wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ amanaman akodi mu so no nti. (Yesaia 2:4; Mateo 26:52) Wɔde me nuabarima panyin Roland, too adwumayɛban mu esiane sɛ wampene so sɛ ɔbɛyɛ ɔsraani bere a na ɔko no rekɔ so no.

Saa bere no, Paapa maa me nhoma bi wɔ Franse kasa mu a ɛkaa sɛnea na German Adansefo no rehu amane esiane sɛ wɔampene so sɛ wɔbɛko ama Adolph Hitler nti. * Ɛkanyan me maa mede me ho bɔɔ saa mudi mu kurafo no, na mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam a na wɔyɛ no obi fie no bi. Ankyɛ na wɔmaa me kwan sɛ memfa me ho nhyɛ asɛnka adwuma no mu. Mepenee so a na minim pefee sɛ wɔbɛkyere me de me ato afiase ɔkwan biara so.

Bere a mebɔɔ mpae srɛɛ mmoa akyi no, mebɔɔ ɔpon a edi kan no mu. Ɔbea yamyefo bi gyee so, na bere a medaa me ho adi akyi no, mekenkanee asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 3:16 kyerɛɛ no: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye.”

Mibisaa no sɛ, “So w’ani begye ho sɛ wubesua Bible no ho ade pii?”

Ɔbea no buae sɛ, “Yiw.”

Meka kyerɛɛ no sɛ mede m’adamfo bi a onim Bible no mu sen me bɛba, na meyɛɛ saa wɔ dapɛn a edi hɔ no. Wɔ saa osuahu a edi kan no akyi no, minyaa akokoduru na metee nka sɛ ɛnyɛ yɛn ankasa ahoɔden na yɛde yɛ yɛn som adwuma no. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, ɛnam Yehowa mmoa so na yetumi yɛ saa. Nokwarem no, ɛho hia sɛ yehu sɛ ‘tumi a ɛboro so no yɛ Onyankopɔn dea, na emfi yɛn mu.’—2 Korintofo 4:7.

Ɛno akyi no, asɛnka adwuma no bɛyɛɛ m’asetra fa te sɛ kyere a na wɔtaa kyere me de me to afiase no ara. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔka kyerɛɛ ɔbea a na merebɛware no no sɛ, “Sɛ woware no a, wobɛda afiase ɔkwan biara so”! no. Nanso na osuahu ahorow a ɛtete saa no nyɛ ade a na ɛyɛ den ankasa. Sɛ yɛda afiase ma ade akye a, na yɔnko Dansefo bi taa beyi yɛn fi hɔ.

Gyinaesi Atitiriw

Wɔ April 1943 mu no, mihyiraa me ho so maa Yehowa na mede nsu mu asubɔ yɛɛ ho sɛnkyerɛnne. Afei wɔ August 1944 mu no, mekɔɔ ɔmantam nhyiam nea edi kan wɔ Buffalo, New York, U.S.A., faako a ɛbɛn Canadafo hye so. Nnipa 25,000 na wɔbae, na dwumadi no kanyan ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no. Wɔmaa Yehowa Adansefo kwan maa wɔsan yɛɛ wɔn adwuma no wɔ Canada wɔ May 1945 mu, na ɔsram a edi hɔ no, mifii akwampae adwuma ase.

Dodow a na mede me ho hyɛ ɔsom adwuma no mu no, dodow no ara na mekɔɔ afiase. Bere bi wɔde me ne Mike Miller, ɔnokwafo a na wasom Yehowa akyɛ no too afiase. Yɛtraa fam bɔɔ nkɔmmɔ. Honhom fam nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran a yɛbɔe no hyɛɛ me den kɛse. Nanso ɛno akyi no, asɛmmisa bi sɔree wɔ m’adwene mu sɛ, ‘Sɛ anka akasakasa bi asi yɛn ntɛm ma enti me ne no nkasa nso ɛ?’ Bere a me ne onua dɔfo yi de daa afiase no ma minyaa asuade a ɛsen biara wɔ m’asetra mu no biako—yehia yɛn nuanom, enti ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi na yɛde firi yɛn ho yɛn ho. Sɛ ɛnyɛ saa a, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no: “Sɛ mokeka, na momemmene mo ho a, monhwɛ yiye, na moanhyehyew mo ho.”—Galatifo 5:15.

Wɔ September 1945 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛsom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea, a yɛfrɛ no Betel, a ɛwɔ Toronto, Canada no. Na honhom fam dwumadi a ɛwɔ hɔ no hyɛ nkuran na na ɛhyɛ gyidi den ankasa. Afe a edi hɔ no, wɔmaa mekɔyɛɛ adwuma wɔ Betel afuw a ɛwɔ baa dwumadibea no atifi fam bɛyɛ sɛ kilomita 40 no mu. Bere a me ne Anne Wolynec retetew aduaba no, ɛnyɛ n’ahoɔfɛ nko na mihui, na mmom ne nsiyɛ ne ɔdɔ a na ɔwɔ ma Yehowa no nso. Yɛn ntam abusuabɔ mu bɛyɛɛ den, ma enti yɛwaree wɔ January 1947 mu.

Mfe abien ne fã a edi hɔ no, yɛyɛɛ akwampae adwuma wɔ London, Ontario, na ɛno akyi no, yɛkɔɔ Cape Breton Supɔw no so, na yɛboa ma wɔhyehyɛɛ asafo wɔ hɔ. Afei wɔ 1949 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn ma yɛkɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛtɔ so 14 no ma wɔtetee yɛn sɛ asɛmpatrɛwfo.

Asɛmpatrɛw Adwuma Wɔ Quebec

Na wɔadi kan ama Canadafo a wɔawie Gilead adesua no dwumadi ma wɔabue asɛnka adwuma no ano wɔ Quebec. Wɔ 1950 mu no, yɛne nnipa foforo 25 a wofi yɛn adesuakuw a ɛto so 14 no mu no kɔkaa wɔn ho. Roma Katolek Asɔre no akannifo sɔre tiaa yɛn denneennen na wɔkanyan basabasayɛfo kuw tiaa asɛmpatrɛw dwumadi a na ɛrenya nkɔanim no.

Yeduu yɛn asɛmpatrɛw dwumadibea a edi kan wɔ Rouyn kuropɔn mu nnanu pɛ akyi no, wɔkyeree Anne de no too polisifo kar akyi. Esiane sɛ na ofi akuraa ketewa bi a ɛwɔ Manitoba mansin mu wɔ Canada, a na ɔntaa nhu polisifo nti, na eyi yɛ suahu foforo koraa ma no. Ɛda adi sɛ ne yam hyehyee no ma ɔkaee nsɛm a na wɔaka akyerɛ no bere bi no sɛ, “Sɛ woware no a, wobɛda afiase ɔkwan biara so” no. Nanso ansa na wɔrebetu no, polisifo no huu me na wɔde me hyɛɛ kar a na Anne wom no mu. Anne teɛɛm sɛ, “m’ani agye sɛ mahu wo!” Nanso, mihui sɛ na ehu ama wayɛ koom na ɔkae sɛ, “Wiɛ, ade koro no ara bi too asuafo no bere a wɔkaa Yesu ho asɛm no.” (Asomafo no Nnwuma 4:1-3; 5:17, 18) Ɛyɛɛ kakra no, woyii yɛn.

Eyi akyi bɛyɛ afe a na yɛreyɛ afie afie adwuma wɔ yɛn dwumadibea foforo wɔ Montreal no, metee sɛ wɔreyɛ gyegyeegye bi wɔ ɔkwan no so na mihuu basabasayɛfo bi sɛ wɔretotow abo. Bere a mekɔe sɛ merekɔboa Anne ne ne yɔnko no, polisifo bepuee hɔ. Sɛ́ anka wɔbɛkyere basabasayɛfo no, wɔkyeree Anne ne ne yɔnko no mmom! Bere a na wɔwɔ afiase hɔ no, Anne kaee Ɔdansefo foforo no sɛ wɔrehyia Yesu asɛm a ɔkae no ankasa: “Me din nti, aman nyinaa bɛtan mo.”—Mateo 10:22.

Bere bi na Yehowa Adansefo bɛyɛ 1,700 ho asɛm wɔ asɛnnibea a wɔretwɛn sɛ wobedi wɔ Quebec. Sobo a na wɔde bɔ yɛn bere nyinaa ne sɛ yɛrekyekyɛ nhoma a etutu ɔman ase anaasɛ yɛrekyekyɛ nhoma a yenni tumi krataa biara. Ne saa nti Ɔwɛn Aban Asafo no Mmara Dwumadibea no ne Quebec aban no dii. Wodii mmara mu apere mfe pii akyi no, Yehowa maa yedii nkonim atitiriw abien bi wɔ Canada Asɛnnibea Kunini hɔ. Wɔ December 1950 mu no, woyii sobo a na wɔbɔ yɛn sɛ yɛn nhoma no tutu ɔman ase no fii yɛn so, na wɔ October 1953 mu no, wogyee hokwan a yɛwɔ sɛ yɛkyekyɛ Bible ho nhoma a tumi krataa biara nka ho no toom. Wɔ saa kwan yi so no yebehui pefee sɛ Yehowa yɛ “guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui” ankasa.—Dwom 46:1.

Anigyesɛm ne sɛ, Adansefo a na wɔwɔ Quebec bere a mifii akwampae adwuma no ase wɔ 1945 mu no dodow akɔ anim fi 356 akodu bɛboro 24,000 nnɛ! Ayɛ nokware pɛpɛɛpɛ sɛnea Bible nkɔmhyɛ no ka siee no: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ.”—Yesaia 54:17.

Yɛn Dwumadi Wɔ France

Wɔtoo nsa frɛɛ me ne Anne sɛ yɛnkɔsom wɔ Betel wɔ Paris, France, wɔ September 1959 mu, baabi a mekɔhwɛɛ nhoma tintim dwumadi no so. Ansa na ɛredu January 1960 mu no, na adwuma bi a wotintim nhoma gye sika na etintim nhoma ma yɛn. Esiane sɛ na wɔabara Ɔwɛn-Aban no wɔ France saa bere no nti, ɔsram biara na yetintim nsɛmma nhoma no te sɛ nhomawa a ekura nkratafa 64. Ná wɔfrɛ nhomawa no sɛ The Interior Bulletin of Jehovah’s Witnesses, (Yehowa Adansefo Nsɛmmansɛmma), na na adesua nsɛm a wobesua wɔ asafo horow mu no wom. Efi 1960 kosi 1967 mu no, nnipa dodow a na wɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ France no kɔɔ anim fi 15,439 beduu 26,250.

Bere bi akyi no, wɔsan maa asɛmpatrɛwfo no mu pii dwumadi wɔ mmeae horow, ebinom kɔɔ Afrika aman a wɔka Franse kasa mu na afoforo nso kɔɔ Quebec. Esiane sɛ na Anne nte apɔw na ohia sɛ wɔyɛ no oprehyɛn nti, yɛsan kɔɔ Quebec. Wɔhwɛɛ Anne yare bɛyɛ mfe abiɛsa akyi no, ɔtee apɔw. Enti wɔmaa mesomee sɛ ɔmansin sohwɛfo srasraa asafo ahorow hyɛɛ wɔn den honhom mu dapɛn biara.

Asɛmpatrɛw Adwuma Wɔ Afrika

Mfe kakraa bi akyi wɔ 1981 mu no, yɛn ani gyei sɛ wɔmaa yɛn dwumadi sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Zaire, a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Democratic Republic of Congo no. Na ahia nnipa a wɔwɔ hɔ no, na na wɔrehu amane. Bere a yeduu hɔ no, na Adansefo 25,753 na wɔwɔ hɔ, nanso wɔn dodow no akɔ anim aduru bɛboro 113,000, na 446,362 na wɔbaa Kristo wu Nkaedi no ase wɔ 1999 mu!

Wɔ 1984 mu no, yegyee asase bɛyɛ hekta 200 wɔ aban hɔ a yɛde besi baa dwumadibea foforo. Afei wɔ December 1985 mu no, wɔyɛɛ amanaman ntam nhyiam wɔ kuropɔn Kinshasa mu, na ananmusifo 32,000 a wofi wiase mmeae pii bae. Ɛno akyi no, ɔsɔretia a asɔfo taa akyi sii yɛn adwuma no ano wɔ Zaire. Wɔ March 12, 1986 mu no, wɔde krataa a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo ahyehyɛde a ɛwɔ Zaire no to mmara maa anuanom a na wodi anim no. Saa bere no, ɔmampanyin Mobutu Sese Seko a saa bere no na odi ɔman no so no na ɔde ne nsa hyɛɛ yɛn dwumadi no nyinaa a wɔbarae no ase.

Esiane adeyɛ a ɛbaa mpofirim no nti, na ɛsɛ sɛ yɛde Bible afotu yi di dwuma: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” (Mmebusɛm 22:3) Yenyaa ɔkwan a yɛbɛfa so anya nkrataa, adubiri, mfonini afiri, apaawa a yɛde tintim nhoma, ne nnuru afi aman horow so de atintim yɛn nhoma no wɔ Kinshasa. Afei nso, yɛpɛɛ ɔkwan a yɛbɛfa so akyekyɛ nneɛma. Esiane sɛ na yɛbom sɛ ahyehyɛde no nti, na yɛn nhyehyɛe no yɛ adwuma yiye sen aban no kwan a wɔfa so mena nkrataa mpo!

Wɔkyeree Adansefo mpempem pii, na wɔyɛɛ ebinom ayayade traa so. Nanso, sɛ yeyi wɔn mu kakraa bi gyina nkyɛn a, wɔn nyinaa gyinaa saa ayayade no ano pintinn kuraa wɔn mudi mu. Wɔkyeree me nso ma mihuu ayayade a ano yɛ den a anuanom no faa mu wɔ afiase hɔ no bi. Na atumfo no ne sum ase polisifo no ma yɛn ho hiahia yɛn mpɛn pii nanso bere nyinaa na Yehowa boa yɛn ma yɛfa mu.—2 Korintofo 4:8.

Na yɛde nhoma nnaka bɛyɛ 3,000 asie adwumawura bi adekorabea. Nanso akyiri yi koraa no, n’adwumayɛfo no mu biako bɔɔ sum ase polisifo no amanneɛ, na wɔkyeree adwumawura no. Bere a wɔde no rekɔ afiase no, wohyiaa me mpofirim wɔ me kar mu wɔ kwan so. Adwumawura no bɔɔ wɔn amanneɛ sɛ me na me ne no ayɛ nhyehyɛe de nhoma no abesie n’adekorabea hɔ no. Polisifo no gyinae na wobisaa me ɛho asɛm, bɔɔ me sobo sɛ mede nhoma a mmara mma ho kwan asie saa ɔbarima no adekorabea hɔ.

Mibisaa wɔn sɛ: “So mowɔ saa nhoma ahorow no bi?”

Wobuae sɛ: “Yiw” yɛwɔ bi.

Mibisae sɛ: “Metumi ahwɛ?”

Wɔde nhoma no bi brɛɛ me, na mibuee nhoma no mu faako a wɔakyerɛw sɛ: “Printed in the United States of America by the Watch Tower Bible & Tract Society” no kyerɛɛ wɔn.

Meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea ekura mo no yɛ Amerikafo agyapade na ɛnyɛ Zairefo de. Mo aban no abara Yehowa Adansefo dwumadi wɔ Zaire na ɛnyɛ Watch Tower Bible & Tract Society a ɛwɔ United States no. Enti ɛsɛ sɛ mohwɛ yiye paa wɔ nea mopɛ sɛ mode nhoma yi yɛ no ho.”

Wɔmaa me kwan maa mekɔe efisɛ na wonni asɛnnibea tumi krataa biara a wobetumi de akyere me. Saa anadwo no, yɛde kar abien kɔɔ adekorabea hɔ koyii nhoma no nyinaa fii hɔ. Ade kyee a atumfo no baa fie hɔ no, wɔn bo fuwii yiye sɛ na biribiara nni hɔ no. Saa bere yi de, esiane sɛ na wɔn nsa aka asɛnnibea tumi krataa nti na wɔrehwehwɛ me akyere me. Wohuu me nanso esiane sɛ na wonni kar nti, m’ankasa kaa me kar no kɔɔ afiase hɔ! Ɔdansefo foforo kaa me ho ne me kɔe na ama watumi de me kar no aba sɛnea ɛbɛyɛ a polisifo no mfa.

Wɔ nnɔnhwerew awotwe a wɔde bisabisaa me nsɛm akyi no, wosii gyinae sɛ mimfi ɔman no mu. Nanso mede krataa a efi aban hɔ a na ɛma me hokwan sɛ mehwɛ ma wɔtɔn Yehowa Adansefo fekuw a na wɔabara wɔ Zaire no nneɛma, a na mahwɛ so ayɛ bi no kyerɛɛ wɔn. Enti wɔmaa me kwan maa metoaa me dwumadi so wɔ Betel.

Bere a wɔbaraa yɛn dwumadi wɔ Zaire a mede ayamhyehye somee mfe anan akyi no, minyaa yafunu mu kokoram a na ɛma mogya tu me a ɛde me nkwa too asiane mu. Wosii gyinae sɛ menkɔ South Africa nkɔhwɛ me ho yare, na baa dwumadibea a ɛwɔ hɔ no hwɛɛ me yiye maa metee apɔw. Wɔ mfe awotwe a mede asom anya osuahu pii a ɛyɛ anigye a mekae no yiye wɔ Zaire akyi no, yɛkɔɔ South Africa baa dwumadibea hɔ wɔ 1989 mu. Wɔ 1998 mu no, yɛsan kɔɔ yɛn kurom, na ebesi nnɛ yɛresom bio wɔ Canada Betel.

M’ani Sɔ sɛ Meresom

Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ mfe 54 a madi wɔ bere nyinaa som adwuma no mu a, m’ani gye sɛ mede me mmeranteberem ahoɔden dii dwuma wɔ Yehowa som adwuma a ɛsom bo no mu. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Anne de boasetɔ gyina nsɛm tebea pii ano de, nanso wanwiinwii, mmom wayɛ me mmoa kɛse wɔ yɛn dwumadi no mu bere nyinaa nso. Me ne no nyinaa anya hokwan de aboa nnipa pii ma wɔabehu Yehowa, a wɔn mu dodow no ara wɔ bere nyinaa som adwuma no mu seesei. Ɛyɛ anigye kɛse sɛ yehu sɛ wɔn mma ne wɔn mmanananom bi resom yɛn Nyankopɔn kɛse no, Yehowa!

Megye tom koraa sɛ biribiara nni hɔ a saa wiase yi betumi de ama a yɛde bɛtoto hokwan ne nhyira a Yehowa de ama yɛn no ho. Nokwarem no, yɛde boasetɔ agyina ɔhaw pii ano, nanso ne nyinaa ahyɛ yɛn gyidi den ama yɛanya Yehowa mu ahotoso. Yiw, wayɛ guankɔbea ne ahoɔden, ne ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Wodii kan tintim krataa no wɔ German kasa mu, Kreuzzug gegen das Christentum (Akodi a Etia Kristosom). Wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Franse ne Poland kasa mu, nanso na enni Engiresi kasa mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Akwampae adwuma a yɛbom yɛ wɔ 1947 mu; me ne Anne nnɛ

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Nkurɔfo a yɛkɔtoo wɔn wɔ Zaire no ani gye Bible mu nokware ho