Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Rentwentwɛn Ne Nan ase

Yehowa Rentwentwɛn Ne Nan ase

Yehowa Rentwentwɛn Ne Nan ase

‘Sɛ adehu no twentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.’—HABAKUK 2:3.

1. Yehowa nkurɔfo asi gyinae sɛ wɔbɛyɛ dɛn, na dɛn na eyi aka wɔn ma wɔayɛ?

“MEGYINA m’ahwɛe.” Ɛno ne gyinae a Onyankopɔn diyifo Habakuk sii. (Habakuk 2:1) Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ afeha a ɛto so 20 yi mu asi gyinae a ɛte saa ara. Enti, wɔde nsiyɛ agye ɔfrɛ a wɔde too gua wɔ nhyiam titiriw bi a wɔyɛe wɔ September 1922 mu ase so sɛ: “Eyi ne da a ɛsen nna nyinaa. Hwɛ, Ɔhene no di so! Mo na moyɛ n’adawurubɔfo. Enti, mommɔ, mommɔ, mommɔ Ɔhene no ne n’ahenni dawuru.”

2. Bere a wɔsan de adwuma kɛse hyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nsa wɔ Wiase Ko I akyi no, dɛn na na wobetumi aka?

2 Wɔ Wiase Ko I akyi no, Yehowa san hyɛɛ nkaefo a wɔasra wɔn no den maa adwuma kɛse bi. Afei te sɛ Habakuk no, na wɔn mu biara betumi aka sɛ: “Mede me ho mesi aban so, na masra mahwɛ asɛm ko a ɔbɛka me mu.” Wɔde Hebri nsɛmfua a egyina hɔ ma ‘wɛn’ ne ‘hwɛ’ di dwuma wɔ nkɔmhyɛ pii mu.

“Ɛrenka Akyiri”

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛwɛn?

3 Bere a Yehowa Adansefo de Onyankopɔn kɔkɔbɔ ma nnɛ no, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ sɛ wobetie Yesu nkɔmhyɛ kɛse no fã a etwa to no: “Monwɛn! Na munnim da ko a ofiwura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasum anaa akokɔbɔnee anaa anɔpa, na wammefi mo [so] mpofirim ammehu mo sɛ moadeda. Na nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn!” (Marko 13:35-37) Te sɛ Habakuk no, ɛsɛ sɛ yɛwɛn ma ɛne Yesu nsɛm no hyia!

4. Ɔkwan bɛn so na yɛn tebea ne Habakuk de a na ɔwom bɛyɛ afe 628 A.Y.B. mu no di nsɛ?

4 Ɛbɛyɛ sɛ Habakuk kyerɛw ne nkɔmhyɛ no wiei bɛyɛ afe 628 A.Y.B. mu, ansa mpo na Babilon rebɛyɛ wiase tumidi a ɛsen biara. Ná wɔde mfe pii aka Yehowa atemmu a etia Yerusalem a awae no ho asɛm. Nanso, na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ bere pɔtee a wɔde saa atemmu no bɛba. Hena na na obegye adi sɛ na aka mfe 21 pɛ, ɛne sɛ, na Babilon na ɛbɛyɛ Yehowa brafo? Saa ara na nnɛ, yennim ‘da ne dɔn ko’ a wɔahyɛ ama nhyehyɛe yi awiei, nanso Yesu adi kan abɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.”—Mateo 24:36, 44.

5. Dɛn na ɛhyɛ nkuran titiriw wɔ Onyankopɔn nsɛm a wɔkyerɛwee wɔ Habakuk 2:2, 3 no mu?

5 Ɛfata sɛ Yehowa de ahyɛde a ɛkanyan adwene yi maa Habakuk sɛ: “Kyerɛw adehu no, na kyerɛkyerɛ mu gu abopon so, na wɔanya no akanye ahoɔhare so. Na adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ, na ɛpere repɛ awiei, na ɛrenni atoro; sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.” (Habakuk 2:2, 3) Ɛnnɛ, amumɔyɛsɛm ne basabasayɛ reyɛ kɛse sen bere biara wɔ wiase nyinaa, a ɛkyerɛ sɛ yegyina “[Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu no” aboboano pɛɛ. (Yoel 2:31) Nokwarem no, Yehowa ankasa nsɛm a ahotoso wom no hyɛ nkuran: “Ɛrenka akyiri”!

6. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi anya yɛn ti adidi mu wɔ atemmu a ɛreba no mu?

6 Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya yɛn ti adidi mu wɔ atemmu da a ɛreba no mu? Yehowa bua denam nsonsonoe a ɔma ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam no so: “Hwɛ, ne kra homan, ɛnteɛ ne mu, na ɔtreneeni de, ne gyidi mu na obenya nkwa.” (Habakuk 2:4) Sodifo a wɔyɛ ahantan ne adifudepɛ ahwie nnipa ɔpepem pii a wɔn ho nni asɛm mogya agu wɔ abakɔsɛm nyinaa mu, titiriw wɔ wiase ko abien ne mmusua ntam mogyahwiegu mu. Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔdɔ asomdwoe no de nokwaredi agyina mu. Wɔne ‘ɔman trenee, ɔman a wɔkora nokwaredi’ no. Saa ɔman yi ne wɔn ahokafo, “nguan foforo” no, atie afotu yi: “Momfa mo ho nto [Yehowa, NW] so daa daa, efisɛ Yah [Yehowa, NW] ne daa botan.”—Yesaia 26:2-4; Yohane 10:16.

7. Nea ɛne Habakuk 2:4 a Paulo de dii dwuma no hyia no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

7 Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw Hebrifo Kristofo no, ɔfaa Habakuk 2:4 mu asɛm ka kyerɛɛ Yehowa nkurɔfo sɛ: “Boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no. Na aka kakraa sɛ na nea ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ. Na nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.” (Hebrifo 10:36-38) Ɛnyɛ nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛgow yɛn nsa mu anaasɛ yɛma yɛn werɛ fi yɛn ho ma honam fam ade dodowpɛ ne Satan wiase a anigyede abɔ no dam no sum yɛn afiri. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na ‘bere kakra’ a aka no asa? Te sɛ Paulo no, ɛsɛ sɛ yɛn a yɛwɔ Yehowa man kronkron no mu no ‘twe yɛn mu pɛ anim de, na yɛde mmirika du’ daa nkwa ‘botae no ho.’ (Filipifo 3:13, 14) Te sɛ Yesu no, ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ anigye a ɛda yɛn anim no na yɛtɔ yɛn bo ase.’—Hebrifo 12:2.

8. Hena ne “ɔbarima” a Habakuk 2:5 ka ne ho asɛm no, na dɛn nti na ɔrenni nkonim?

8 Habakuk 2:5 ka “ɔbarima” bi a sɛ wɔde no toto Yehowa asomfo ho a, onnu ne botae ho, a “watrɛw ne kra akɔnnɔ mu sɛ asaman” ho asɛm. Hena ne saa ɔbarima a “ɔmmee” no? Saa “ɔbarima” a ɔwɔ afã ahorow a n’adifudepɛ te sɛ Babilon a na ɛwɔ Habakuk bere so no yɛ amammui mu atumfoɔ,—sɛ́ ɛyɛ Katabaako, Nasi, Kɔmunis, anaa nea wɔtaa frɛ no kwasafoman mpo—na odi ako sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtrɛw ne nsase mu. Ɔde akra a wɔn ho nni asɛm nso hyɛ asaman, ɔdamoa, ma. Nanso saa “ɔbarima” tirimɔdenfo a ɔwɔ afã pii a ɔwɔ Satan wiase mu, a n’ankasa hoahoa ne ho sɛ ɔkorɔn no, di nkogu wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ‘ɔbɛboaboa aman nyinaa ano aba ne nkyɛn’ no mu. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na obetumi ama adesamma nyinaa ayɛ biako, na ɔnam Mesia Ahenni no so na ɛbɛyɛ eyi.—Mateo 6:9, 10.

Ɔhaw Ahorow Anum a Ɛyɛ Nwonwa no Mu Nea Edi Kan

9, 10. (a) Dɛn na Yehowa nam Habakuk so de to gua? (b) Ɛdefa ahonyade a ɛmfata ho no, tebea no te dɛn nnɛ?

9 Yehowa nam ne diyifo Habakuk so kɔ so ka ɔhaw ahorow anum, atemmu a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma de siesie asase no ma Onyankopɔn asomfo anokwafo tra so, no ho asɛm. Saa komapafo no ‘ka abebusɛm bi’ a Yehowa de ma ho asɛm. Yɛkenkan wɔ Habakuk 2:6 sɛ: “Ónnue, nea ɔma ade a ɛnyɛ ne de no dɔɔso no, enkosi da bɛn? ne nea ɔma nwowasi yɛ no so duru no.”

10 Ɛha yi no, nea wosi so dua ne ahonyade a ɛmfata. Wɔ wiase a yɛte mu yi mu no, adefo kɔ so nya wɔn ho na ahiafo kɔ so di hia buruburoo. Wɔn a wɔtɔn nnubɔne ne asisifo nya mfaso pii, bere a ɔkɔm de mpapahwekwa no. Wɔka sɛ wiase nnipa anan mu biako na wodi hia buruburoo. Asetra asɛe koraa wɔ aman pii mu. Wɔn a wɔpɛ trenee wɔ asase so no teɛm sɛ: “Enkosi da bɛn?” na saa abɔnefosɛm yi bɛkɔ so anya nkɔanim! Nanso, awiei no abɛn! Nokwarem no, adehu ‘no renka akyiri.’

11. Dɛn na Habakuk ka fa nnipa mogya a wohwie gu ho, na dɛn nti na yebetumi aka sɛ mogya ho afodi kɛse wɔ asase so nnɛ?

11 Odiyifo no ka kyerɛ abɔnefo sɛ: “Esiane sɛ woafow amanaman pii nti, aman mu nkae nyinaa bɛfow wo nso, nnipa mogya nti ne asase ne kurow ne emufo nyinaa so nhyɛso ntia.” (Habakuk 2:8) Mogya ho afodi bɛn ara na yenhu wɔ asase so nnɛ! Yesu kaa no pefee sɛ: “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Nanso, wɔ afeha a ɛto so 20 mu nkutoo no, aman ne mmusua a wodi mogya ho fɔ no akunkum nnipa bɛboro ɔpepem ɔha. Wɔn a wɔreka mogya gu saa yi nnue!

Ɔhaw a Ɛto so Abien

12. Dɛn ne ɔhaw a ɛto so abien a Habakuk yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no, na ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ mfaso biara nni mfaso bɔne so?

12 Wɔka ɔhaw a ɛto so abien, a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Habakuk 2:9-11 no fa “nea onya mfaso bɔne ma ne fi, sɛ ɔde ne berebuw besi sorɔnsorɔmmea na wayi ne ho afi mmusu nsam no” ho. Mfaso bɔne remfa hwee mma, sɛnea odwontofo no ma emu da hɔ no: “Sɛ obi nya ne ho a, nsuro, sɛ ne fi anuonyam redɔɔso a, nsuro, na owu a, ɔremfa emu biribiara nkɔ, n’anuonyam rensian nni n’akyi.” (Dwom 49:16, 17) Enti, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Paulo afotu a nyansa wom no nsow: “Ahonyafo a wɔwɔ wi yi ase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so.”—1 Timoteo 6:17.

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de Onyankopɔn kɔkɔbɔ ma?

13 Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɛka Onyankopɔn atemmusɛm nnɛ! Bere a Farisifo no kasa tiaa nnipadɔm a na wɔrebɔ gye Yesu so sɛ ‘ɔhene a ɔnam Yehowa din mu reba no,’ Yesu buae sɛ: “Eyinom mua wɔn ano a, anka abo mpo bɛteɛm.” (Luka 19:38, 40) Saa ara na sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ampa wiase yi mu amumɔyɛ ho ntama a, “ɔbo fi ɔfasu mu bɛteɛm.” (Habakuk 2:11) Enti momma yɛmfa Onyankopɔn kɔkɔbɔ no mma akokoduru so!

Ɔhaw a Ɛto so Abiɛsa ne Mogya Ho Afodi

14. Mogya ho fɔ bɛn na wiase som ahorow no adi?

14 Ɔhaw a ɛto so abiɛsa a wɔaka ho asɛm wɔ Habakuk mu nyinaa no fa mogya ho afodi ho. Habakuk 2:12 ka sɛ: “Onnue, nea ɔkyekye kurow mogya mu, na ɔto aban abusude mu.” Wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu no, mpɛn pii no abusude ne mogyahwiegu na ɛnam. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, wiase nyamesom ahorow no na wɔaka mogya agu sen biara wɔ abakɔsɛm mu. Ɛho nhwɛso ne Mmeamudua Ho Akodi a ɛmaa wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo ko tiaa Nkramofo; Katolek Atirimɔden Asɛnni a ɛkɔɔ so wɔ Spain ne Latin Amerika; Europa Mfe Aduasa Ko a ɛkɔɔ so wɔ Protestanfo ne Katolekfo ntam; ne nea wohwiee mogya gui wom sen biara, wiase ko abien a wɔadi wɔ yɛn afeha yi mu, a n’abien nyinaa fii ase wɔ Kristoman mu no.

15. (a) Dɛn na amanaman no kɔ so yɛ a asɔre no taa akyi na ɛpene so? (b) So Amanaman Nkabom no betumi ama wɔagyae akode a wɔyɛ wɔ wiase yi mu no?

15 Wiase ko a ɛto so abien no ho ade a na enye koraa ne Nasi Okunkɛse a ɛmaa Yudafo ne nnipa foforo a wɔn ho nni asɛm ɔpepem pii hweree wɔn nkwa wɔ Europa no. Nnansa yi ara na Roma Katolek asɔfo mpanyin a wɔwɔ France no apae mu aka sɛ wɔantumi ansɔre antia nnipa ɔpehaha pii a wɔde wɔn kɔɔ Nasi nnadeban mu kokunkum wɔn no. Nanso, aman no gu so reboaboa wɔn ho ama mogyahwiegu, na asɔre no taa wɔn akyi na ɛpene so. Bere a Time nsɛmma nhoma (amanaman ntam de no) reka Russia Ortodɔks Asɔre no ho asɛm nnansa yi no, ɛkae sɛ: “Asɔre a wɔakanyan no yi nso wɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ beae bi a kan no na obiara nsusuw sɛ ebetumi anya saa nkɛntɛnso no: Russiafo akode. . . . Ɛkame ayɛ sɛ wimhyɛn a wɔde di ako ne asraafo atrae a wohyira so abɛyɛ daa adeyɛ. Wɔ November mu, wɔ Danilovsky Nkokorafie a ɛwɔ Moscow, a ɛhɔ ne Russia Tete Agyanom Atrae no, asɔre no yɛɛ ade kɔɔ akyiri kohyiraa nuklea akode so.” So Amanaman Nkabom no betumi ama wiase agyae akode a edi awu yi yɛ? Dabida! Sɛnea The Guardian, atesɛm krataa a wotintim wɔ London, England kyerɛ no, obi a onyaa Nobel Asomdwoe Akyɛde no kae sɛ: “Nea ɛhaw adwene ankasa ne sɛ UN Ahobammɔ Bagua no mu aman anum a wɔwom daa no ne aman anum a wɔtɔn akode sen biara wɔ wiase.”

16. Dɛn na Yehowa bɛyɛ amanaman a wɔpɛ akodi no?

16 So Yehowa bebu aman a wɔpɛ akodi no atɛn? Habakuk 2:13 ka sɛ: “Hwɛ, so emfi asafo [Yehowa, NW] nkyɛn sɛ aman yɛ adwuma brɛ ma ogya na nkurɔfo brɛ ma adehunu?” “Asafo [Yehowa, NW]”! Yiw, Yehowa wɔ ɔsoro abɔfo asafo a ɔde wɔn bedi dwuma ayɛ nkurɔfo ne aman a wodi ako no pasaa!

17. Sɛ Yehowa de n’atemmu ba aman a wɔpɛ basabasayɛ no so wie a, ne ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so ma akodu he?

17 Dɛn na ebedi Yehowa atemmu a ɔde bɛba aman a wɔyɛ basabasa no so no akyi? Habakuk 2:14 bua sɛ: “[Yehowa, NW] anuonyam hu bɛhyɛ asase so ma sɛ nsu kata ɛpo so.” Akwanhwɛ kɛse bɛn ara ni! Wɔ Harmagedon no, wɔbɛsan Yehowa tumidi ho daa. (Adiyisɛm 16:16) Ɔma yɛn awerɛhyem sɛ ‘ɔbɛhyɛ ne nan sibea,’ asase a yɛte so yi, ‘anuonyam.’ (Yesaia 60:13) Wɔbɛkyerɛkyerɛ adesamma nyinaa Onyankopɔn asetra kwan, na ama Yehowa atirimpɔw a ɛyɛ anigye no ho nimdeɛ a wɔwɔ no ayɛ sɛ nsu a ɛkata po so.

Ɔhaw a Ɛto so Anan ne Anum No

18. Dɛn ne ɔhaw a ɛto so anan a wɔnam Habakuk so de too gua, na ɔkwan bɛn so na ɛda adi wɔ wiase no abrabɔ mu nnɛ?

18 Wɔka ɔhaw a ɛto so anan no ho asɛm wɔ Habakuk 2:15 sɛ: “Due, wo a woma wo yɔnko nom na wuhwie w’anibere gu mu, nanso woma ɔbow na woahwɛ wɔn adagyaw mu.” Eyi kyerɛ ahohwibra ne amumɔyɛ a wiase no wom nnɛ no. N’ahohwibra, a nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔma nneɛma ho kwan taa akyi mpo no, asɛe koraa. Nsanyare, te sɛ AIDS ne nyarewa foforo a wonya fi nna mu renya nkɔanim kɛse wɔ wiase nyinaa. Sɛ́ anka wobesusuw ‘Yehowa anuonyam’ ho no, ɛnnɛ awo ntoatoaso ahopɛfo no de wɔn ho hyɛ ahohwibra mu fee, na wɔhyɛn Onyankopɔn atemmu mu. ‘Esiane sɛ ahohora amee no sen anuonyam nti,’ aka kakra ma saa wiase bɔne yi anom Yehowa abufuw kuruwa, a ɛkyerɛ n’apɛde a ɔbɛma ayɛ no, ano. ‘Ɔfe ne ahohora begu n’anuonyam so.’—Habakuk 2:16.

19. Nsɛm a Habakuk de fii ɔhaw a ɛto so anum ase no fa dɛn ho, na dɛn nti na nsɛm a ɛte saa ho hia wɔ wiase nnɛ?

19 Nsɛm a wɔde fi ɔhaw a ɛto so anum no ase no de kɔkɔbɔ a emu yɛ den ma wɔ ahonisom ho. Yehowa maa odiyifo no kaa nsɛm a tumi wom yi sɛ: “Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyan! Na woka kyerɛ ɔbo mum sɛ: Sɔre! So ebetumi akyerɛ biribi? Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho, na honhom biara nni mu.” (Habakuk 2:19) Ɛde besi nnɛ no, Kristoman ne wɔn a wɔfrɛ wɔn abosonsomfo nyinaa kotow wɔn mmeamudua, Ɔbaabun Maria, ahoni, ne nnipa ne mmoa nsɛso foforo. Sɛ Yehowa de atemmu ba a, eyinom mu biara rentumi nsɔre nnye wɔn asomfo. Sika ne dwetɛ a wɔde duradura wɔn ahoni ho no bɛyɛ biribi a mfaso biara nni so bere a wɔde toto daa Nyankopɔn, Yehowa, kɛseyɛ ne n’abɔde a nkwa wom anuonyam ho no. Momma yenyi ne din a ebiara ne no nsɛ no ayɛ daa!

20. Asɔrefie bɛn na yɛanya hokwan resom wɔ mu anigye so no?

20 Yiw, yɛn Nyankopɔn, Yehowa, fata ayeyi daa. Bere a yenya obu a emu dɔ ma no no, momma yentie ahonisom ho kɔkɔbɔ a emu yɛ den yi. Nanso tie! Yehowa da so ara rekasa: “[Yehowa, NW] wɔ n’asɔrefi kronkron mu; ma asase nyinaa nyɛ komm n’anim.” (Habakuk 2:20) Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yerusalem asɔrefie no ho asɛm na ɛwɔ odiyifo no adwene mu. Nanso, yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no anya hokwan sɛ yɛbɛsom wɔ asɔrefie nhyehyɛe a ɛkorɔn sen biara mu, baabi a wɔasi yɛn Awurade Yesu Kristo Sɔfopanyin no. Yehyiam, som, bɔ mpae wɔ saa asɔrefie no abangua a ɛne asase yi so, na yɛde ayeyi a ɛfata Yehowa din kronkron no ma no. Na hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ yefi komam resom yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no!

So Wokae?

• Wubu Yehowa nsɛm: “Ɛrenka akyiri” no dɛn?

• Ɔhaw ahorow a wɔnam Habakuk so bɔɔ ho amanneɛ no ho hia dɛn nnɛ?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de Yehowa kɔkɔbɔ no ma?

• Asɔrefie bɛn abangua so na yɛanya hokwan resom?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Te sɛ Habakuk no, Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nim sɛ Yehowa rentwentwɛn ne nan ase

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

So w’ani sɔ hokwan a woanya resom Yehowa wɔ ne honhom fam asɔrefie abangua so no?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 16]

U.S. Army photo