Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Kristo Adwene” A Yebehu

“Kristo Adwene” A Yebehu

“Kristo Adwene” A Yebehu

“Hena na ohuu [Yehowa, “NW”] adwene sɛ obetumi akyerɛkyerɛ no? Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.”—1 KORINTOFO 2:16.

1, 2. Dɛn na Yehowa hui sɛ ɛfata sɛ ɔma yehu wɔ Yesu ho wɔ N’asɛm no mu?

NÁ Yesu te dɛn? Ná ne ti nhwi, ne honam ani, ne n’ani kɔla te dɛn? Ná ne tenten te dɛn? Ná ne mu duru yɛ ahe? Yesu mfonini a wɔayeyɛ no mfehaha pii ni no gu ahorow, nea ntease wom ne nea wohwɛ a ɛnhwɛ nyinaa bi wom. Ebinom ayɛ ne ho mfonini te sɛ ɔbarima hoɔdenfo bi, na afoforo nso ayɛ no sɛ obi a wafɔn ayɛ kagyaa.

2 Nanso Bible no ntwe adwene nsi sɛnea Yesu hwɛbea te so. Mmom no, Yehowa huu fata a ɛfata sɛ ɔda biribi a ehia titiriw adi: nipa ko a na Yesu yɛ. Ɛnyɛ Yesu nsɛm ne ne nneyɛe nkutoo ho amanneɛbɔ na wɔde ma wɔ Nsɛmpa no mu, na mmom sɛnea na ɔte nka ne ɔkwan a ɔfaa so susuw nsɛm ho na ɔyɛɛ n’ade nso ka ho. Nsɛmpa anan yi boa yɛn ma yetumi hwehwɛ nea ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm sɛ “Kristo adwene” no mu yiye. (1 Korintofo 2:16) Ehia sɛ yehu Yesu nsusuwii, ne nkate, ne ne nipasu yiye. Dɛn ntia? Anyɛ yiye koraa no, nneɛma abien bi ntia.

3. Dɛn mu nhumu na hu a yebehu Kristo adwene no betumi ama yɛanya?

3 Nea edi kan no, Kristo adwene ma yenya nea yebegyina so ahu Yehowa Nyankopɔn adwene. Ná Yesu ne N’agya wɔ abusuabɔ a emu yɛ den araa ma enti otumi kae sɛ: “Obi nnim nea ɔba no yɛ, gye agya no. Nanso obi nnim nea agya no yɛ, gye ɔba no ne nea ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.” (Luka 10:22) Ná ɛte sɛ nea Yesu reka sɛ ‘Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Yehowa te a, hwɛ me.’ (Yohane 14:9) Ne saa nti sɛ yesua nea Nsɛmpa no ma ɛda adi wɔ sɛnea na Yesu susuw nneɛma ho na ɔte nka ho a, ɔkwan bi so no, na yɛresua sɛnea Yehowa susuw nneɛma ho na ɔte nka ho ade. Nimdeɛ a ɛte saa boa yɛn ma yɛbɛn yɛn Nyankopɔn no kɛse.—Yakobo 4:8.

4. Sɛ yebetumi ayɛ yɛn ade te sɛ Kristo paa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan sua, na dɛn ntia?

4 Nea ɛto so abien no, Kristo adwene a yebehu no boa yɛn ma ‘yedi n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ.’ (1 Petro 2:21) Yesu a yebedi n’akyi no nkyerɛ sɛ yebetĩ ne nsɛm mu na yɛasuasua ne nnwuma ara kwa. Esiane sɛ adwene ne nkate na ɛma yɛkasa na yɛyɛ ade nti, Kristo akyi a yebedi no hwehwɛ sɛ yenya “adwene” a na ɔwɔ no bi. (Filipifo 2:5) Ɔkwan foforo so no, sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Kristo paa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yebedi kan asusuw nneɛma ho ate nka te sɛ ɔno. Ɛnde, momma yɛmma Nsɛmpa no akyerɛwfo no mmoa yɛn na yɛnhwehwɛ Kristo adwene mu. Nea edi kan no, yebesusuw nneɛma a ɛmaa Yesu susuw nneɛma ho tee nka sɛnea ɔyɛe no ho.

N’asetra Ansa na Ɔrebɛyɛ Ɔdesani

5, 6. (a) Nkɛntɛnso bɛn na yɛn ayɔnkofo betumi anya wɔ yɛn so? (b) Ayɔnkofa bɛn na Onyankopɔn Abakan no nyae wɔ ɔsoro ansa na ɔreba asase so, na enyaa ne so tumi dɛn?

5 Yɛn ayɔnkofo a wɔbɛn yɛn paa betumi anya yɛn adwene, nkate, ne yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso pa anaa nkɛntɛnso bɔne. * (Mmebusɛm 13:20) Susuw ayɔnkofa a na Yesu wɔ wɔ soro ansa na ɔreba asase so no ho hwɛ. Yohane Asɛmpa no twe adwene si Yesu asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no so sɛ “Asɛm no,” anaa Onyankopɔn Kasamafo. Yohane ka sɛ: “Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. Ɔno ara na mfiase no ɔne Nyankopɔn wɔ hɔ.” (Yohane 1:1, 2) Esiane sɛ Yehowa nni mfiase nti, ɛsɛ sɛ Asɛm no a na ɛne Onyankopɔn wɔ hɔ fi “mfiase no” gyina hɔ ma Onyankopɔn adebɔ nnwuma mfiase. (Dwom 90:2) Yesu ne “abɔde nyinaa abakan.” Enti ɔtraa ase ansa na wɔrebɔ honhom abɔde ne amansan yi mu nneɛma nyinaa.—Kolosefo 1:15; Adiyisɛm 3:14.

6 Sɛnea nyansahufo akontaabu bi kyerɛ no, anyɛ yiye koraa no, amansan a aniwa hu yi atra hɔ bɛyɛ mfirihyia ɔpepepem 12 ni. Sɛ akontaabu a ɛtete saa no yɛ nokware a, ɛnde na Onyankopɔn Abakan no ne N’agya nyaa abusuabɔ a emu yɛ den mfe ɔpepepem pii ansa na wɔrebɔ Adam. (Fa toto Mika 5:2 ho.) Enti wonyaa abusuabɔ a emu yɛ den na ɔdɔ wom. Sɛ obi a wɔka ne ho asɛm sɛ nyansa wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔkyerɛ sɛ saa Abakan yi kae wɔ n’asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani mu no sɛ: ‘Meyɛ Yehowa, adɔde daa daa; m’ani gye n’anim bere nyinaa mu.’ (Mmebusɛm 8:30) Akyinnye biara nni ho sɛ, abusuabɔ a emu yɛ den a ɔne ɔdɔ Wura no nyae mfe pii a yennim ano no, nyaa Onyankopɔn Ba no so tumi kɛse! (1 Yohane 4:8) Ɔba yi behuu N’agya nsusuwii, nkate, ne n’akwan sen obiara, na ɔdaa no adi.—Mateo 11:27.

Asase so Asetra ne Nkɛntɛnso Ahorow

7. Nneɛma a enti Onyankopɔn Abakan no baa asase so no mu biako ne dɛn?

7 Ná Onyankopɔn Ba no wɔ pii sua, efisɛ na Yehowa atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma ne Ba no ayɛ Sɔfopanyin a ɔwɔ tema a obetumi ‘ahu yɛn mmerɛwyɛ ama yɛn.’ (Hebrifo 4:15) Eyi ka nea enti a Ɔba no baa asase so sɛ ɔdesani no ho, na ama watumi adu asɛyɛde yi ho ahwehwɛde ahorow no ho. Bere a Yesu baa ha sɛ honam ne mogya no, ɔbɛfaa tebea ne nkɛntɛnso ahorow a kan no na ɔte ɔsoro hwɛ kɛkɛ no mu. Afei, ɔno ankasa tumi nyaa nnipa nkate horow no bi. Ɔbrɛe na sukɔm ne kɔm dee no mmere bi. (Mateo 4:2; Yohane 4:6, 7) Nea ɛsen saa koraa no, ɔfaa ahokyere ne amanehunu pii mu. Enti, ‘osuaa osetie,’ na ɔbɛfatae koraa maa ne dwumadi sɛ Ɔsɔfopanyin no.—Hebrifo 5:8-10.

8. Yesu asetra nna a edi kan wɔ asase so no ho nsɛm bɛn na yenim?

8 Yesu suahu ahorow a onyae wɔ n’asase so asetra mu no nso ɛ? Wɔnka ne mmofraase ho nsɛm pii. Nokwarem no, Mateo ne Luka nko ara na ɛkaa nsɛm a esisii wɔ n’awo mu. Ná Asɛmpa no akyerɛwfo no nim sɛ Yesu traa soro ansa na ɔreba asase so. Saa asetra a onyae ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no ma yehu nipa ko a ɔbɛyɛe no mu sen biribiara. Ne nyinaa mu no, na Yesu yɛ ɔdesani ankasa. Ɛwom sɛ na ɔyɛ pɛ de, nanso ɔbɛyɛɛ akokoaa nyini bɛyɛɛ abofra, duu mpanyin afe so kosii sɛ ɔyɛɛ ɔpanyin, a saa bere no nyinaa na ɔresua ade. (Luka 2:51, 52) Bible no ma yehu Yesu mmofraase nsɛm bi a akyinnye biara nni ho sɛ enyaa ne so nkɛntɛnso no.

9. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔwoo Yesu too abusua a na wodi hia mu? (b) Tebea bɛn mu na ɛbɛyɛ sɛ Yesu nyinii?

9 Ɛda adi sɛ wɔwoo Yesu too abusua a na wodi hia mu. Nea ɛma yehu eyi ne nneɛma a Yosef ne Maria de kɔbɔɔ afɔre wɔ asɔrefie wɔ n’awo akyi bɛyɛ adaduanan no. Sɛ́ anka wɔde oguanten ba bɛkɔ akɔbɔ ɔhyew afɔre na wɔde aborɔnoma ba anaa aturukuku abɔ bɔne ho afɔre no, wɔde “nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien” na ɛkɔe. (Luka 2:24) Sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, na afɔrebɔde yi yɛ ahiafo de. (Leviticus 12:6-8) Bere bi akyi no, abusua a na wonni bi yi mufo bɛdɔɔso. Anyɛ yiye koraa no, bere a wɔwoo Yesu anwonwakwan so akyi no, Yosef ne Maria woo mma baasia foforo. (Mateo 13:55, 56) Enti, Yesu nyinii wɔ abusua a na emufo dɔɔso a na ɛda adi sɛ na wonni yiye pii wɔ wɔn asetram mu.

10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Maria ne Yosef yɛ nnipa a wosuro Nyankopɔn?

10 Awofo a wosuro Nyankopɔn na wɔtetee Yesu, hwɛɛ no. Ná ne maame Maria yɛ ɔbea a ɔda nsow. Kae sɛ bere a ɔbɔfo Gabriel rekyia no no, ɔkae sɛ: “Ma w’ani nnye, wo a wɔadom wo! [Yehowa, NW] ka wo ho.” (Luka 1:28) Ná Yosef nso yɛ obi a osuro Nyankopɔn. Afe biara na otwa kwan kilomita 150 kɔ Yerusalem kodi Twam afahyɛ no a ɔntotom. Maria nso kɔɔ bi, ɛwom sɛ mmarima nkutoo na na wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ saa. (Exodus 23:17; Luka 2:41) Wɔ afahyɛ a ɛte saa biako ase no, bere a Yosef ne Maria ahwehwɛ Yesu a na wadi mfirihyia 12 abrɛ no, wokohuu no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo mfinimfini. Yesu ka kyerɛɛ n’awofo a na wɔahaw no sɛ: “Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metra m’agya fi?” (Luka 2:49) ‘Agya’—ɛbɛyɛ sɛ na Yesu a na ɔyɛ abofra no ani gye saa asɛmfua no ho na na onim nea ɛkyerɛ ma no. Ade biako ne sɛ, ɛda adi sɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ N’agya ankasa ne Yehowa. Bio nso ɛbɛyɛ sɛ na Yesu maame kunu Yosef yɛ agya pa ma no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yehowa rempaw agya a ɔyɛ katee sɛ ɔntete Ne Dɔba no!

11. Adwuma bɛn na Yesu suae, na Bible mmere mu no, na saa adwuma no yɛ gye dɛn?

11 Bere a na Yesu te Nasaret no, osuaa duadwumfo adwuma, a akyinnye biara nni ho sɛ ne maame kunu Yosef, na ɛkyerɛɛ no. Yesu huu adwuma no araa ma wɔbɛfrɛɛ no, “duadwumfo.” (Marko 6:3) Wɔ Bible mmere mu no, na wɔfa duadwumfo ma wosi adan, yɛ nkongua (a apon, asɛsɛgua, ne benkyi ka ho), ne nnwinnade a wɔde yɛ mfuw mu adwuma. Justin Martyr a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu no kyerɛw Yesu ho asɛm wɔ ne nhoma Dialogue With Trypho mu sɛ: “Bere a na ɔne nnipa te no, ɔyɛɛ adwuma sɛ duadwumfo, yeyɛɛ fɛtɛw ade ne kɔndua.” Ná adwuma a ɛte saa no nyɛ mmerɛw, efisɛ ɛda adi sɛ na tete duadwumfo nkɔtɔ dua a ɔde yɛ adwuma no. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔkɔ wuram kɔpɛ dua, de n’akuma bu, na wasoa aba fie. Enti ɛbɛyɛ sɛ na Yesu nim sɛnea na ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi benya n’asetrade ne adetɔfo adi nneɛma ano, ne sɛnea wɔbɔ akɔnhoma.

12. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yosef wui ansa na Yesu rewu, na dɛn na eyi hwehwɛe sɛ Yesu yɛ?

12 Sɛ́ ɔba panyin no, ɛbɛyɛ sɛ Yesu boae ma wɔhwɛɛ abusua no, ne titiriw esiane sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yosef wui ansa na Yesu rewu nti. * Zion’s Watch Tower a ɛbaa January 1, 1900 no kae sɛ: “Atetesɛm kyerɛ sɛ Yosef wui bere a na Yesu da so ara yɛ abofra no, ma enti Yesu yɛɛ duadwumfo adwuma no de hwɛɛ abusua no. Eyi ne Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛkyerɛ sɛ na wɔfrɛ Yesu sɛ duadwumfo, na wɔbɔɔ ne maame ne ne nuanom din, nanso wogyaw Yosef no hyia. (Marko 6:3) . . . Enti ebetumi aba sɛ yɛn Awurade asetra mu mfe dunwɔtwe, fi bere a asɛm [a wɔakyerɛw no Luka 2:41-49] no sii, kosi n’asubɔ so no yɛ nea ɔde yɛɛ honam fam adwuma.” Akyinnye biara nni ho sɛ na Maria ne ne mma, a na Yesu ka ho, no nim sɛnea okunu ne agya a wɔdɔ no wu yɛ yaw.

13. Dɛn nti na Yesu de nimdeɛ, nhumu, ne nkate a ɛkɔ akyiri sen nea onipa biara betumi anya na efii ne som adwuma no ase?

13 Ɛda adi pefee sɛ, wɔanwo Yesu anto abusua a emu asetra yɛ mmerɛw mu. Mmom no, n’ankasa bɔɔ bra sɛ awiɛmfoɔ. Afei wɔ 29 Y.B. no, bere dui sɛ Yesu yɛ adwuma a na wofi soro de ahyɛ ne nsa a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no. Wɔ saa afe no mu otwa bere no, wɔbɔɔ no asu wɔ nsu mu, na wɔwoo no sɛ Onyankopɔn honhom mu Ba. ‘Ɔsoro bue maa no,’ a na ɛda adi sɛ afei na ɔbɛkae n’asetra a na ɔwom wɔ soro ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani, ne sɛnea na kan osusuw nneɛma ho na ɔte nka no nso. (Luka 3:21, 22) Enti bere a Yesu fii ne som adwuma ase no, ɔde nimdeɛ, nhumu, ne nkate a ɛkɔ akyiri sen nea onipa biara betumi anya na ɛyɛɛ saa. Ntease wom sɛ Asɛmpa no akyerɛwfo no twee adwene sii nsɛm a esisii wɔ Yesu som adwuma mu no so kɛse. Ɛno mpo no, wɔantumi ankyerɛw biribiara a ɔkae na ɔyɛe. (Yohane 21:25) Nanso nea wɔde honhom kaa wɔn ma wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ no boa yɛn ma yɛhwehwɛ onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no adwene mu.

Sɛnea na Yesu Nipasu Te

14. Ɔkwan bɛn so na Nsɛmpa no ka Yesu ho asɛm sɛ ɔbarima a odwo na ɔda nkate a emu yɛ den adi?

14 Nsɛmpa no ka Yesu nipasu ho asɛm sɛ ɔbarima a odwo na ɔda nkate a emu yɛ den adi. Ɔdaa ne nkate adi wɔ akwan horow pii so: ɔkwatani bi a ohuu no mmɔbɔ (Marko 1:40, 41); awerɛhow a odii wɔ nnipa a na wɔn aso yɛ den ho (Luka 19:41, 42); sikasesafo adifudepɛfo ho abufuw a ɛteɛ a ɔfae. (Yohane 2:13-17) Sɛ́ ɔbarima a ɔwɔ tema no, Yesu ankora ne nkate so, na mmom osui. Bere a n’adamfo paa, Lasaro, wui na ohuu Maria, Lasaro nuabea sɛ ɔresu no, ɛkaa Yesu araa ma ɔno nso tee nusu wɔ nnipa pii anim.—Yohane 11:32-36.

15. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yesu buu afoforo na ɔne wɔn dii no daa no adi sɛ ɔwɔ tema?

15 Yetumi hu sɛnea na Yesu wɔ tema denam sɛnea na obu afoforo, na ɔne wɔn di no so. Ɔka kɔɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no ho kɔboaa wɔn ma ‘wonyaa ɔhome maa wɔn kra.’ (Mateo 11:4, 5, 28-30) Wanyɛ obi a na onni ne ho adagyew koraa ma enti na ontumi nni abrɛfo ahiade ho dwuma mma wɔn, sɛ́ ɛyɛ ɔbea a na mogya retu no a ɔde ne nsa kaa n’atade, anaa onifuraefo a ɔsrɛsrɛ ade a wantumi amma wammua n’ano no. (Mateo 9:20-22; Marko 10:46-52) Yesu hwɛɛ su pa a afoforo wɔ kamfoo wɔn; nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ ɔde nteɛso ma a, na ɔmpopo ne ti sɛ ɔbɛyɛ saa. (Mateo 16:23; Yohane 1:47; 8:44) Saa bere no a na mmea nni hokwan pii no, Yesu ne wɔn dii wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so, dii wɔn ni. (Yohane 4:9, 27) Ɛnyɛ nwonwa sɛ mmea bi fi wɔn pɛ mu de wɔn ankasa ahonyade som no.—Luka 8:3.

16. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ asetra ne honam fam nneɛma ho adwene a ɛkari pɛ?

16 Ná Yesu wɔ asetra ho adwene a ɛkari pɛ. Ɛnyɛ honam fam nneɛma ho titiriw na na odwen. Ɛte sɛ nea na onni honam fam nneɛma pii. Ɔkae sɛ “onni nea ɔde ne ti to.” (Mateo 8:20) Bere koro no ara no, Yesu maa nkurɔfo ani gyei. Bere a ɔkɔɔ ayeforohyia apontow bi ase—faako a wɔtaa bɔ nnwom, to nnwom, na wodi ahurusi—no, ɛdaa adi pefee sɛ wankɔ hɔ sɛ ɔrekɔkasa atia adeyɛ no. Nokwarem no, ɛhɔ na Yesu yɛɛ n’anwonwade a edi kan. Bere a nsa no sae no, ɔdanee nsu ma ɛyɛɛ nsa pa, anonne a ‘ɛma ɔdesani koma tɔ ne yam’ no. (Dwom 104:15; Yohane 2:1-11) Eyi maa apontow no sɔe, na amma ayeforo ne ayeforokunu no anim angu ase. Afei nso yehu sɛnea na ɔkari pɛ no efisɛ mpɛn pii na wɔkaa Yesu ho asɛm sɛ ɔde bere pii yɛɛ adwumaden wɔ ne som adwuma no mu.—Yohane 4:34.

17. Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ na Yesu yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, na dɛn na ne nkyerɛkyerɛ daa no adi?

17 Ná Yesu yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse. Ná ne nkyerɛkyerɛ no pii fa da biara da asetra mu nsɛm a na onim mu yiye no ho. (Mateo 13:33; Luka 15:8) Ɔkwan a na ɔfa so kyerɛkyerɛ no sen onipa biara de—ná emu da hɔ, ɛnyɛ den, na wotumi de yɛ adwuma. Nea ehia titiriw koraa ne nea ɔkyerɛkyerɛe no. Ne nkyerɛkyerɛ daa no adi sɛ na ofi komam pɛ sɛ ɔma n’atiefo hu sɛnea Yehowa nsusuwii, ne nkate, ne n’akwan te.—Yohane 17:6-8.

18, 19. (a) Nsɛm a emu da hɔ bɛn na Yesu de dii dwuma de kaa N’agya ho asɛm? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Yesu nam mfatoho ahorow a na ɔtaa de di dwuma no so de nsɛm a ɛbɛma wɔahu N’agya yiye no dii dwuma. Ɛsono sɛ obi bɛka Onyankopɔn mmɔborohunu ho asɛm. Ɛna ɛsono sɛ obi de Yehowa bɛtoto agya bi a ne yam hyehye no bere a ohu ne ba a ɔresan aba, na ‘otutu mmirika koso ne kɔn mu, few n’ano’ no ho. (Luka 15:11-24) Bere a Yesu rebɔ amanne katee a ɛmaa nyamesom mu akannifo buu wɔn ani guu mpapahwekwa so agu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ N’agya yɛ Onyankopɔn a wotumi bɛn no a n’ani gye ho sɛ obetie towgyefo ahobrɛasefo adesrɛ, sen sɛ obetie Farisini a ɔhoahoa ne ho no mpaebɔ. (Luka 18:9-14) Yesu daa Yehowa adi sɛ Onyankopɔn a osusuw afoforo ho a onim bere a akasanoma hwe fam. Yesu maa n’asuafo no awerehyem sɛ: “Munnsuro! Mosen akasanoma bebree.” (Mateo 10:29, 31) Ɛnyɛ nwonwa sɛ ‘sɛnea Yesu kyerɛkyerɛe’ no yɛɛ nkurɔfo nwonwa ma wɔbɛn no. (Mateo 7:28, 29) Hwɛ, bere bi “nkurɔfokuw” bi dii ne nkyɛn nnansa, a na wonni nea wodi mpo!—Marko 8:1, 2.

19 Yebetumi de aseda ama Yehowa sɛ wada Kristo adwene adi wɔ N’asɛm mu! Nanso, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Kristo adwene na yɛada no adi bere a yɛne afoforo di no? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ honhom abɔde ayɔnkofa betumi anya wɔn so nkɛntɛnso no da adi wɔ Adiyisɛm 12:3, 4. Ɛhɔ na wɔka Satan ho asɛm sɛ “ɔtweaseɛ” a otumi nyaa “nsoromma,” anaa honhom mu mma afoforo so nkɛntɛnso ma wɔbɛkaa ne ho wɔ atuatew mu no.—Fa toto Hiob 38:7 ho.

^ nky. 12 Bere a etwa to a wɔhyɛɛ da bɔɔ Yosef din ne bere a wokohuu Yesu a na wadi mfe 12 no wɔ asɔrefie no. Kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Yosef wɔ Kana ayeforohyia apontow no ase bere a Yesu fii ne som adwuma ase no. (Yohane 2:1-3) Wɔ 33 Y.B. mu no, Yesu a na ɔsɛn dua so no de Maria hyɛɛ ɔsomafo a ɔdɔ no, Yohane, nsa. Sɛ na Yosef da so ara te ase saa bere no a, ɛda adi sɛ anka Yesu renyɛ biribi a ɛte saa.—Yohane 19:26, 27.

So Wokae?

• Dɛn nti na ehia sɛ yehu “Kristo adwene”?

• Ayɔnkofa bɛn na na Yesu wɔ wɔ n’asetra mu ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani?

• Tebea horow bɛn na Yesu ankasa faa mu wɔ n’asase so asetra mu?

• Dɛn na Nsɛmpa no ka fa Yesu nipasu ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yesu nyinii wɔ abusua a na emufo dɔɔso a na ɛda adi sɛ wɔyɛ awiɛmfoɔ mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Ntease a na Yesu a na wadi mfirihyia 12 no wɔ, ne ne mmuae no maa akyerɛkyerɛfo no ho dwiriw wɔn