Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Biribi Ka Wo Ma Woyɛ W’ade Sɛnea Yesu Yɛe no?

So Biribi Ka Wo Ma Woyɛ W’ade Sɛnea Yesu Yɛe no?

So Biribi Ka Wo Ma Woyɛ W’ade Sɛnea Yesu Yɛe no?

“Ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.”—MARKO 6:34.

1. Dɛn nti na ntease wom sɛ ankorankoro bi da suban pa adi?

ANKORANKORO pii ada suban pa adi fi teteete. Wubetumi ate nea enti a ɛte saa no ase. Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔdɔ na ɔda ɔdɔ, papayɛ, ayamye, ne su horow a yɛkyerɛ ho anisɔ adi. Wɔbɔɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so. Enti yebetumi ate nea enti a nnipa pii da ɔdɔ, ayamye, ayamhyehye ne Onyankopɔn su afoforo adi, ne sɛnea pii fi ahonim mu yɛ wɔn ade no ase. (Genesis 1:26; Romafo 2:14, 15) Nanso, wubetumi ahu sɛ, ɛyɛ mmerɛw ma ebinom sɛ wɔbɛda su horow yi adi sen afoforo.

2. Nnwuma pa bɛn na nkurɔfo betumi ayɛ na ebia wɔasusuw sɛ wɔresuasua Kristo?

2 Ebia wunim mmarima ne mmea a wɔtaa kɔsra ayarefo anaa wɔboa wɔn, hu wɔn a wɔadi dɛm mmɔbɔ, anaa wofi ayamye mu yɛ ahiafo adɔe. Afei susuw ankorankoro a wohu afoforo mmɔbɔ ma enti wotu wɔn ho ma yɛ adwuma wɔ akwatafo atrae anaa mmeae a wɔhwɛ nyisaa, ne wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma wɔ ayaresabea, anaa wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn a wonni baabi te anaa aguanfo no ho hwɛ. Ɛda adi sɛ wɔn mu binom te nka sɛ wɔresuasua Yesu, a ɔyɛɛ ho nhwɛso maa Kristofo no. Yɛkenkan wɔ Nsɛmpa no mu sɛ Kristo saa ayarefo yare, na ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. (Marko 1:34; 8:1-9; Luka 4:40) Yesu suasuaa ne soro Agya no daa ɔdɔ adi yɛɛ afoforo brɛbrɛ, na ne yam hyehyee no maa afoforo a na ɛno da “Kristo adwene” adi.—1 Korintofo 2:16.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho na ama yɛanya Yesu nnwuma pa no ho adwene a ɛfata?

3 Nanso, so woahyɛ no nsow sɛ nnɛ, wɔn a Yesu dɔ ne n’ayamhyehye aka wɔn koma no bu wɔn ani gu Kristo adwene mu ade titiriw bi so? Yebetumi ahu eyi mu yiye bere a yesusuw Marko ti 6 ho yiye no. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ nkurɔfo de ayarefo brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yare. Yehu wɔ asɛm no mu nso sɛ bere a Yesu hui sɛ ɔkɔm de nnipa mpempem pii a wɔaba ne nkyɛn no, ɔnam anwonwakwan so maa wɔn aduan. (Marko 6:35-44, 54-56) Ayarefo a ɔsaa wɔn yare, ne wɔn a ɔkɔm de wɔn a ɔmaa wɔn aduan no yɛ ayamhyehye a wofi ɔdɔ mu da no adi, nanso so ɛno ne akwan titiriw a Yesu nam so boaa afoforo? Na ɔkwan pa bɛn na yebetumi afa so asuasua ɔdɔ, ayamye, ne ayamhyehye ho nhwɛso a edi mu a ɔyɛe de suasuaa Yehowa no?

Biribi Kaa no Ma Odii Honhom Fam Ahiade Ho Dwuma

4. Asɛm a ɛwɔ Marko 6:30-34 no fa dɛn ho?

4 Yesu huu wɔn a na wɔatwa ne ho ahyia no mmɔbɔ esiane wɔn honhom fam ahiade titiriw nti. Ná ahiade a ɛtete saa no ho hia kɛse sen honam fam de. Susuw asɛm a ɛwɔ Marko 6:30-34 no ho hwɛ. Asɛm a wɔakyerɛw wɔ hɔ no sii wɔ Galilea mpoano, bere a na aka kakra ma wɔadi afe 32 Y.B. Twam no. Biribi pa bi nti na asomafo no ani gyei. Bere a wɔakokyinkyin yiye aba no, wɔde anigye baa Yesu nkyɛn, a na akyinnye biara nni ho sɛ wɔrebɛka wɔn suahu ahorow akyerɛ no. Nanso nnipakuw kɛse behyiaam. Ná wɔdɔɔso araa ma enti Yesu ne n’asomafo no annya adagyew a wɔde bedidi agye wɔn ahome. Yesu ka kyerɛɛ asomafo no sɛ: “Mo nso mommra mmɛsen nkɔ sare so fa baabi, na monkɔhome kakra.” (Marko 6:31) Bere a wɔfaa ɔkorow wɔ baabi a ɛbɛyɛ sɛ ɛbɛn Kapernaum no, wotwaa Galilea Po no kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nanso nkurɔfo no tuu mmirika faa mpoano hɔ twaa wɔn. Dɛn na na Yesu bɛyɛ? So ɛhaw no sɛ wɔamma wɔankogye wɔn ahome? Dabida!

5. Yesu tee nka dɛn wɔ nkurɔfokuw pii a wɔbaa ne nkyɛn no ho, na dɛn na ɔyɛɛ wɔn?

5 Nnipa mpempem pii a Yesu huu wɔn, a ayarefo a na wɔretwɛn no denneennen ka ho, no ho yɛɛ no mmɔbɔ. (Mateo 14:14; Marko 6:44) Bere a Marko retwe adwene asi nea ɛmaa Yesu huu wɔn mmɔbɔ ne sɛnea Ɔyɛɛ ho ade so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Marko 6:34) Ɛnyɛ nnipa a wɔdɔɔso nko na Yesu hui. Ohuu ankorankoro a na wohia honhom fam mmoa. Ná wɔte sɛ nguan a wɔayera nenam, na wonni hwɛfo biara a ɔde wɔn bɛkɔ baabi a sare frɔmfrɔm wɔ anaa ɔbɛbɔ wɔn ho ban. Ná Yesu nim sɛ nyamesom akannifo atirimɔdenfo a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛfo pa no, abu wɔn ani agu mpapahwekwa no so, atoto wɔn honhom fam ahiade ase. (Hesekiel 34:2-4; Yohane 7:47-49) Ná Yesu ne wɔn bedi no ɔkwan soronko koraa so, ayɛ wɔn yiye. Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahenni ho ade.

6, 7. (a) Ahiade titiriw bɛn na Nsɛmpa no ma yehu wɔ nea Yesu yɛe wɔ nkurɔfo ahiade ho no ho? (b) Dɛn na ɛkanyan Yesu ma ɔkaa asɛm na ɔkyerɛkyerɛe?

6 Hyɛ sɛnea wɔhyehyɛɛ nsɛm no ne sɛnea wɔma edidi so wɔ beae foforo no nsow. Luka a na ɔyɛ oduruyɛfo a na afoforo honam fam apɔwmuden ho hia no kɛse no na ɔkyerɛw eyi. ‘Nkurɔfo akuwakuw no dii Yesu akyi. Na ogyee wɔn kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔsaa wɔn a wohia ayaresa yare.’ (Luka 9:11; Kolosefo 4:14) Ɛwom sɛ ɛnte saa wɔ anwonwade biara ho de, nanso wɔ eyi mu no, dɛn na Luka asɛm a efi honhom mu no di kan si so dua? Ɛyɛ nokwasɛm sɛ Yesu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no.

7 Eyi ne asɛm a wosi so dua a yehu wɔ Marko 6:34 no hyia. Saa nkyekyem no ma yehu sɛnea biribi kaa Yesu ma ɔdaa mmɔborohunu adi no pefee. Ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no de dii wɔn honhom fam ahiade ho dwuma. Na Yesu adi kan aka wɔ ne som adwuma no mfiase sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:43) Nanso sɛ yesusuw sɛ Ahenni ho asɛm no ho asɛyɛde kɛkɛ nti na Yesu bɔɔ ho dawuru, te sɛ nea ofi amemenemfe mu na ɛyɛɛ asɛnka adwuma a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no a, na yɛredi mfomso. Dabi, ɔdɔ mu a na ofi hu nkurɔfo no mmɔbɔ no ne ade titiriw a ɛkanyan no ma ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. Ade pa a ɛsen biara a na Yesu betumi ayɛ—ama ayarefo, wɔn a ahonhommɔne haw wɔn, wɔn a wodi hia, anaa wɔn a ɔkɔm de wɔn—ne sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔahu na wɔagye nokware a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no atom, na wɔakyerɛ ho anigye. Na saa nokware no ho hia yiye esiane dwuma a Ahenni no di wɔ Yehowa tumidi ho a wɔbɛsan ne nhyira a ɛtra hɔ daa a nnipa benya mu nti.

8. Yesu tee nka dɛn wɔ n’asɛnka ne ne nkyerɛkyerɛ ho?

8 Ahenni no ho asɛm a na Yesu ka no ne ade titiriw a enti ɔbaa asase so. Aka kakra ma ɔde n’asase so som adwuma no aba awiei no, Yesu ka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.” (Yohane 18:37) Yɛahu wɔ adesua abien a edi kan no mu sɛ na Yesu yɛ obi a ɔwɔ tema—odwen afoforo ahiade ho, wotumi bɛn no, ɔwɔ nkurɔfo mu ahotoso, na nea ɛsen ne nyinaa no, ɔwɔ dɔ. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte nea Kristo adwene kyerɛ ase paa a, ɛsɛ sɛ yɛte nneɛma a ɛtete saa a ɛfa ne nipasu ho no ase. Ɛho hia nso sɛ yehu sɛ nea ɛka Kristo adwene ho ne hia a ɔmaa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no ho hiaa no paa no.

Ɔhyɛɛ Afoforo Nkuran Ma Wodii Adanse

9. Henanom na na ɛsɛ sɛ wɔma asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no ho hia wɔn paa?

9 Ɛnyɛ Yesu nkutoo na ɔmaa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no ho hiaa no paa de kyerɛe sɛ ɔwɔ dɔ ne tema. Ɔhyɛɛ n’akyidifo no nkuran sɛ wonsuasua adwene a na okura, nneɛma a na ɛho hia no paa, ne ne nneyɛe. Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu paw asomafo 12 no wiei no, dɛn na na wɔbɛyɛ? Marko 3:14, 15 ka kyerɛ yɛn sɛ: ‘Oyii wɔn mu dumien sɛ wɔnka ne ho na ɔnsoma wɔn asɛnka, na wɔanya ahonhommɔnetu so tumi.’ So wuhu biribi a na ehia asomafo no paa?

10, 11. (a) Bere a na Yesu resoma asomafo no, dɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ? (b) Dɛn so titiriw na ogyina somaa asomafo no?

10 Bere bi akyi no, Yesu tumi maa 12 no saa afoforo yare, tutuu ahonhommɔne. (Mateo 10:1; Luka 9:1) Afei ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔhwehwɛ “Israel fi nguan a ayera” no. Na wɔnyɛ dɛn? Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: “Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn. Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne.” (Mateo 10:5-8; Luka 9:2) Dɛn ankasa na wɔyɛe? “Na wɔkɔe [1] kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakra wɔn adwene. Na [2] wotutuu ahonhommɔne bebree, na wɔde ngo sraa ayarefo pii saa wɔn yare.”—Marko 6:12, 13.

11 Esiane sɛ ɛnyɛ baabiara na wodi kan ka ɔkyerɛkyerɛ ho asɛm nti, so sɛnea wɔahyehyɛ atifi hɔ nsɛm no resi sɛnea na ɔkyerɛkyerɛ ho hia anaasɛ adwene a ɛwɔ akyi no so dua dodo? (Luka 10:1-8) Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu sɛnea wodi kan ka ɔkyerɛkyerɛ ho asɛm ansa na wɔaka ayaresa ho asɛm no so. Susuw sɛnea asɛm no te wɔ ha no ho hwɛ. Bere tiaa bi ansa na Yesu resoma asomafo 12 no, na nnipakuw no tebea ama wɔayɛ no mmɔbɔ. Yɛkenkan sɛ: “Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa. Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo. Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!”—Mateo 9:35-38.

12. Atirimpɔw bɛn bio na na anwonwadwuma a Yesu ne asomafo no yɛe no bedi ho dwuma?

12 Ɛdenam fekuw a ɔne wɔn bɔe so no, na asomafo no betumi anya Kristo adwene no bi. Na wotumi hu sɛ nea ɛka ayamhyehye a wobenya ama afoforo na wɔadɔ wɔn ho no, na ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni no ho asɛm na wɔkyerɛkyerɛ wɔn—na na ɛno bɛyɛ wɔn nnwuma pa no fã titiriw. Nea ɛne ɛno hyia no, honam fam papayɛ, te sɛ ɔyarefo a wɔsa no yare no yɛɛ pii sen mmoa ara kwa a wɔde maa nea ade ahia no. Sɛnea wubetumi de w’adwene abu no, ebia ayaresa ne aduan a wɔnam anwonwakwan so de ma no bɛtwetwe nnipa pii. (Mateo 4:24, 25; 8:16; 9:32, 33; 14:35, 36; Yohane 6:26) Nanso, sɛ honam fam mmoa a wɔnam so nyae no da nkyɛn a, saa nnwuma no maa afoforo hui sɛ na Yesu ne Onyankopɔn Ba, “odiyifo” a Mose kaa ne ho asɛm siei no.—Yohane 6:14; Deuteronomium 18:15.

13. “Odiyifo” a na ɔbɛba no dwumadi bɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Deuteronomium 18:18 no sii so dua?

13 Ade titiriw bɛn na ɛmaa no daa adi pefee sɛ Yesu ne “odiyifo” no? Wiɛ, dwuma titiriw bɛn na wɔkaa ho asɛm too hɔ sɛ obedi? So na “odiyifo” no begye din sɛ obi a ɔsa nyarewa anwonwakwan so anaa nea ofi mmɔborohunu mu bɛma wɔn a na ɔkɔm de wɔn aduan? Deuteronomium 18:18 ka too hɔ sɛ: “Mɛma odiyifo so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo [Mose]; na mede me nsɛm mɛhyɛ n’anom, na waka nea mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn.” Enti bere a asomafo no suaa sɛ wobenya ayamhyehye na wɔada no adi no, na wobetumi aka sɛ Kristo adwene no betumi ada adi wɔ wɔn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. Na ɛno ne ade a eye sen biara a wobetumi ayɛ ama nkurɔfo. Ɛdenam saa kwan no so no, na ayarefo ne ahiafo betumi anya mfaso a ɛtra hɔ daa, ɛnyɛ mfaso a na wobenya wɔ wɔn nkwa nna tiaa mu, anaa aduan kakra a wobedi no.—Yohane 6:26-30.

Nya Kristo Adwene Nnɛ

14. Ɔkwan bɛn so na Kristo adwene a yebenya no fa asɛnka adwuma a yɛyɛ no ho?

14 Yɛn mu biara ntumi nka sɛ afeha a edi kan—Yesu ne tete asuafo a ɔsomafo Paulo kyerɛw wɔn ho asɛm sɛ: “Yɛwɔ Kristo adwene”—no mufo nkutoo na na wobetumi anya Kristo adwene. (1 Korintofo 2:16) Na yebetumi agye atom ntɛm ara sɛ ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ na yɛyɛ asuafo. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Nanso eye sɛ yesusuw adwene a yɛn ankasa kura wɔ adwuma no a yɛyɛ no ho ho. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no sɛ adwuma ara kwa. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne ade titiriw a enti yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa, na yɛ a yɛbɛyɛ sɛ Yesu ampa no hwehwɛ nso sɛ yɛka asɛm no na yɛkyerɛkyerɛ.—Mateo 22:37-39.

15. Dɛn nti na ayamhyehye ka yɛn baguam som adwuma no ho ma ɛfata?

15 Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ yɛn yam bɛhyehye yɛn ama wɔn a wɔne yɛn nkura gyidi biako no, titiriw bere a wɔyɛ anibiannaso, wɔpam yɛn, anaa wɔsɔre tia yɛn no. Nanso, sɛ ɛba sɛ yɛannya ɔdɔ ne ayamhyehye amma nkurɔfo a, biribiara ntumi nkanyan yɛn mma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Kristofo som adwuma no mu. Ɛnde, yɛn yam bɛyɛ dɛn ahyehye yɛn? Yebetumi abɔ mmɔden ahu nkurɔfo sɛnea Yesu huu wɔn no sɛ “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) So ɛnyɛ saa na nnipa pii te nnɛ? Atorosom mu nguanhwɛfo no abu wɔn ani agu wɔn so, na wɔafura wɔn ani wɔ honhom fam. Ne saa nti, wonnim akwankyerɛ pa a ɛwɔ Bible mu no, na saa ara nso na wonnim Paradise tebea horow a Onyankopɔn Ahenni de bɛba asase so nnansa yi ara no. Wohyia da biara da asetra mu nsɛnnennen—emu bi ne ohia, abusua mu ntawntawdi, ɔyare, ne owu—a wonni Ahenni no ho anidaso biara. Yɛwɔ nea wohia no: Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ wɔ soro no ho asɛmpa a ɛma nkwa no!

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo?

16 Enti sɛ wususuw wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no honhom fam ahiade ho a, so wo koma nka wo mma wunnya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ nea wubetumi nyinaa aka Onyankopɔn atirimpɔw a ɔdɔ wom no ho asɛm akyerɛ wɔn? Yiw, yɛn adwuma no yɛ mmɔborohunu adwuma. Sɛ yenya tema ma nkurɔfo te sɛ Yesu a, ɛbɛda adi wɔ sɛnea yɛkasa, yɛn anim yɛbea, ne ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ no mu. Eyinom nyinaa bɛma nkurɔfo a ‘wɔpɛ daa nkwa’ no ani agye yɛn asɛm no ho kɛse.—Asomafo no Nnwuma 13:48.

17. (a) Akwan bɛn so na yebetumi ada ɔdɔ ne ayamhyehye a yɛwɔ ma afoforo no adi? (b) Dɛn nti na ɛnyɛ nnwuma pa a yɛbɛyɛ anaa baguam asɛnka adwuma a yɛbɛyɛ no nkutoo ne asɛm no?

17 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ sɛnea yɛbɔ yɛn bra nyinaa no da ɔdɔ ne ayamhyehye a yɛwɔ no adi. Emu bi ne sɛ yɛbɛda ayamye adi akyerɛ wɔn a wɔn ho akyere wɔn, ayarefo, ne ahiafo—na yɛayɛ nea yebetumi biara ama wɔanya ahotɔ afi wɔn amanehunu mu. Sɛnea yɛbɔ yɛn ho mmɔden wɔ nsɛm a yɛka ne yɛn nneyɛe mu no ma yɛkyekye wɔn a wɔn adɔfo awuwu no werɛ. (Luka 7:11-15; Yohane 11:33-35) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛtwe adwene si ɔdɔ, ayamye, ne ayamhyehye a ɛte saa a yɛbɛda no adi no so pii wɔ adwuma pa a yɛreyɛ no mu, sɛnea yiyedi akuw binom yɛ no. Nea ɛho hia kɛse ne mmɔden a nnwuma pa a ɛtete saa no bɛkanyan yɛn ma yɛabɔ, nanso ɛbɛda adi wɔ Kristofo asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. Kae nea Yesu ka faa Yudafo nyamesom akannifo no ho no: “Muyi ɛme ne onunum ne tetɛ so ntotoso du du ma, na mugyaw mmara mu nea ɛsom bo no: atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi; eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na munnyaw biako no nso.” (Mateo 23:23) Wɔ Yesu fam no, na ɛnyɛ paw a ɔbɛpaw emu biako—sɛ ebia ɔbɛma nkurɔfo anya wɔn honam fam ahiade anaasɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn honhom mu nsɛm a ɛma nkwa. Yesu yɛɛ ne nyinaa. Nanso ɛda adi pefee sɛ na ne nkyerɛkyerɛ adwuma no ho hia no paa efisɛ na mfaso a ebefi mu aba no bɛtra hɔ daa.—Yohane 20:16.

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristo adwene a yɛasusuw ho no ka yɛn ma yɛyɛ?

18 Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama sɛ Yehowa ama yɛahu Kristo adwene! Ɛdenam Nsɛmpa no so no, yebetumi ahu onipa a ɔsen biara a watra ase no nsusuwii, nkate, suban, nnwuma, ne nneɛma a na ɛho hia no paa no. Nea aka ne sɛ yebesua, asusuw ho, na yɛde nea Bible ka fa Yesu ho no adi dwuma. Kae sɛ, sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade te sɛ Yesu ampa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara a yebetumi sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ, di kan dwene, te nka, na yesusuw nneɛma ho sɛnea ɔyɛe no. Enti, momma yensi yɛn bo sɛ yebenya Kristo adwene na yɛada no adi. Ɔkwan foforo biara nni hɔ a eye kyɛn so a yɛnam so bɛbɔ yɛn bra, ne nkurɔfo adi, na yɛne afoforo abɛn nea Yesu suasuaa no pɛpɛɛpɛ no paa, yɛn Nyankopɔn, Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no.—2 Korintofo 1:3; Hebrifo 1:3.

Wubebua Dɛn?

• Nhumu bɛn na Bible no ma yenya wɔ sɛnea na Yesu taa di nkurɔfo ahiade ho dwuma no ho?

• Dɛn na Yesu sii so dua bere a na ɔde akwankyerɛ rema n’akyidifo no?

• Yɛbɛyɛ dɛn ada “Kristo adwene” adi wɔ yɛn dwumadi ahorow mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa a ne nyinaa yɛ mfonini wɔ kratafa 23]

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Dɛn ne papayɛ a ɛsen biara a Kristofo betumi ayɛ ama afoforo?