Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tie Kɔkɔbɔ No!

Tie Kɔkɔbɔ No!

Tie Kɔkɔbɔ No!

PUMM! Wɔ June 3, 1991 no, Bepɔw Fugen a ɛwɔ Japan no wosowee denneennen, na epuw ogya tutuw ne nsõ pii gui. Nsõ ne tutuw a adi afra a ɛyɛ hyew yiye no sian fii bepɔw no so. Ekunkum nnipa 43. Nnipa pii a wonyaa wɔn ti didii mu no hyehyewee paa. Ebinom teɛteɛɛm sɛ: “Nsu, nsu.” Odumgyafo ne polisifo tutuu mmirika kɔboaa wɔn.

NA WƆADI kan ahu dɔte hyehyew no wɔ Bepɔw Fugen atifi bɛyɛ adapɛn abien, enti na atumfoɔ no ne nkurɔfo a wɔte hɔ no ada wɔn ho so. Bɛboro dapɛn biako ansa na asiane no resi no, wɔde kɔkɔbɔ bi mae sɛ obiara mfi saa beae hɔ. Ade rebɛkye ma apae no, polisifo ka kyerɛɛ nsɛnkyerɛwfo sɛ wɔnnkɔ beae a wɔabara obiara hɔ no. Nanso, awia a asiane no sii no, na nnipa 43 a wowuwui no wɔ baabi a asiane no wɔ no.

Dɛn nti na nnipa pii kɔɔ hɔ anaasɛ wɔkɔɔ so traa hɔ? Akuafo bi a na wɔaguan afi wɔn afie san kɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ wɔn nneɛma ne wɔn mfuw. Na nyansahufo baasa bi a wosua ogya bepɔw ho ade rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɛn ogya bepɔw no pɛɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya ho nimdeɛ yiye. Nsɛm ho amanneɛbɔfo ne mfoninitwafo de akokoduru twa kɔɔ beae a na wɔabara obiara hɔ no, esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wonya ogya bepɔw no a ɛrepae no ho nsɛm pii nti. Na nnipa baasa a wɔka taksi a nsɛnkyerɛwfo no afa wɔn no wɔ hɔ bi. Na polisifo ne odumgyafo a wɔatu wɔn ho ama wɔ hɔ reyɛ wɔn adwuma. Na wɔn mu biara wɔ nea enti a ɔkɔɔ baabi a asiane no wɔ no—na nea efii mu bae ne sɛ wɔhweree wɔn nkwa.

So Wugyina Baabi a Asiane Wɔ?

Ebia yɛn nyinaa nte baabi a ogya bepɔw a ɛpaapae wɔ. Nanso, sɛ yɛrehyia asiane bi a ɛreba wiase nyinaa, a ɛma yɛn nyinaa gyina baabi a asiane wɔ wɔ asase so baabiara nso ɛ? Nhoma bi a ada ne ho adi sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ nhoma a yebetumi de yɛn ho ato so bɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane bi a ɛreba wiase ho, na ɛka ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Owia beduru sum, ɔsram renhyerɛn, na nsoromma befi soro ahwehwe ase, na ɔsoro ahoɔden awosow. . . . na asase so mmusuakuw nyinaa besu.” (Mateo 24:29, 30) Ɛha yi no, wɔka sɛ, nneɛma a ebefi soro aba no bɛka “asase so mmusuakuw nyinaa.” Ɔkwan foforo so no, saa nkɔmhyɛ yi fa asiane bi a ɛbɛka yɛn mu biara ho.

Nhoma a yebetumi de yɛn ho ato so no ne Bible. Yebetumi ahyɛ no nsow sɛ, nsɛm a ɛfa kyerɛwsɛm a yɛafa aka asɛm wɔ atifi hɔ ho no de nneɛma a ebesisi de akowie wiase nyinaa amanehunu mu ho nkyerɛkyerɛmu ma. Sɛnea dɔte hyehyew ne ogya bepɔw ho sɛnkyerɛnne foforo maa Shimabara kurow no mu aban mpanyimfo twaa baabi a asiane wɔ no ano hye no, Bible ma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yesiesie yɛn ho ma nkwagye no. Yebetumi asua biribi afi asiane a esii wɔ Bepɔw Fugen so no mu, na yɛahu aniberesɛm a ɛwɔ nea ɛreba no mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

COVER: Yomiuri/Orion Press/Sipa Press

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Yomiuri/Orion Press/Sipa Press