Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa—Nea Ɔwɔ Tumi Kɛse no

Yehowa—Nea Ɔwɔ Tumi Kɛse no

Yehowa—Nea Ɔwɔ Tumi Kɛse no

“Ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.”—YESAIA 40:26.

1, 2. (a) Ade a ɛma anyinam ahoɔden bɛn na yɛn nyinaa de di dwuma? (b) Kyerɛkyerɛ nea enti a Yehowa ne tumi nyinaa Wura no mu.

TUMI yɛ ade a yɛn mu pii taa bu yɛn ani gu so. Sɛ nhwɛso no, yensusuw anyinam ahoɔden a ɛma yɛn hann ne ɔhyew no ho ahe biara, na saa ara nso na yensusuw anyinam ahoɔden afiri biara a ebia yɛwɔ a yɛsɔ a yɛmmrɛ ho no ho ahe biara. Gye sɛ wodum anyinam ahoɔden mpofirim ansa na yɛakae sɛ, sɛ ɛnyɛ ɛno a, anka nnipa ntumi nyɛ hwee wɔ nkurow akɛse mu. Yenya anyinam ahoɔden a yɛde di dwuma no fã kɛse no ara fi ade a asase nya n’ahoɔden dodow no ara fi mu daa no—owia—mu, wɔ ɔkwan bi so. * Owia yi de nuklea ngo tɔn ɔpepem 5 na ɛyɛ adwuma anibu biara mu, na ɛde ɔhyew a ɛma nkwa tumi tra ase ba asase yi so.

2 Ɛhe na owia ahoɔden yi nyinaa fi? Hena na ɔhyehyɛɛ ɔsoro anyinam ahoɔden afiri yi? Yehowa Nyankopɔn na ɔhyehyɛe. Dwom 74:16 ka ne ho asɛm sɛ: “Wo na woasiesie akanea ne owia.” Yiw, Yehowa ne tumi nyinaa Wura, sɛnea ɔyɛ nkwa nyinaa Nsuti no. (Dwom 36:9) Mommma yemmmu yɛn ani nngu ne tumi so da. Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kae yɛn sɛ yɛnhwɛ soro abɔde te sɛ owia ne nsoromma, na yensusuw nea ɛyɛe a ɛbae no ho. “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.”—Yesaia 40:26; Yeremia 32:17.

3. Ɔkwan bɛn so na yenya Yehowa tumi a ɔda no adi no so mfaso?

3 Esiane sɛ Yehowa wɔ tumi kɛse nti, yebetumi anya ahotoso koraa sɛ owia bɛkɔ so ama yɛn hann ne ɔhyew a yɛn nkwa gyina so no. Nanso, nneɛma a yɛnam Onyankopɔn tumi so nya no sen yɛn honam fam ahiade atitiriw koraa. Ogye a yenya fi bɔne ne owu mu, yɛn daakye ho anidaso, ne Yehowa mu ahotoso a yenya, nyinaa gyina Yehowa tumi a ɔde di dwuma no so. (Dwom 28:6-9; Yesaia 50:2) Nhwɛso pii wɔ Bible mu a edi Yehowa tumi a ɔde bɔ nneɛma na ɔde gye ne nkurɔfo nkwa, na ɔde sɛe n’atamfo no ho adanse.

Onyankopɔn Tumi Da Adi Wɔ Adebɔ Mu

4. (a) Ɔkwan bɛn so na ewim a Dawid hwɛe anadwo no nyaa ne so nkɛntɛnso? (b) Dɛn na ɔsoro abɔde ahorow da no adi wɔ Onyankopɔn tumi ho?

4 Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛn Bɔfo no ‘daa tumi ne ne nyamesu ada adi nneɛma a wayɛ no mu.’ (Romafo 1:20) Mfehaha pii a abɛsen kɔ no, ɛbɛyɛ sɛ na odwontofo Dawid a ɔyɛ oguanhwɛfo no ahwɛ wim anadwo mpɛn pii ahu amansan yi kɛse ne ne Yɛfo no tumi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho.” (Dwom 8:3, 4) Ɛmfa ho sɛ na Dawid nni soro abɔde ho nimdeɛ pii no, ogye toom sɛ sɛ ɔde ne ho toto yɛn amansan yi Bɔfo no ho a, na ɔnsɛ hwee. Ɛnnɛ, nsoromma ho nimdefo anya amansan yi kɛse ne tumi a ekura mu no ho nimdeɛ pii. Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ anibu biara mu no, tumi a efi owia yi mu ba no ne mframa a awuduru wom a wɔfrɛ no TNT no tɔn ɔpepem 100,000 a ɛpae yɛ pɛ. * Saa ahoɔden no mu kakraa bi pɛ na edu asase so; nanso ɛno ara tumi wowaw nkwa a ɛwɔ yɛn okyinnsoromma yi so nyinaa. Nanso, ɛnyɛ owia yi ne nsoromma a ano yɛ den sen biara wɔ wim koraa. Nsoromma bi wɔ hɔ a ahoɔden a efi mu ba anibu biako mu no te sɛ nea efi owia mu ba da mũ nyinaa. Ɛnde, susuw tumi a Onii a ɔbɔɔ ɔsoro abɔde a ɛtete saa no wɔ no ho hwɛ! Elihu ka ma ɛfatae sɛ: “Otumfoɔ de, yenhu no, ɔyɛ tumi mu ɔkɛse.”—Hiob 37:23.

5. Yehowa ahoɔden ho adanse bɛn na yehu wɔ ne nnwuma mu?

5 Sɛ ‘yɛhwehwɛ Onyankopɔn nnwuma mu’ sɛnea Dawid yɛe no a, yebehu Onyankopɔn tumi ho adanse wɔ baabiara—mframa ne asorɔkye mu, aprannaa ne anyinam mu, nsubɔnten ne mmepɔw akɛse mu. (Dwom 111:2; Hiob 26:12-14) Afei nso, sɛnea Yehowa twee Hiob adwene sii so no, mmoa nso di Ne tumi ho adanse. Eyinom mu bi ne Behemot, anaa susono. Yehowa ka kyerɛɛ Hiob sɛ: ‘Ne tumi wɔ n’asen mu. Ne nkasae te sɛ adaban.’ (Hiob 40:15-18) Na wonim sɛnea ɛko wɔ ahoɔden no yiye wɔ Bible mmere mu, na Dawid bɔɔ mpae sɛ wonnye no ‘gyata anom, na wontie no ɛko mmɛn mu.’—Dwom 22:21; Hiob 39:9-11.

6. Dɛn na nantwi yɛ ho mfonini wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na dɛn ntia? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

6 Esiane nantwi ahoɔden nti, wɔde no di dwuma wɔ Bible mu de yɛ Yehowa tumi ho mfonini. * Ɔsomafo Yohane anisoadehu a onyae wɔ Yehowa ahengua ho no yɛ ateasefo baanan, na na wɔn mu biako anim te sɛ nantwi. (Adiyisɛm 4:6, 7) Ɛda adi sɛ, Yehowa su atitiriw anan a saa kerubim yi daa no adi mu biako ne tumi. Nea ɛka ho ne ɔdɔ, nyansa, ne atɛntrenee. Esiane sɛ tumi yɛ Onyankopɔn su titiriw nti, ne tumi ne sɛnea ɔde di dwuma no a yɛbɛte ase yiye no bɛma yɛabɛn no, na aboa yɛn ma yɛasuasua ne nhwɛso denam tumi biara a yɛwɔ a yɛde bedi dwuma yiye no so.—Efesofo 5:1.

‘Asafo Yehowa, Otumfoɔ No’

7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya awerɛhyem sɛ papa bedi bɔne so nkonim?

7 Wɔfrɛ Yehowa Nyankopɔn “Tweaduampɔn” wɔ Kyerɛwnsɛm mu, abodin a ɛkae yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yebu ne tumi adewa anaasɛ yegye sɛe a otumi sɛe n’atamfo no ho kyim. (Genesis 17:1; Exodus 6:3) Ebetumi ayɛ sɛ nea Satan nhyehyɛe bɔne no ase atim, nanso wɔ Yehowa ani so no, “amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ, na wobu wɔn sɛ nsenia mu mfutumawa bi.” (Yesaia 40:15) Esiane Onyankopɔn tumi a ɛte saa nti, akyinnye biara nni ho sɛ papa bedi bɔne so nkonim. Ɛnnɛ a abɔnefosɛm abu so yi, yebetumi anya awerɛkyekye efisɛ yenim sɛ “[Yehowa, NW], Israel tumfoɔ no” beyi bɔne afi hɔ daa.—Yesaia 1:24; Dwom 37:9, 10.

8. Ɔsoro asafo bɛn na wɔhyɛ Yehowa ase, na dɛn na yenim fa wɔn tumi ho?

8 Asɛm ‘asafo Yehowa’ a epue mpɛn 285 wɔ Bible mu no, yɛ ade foforo a ɛkae yɛn tumi a Onyankopɔn wɔ no. Ɛha no, “asafo” no kyerɛ ɔsoro abɔde pii a wɔhyɛ Yehowa ase no. (Dwom 103:20, 21; 148:2) Anadwo biako pɛ, saa abɔfo yi mu biako pɛ kunkum Asiria asraafo 185,000 a na wɔrebɛtow ahyɛ Yerusalem so no. (2 Ahene 19:35) Sɛ yegye tumi a Yehowa soro asafo yi wɔ tom a, ɛbɛyɛ den sɛ asɔretiafo beyi yɛn hu. Odiyifo Elisa ho anyeraw no te sɛ ne somfo no, efisɛ na otumi de gyidi aniwa hu ɔsoro asafo pii a wogyina n’akyi, bere a asraafo a na wɔrehwehwɛ no no nyinaa atwa ne ho ahyia no.—2 Ahene 6:15-17.

9. Te sɛ Yesu no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn ahobammɔ mu ahotoso?

9 Ná Yesu nso nim sɛ abɔfo gyina n’akyi bere a basabasayɛfo de nkrante ne mmaa baa no so wɔ Getsemane turom no. Bere a Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ ɔmfa ne nkrante nhyɛ nea ɛhyɛ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɛho hia a, anka Obetumi asrɛ N’agya ma wasoma “asafotow dumien ne akyiri” abegyina n’akyi. (Mateo 26:47, 52, 53) Sɛ yɛwɔ ɔsoro asafo a Onyankopɔn de wɔn yɛ adwuma no ho anisɔ a ɛte saa a, yɛn nso yebenya ahotoso koraa sɛ Onyankopɔn gyina yɛn akyi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Afei yebese eyinom ho dɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?”—Romafo 8:31.

10. Henanom na Yehowa de ne tumi no di ma wɔn?

10 Enti, yɛwɔ biribiara a yebetumi agyina so anya Yehowa ahobammɔ mu ahotoso. Ɔde ne tumi no yɛ ade pa bere nyinaa ma ɛne ne su afoforo—atɛntrenee, nyansa, ne ɔdɔ—hyia. (Hiob 37:23; Yeremia 10:12) Bere a atumfoɔ taa tiatia ahiafo ne wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ so pɛ wɔn ankasa mfaso no, Yehowa ‘ma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu’ na ‘ɔsõ nkwagye’ no. (Dwom 113:5-7; Yesaia 63:1) Sɛnea Yesu maame Maria, ɔhobrɛasefo wiɛmfoɔ no tee ase no, “Otumfoɔ no” fi ayamye mu de ne tumi di ma wɔn a wosuro no, na ɔbrɛ ahantanfo ase na ɔma abrɛfo so.—Luka 1:46-53.

Yehowa Ma N’asomfo Hu Ne Tumi

11. Onyankopɔn tumi ho adanse bɛn na Israelfo no hui wɔ afe 1513 A.Y.B. mu?

11 Mpɛn pii na Yehowa ada ne tumi adi akyerɛ n’asomfo. Mmere a ɛte saa no biako ne nea esii wɔ Bepɔw Sinai so wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no. Saa afe no mu no, na Israelfo ahu Onyankopɔn tumi ho adanse a ɛyɛ nwonwa dedaw. Ná ɔhaw ahorow du a ɛyɛ hu no ada Yehowa nsa a ɛyɛ den ne ahoɔden a Misraim anyame no nni no adi. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Po Kɔkɔɔ a wotwaa no anwonwakwan so ne Farao asraafo a wɔsɛee wɔn no maa wohuu Onyankopɔn ahoɔden bio. Asram abiɛsa akyi wɔ Bepɔw Sinai ase no, Yehowa too nsa frɛɛ Israelfo sɛ wɔmmɛyɛ ‘n’ahode mfi aman nyinaa mu.’ Wɔn nso hyɛɛ bɔ sɛ: “Nea [Yehowa, NW] aka nyinaa, yɛbɛyɛ.” (Exodus 19:5, 8) Saa bere no, Yehowa daa ne tumi ankasa adi. Bere a aprannaa ne anyinam ne torobɛnto nne a ɛyɛ den gyigyei no, Bepɔw Sinai so fii wusiw na ɛwosowee. Nkurɔfo no a na wogyinagyina akyirikyiri no ho popoe. Nanso, Mose kasa kyerɛɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ nea wɔahu yi ma wonya Onyankopɔn suro, osuro a ɛbɛka wɔn ma wɔayɛ osetie ama nokware Nyankopɔn tumfoɔ koro, Yehowa no.—Exodus 19:16-19; 20:18-20.

12, 13. Tebea horow bɛn na ɛmaa Elia gyaw n’adwuma hɔ, nanso ɔkwan bɛn so na Yehowa hyɛɛ no den?

12 Mfehaha pii akyi, wɔ Elia bere so no, Onyankopɔn daa ne tumi adi bio wɔ Bepɔw Sinai so. Ná odiyifo no ahu Onyankopɔn tumi adwumayɛ dedaw. Onyankopɔn ‘too ɔsoro mu’ mfirihyia abiɛsa ne fã esiane wae a na Israel man no awae nti. (2 Beresosɛm 7:13) Wɔ ɔpɛ a ɛbae no mu no, nkwaakwaadabi maa Elia aduan wɔ asu Kerit bon mu, na akyiri yi wɔnam ɔbea kunafo bi asikresiam ne ngo kakraa bi a ansa wɔ anwonwakwan so so maa no aduan. Yehowa maa Elia tumi ma onyanee ɔbea kunafo yi babarima mpo. Awiei koraa, wɔ Nyamesu ho sɔhwɛ bi a esii wɔ Bepɔw Karmel so mu no, ogya fi soro bɛhyew Elia afɔre no. (1 Ahene 17: 4-24; 18:36-40) Nanso, ɛno akyi bere tiaa bi no, bere a Isebel hunahunaa Elia sɛ obekum no no, ehu kaa no maa n’abam bui. (1 Ahene 19:1-4) Oguan fii ɔman no mu susuwii sɛ wawie n’adiyi adwuma no. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa ama no awerɛhyem na wahyɛ no den no, ofii ayamye mu daa ɔsoro tumi adi kyerɛɛ no.

13 Bere a na Elia akohintaw ɔbodan bi mu no, ohuu nneɛma a Yehowa de di dwuma no mu abiɛsa dwumadi a ɛyɛ hu: ahum, asasewosow, ne awiei koraa no, ogya. Nanso, bere a Yehowa kasa kyerɛɛ Elia no, ɔde ‘nne a ɛba fam’ na ɛkasae. Ɔmaa no adwuma pii sɛ ɔnyɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ Yehowa asomfo anokwafo 7,000 da so ara wɔ asase no so. (1 Ahene 19:9-18) Te sɛ Elia no, sɛ yɛn abam bu esiane nkɔso a yennya wɔ yɛn som adwuma no mu a, yebetumi asrɛ Yehowa na wama yɛn “tumi a ɛboro so”—tumi a ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so aka asɛmpa no a yennyae.—2 Korintofo 4:7.

Yehowa Tumi Ma Yenya Ahotoso sɛ Ne Bɔhyɛ Ahorow Bɛbam

14. Dɛn na Yehowa din no da no adi, na ɔkwan bɛn so na ne tumi bata ne din ho?

14 Yehowa tumi bata ne din ne n’apɛdeyɛ ho nso. Edin a ɛso nni, Yehowa, a ɛkyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ” no da no adi sɛ ɔno na Ɔma bɔhyɛ ahorow bam. Biribiara anaa obiara nni hɔ a obetumi asiw Onyankopɔn kwan sɛ ɔremma n’atirimpɔw ahorow mma mu, ɛmfa ho sɛ akyinnyegyefo begye ho kyim. Sɛnea Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no bere bi no, “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.”—Mateo 19:26.

15. Ɔkwan bɛn so na wɔkaee Abraham ne Sara sɛ biribiara nyɛ Yehowa yɛna?

15 Sɛ yɛbɛma ho nhwɛso a, Yehowa hyɛɛ Abraham ne Sara bɔ bere bi sɛ ɔbɛma wɔn asefo ayɛ ɔman kɛse. Nanso, wɔtraa ase mfirihyia pii a na wonni ba. Na wɔn baanu nyinaa anyinyin bere a Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ bɔhyɛ no rebenya mmamu no, na Sara serewee. Bere a ɔbɔfo no rebua no no, ɔkae sɛ: “So biribi yɛ [Yehowa, NW] yɛna?” (Genesis 12:1-3; 17:4-8; 18:10-14) Mfeha anan akyi, bere a awiei koraa no, Mose boaboaa Abraham asefo—a saa bere no na wɔayɛ ɔman kɛse no—ano wɔ Moab Asasetaw so no, ɔkaee wɔn sɛ Onyankopɔn ama ne bɔhyɛ aba mu. Mose kae sɛ: “Esiane sɛ [Yehowa dɔ] w’agyanom nti, wapaw wɔn asefo a edi wɔn akyi, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛse ayi wo afi Misraim, sɛ ɔrebetu aman a wɔso na wɔyɛ den sen wo afi w’anim, sɛ ɔde wo rekɔ hɔ de wɔn asase akɔma wo sɛ awunnyade, sɛ ɛte nnɛ da yi.”—Deuteronomium 4:37, 38.

16. Dɛn nti na Sadukifo no dii mfomso sɛ wɔannye awufo sɔre no anni?

16 Mfehaha pii akyi no, Yesu kasa tiaa Sadukifo a na wonnye owusɔre nni no. Dɛn nti na wɔannye Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛsan de awufo aba nkwa mu no anni? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn ahoɔden.” (Mateo 22:29) Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ ‘wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte Onipa Ba no nne, na wɔafi adi.’ (Yohane 5:27-29) Sɛ yenim nea Bible ka fa owusɔre ho a, Onyankopɔn tumi mu ahotoso a yɛwɔ no bɛma yɛagye atom sɛ awufo bɛsɔre. Onyankopɔn “bɛmene owu akosi daa, . . . efisɛ [Yehowa, NW] na waka.”—Yesaia 25:8.

17. Bere bɛn na ɛho behia sɛ yenya Yehowa mu ahotoso wɔ ɔkwan soronko so daakye?

17 Ɛrenkyɛ koraa, bere bi bɛba a ɛho behia sɛ yɛn mu biara de ne ho to Onyankopɔn tumi a ɔde gye nkwa no so wɔ ɔkwan soronko so. Satan Bonsam bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔbɛyɛ sɛ nea wonni ahobammɔ no so. (Hesekiel 38:14-16) Onyankopɔn bɛda ne tumi kɛse no adi agyina yɛn akyi saa bere no, ma obiara ahu sɛ ɔne Yehowa. (Hesekiel 38:21-23) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, mu gyidi ne ahotoso na amma yɛanhinhim saa bere a ɛho hia no.

18. (a) Mfaso horow bɛn na yenya fi Yehowa tumi ho a yesusuw no mu? (b) Asɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Akyinnye biara nni ho sɛ, nneɛma pii nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Yehowa tumi ho. Sɛ yesusuw yɛn Bɔfo Kɛse no nnwuma ho a, yɛde ahobrɛase kamfo no da no ase sɛ ɔde ne tumi di dwuma wɔ nyansa ne ɔdɔ mu. Sɛ yɛde yɛn ho to asafo Yehowa so a, yɛremmɔ hu da. Ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi a yɛwɔ no renhinhim. Nanso, kae sɛ, wɔabɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so. Enti, yɛn nso yɛwɔ tumi—ɛwom sɛ ɛwɔ anohyeto de. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua yɛn Bɔfo no wɔ sɛnea yɛde yɛn tumi di dwuma no mu? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Wonim no yiye sɛ nneɛma a wɔde sɔ gya te sɛ fango ne biriw a wotu fi fam—nneɛma atitiriw a ɛma anyinam ahoɔden mfiri yɛ adwuma—no nya ahoɔden fi owia mu.

^ nky. 4 Sɛ yɛyɛ ntotoho a, nuklea topae a ahoɔden wom sen biara a wɔasɔ ahwɛ pɛn no ahoɔden yɛ TNT tɔn ɔpepem 57.

^ nky. 6 Ɛda adi sɛ ɛko a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Bible mu no yɛ wuram nantwi (Latin urus). Mfirihyia mpem abien a atwam no, na saa mmoa yi wɔ Gaul (a mprempren ɛne France no), na Julius Caesar kyerɛw wɔn ho asɛm a edi hɔ yi: “Saa uri no kɛse nnu ɔsono papa, nanso wɔn suban, kɔla, ne wɔn yɛbea te sɛ anantwi. Wɔwɔ ahoɔden kɛse, na wotu mmirika yiye: sɛ wohu onipa anaa aboa biara a, wokum no.”

So Wubetumi Abua Saa Nsɛmmisa Yi?

Ɔkwan bɛn so na adebɔ di Yehowa tumi ho adanse?

Asafo bɛn na Yehowa betumi de wɔn adi dwuma ma wɔagyina ne nkurɔfo akyi?

Mmere bɛn na Yehowa daa ne tumi adi?

Dɛn na ɛma yenya ahotoso sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ ahorow abam?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

‘Ma w’ani so hwɛ soro. Hena na ɔbɔɔ eyinom?’

[Asɛm Fibea]

Photo by Malin, © IAC/RGO 1991

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Sɛnea Yehowa da ne tumi adi ho a yebesusuw no bɛma yɛanya ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi