Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔbarima a Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa a Ogyee Nteɛso Toom

Ɔbarima a Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa a Ogyee Nteɛso Toom

Ɔbarima a Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa a Ogyee Nteɛso Toom

“ADƐNKYƐM a Wɔwɔ Zambia We Nnipa 30 Ɔsram Biara.” Saa na Afrika atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ mfe bi a atwam ni. Sɛnea mmoadoma ho nimdefo bi a osuaa saa mmoa yi ho ade kyerɛ no, “egyee mmarima 12 ansa na wɔretumi aka dɛnkyɛm biako ato fam.” Dɛnkyɛm dua a ahoɔden wom no ne n’apantan dennen no ma no yɛ aboa a ne ho yɛ hu yiye!

Ɛda adi sɛ bere a ɔreka dɛnkyɛm ho asɛm sɛ ‘aboa a ɔso’ no, Ɔbɔadeɛ no de saa “mmoadoma a wɔn ho yɛ hu nyinaa hene” yi kyerɛɛ n’akoa Hiob asuade titiriw bi. (Hiob 41:1, 34) Eyi sii bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni wɔ Uz asase so wɔ Arabia atifi fam hɔ baabi. Bere a ɔreka saa abɔde yi ho asɛm no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hiob sɛ: “Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no, na hena ne nea obetumi agyina n’anim?” (Hiob 41:10) Hwɛ nokware a eyi yɛ! Sɛ yesuro dɛnkyɛm a, ɛnde na hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛkasa atia Nea ɔbɔɔ no no! Hiob kyerɛɛ asuade yi ho anisɔ denam ne mfomso a ɔkae so.—Hiob 42:1-6.

Sɛ wɔbɔ Hiob din a, ebia yɛkae ne nokwaredi a ɔde gyinaa pintinn wɔ sɔhwɛ mu no. (Yakobo 5:11) Nokwarem no, Yehowa ani gyee Hiob ho mpo ansa na wɔde sɔhwɛ a ano yɛ den baa no so. Wɔ Onyankopɔn ani so no, saa bere no “na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn na oyi ne ho fi bɔne ho.” (Hiob 1:8) Ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn ma yesua Hiob ho ade pii, sɛ yɛyɛ saa a ɛbɛboa yɛn nso ama yɛahu sɛnea yebetumi asɔ Onyankopɔn ani.

Ɔde Ɔne Onyankopɔn Ntam Abusuabɔ Dii Kan

Na Hiob yɛ ɔdefo. Sɛ sika kɔkɔɔ da nkyɛn a, na ɔwɔ nguan 7,000 ne yoma 3,000 ne anantwi mpamho 500 ne mfurum abere1,000, ne fie nnipa bebree pa. (Hiob 1:3) Nanso Hiob nyaa Yehowa mu ahotoso, ɛnyɛ ahonyade. Osusuw sɛ: “Sɛ mede sika mayɛ m’ahotoso, na maka makyerɛ amapa sɛ m’anidaso ne no, na sɛ m’ani gyei sɛ m’ahode dɔɔso, . . . a, ɛno nso ne ɔtemmufo anim amumɔyɛ bi, na anka mapa Onyankopɔn a ɔwɔ soro no akyi.” (Hiob 31:24-28) Te sɛ Hiob no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛne Yehowa Onyankopɔn ntam abusuabɔ no som bo kɛse sen honam fam ahode.

Ɔne Mfɛfo Nnipa Dii no Atɛntrenee So

Ɔkwan bɛn so na Hiob ne ne nkoa dii? Wohuu Hiob sɛ ɔnhwɛ nnipa anim na wotumi bɛn no denam nsɛm a ɔkae yi so: “Sɛ mammu m’akoa anaa m’afenaa atemmu hwee bere a wɔne me wɔ ɔham bi a, ɛnde sɛ Onyankopɔn sɔre a, dɛn na mɛyɛ? Na sɛ obisa a, dɛn na mede mebua no?” (Hiob 31:13, 14) Hiob huu sɛ Yehowa wɔ mmɔborohunu na ɔno nso ne ne nkoa dii no ayamye so. Hwɛ nhwɛso fɛfɛ ara a ɛyɛ, titiriw ma mpanyimfo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa wɔ Kristofo asafo no mu no! Ɛsɛ sɛ wɔn nso, wɔyɛ wɔn a wɔkari pɛ, a wɔnhwɛ nnipa anim, na afoforo tumi bɛn wɔn.

Na Hiob ani gye wɔn a wɔnyɛ ne fiefo nso ho. Bere a ɔrekyerɛ sɛnea odwen afoforo ho no, ɔkae sɛ: “Sɛ masianka abrɛfo afi nea wɔhwehwɛ ho, na mama akunafo ani abu, . . . na sɛ mama me nsa so ayisaa so, efisɛ mihuu me boa kurow pon mu a, ɛnde me mmati nhuan mfi ne dompe so.” (Hiob 31:16-22) Momma yensusuw afoforo a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ a yenim wɔn wɔ asafo no mu no ho saa ara.

Esiane ayamye a na ɔwɔ ma ne mfɛfo nnipa nti, na Hiob yi adɔe adi kyerɛ ahɔho. Enti otumi kaa sɛ: “Ɔhɔho biara ansoɛ abɔnten so, mibuee me pon mekyerɛɛ ɔtempɔn.” (Hiob 31:32) Hwɛ nhwɛso fɛfɛ a eyi yɛ ma Onyankopɔn nkoa nnɛ! Sɛ wɔn a wɔkyerɛ Bible mu nokware no ho anigye ba Ahenni Asa so a, ahɔho a yɛyɛ wɔn no boa ma wonya honhom mu nkɔso. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yeyi ahɔhoyɛ su adi kyerɛ ahwɛfo akwantufo ne Kristofo afoforo.—1 Petro 4:9; 3 Yohane 5-8.

Na Hiob wɔ adwempa wɔ n’atamfo mpo ho. Wanni ahurusi wɔ mmusu a ebetumi ato obi a ɔtan no ho. (Hiob 31:29, 30) Mmom no, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nneɛma pa ama saa nkurɔfo no, sɛnea ɛda adi wɔ ne mpae a ɔbɔ maa ne nkɔmmɔdomfo atorofo baasa mu no.—Hiob 16:2; 42:8, 9; fa toto Mateo 5:43-48 ho.

Nna Mu Abrabɔ Kronkron

Na Hiob di nokware ma ne hokafo, na amma ne komam da sɛ ɔde ne ho bɛfam ɔbea foforo bi ho. Ɔkae sɛ: “Apam na me ne m’aniwa apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ababaa? Sɛ wɔdaadaa me koma ɔbea bi ho, na metɛw me yɔnko pon ano a, ɛnde ma me yere nyam mma obi, na ebinom nkom no so, na ɛno na ɛyɛ aniwusɛm, na ɛno ne asɛnnifo anim amumɔyɛ.”—Hiob 31:1, 9-11.

Hiob amma ɔbrasɛe ho akɔnnɔ ansɛe ne koma. Mmom no, odii trenee akyi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa Nyankopɔn ani gyee saa ɔbarima nokwafo a ɔko tiaa ɔbrasɛe nkɛntɛnso no ho!—Mateo 5:27-30.

Na Odwen Abusua Honhom Fam Yiyedi Ho

Ɛtɔ da a na Hiob mmabarima no taa yɛ apontow ho nhyehyɛe ma ne mmabarima ne ne mmabea nyinaa hyia wɔ ase. Sɛ saa apontow nna yi twam a, na Hiob ma no yɛ no ahiasɛm sɛ ebia ne mmofra no afom Yehowa wɔ ɔkwan bi so. Enti na Hiob di ho dwuma, efisɛ Kyerɛwnsɛm mu kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na apontow nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kodwira wɔn, na otua ahema kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa dodow te, efisɛ Hiob ka sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu.” (Hiob 1:4, 5) Hwɛ sɛnea na eyi bɛma Hiob abusua no mufo ani agye sɛ wɔwɔ osuro pa ma Yehowa na wɔnantew N’akwan so!

Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo mmusua ti kyerɛkyerɛ wɔn mmusua Onyankopɔn Asɛm, Bible no. (1 Timoteo 5:8) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ papa sɛ yɛbɔ mpae ma abusua no mufo.—Romafo 12:12.

Ogyinaa Pintinn Wɔ Sɔhwɛ Mu

Bible akenkanfo pii nim sɔhwɛ akɛse a ɛtotoo Hiob no. Ná Satan Ɔbonsam aka sɛ sɛ Hiob ba sɔhwɛ tebea a ɛyɛ den mu a ɔbɛdome Onyankopɔn. Yehowa penee saa mpoatwa yi so, na ankyɛ na Satan de amanehunu baa Hiob so. Ne nyɛmmoa nyinaa wuwui. Nea ɛsen ne nyinaa ne sɛ, ne mma nyinaa wuwui. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Satan maa akuru bɔne totɔɔ Hiob ho fi ne nan ase kosi ne mpampam.—Hiob, ti 1, 2.

Dɛn na efi mu bae? Bere a ne yere kae sɛ ɔnnome Onyankopɔn no, Hiob kae sɛ: “Sɛ mmea nnyennyentwi no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa?” Bible kyerɛwtohɔ no de ka ho sɛ: “Eyi nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.” (Hiob 2:10) Yiw, Hiob de nokwaredi gyinaa pintinn de kyerɛe sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo. Ɛmmra sɛ yebegyina pintinn wɔ sɔhwɛ ahorow mu de akyerɛ sɛ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no fi ɔdɔ pa a yɛwɔ ma Yehowa.—Mateo 22:36-38.

Ofi Ahobrɛase Mu Gyee Nteɛso Toom

Ɛwom sɛ Hiob yɛɛ nhwɛso pa wɔ akwan pii so de, nanso na ɔnyɛ pɛ. Ɔno ara kae sɛ: “Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.” (Hiob 14:4; Romafo 5:12) Enti bere a Onyankopɔn kae sɛ Hiob di mu no, na ɛyɛ nokware esiane sɛ na ɔyɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi ne nkoa nnipa abɔnefo a wɔnyɛ pɛ hɔ. Hwɛ sɛnea eyi hyɛ nkuran fa!

Hiob tumi gyinaa ne sɔhwɛ mu, nanso ɛdaa ne mmerɛwyɛ adi. Bere a wɔtee amanehunu a ato no nyinaa no, nkɔmmɔdomfo baasa bɛsraa no. (Hiob 2:11-13) Wɔbɔɔ Hiob sobo sɛ esiane bɔne kɛse bi a wayɛ nti na Yehowa retwe n’aso no. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi haw Hiob, esiane saa atoro sobo no nti, na ɔhwehwɛe sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu. Nanso wantumi ankari pɛ wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ obebu ne ho bem no mu. Hwɛ, Hiob kae mpo sɛ ɔteɛ sen Onyankopɔn!—Hiob 35:2, 3.

Esiane sɛ na Onyankopɔn dɔ Hiob nti, Ɔde aberante bi dii dwuma de twee Hiob adwene sii ne mfomso so. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na Elihu . . . bo fuwii. Hiob na ne bo fuw no, sɛ obu ne ho treneeni sen Nyankopɔn.” Sɛnea Elihu hui no: “Na Hiob aka sɛ: Meteɛ, nanso Onyankopɔn amfa me bem amma me.” (Hiob 32:2; 34:5) Nanso, Elihu amfa ne ho amfra “nkɔmmɔdomfo” baasa a wodii mfomso kae sɛ Onyankopɔn retwe Hiob aso esiane ne bɔne bi a wayɛ nti no. Mmom no, Elihu daa ahotoso a na ɔwɔ wɔ Hiob nokwaredi mu no adi na otuu no fo sɛ: “Asɛm no da [Yehowa] anim, na wotwɛn no ara.” Nokwarem no, na anka ɛsɛ sɛ Hiob twɛn Yehowa sen sɛ ɔde ntɛmpɛ bɛka biribi ayi ne ho ano. Elihu sii so dua kyerɛɛ Hiob sɛ: ‘Onyankopɔn renkyea atemmu ne trenee a ɛdɔɔso.’—Hiob 35:14; 37:23.

Ná ɛsɛ sɛ wɔteɛ Hiob nsusuwii no. Ne saa nti, Yehowa maa no asuade bi de kyerɛɛ no sɛnea onipa sua koraa wɔ Onyankopɔn kɛseyɛ ho. Yehowa kyerɛɛ no asase, ɛpo, ewim nsoromma, mmoa, ne abɔde afoforo a ɛyɛ nwonwa pii. Awiei koraa no, Onyankopɔn kaa aboa a ɔso—dɛnkyɛm—no ho asɛm. Hiob fi ahobrɛase mu gyee nteɛso toom, na eyi yɛ nhwɛso ma yɛn.

Ɛwom sɛ ebia yɛbɔ mmɔden wɔ Yehowa som mu de, nanso yɛbɛyɛ mfomso ahorow. Sɛ yɛyɛ mfomso a anibere wom a, ebia Yehowa bɛteɛ yɛn so wɔ ɔkwan bi so. (Mmebusɛm 3:11, 12) Ebia kyerɛwsɛm bi a ɛhaw yɛn ahonim betumi asɔre wɔ yɛn adwenem. Ebia Ɔwɛn-Aban anaa Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma bi bɛka biribi a ɛbɛma yɛn adwene aba mfomso bi so. Anaasɛ ebia yɔnko Kristoni bi bɛkyerɛ yɛn sɛ yɛantumi anni Bible mu nnyinasosɛm bi ho dwuma yiye. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ nteɛso a ɛte saa no ho? Hiob daa komam ahonu adi bere a ɔkaa sɛ: “Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nsõ mu” no.—Hiob 42:6.

Yehowa Tuaa No Ka

Yehowa tuaa Hiob ka, na ɔmaa n’akoa no traa ase mfe 140 foforo bio. Wɔ saa bere no mu no, onyaa nneɛma pii sen nea ɔhweree no. Awiei koraa no, ɛwom sɛ Hiob wui de, nanso ɔwɔ anidaso sɛ obenya owusɔre aba Onyankopɔn wiase foforo no mu.—Hiob 42:12-17; Hesekiel 14:14; Yohane 5:28, 29; 2 Petro 3:13.

Yɛn nso, sɛ yɛde nokwaredi som na yegye Bible mu nteɛso a yehia no nyinaa tom a, yebetumi anya Onyankopɔn anim dom ne ne nhyira. Ne saa nti yebenya anidaso sɛ yebenya nkwa wɔ Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no mu. Nea ɛsen biara no, yɛbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Onyankopɔn betua yɛn abrabɔ pa no so ka na ɛno bɛka adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ pɛsɛmenkominya nti na nnipa som no, na mmom ɔdɔ a efi komam nti no ho. Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛbɛma Yehowa koma ani agye, sɛnea ɔnokwafo Hiob, a ofi ahobrɛase mu gyee nteɛso toom yɛe no!—Mmebusɛm 27:11.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Hiob fi ɔdɔ mu maa nyisaa, akunafo, ne afoforo ho asɛm hiaa no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]

Hiob nyaa ahobrɛase mu a ofi gyee nteɛso toom no so akatua pii