Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahobrɛase Su a ɛde Asomdwoe Ba

Ahobrɛase Su a ɛde Asomdwoe Ba

Ahobrɛase Su a ɛde Asomdwoe Ba

Sɛ obiara daa ahobrɛase adi a, hwɛ sɛnea anka wiase bɛyɛ anigye afa. Anka ankorankoro nhyɛ afoforo so pii, abusuafo nko ntɔkwaw pii, nnwumakuw nsi akan pii, na aman renni ako pii. So w’ani begye ho sɛ wobɛtra beae a ɛte saa?

YEHOWA NYANKOPƆN nokware asomfo resiesie wɔn ho ama wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ a wɔremmu ahobrɛase sɛ mmerɛwyɛ wɔ baabiara, na mmom wobebu no sɛ ahoɔden ne ɔbra pa no. (2 Petro 3:13) Nokwarem no, wɔrenya ahobrɛase su mprempren mpo. Dɛn ntia? Ɛte saa titiriw efisɛ eyi ne nea Yehowa hwehwɛ fi wɔn hɔ. Ne diyifo Mika kyerɛwee sɛ: “Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea [Yehowa, NW] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.”—Mika 6:8.

Ahobrɛase betumi akyerɛ nneɛma pii, ebi te sɛ ma a obi mma ne ho so, anaa hoa a ɔnhoahoa ne ho, ne sɛ ɔmfa ne dom akyɛde, nneɛma a watumi ayɛ, ne nneɛma a ɔwɔ nhyehye ne ho. Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, ahobrɛase san kyerɛ “ade a obi nyɛ ntra so.” Ɔhobrɛasefo da su pa adi. Ohu nso sɛ anohyeto wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nea obetumi ayɛ ho. Onim sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a onni ho kwan sɛ ɔyɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani gye sɛ yɛbɛbɛn ahobrɛasefo. Engiresini anwensɛm kyerɛwfo Joseph Addison kyerɛwee sɛ: “Biribiara nni anuonyam sɛ nokware ahobrɛase.”

Wɔamfa ahobrɛase anwo nnipa a wɔnyɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛanya saa su yi. Onyankopɔn Asɛm ka nsɛm bi a esisii a ɛkyerɛkyerɛ akwan horow a wɔdaa ahobrɛase adi mu ma ɛhyɛ yɛn nkuran.

Ahemfo Baanu a Wɔyɛ Ahobrɛasefo

Yehowa asomfo anokwafo a wɔsen biara no mu biako ne Dawid a na ɔyɛ aberante bere a wɔsraa no sɛ obi a ɔbɛyɛ Israel hene daakye no. Ɛno akyi no, Ɔhene Saul a na ɔredi ade no tuu n’ani sii Dawid so bɔɔ mmɔden sɛ obekum no, na ɔhyɛɛ no ma ɔbɛyɛɛ oguanfo.—1 Samuel 16:1, 11-13; 19:9, 10; 26:2, 3.

Wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, Dawid hui sɛ na anohyeto wɔ nneɛma a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ bere a na ɔrebɔ ne nkwa ho ban no mu. Bere bi, wɔ sare so no, Dawid ampene so amma Abisai anyɛ Ɔhene Saul a na wada no bɔne, na ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] mma ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa maka nea [Yehowa, NW] asra no no.” (1 Samuel 26:8-11) Na Dawid nim sɛ ɛnyɛ n’asɛyɛde sɛ obetu Saul afi ahenni no so. Enti, Dawid daa ahobrɛase adi saa bere yi denam ade a wanyɛ antra nea ɛfata sɛ ɔyɛ no so. Saa ara na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nim sɛ ‘Yehowa ani so no,’ nneɛma bi wɔ hɔ a wontumi nyɛ, bere mpo a nnipa nkwa da asiane mu no.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; 21:25.

Ɔhene Dawid ba Salomo nso daa ahobrɛase adi bere a na ɔyɛ aberante no, ɛwom sɛ na ɛyɛ soronko kakra de. Bere a wɔde Salomo dii ade no, na ɔte nka sɛ ontumi nni ɔhene asɛyɛde a emu yɛ duru no ho dwuma. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW] me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me de, meyɛ abofra ketewa, minnim adifi ne emuba.” Ɛda adi pefee sɛ, na Salomo ankasa nim sɛ onni ahoɔden ne osuahu. Ɔbrɛɛ ne ho ase saa bere no, wanyɛ ahomaso, anaa hyeehyee biara. Salomo bisaa Yehowa hɔ nhumu, na ɔde maa no.—1 Ahene 3:4-12.

Mesia no ne Nea Odii N’anim

Bɛboro Salomo nna no akyi mfirihyia 1,000 no, Yohane Osuboni no yɛɛ adwuma siesiee kwan mu maa Mesia no. Sɛ́ nea odii nea Wɔasra No no anim no, na Yohane rema Bible nkɔmhyɛ anya mmamu. Ná anka obetumi de hokwan a na ɔwɔ no ahoahoa ne ho. Ná anka Yohane betumi nso ahwehwɛ anuonyam ama ne ho efisɛ na ɔyɛ Mesia no nua. Nanso, Yohane ka kyerɛɛ afoforo sɛ ɔmfata sɛ ɔbɛsan Yesu mpaboa mpo. Na bere a Yesu kɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu wɔ Yordan Asubɔnten no ho no, Yohane kae sɛ: “Me mmom a ehia me sɛ wobɔ me asu no na woba me nkyɛn yi?” Eyi kyerɛ sɛ na Yohane nyɛ ahomaso. Na ɔbrɛ ne ho ase.—Mateo 3:14; Malaki 4:5, 6; Luka 1:13-17; Yohane 1:26, 27.

Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma mu, kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Ɛwom sɛ na Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ de, nanso ɔkae sɛ: “Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; . . . Na menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” Afei nso, Yesu anhwehwɛ nnipa anim anuonyam, na mmom ɔde biribiara a ɔyɛe ho anuonyam maa Yehowa. (Yohane 5:30, 41-44) Ahobrɛase bɛn ara ni!

Enti, ɛda adi pefee sɛ, Yehowa nokware asomfo—te sɛ Dawid, Salomo, Yohane Osuboni, ne onipa a ɔyɛ pɛ, Yesu Kristo mpo—daa ahobrɛase adi. Wɔanyɛ ahomaso, anhoahoa wɔn ho, anyɛ hyeehyee, na wɔanyɛ ade antra so. Wɔn nhwɛso no yɛ ade a ɛdɔɔso a ɛbɛma nnɛyi Yehowa asomfo anya ahobrɛase na wɔada no adi. Nanso, nneɛma foforo wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa.

Wɔ adesamma abakɔsɛm bere yi a basabasayɛ wom mu no, ahobrɛase yɛ su a mfaso kɛse wɔ so ma nokware Kristofo. Ɛma wɔne Yehowa Nyankopɔn, ne wɔn mfɛfo nnipa ntam dwo, na wɔn ankasa asom dwo wɔn.

Yɛne Yehowa Nyankopɔn Ntam Asomdwoe

Sɛ yɛyɛ yɛn ade ma ɛne nokware som nhyehyɛe hyia nkutoo a na asomdwoe bɛba yɛne Yehowa ntam. Yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, yɛɛ ade traa nhyehyɛe a na Onyankopɔn ayɛ ama nokware som no, ma wɔbɛyɛɛ nnipa a wodi kan a wɔanna ahobrɛase adi. Wɔhweree gyinabea pa a na wɔwɔ wɔ Yehowa anim no, wɔn fie, wɔn daakye, ne wɔn nkwa. (Genesis 3:1-5, 16-19) Hwɛ amane kɛse a wohui!

Momma yensua biribi mfi Adam ne Hawa asehwe no mu, efisɛ nokware som ma yɛn anohyeto wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade mu. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ “nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Yehowa fi nyansam ma yɛn anohyeto ahorow yi esiane yɛn yiyedi nti, na sɛ yɛanyɛ ade antra saa nneɛma yi a, yɛda nyansa adi. (Yesaia 48:17, 18) Mmebusɛm 11:2 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.”

Na sɛ nyamesom ahyehyɛde bi ka kyerɛ yɛn sɛ yebetumi abu yɛn ani agu saa anohyeto ahorow yi so na yɛakɔ so ne Onyankopɔn anya asomdwoe nso ɛ? Saa ahyehyɛde no rebɔ mmɔden sɛ ɛbɛdaadaa yɛn. Nanso, ahobrɛase boa yɛn ma yɛne Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den.

Yɛne Yɛn Mfɛfo Nnipa Ntam Asomdwoe

Ahobrɛase ma yɛne afoforo ntam dwo nso. Sɛ nhwɛso no, sɛ awofo yɛ nhwɛso ma wɔn ani sɔ wɔn asetrade a wɔwɔ, na wɔde honhom fam nneɛma di kan a, ɛda adi sɛ wɔn mma bɛfa su a ɛte saa no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama mmofra sɛ wɔbɛma wɔn ani asɔ nea wɔwɔ, ɛmfa ho mpo sɛ wɔn nsa ntumi nka nea wɔhwehwɛ bere nyinaa no. Eyi bɛboa wɔn ma wɔayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ, na abusua no benya asomdwoe pii.

Ɛsɛ sɛ ahwɛfo titiriw da ahobrɛase adi, na wɔamfa tumi a wɔwɔ no anni dwuma ɔkwammɔne so. Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛ Kristofo sɛ: “Munnnwen nntra nea wɔakyerɛw so.” (1 Korintofo 4:6) Asafo mu mpanyimfo nim sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde nea wɔn ankasa pɛ hyɛ afoforo so. Mmom no, wɔde Onyankopɔn Asɛm di dwuma de hyɛ nea ɛfata wɔ abrabɔ, ntadehyɛ, ahosiesie, anaa ahomegye, ho nkuran. (2 Timoteo 3:14-17) Sɛ asafo no mufo hu sɛ mpanyimfo no de Kyerɛwnsɛm no di dwuma a, eyi ma wonya obu ma saa mmarima yi, na ɛde anigye, ɔdɔ, ne asomdwoe honhom ba asafo no mu.

Asomdwoe a Obi Nya

Wɔn a wɔda ahobrɛase adi nya asomdwoe. Ɔhobrɛasefo mpere nhwehwɛ dibea. Eyi nkyerɛ sɛ onni botae ahorow biara. Sɛ nhwɛso no, ebia ɔbɛhwehwɛ ɔsom mu hokwan afoforo, nanso ɔtwɛn Onyankopɔn, na ɔde Kristofo hokwan biara a onya no ho anuonyam ma Yehowa. Ommu no sɛ ɔno ankasa na anya. Eyi twe ɔhobrɛasefo no bɛn Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn” no.—Filipifo 4:9.

Fa no sɛ ɛtɔ mmere bi a afoforo bu wɔn ani gu yɛn so. So ɛrenyɛ papa sɛ esiane sɛ yɛyɛ ahobrɛasefo nti na wobu ani gu yɛn so sen sɛ yɛnam ahantan so bɛtwe adwene aba yɛn so? Ahobrɛasefo mma dibea ho nsɛm nnye wɔn adwene. Enti, wɔwɔ asomdwoe, na eye ma wɔn nkate ne honam fam akwahosan.

Ahobrɛase a Yebenya na Yɛakura Mu

Ahantan maa Adam ne Hawa hwee ase—wɔde su no woo wɔn mma. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati sɛ yɛbɛyɛ mfomso koro no ara a yɛn awofo a wodi kan no yɛe no? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahobrɛase, ade a ɛyɛ su pa no?

Nea edi kan no, gyinabea a yɛwɔ wɔ Yehowa, amansan Bɔfo no, anim no mu ntease pa a yebenya bɛboa yɛn. Nneɛma a yɛatumi ayɛ bɛn na yebetumi de atoto nea Onyankopɔn ayɛ ho? Yehowa bisaa ne somfo nokwafo Hiob sɛ: “Ɛhe na wowɔ, bere a mehyɛɛ asase ase no? Sɛ wowɔ nhumu a, ka ɛ!” (Hiob 38:4) Hiob antumi ammua. So yɛn nso yɛntɔ sin wɔ nimdeɛ, ahoɔden, ne osuahu, mu saa ara? So mfaso nni so sɛ yebegye yɛn sintɔ ahorow atom?

Afei nso, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Asase ne n’ade dodow yɛ [Yehowa, NW] dea, wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no.” Nea ɛka eyinom ho ne ‘kwae mu mmoa nyinaa ne mmepɔw apem so mmoa.’ Yehowa betumi aka sɛ: “Me na dwetɛ wɔ me, na sika wɔ me.” (Dwom 24:1; 50:10; Hagai 2:8) Agyapade a yebetumi de adi dwuma bɛn na yɛde bɛtoto Yehowa de ho? Hwɛ, ɔdefo a ɔsen biara mpo nni biribiara a obegyina so de nea ɔwɔ ahoahoa ne ho! Enti, nyansa wom sɛ yebedi ɔsomafo Paulo afotu a efi honhom mu a ɔde kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no akyi: “Menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen.”—Romafo 12:3.

Sɛ́ Onyankopɔn asomfo a yɛpɛ sɛ yenya ahobrɛase no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ honhom no aba—ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi—ho mpae. (Luka 11:13; Galatifo 5:22, 23) Dɛn ntia? Efisɛ saa su horow yi mu biara bɛma ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Sɛ nhwɛso no, ɔdɔ a yebenya ama yɛn mfɛfo nnipa bɛboa yɛn ma yɛako atia ahohoahoa anaa ahomaso. Na ahosodi bɛma yɛagyina asusuw nneɛma ho ansa na yɛayɛ biribi ahantan so.

Momma yɛnyɛ ahwɛyiye! Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa wɔ ahantan mfiri ho. Ahemfo a yɛkaa wɔn ho asɛm no mu baanu anna ahobrɛase adi bere nyinaa. Ɔhene Dawid de ahopere kan Israelfo, ade a na etia Yehowa apɛde. Ɔhene Salomo bɛyɛɛ ahantan kosii sɛ ɔde ne ho kɔhyɛɛ atoro som mu.—2 Samuel 24:1-10; 1 Ahene 11:1-13.

Bere tenten a nhyehyɛe bɔne yi wɔ hɔ no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa wɔ ahobrɛase a yɛbɛyɛ ho. Nanso, mmɔdenbɔ no fata. Ahobrɛasefo nkutoo na wɔbɛtra Onyankopɔn wiase foforo no mu. Wobebu ahobrɛase sɛ ahoɔden, na ɛnyɛ mmerɛwyɛ. Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ ankorankoro ne mmusua benya asomdwoe a ahobrɛase de ba no!

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yesu fi ahobrɛase mu de biribiara a ɔyɛe ho anuonyam maa Yehowa