Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Romafo 12:19 no, so na ɔsomafo Paulo rekyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo fa abufuw bere a ɔkae sɛ: “Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw” no?

Sɛ yɛbɛka paa a, ɛyɛ dabi. Ɛha no, na ɔsomafo Paulo reka Onyankopɔn abufuw ho asɛm. Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ sɛ Kristofo fa abufuw a ɛnyɛ hwee. Bible de abufuw a yɛbɛfa ho afotu ma pefee. Susuw Onyankopɔn afotu ho nhwɛso bi ho hwɛ.

“Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko.” (Dwom 37:8) “Obiara a ne bo [kɔ so, NW] fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ.” (Mateo 5:22) “Ɔhonam nnwuma no da adi pefee, ɛne aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw.” (Galatifo 5:19, 20) “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.” (Efesofo 4:31) “Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw.” (Yakobo 1:19) Afei nso, Mmebusɛm nhoma no tu yɛn fo wɔ abufuw a yɛbɛfa wɔ bɔne nketenkete ne nnipa mfomso ahorow ho no ho.—Mmebusɛm 12:16; 14:17, 29; 15:1; 16:32; 17:14; 19:11, 19; 22:24; 25:28; 29:22.

Nsɛm a ɛfa Romafo 12:19 ho no ne afotu a ɛte sɛɛ hyia. Paulo kamfo kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ nyaatwom fra yɛn dɔ mu, yenhyira wɔn a wɔtaa yɛn, yennwen afoforo ho adwempa, yɛmmfa bɔne nntua bɔne so ka, na yɛmmɔ mmɔden ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Afei, ɔhyɛɛ nkuran sɛ: “Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa, NW] na ɔka saa.”—Romafo 12:9, 14, 16-19.

Yiw, ɛnsɛ sɛ yɛma abufuw kanyan yɛn ma yɛtɔ afoforo so were. Nsɛm tebea horow ho nimdeɛ a yɛwɔ ne sɛnea yebu atɛntrenee tɔ sin. Sɛ yɛma abufuw kanyan yɛn ma yɛtɔ were a, yebedi mfomso mpɛn pii. Ɛno bedi Onyankopɔn Tamfo, Ɔbonsam, atirimpɔw ho dwuma. Paulo kyerɛw wɔ baabi foforo sɛ: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so, na mommma ɔbonsam kwan!”—Efesofo 4:26, 27.

Ɔkwan a eye, na nyansa wom ne sɛ, yɛbɛma Onyankopɔn akyerɛ bere ne nipa ko a ɛsɛ sɛ ɔtɔ no so were. Ɔno na obetumi ayɛ saa, a onim nea enti a ɔreyɛ saa ankasa, na asotwe biara a ɔde ma no da n’atɛntrenee adi. Sɛ yɛhwɛ sɛnea ɔtwee adwene sii Deuteronomium 32:35, 41 a emu nsɛm bi ne: “Me na aweredi wɔ me, me na metua ka” so no a, yetumi hu sɛ eyi ne asɛm a na Paulo reka wɔ Romafo 12:19 no. (Fa toto Hebrifo 10:30 ho.) Enti, ɛwom sɛ yenhu asɛmfua “Onyankopɔn” wɔ Hela nkyerɛwee no mu de, nanso nnɛyi nsɛm asekyerɛfo pii de ahyɛ mu wɔ Romafo 12:19. Eyi ma yenya akenkan te sɛ “momma Onyankopɔn nni were” (The Contemporary English Version); ‘munnyaw mma Onyankopɔn abufuw’; “sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, momma no mfa asotwe mma” (The New Testament in Modern English); “munnyaw mma Onyankopɔn asotwe.”—The New English Bible.

Sɛ nokware no ho atamfo yɛ yɛn ayayade anaa wɔtaa yɛn mpo a, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa Nyankopɔn ho asɛm a Mose tee no so: ‘Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni.’Exodus 34:6, 7.