Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Onyankopɔn, Ma Wo Hann Mmra’

‘Onyankopɔn, Ma Wo Hann Mmra’

‘Onyankopɔn, Ma Wo Hann Mmra’

“Ma wo hann ne wo nokware mmegya me.”—DWOM 43:3.

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da n’atirimpɔw ahorow adi?

YEHOWA susuw afoforo ho yiye wɔ ɔkwan a ɔfa so da n’atirimpɔw ahorow adi kyerɛ n’asomfo no mu. Sɛ́ anka ɔbɛda nokware no nyinaa adi prɛko pɛ te sɛ anyinam a ano yɛ den no, ɔkyerɛkyerɛ nneɛma mu nkakrankakra. Yebetumi de yɛn asetra nna atoto ɔnantefo bi a ɔretwa kwan tenten bi ho. Ofi ase ahemadakye, a onhu ade yiye. Bere a anim tete nkakrankakra no, ɔnantefo no fi ase hu nneɛma a atwa ne ho ahyia no kakra. Onhu nneɛma a aka no yiye. Nanso bere a owia ano yɛ den no, otumi hu nneɛma wɔ akyirikyiri. Saa ara na honhom fam hann a Onyankopɔn de ma no te. Ɔma yɛte nneɛma ase nkakrankakra bere ne bere mu. Saa ara na Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo de honhom fam nimdeɛ mae. Momma yensusuw sɛnea Yehowa kyerɛkyerɛɛ ne nkurɔfo wɔ tete mmere mu ne sɛnea ɔyɛ no nnɛ nso ho.

2. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so kyerɛkyerɛe ansa na Kristosom reba?

2 Akyinnye biara nni ho sɛ Kora mma no na wɔkyerɛw Dwom a ɛto so 43 no. Sɛ́ Lewifo no, wonyaa hokwan de Onyankopɔn Mmara kyerɛkyerɛɛ ɔman no. (Malaki 2:7) Nokwarem no, na Yehowa ne wɔn Kyerɛkyerɛfo Kunini, na na wobu no sɛ nyansa nyinaa Wura. (Yesaia 30:20) Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, . . . Ma wo hann ne wo nokware mmegya me.” (Dwom 43:1, 3) Bere a na Israelfo no di Yehowa nokware no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn n’akwan. Mfehaha bi akyi no, Yehowa de hann ne nokware soronko bi dom wɔn. Onyankopɔn yɛɛ saa bere a ɔsomaa ne Ba, baa asase so no.

3. Ɔkwan bɛn so na Yesu nkyerɛkyerɛ sɔɔ Yudafo no hwɛe?

3 Sɛ́ onipa Yesu Kristo no, na Onyankopɔn Ba no ne “wiase hann” no. (Yohane 8:12) Ɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no “nneɛma pii mmebu mu”—nneɛma foforo. (Marko 4:2) Ɔka kyerɛɛ Pontio Pilato sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase.” (Yohane 18:36) Ná ɛno yɛ asɛm foforo koraa ma Romani, na saa ara na na ɛte wɔ Yudafo ɔmampɛfo no fam, efisɛ na wosusuw sɛ Mesia no bedi Roma Ahenni no so nkonim na wama Israel anya ne kan anuonyam bio. Ná Yesu reda hann a efi Yehowa nkyɛn adi, nanso ne nsɛm no anyɛ Yudafo sodifo a na “wɔpɛ nnipa anuonyam sen Nyankopɔn anuonyam” no dɛ. (Yohane 12:42, 43) Ɔmanfo no pii kɔɔ so de wɔn ho fam nnipa atetesɛm ho sen sɛ wobegye honhom fam hann ne nokware a efi Onyankopɔn nkyɛn no.—Dwom 43:3; Mateo 13:15.

4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesu asuafo no bɛte nneɛma ase kɛse?

4 Nanso mmarima ne mmea komapafo kakra bi de anigye gyee nokware a Yesu kyerɛkyerɛe no toom. Wonyaa nkɔso nkakrankakra wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mu ntease mu. Nanso, bere a wɔn Kyerɛkyerɛfo no asase so asetra reba awiei no, na wɔda so ara wɔ nneɛma pii sua. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mewɔ nsɛm pii bio meka mekyerɛ mo, nanso muntumi nsoa mprempren.” (Yohane 16:12) Yiw, na asuafo no bɛkɔ so anya Onyankopɔn nokware no mu ntease pii.

Hann no Kɔ So Hyerɛn

5. Asɛm bɛn na ɛsɔree wɔ afeha a edi kan no mu, na henanom na na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wosiesie?

5 Yesu wui na ɔsɔree akyi no, Onyankopɔn hann hyerɛn kɛse sen bere biara. Wɔ anisoadehu bi a Petro nyae mu no, Yehowa ma ohui sɛ afei de, Amanaman mufo momonotofo no betumi abɛyɛ Kristo akyidifo. (Asomafo no Nnwuma 10:9-17) Ná ɛno yɛ adiyisɛm! Nanso, akyiri yi asɛmmisa bi sɔree: So na Yehowa hwehwɛ sɛ Amanaman mufo a wɔte saa no betwa twetia bere a wɔabɛyɛ Kristofo no? Wɔamma saa asɛm no ho mmuae wɔ anisoadehu no mu, ma enti ɛbɛyɛɛ asɛm a na Kristofo no gye ho akyinnye denneennen. Ná ɛsɛ sɛ wohu ano, anyɛ saa a, na biakoyɛ a ɛsom bo a ɛwɔ wɔn ntam no bɛsɛe. Enti “asomafo ne mpanyimfo no behyiae sɛ wɔbɛhwɛ asɛm yi” wɔ Yerusalem.—Asomafo no Nnwuma 15:1, 2, 6.

6. Ɔkwan bɛn na asomafo no ne mpanyimfo no faa so, bere a wosusuw twetiatwa ho asɛm no ho no?

6 Ɔkwan bɛn so na na wɔn a wɔahyiam no behu nea Onyankopɔn pɛ sɛ Amanaman mufo a wɔyɛ gyidifo no yɛ? Yehowa ansoma ɔbɔfo sɛ ommedi anim mma wonsusuw asɛm no ho, na saa ara nso na wamma wɔn a wɔahyiam no annya anisoadehu biara. Nanso, wɔannyaw asomafo no ne mpanyimfo no a na wonni akwankyerɛ biara. Wosusuw adanse a Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no dii wɔ sɛnea na Onyankopɔn afi ase ne amanaman mufo no redi, na ɔrehwie ne honhom Kronkron no gu Amanaman mufo momonotofo so no ho. Afei nso wɔhwehwɛɛ akwankyerɛ fii Kyerɛwnsɛm no mu. Ne saa nti, osuani Yakobo gyinaa kyerɛwsɛm bi so de nyansahyɛ bi mmae . Bere a wogu so resusuw ho no, Onyankopɔn apɛde bɛdaa adi pefee. Enhia sɛ amanaman mufo no twa twetia ansa na wɔanya Yehowa anim dom. Asomafo no ne mpanyimfo no ansɛe bere koraa sɛ wɔbɛkyerɛw gyinaesi no ato hɔ sɛnea ɛbɛma wɔn mfɛfo Kristofo ahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.—Asomafo no Nnwuma 15:12-29; 16:4.

7. Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan Kristofo no nyaa nkɔanim?

7 Nea ɛnte sɛ Yudafo nyamesom akannifo a wɔbataa wɔn nananom atetesɛm ho no, Yudafo Kristofo no mu pii dii ahurusi bere a wɔn nsa kaa Onyankopɔn atirimpɔw mu ade foforo a ɛfa amanaman mufo ho no, ɛmfa ho sɛ na gye a wobegye atom no hwehwɛ sɛ wɔsakra adwene a na wɔwɔ wɔ Amanaman mufo ho no. Yehowa hyiraa wɔn ahobrɛase su no, “ɛnna asafo horow no yɛɛ den gyidi mu, na wɔkɔɔ so dɔe daa.”—Asomafo no Nnwuma 15:31; 16:5.

8. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ na hann no bɛhyerɛn kɛse bere a afeha a edi kan no aba awiei no? (b) Nsɛmmisa atitiriw bɛn na yebesusuw ho?

8 Honhom mu hann kɔɔ so hyerɛnee wɔ afeha a edi kan no mu nyinaa. Nanso Yehowa anna n’atirimpɔw ahorow nyinaa adi ankyerɛ tete Kristofo no. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ afeha a edi kan no mu mfɛfo gyidifo no sɛ: “Na sesɛɛ de, yɛnam ahwehwɛ so hwɛ ade wɔ bɛ mu.” (1 Korintofo 13:12) Ná ahwehwɛ a ɛte saa no anim nna hɔ yiye. Enti mfitiase no, na wɔrente honhom mu hann ase nwie. Asomafo no wu akyi no, hann no ano brɛɛ ase kakra, nanso Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ adɔɔso nnansa yi. (Daniel 12:4) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo nnɛ? Na sɛ ɔma nimdeɛ a yɛwɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu no yɛ kɛse a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

Hann no Kɔ so Hyerɛn Nkakrankakra

9. Ɔkwan soronko a etu mpɔn bɛn na Bible Asuafo a wodi kan no faa so suaa Bible no?

9 Nnɛyi hann a edii kan hyerɛn ankasa no fii ase puei wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei bere a Kristofo mmarima ne mmea kuw bi fii ase suaa Kyerɛwnsɛm no anibere so no. Wɔyɛɛ Bible sua ho nhyehyɛe a ɛfata. Na obi bisa asɛm; na afei kuw no asusuw kyerɛw nsɛm a ɛfa ho nyinaa ho. Sɛ ɛkɔyɛ te sɛ nea Bible mu asɛm bi ne foforo bɔ abira a, saa Kristofo anokwafo yi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma abien no ahyia. Nea ɛnte sɛ nyamesom akannifo a na wɔwɔ hɔ saa bere no, Bible Asuafo no (sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no) sii wɔn bo sɛ wɔbɛma Kyerɛw Kronkron no akyerɛ wɔn kwan na wɔanni nnipa atetesɛm anaa nkyerɛkyerɛ a ntease nnim akyi. Bere a wɔasusuw Kyerɛwnsɛm mu adanse nyinaa ho awie no, na wɔkyerɛw wɔn gyinaesi no to hɔ. Saa kwan no so na wɔnam tee Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ pii ase.

10. Nhoma a wɔde sua Bible a mfaso wɔ so bɛn na Charles Taze Russell kyerɛwee?

10 Na Charles Taze Russell yɛ onipa titiriw wɔ Bible Asuafo no mu. Ɔkyerɛw nhoma a wɔde sua Bible asia a mfaso wɔ so a wɔtoo din Studies in the Scriptures. Onua Russell pɛe sɛ ɔkyerɛw nea ɛto so ason a na ɛbɛkyerɛkyerɛ Bible mu nhoma a ɛne Hesekiel ne Adiyisɛm no mu. Ɔkae sɛ: “Bere biara a hokwan no bebue no, mɛkyerɛw Po a ɛto so Ason no.” Nanso ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ Awurade de hokwan no ma obi foforo a, obetumi akyerɛw.”

11. Abusuabɔ bɛn na ɛwɔ bere ne sɛnea yetumi nya Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mu ntease no mu?

11 Asɛm a C. T. Russell kae yi kyerɛkyerɛ ade titiriw bi a ɛboa yɛn ma yɛte Bible mu nsɛm bi ase mu—ɛbere. Na Onua Russell nim sɛ ontumi nhyɛ hann a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no mma ɛnhyerɛn, sɛnea ɔnantefo a ɔrepɛ biribi ahu ntumi nhyɛ owia mma empue ansa na bere aso sɛ epue no ara pɛ.

Wɔada no Adi—Nanso Ɛbae Wɔ Onyankopɔn Bere a Ɛsɛ Mu

12. (a) Bere bɛn na wotumi te Bible nkɔmhyɛ ase yiye? (b) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ mu ntease a yebetumi anya no gyina Onyankopɔn bere nhyehyɛe so? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

12 Sɛnea asomafo no tee nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho pii ase wɔ Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, saa ara na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ tumi te Bible nkɔmhyɛ ase yiye bere a anya mmamu no. (Luka 24:15, 27; Asomafo no Nnwuma 1:15-21; 4:26, 27) Adiyisɛm yɛ nkɔmhyɛ nhoma, enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛte ase yiye bere a nneɛma a ɛka ho asɛm no nya mmamu no. Sɛ nhwɛso no, C. T. Russell antumi ante nea aboa kɔkɔɔ a ɛwɔ Adiyisɛm 17:9-11 no kyerɛ ase, efisɛ na Amanaman Apam no ne Amanaman Nkabom no, ahyehyɛde a na egyina hɔ ma aboa no nni hɔ mpo, ne wu akyi ansa na ɛreba. *

13. Sɛ hann hyerɛn wɔ Bible mu asɛm bi so a, dɛn na ɛtɔ mmere bi a ɛba?

13 Bere a tete Kristofo no hui sɛ Amanaman mufo momonotofo no betumi abɛyɛ mfɛfo gyidifo no, saa nsakrae no nti na wontumi nhu sɛ ehia sɛ wɔma amanaman mufo no twa twetia anaasɛ enhia. Eyi kaa asomafo no ne mpanyimfo no ma wɔsan susuw twetiatwa ho ɔsɛmpɔw no nyinaa ho bio. Saa ara na ɛte nnɛ. Sɛ hann bi hyerɛn yiye wɔ Bible mu asɛm bi so a, ɛtaa ma Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no san susuw nsɛm a ɛne no wɔ abusuabɔ ho, sɛnea nnɛyi nhwɛso a edidi so yi kyerɛkyerɛ mu no.—Mateo 24:45.

14-16. Ɔkwan bɛn so na nsakrae a wɔayɛ wɔ honhom mu asɔrefie no ho ntease mu no ka ntease a na yɛwɔ wɔ Hesekiel ti 40 kosi 48 ho no?

14 Wɔ 1971 mu no, wotintim Hesekiel nkɔmhyɛ no mu nkyerɛkyerɛmu wɔ “The Nations Shall Know That I Am Jehovah”—How? nhoma no mu. Saa nhoma no mu ti bi kaa Hesekiel asɔrefie ho anisoadehu no ho asɛm tiawa. (Hesekiel, ti 40-48) Saa bere no, wɔtwee adwene sii sɛnea Hesekiel asɔrefie ho anisoadehu no benya mmamu wɔ wiase foforo no mu so.—2 Petro 3:13.

15 Nanso, nsɛm abien bi a wotintim wɔ December 1, 1972 Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu no sakraa ntease a na yɛwɔ wɔ Hesekiel anisoadehu no ho no. Ɛkaa honhom mu asɔrefie kɛse a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ Hebrifo ti 10 no ho asɛm. Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ honhom mu asɔrefie no Kronkronbea ne abangua a ɛhyɛ mfinimfini no kyerɛ tebea a wɔn a wɔasra wɔn no wom bere a wɔwɔ asase so no. Bere a mfe bi akyi wɔsan hwɛɛ Hesekiel ti 40 kosi 48 no, wohui sɛ sɛnea honhom mu asɔrefie no reyɛ adwuma nnɛ no, saa ara na ɛsɛ sɛ asɔrefie a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no nso yɛ adwuma nnɛ. Ɔkwan bɛn so?

16 Wɔ Hesekiel anisoadehu mu no, wohu asɔfo no sɛ wɔnenam asɔrefie no abangua no so bere a wɔsom mmusuakuw a wɔnyɛ asɔfo no. Ɛda adi pefee sɛ asɔfo yi gyina hɔ ma “ahene asɔfokuw,” Yehowa nkoa a wɔasra wɔn no. (1 Petro 2:9) Nanso, wɔrensom wɔ asɔrefie no abangua a ɛwɔ asase so no so wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no nyinaa mu. (Adiyisɛm 20:4) Sɛ wɔn a wɔasra wɔn no mfa bere no nyinaa nsom Onyankopɔn wɔ honhom mu asɔrefie no Kronkron mu Kronkronbea, “ɔsoro ankasa” mpo a, wɔde emu fã kɛse no ara bɛyɛ saa. (Hebrifo 9:24) Esiane sɛ wohu asɔfo no sɛ wɔredi akɔneaba wɔ Hesekiel asɔrefie no abangua so no nti, ɛbɛyɛ sɛ saa anisoadehu no renya mmamu nnɛ, bere a wɔn a wɔasra wɔn no mu bi da so ara wɔ asase so no. Ne saa nti, saa nsɛmma nhoma yi kaa nsakrae a wɔayɛ wɔ ɔsɛmpɔw yi mu ho asɛm wɔ March 1, 1999 de a ɛbae no mu. Enti, ɛde besi afeha a ɛto so 20 no awiei mu no, wɔama honhom mu hann ahyerɛn wɔ Hesekiel nkɔmhyɛ no so.

Nya Ɔpɛ sɛ Wobɛsakra Wo Nsusuwii

17. Efi bere a wobehuu nokware no, nsakrae horow bɛn na w’ankasa woayɛ wɔ wo nsusuwii mu, na aboa wo dɛn?

17 Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ onya nokware nimdeɛ no nya ɔpɛ sɛ ɔbɛma ‘wɔafa n’adwene nyinaa nnommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛw ase.’ (2 Korintofo 10:5) Eyi nyɛ mmerɛw bere nyinaa, titiriw, bere a wɔagye nsusuwii bi atom denneennen no. Sɛ nhwɛso no, ansa na woresua Onyankopɔn nokware no, ebia na wo ne w’abusua anya ɔsom mu nnapɔnna bi di mu anigye kɛse. Bere a wufii ase suaa Bible no, wubehuu sɛ saa afahyɛ ahorow yi fi abosonsom mu ankasa. Mfitiase no, ebia wotwentwɛn wo nan ase sɛ wode nea woresua no bedi dwuma. Nanso, awiei koraa no, Onyankopɔn ho dɔ bedii ɔsom mu nkate a na wowɔ no so, na wogyaee afahyɛ a Onyankopɔn ani nnye ho no di. So Yehowa nhyiraa wo gyinae a wusii no so?—Fa toto Hebrifo 11:25 ho.

18. Sɛ wɔkyerɛkyerɛ adwene a yekura wɔ Bible ho nokware mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

18 Sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ Onyankopɔn kwan so bere nyinaa a, yenya mfaso. (Yesaia 48:17, 18) Enti sɛ wɔkyerɛkyerɛ adwene a yɛwɔ wɔ Bible mu asɛm bi ho mu a, momma yɛnkyerɛ nokware a ɛrenya nkɔanim no ho anigye! Nokwasɛm ne sɛ, nimdeɛ a wɔma yɛkɔ so nya no di adanse sɛ yɛnam ɔkwantrenee no so. Ɛyɛ “treneefo kwan” a ‘ɛte sɛ owia hann no na ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.’ (Mmebusɛm 4:18) Ɛwom, mprempren, ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw nyinaa na ‘yetumi hu mu yiye.’ Nanso sɛ Onyankopɔn bere a wahyɛ no du, na sɛ ebedu saa bere no na yɛn nan da so ara si “kwan” no so a, yebehu nokware no koraa. Saa bere yi de, ɛmmra sɛ yebedi nokware a Yehowa ama ada adi pefee no mu ahurusi, bere a yɛretwɛn nea yɛntee ase nwiei no mu nkyerɛkyerɛmu no.

19. Dɛn ne ɔkwan biako a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛwɔ nokware no ho dɔ?

19 Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ɔdɔ a yɛwɔ ma nokware no adi wɔ ɔkwampa so? Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛtaa akenkan Onyankopɔn Asɛm no—sɛ ɛbɛyɛ yiye a, da biara da. So wowɔ nhyehyɛe a wode kenkan Bible daa? Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no nso ma yenya honhom fam aduan a ɛma denhyɛ pii. Afei nso, susuw nhoma horow, nkratawa, ne nhoma afoforo a wɔasiesie ama yɛn yiyedi no ho hwɛ. Na Ahenni asɛnka ho amanneɛbɔ a ɛhyɛ nkuran a wotintim wɔ Yearbook of Jehovah’s Witnesses no mu nso ɛ?

20. Abusuabɔ bɛn na nokware ne hann a efi Yehowa nkyɛn no ne Kristofo nhyiam a yɛbɛkɔ no wɔ?

20 Yiw, Yehowa nam anwonwakwan so abua mpaebɔ a ɛwɔ Dwom 43:3 no. Yɛkenkan wɔ saa asɛm no awiei sɛ: ‘Wo hann ne wo nokware mfa me nkɔ wo bepɔw kronkron so ne wo ntamadan kɛse no mu.’ So wohwɛ kwan sɛ wo ne nnipa foforo pii bɛsom Yehowa? Honhom fam akwankyerɛ a yenya wɔ yɛn nhyiam ahorow ase no yɛ ɔkwan titiriw a Yehowa nam so kyerɛkyerɛ yɛn nnɛ. Dɛn na yebetumi ayɛ de ama anisɔ a yɛwɔ ma Kristofo nhyiam ahorow no ayɛ kɛse? Yɛto nsa frɛ wo sɛ fa mpaebɔ susuw asɛm yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 C. T. Russell wu akyi no, wɔyɛɛ nhoma bi a wɔtoo din Studies in the Scriptures no po a ɛto so ason, de bɔɔ mmɔden sɛ wɔde bɛkyerɛ Hesekiel ne Adiyisɛm nhoma no ase. Wɔde nhoma no fã gyinaa nsɛm a na Russell aka afa saa Bible mu nhoma ahorow no ho so. Nanso na bere a wɔde bɛda nea saa nkɔmhyɛ no kyerɛ adi no nsoe, na sɛ yɛbɛka a, nkyerɛkyerɛmu a wɔde mae wɔ saa Studies in the Scriptures no mu no mu anna hɔ. Mfe a edii ɛno akyi mu no, Yehowa ayamye ne nsɛm a esisi wiase no ama Kristofo atumi ate saa nkɔmhyɛ nhoma horow no ase yiye.

Wubetumi Abua?

• Dɛn nti na Yehowa da n’atirimpɔw adi nkakrankakra?

• Ɔkwan bɛn so na asomafo no ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem no dii ɔsɛmpɔw a ɛfa twetiatwa ho no ho dwuma?

• Ɔkwan a wɔfa so sua Bible bɛn na Bible Asuafo a wodi kan no fae, na dɛn nti na na ɛyɛ soronko?

• Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔda honhom mu hann adi wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ná Charles Taze Russell nim sɛ hann bɛhyerɛn wɔ Adiyisɛm nhoma no so wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu