Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yehowa Redi Yɛn Anim

Sɛnea Yehowa Redi Yɛn Anim

Sɛnea Yehowa Redi Yɛn Anim

‘Fa me fa akwantrenee so.’—DWOM 27:11.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa redi ne nkurɔfo anim nnɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya nhyiam ahorow mu kyɛfa akosi ase?

SƐNEA yesuae wɔ adesua a edi eyi anim mu no, Yehowa na ɔyɛ hann ne nokware Wura. Bere a yɛnam n’akwantrenee so no, N’asɛm no hyerɛn ma yɛn. Yehowa di yɛn anim denam n’akwan a ɔkyerɛkyerɛ yɛn no so. (Dwom 119:105) Te sɛ odwontofo a ɔtraa ase tete no, yɛde anisɔ tie Onyankopɔn akwankyerɛ na yɛbɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, kyerɛ me wo kwan, na fa me fa akwantrenee so.’—Dwom 27:11.

2 Ɔkwan biako a Yehowa nam so ma yɛn akwankyerɛ nnɛ ne Kristofo nhyiam ahorow. So yɛde ɔdɔ nsiesie yi di dwuma kosi ase denam (1) kɔ a yɛkɔ daa, (2) tie a yetie dwumadi no yiye, na (3) yefi yɛn pɛ mu de yɛn ho hyɛ ɔfã a atiefo nya mu kyɛfa no mu so? Bio nso, sɛ yɛn nsa ka nyansahyɛ ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so afa ‘akwantrenee’ so a, so yɛde anisɔ tie?

Wo Nhyiamkɔ Te Dɛn?

3. Ɔkwan bɛn so na bere nyinaa somfo bi nyaa su pa a ɛma no kɔ nhyiam daa?

3 Ahenni adawurubɔfo binom akɔ asafo nhyiam ahorow fi wɔn mmofraase. Yehowa Dansefo bi a ɔyɛ bere nyinaa somfo ka sɛ: “Bere a na me ne me nuabeanom yɛ mmofra wɔ 1930 mu hɔ baabi no, na ɛho nhia sɛ yebisa yɛn awofo sɛ ebia yɛbɛkɔ asafo nhyiam anaa. Na yenim sɛ yɛbɛkɔ, gye sɛ yɛyare. Ná yɛn abusua no ntoto nhyiamkɔ mu koraa.” Te sɛ odiyifobea Hana no, saa onuawa yi ‘mpa’ beae a wɔsom Yehowa no “da.”—Luka 2:36, 37.

4-6. (a) Dɛn nti na Ahenni adawurubɔfo binom toto asafo nhyiam mu? (b) Dɛn nti na ehia paa sɛ yɛkɔ asafo nhyiam?

4 So woka wɔn a wɔkɔ Kristofo nhyiam daa no ho, anaasɛ wotaa toto mu? Kristofo binom a na wosusuw sɛ wɔrebɔ wɔn ho mmɔden no sii gyinae sɛ wɔbɛhwɛ sɛ ɛte saa anaa. Wɔ adapɛn kakraa bi mu no, wɔyɛɛ nhyiam biara a wɔkɔe no ho kyerɛwtohɔ. Bere a wɔde sii wɔn ani so no baa awiei na wɔhwɛɛ wɔn kyerɛwtohɔ no mu no, nhyiam dodow a wɔankɔ no maa wɔn ho dwiriw wɔn.

5 Ebia obi bɛka sɛ ‘ɛnyɛ nwonwa. Ɛnnɛ, nkurɔfo ho akyere wɔn araa ma enti ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔbɛkɔ nhyiam daa.’ Ɛyɛ nokware paa sɛ yɛte ahohia bere mu. Na bio nso, akyinnye biara nni ho sɛ ahokyere no mu bɛyɛ den. (2 Timoteo 3:13) Nanso, ɛnyɛ ɛno na ɛsɛ sɛ ɛma nhyiam a yɛbɛkɔ no daa no ho hia yɛn kɛse? Sɛ yɛankɔ so anni honhom fam aduan pa a ɛbɛwowaw yɛn a, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ yebegyina nhyɛso a nhyehyɛe yi de ba no ano. Hwɛ, sɛ yɛanhyiam daa a, ebetumi ama yɛaman afi “treneefo kwan” no so koraa! (Mmebusɛm 4:18) Nokwarem no, sɛ yefi adwuma ba fie a yɛabrɛ a, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam. Nanso sɛ yɛkɔ a, ɛmfa ho ɔbrɛ a yɛabrɛ no, yenya so mfaso, na yɛhyɛ yɛn mfɛfo Kristofo nkuran wɔ Ahenni Asa so.

6 Hebrifo 10:25 de nyansahyɛ foforo a enti ehia sɛ yɛkɔ asafo nhyiam daa no ma. Ɛhɔ na ɔsomafo Paulo tu mfɛfo Kristofo fo sɛ wonhyiam ‘dodow a wohu sɛ ɛda no rebɛn no.’ Yiw, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ ‘Yehowa da’ no rebɛn. (2 Petro 3:12) Sɛ yɛka sɛ nhyehyɛe yi awiei nnya mmae a, ebia yebefi ase ama honam fam nneɛma akyidi aka honhom fam nneɛma te sɛ asafo nhyiamkɔ ahyɛ. Afei, sɛnea Yesu bɔɔ kɔkɔ no, ‘saa da no bɛba yɛn so mpofirim.’—Luka 21:34.

Yɛ Otiefo Pa

7. Dɛn nti na ehia sɛ mmofra yɛ aso tie asɛm wɔ asafo nhyiam ase?

7 Nhyiam a yɛbɛkɔ kɛkɛ no ara nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie, na yɛde yɛn adwene si nea wɔka wɔ hɔ no so. (Mmebusɛm 7:24) Yɛn mma nso ka ho. Sɛ abofra kɔ sukuu a, wɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ aso atie ɔkyerɛkyerɛfo no, ɛmfa ho sɛ ebia n’ani nnye biribi pɔtee a wɔresua ho anaasɛ n’adwene nnu ho no. Ɔkyerɛkyerɛfo no nim sɛ sɛ abofra no bɔ mmɔden yɛ aso a, anyɛ yiye koraa no, obenya mfaso bi afi adesua no mu. Ɛnde, so ntease nnim sɛ mmofra a wɔaso sukuukɔ no bɛyɛ aso ama akwankyerɛ a wɔde ma wɔ asafo nhyiam ahorow ase sen sɛ wɔbɛma wɔadeda bere a wɔahyɛ nhyiam no ase ara no? Ɛwom, ‘nsɛm a asete yɛ den’ wɔ Kyerɛwnsɛm mu nokware no mu. (2 Petro 3:16) Nanso ɛnsɛ sɛ yebu sɛnea abofra tumi sua ade no adewa. Onyankopɔn mmu no saa. Wɔ Bible mmere mu no, ɔhyɛɛ n’asomfo a wɔyɛ mmofra no sɛ ‘wontie, na wonsua, nsuro Yehowa, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so,’ na akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ ne nyinaa na na mmofra no bɛte ase. (Deuteronomium 31:12; fa toto Leviticus 18:1-30 ho.) So ɛnyɛ saa ara na Yehowa hwɛ kwan sɛ mmofra bɛyɛ nnɛ?

8. Akwan bɛn na awofo binom fa so de boa wɔn mma ma wotie asɛm wɔ asafo nhyiam ase?

8 Kristofo awofo nim sɛ nea wɔn mma sua wɔ nhyiam ahorow ase no di wɔn honhom fam ahiade fã ho dwuma. Ne saa nti, awofo binom yɛ nhyehyɛe ma wɔn mma da ansa na wɔakɔ nhyiam ase sɛnea ɛbɛyɛ a wobedu Ahenni Asa so no, na wɔagye wɔn ahome ayɛ krado sɛ wobesua ade. Ebia awofo binom mma wɔn mma nhwɛ television kɛse ɛda a wɔbɛkɔ asafo nhyiam anwummere no, anaasɛ wɔmma wɔnhwɛ koraa. (Efesofo 5:15, 16) Na awofo a wɔte saa no ntwetwe afoforo adwene pii, na ɛhyɛ wɔn mma nkuran ma wotie asɛm no sua ade, sɛnea mfe a wɔadi ne wɔn ahoɔden te.—Mmebusɛm 8:32.

9. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛatu mpɔn wɔ sɛnea yetie asɛm no mu?

9 Bere a Yesu kae sɛ: “Monhwɛ yiye sɛnea mote asɛm no fa” no, na ɔne mpanyimfo na ɛrekasa. (Luka 8:18) Nnansa yi, ne ka nyɛ den sɛ ne yɛ. Nokwasɛm ne sɛ, egye mmɔdenbɔ na obi atumi atie asɛm yiye, nanso yebetumi asua sɛnea yetie asɛm no. Bere a wutie Bible mu ɔkasa anaa nhyiam ase dwumadi bi no, bɔ mmɔden sɛ wode w’adwene besi emu nsɛntitiriw no so. Hwɛ nea ɔkasafo no rebɛka no kwan. Hwehwɛ nsɛm bi a wubetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu anaasɛ nea wode bedi dwuma wɔ w’asetram. Bere a ɔkasa no rekɔ so no, susuw nsɛm no ho. Kyerɛw nsɛm ntiantiaa to hɔ.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na awofo binom aboa wɔn mma ma wɔabɛyɛ atiefo pa, na akwan bɛn na aboa wo?

10 Wosua sɛnea wotie asɛm yiye wɔ mmofraase. Ansa na mmofra binom a womfii sukuu ase besua akenkan ne akyerɛw no, wɔn awofo hyɛ wɔn nkuran ma wɔkyerɛw “nsɛm” to hɔ bere a nhyiam rekɔ so no. Sɛ wɔbɔ nsɛm a wɔtaa ka te sɛ “Yehowa,” “Yesu,” anaa “Ahenni” so a, wɔkyerɛw biribi wɔ krataa bi so. Mmofra nam saa kwan yi so betumi asua sɛnea wɔde wɔn adwene si nea wɔka wɔ asɛnka agua so no so.

11 Ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mmofra a wɔanyinyin mpo nkuran ma wɔyɛ aso tie asɛm. Bere a abusua ti bi hui sɛ ne babarima a wadi mfe 11 adwene nni Kristofo mantam nhyiam bi ase no, ɔde Bible maa abofra no ka kyerɛɛ no sɛ sɛ akasafo no bɔ kyerɛwsɛm bi so a, ommue nhwɛ. Agya no a na ɔrekyerɛw nsɛm ntiantiaa ato hɔ no de n’ani dii ne ba a na okura Bible no akyi. Efi ɛno so no, abarimaa no de anigye dii nhyiam no akyi.

Ma Yɛnte Wo Nne

12, 13. Dɛn nti na ehia sɛ yɛde yɛn ho hyɛ asafo nnwonto mu?

12 Ɔhene Dawid too dwom sɛ: “Matwa w’afɔremuka ho mahyia, [Yehowa, NW], sɛ merema wɔate m’aseda dwom.” (Dwom 26:6, 7) Yehowa Adansefo nhyiam ahorow ma yenya hokwan ka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ. Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ asafo dwonto mu. Eyi yɛ yɛn som no fã titiriw, nanso ɛnyɛ den sɛ yebebu yɛn ani agu so.

13 Mmofra binom a wonnya nhuu akenkan no kyere Ahenni nnwom a wɔbɛto wɔ nhyiam ase no mu nsɛm gu wɔn tirim dapɛn biara. Wɔn ani gye sɛ wɔne mpanyimfo bom to dwom. Nanso bere a mmofra nyinyin no, etumi yɛ den ma wɔn sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Ahenni dwom a wɔto mu. Mpanyimfo binom nso fɛre sɛ wɔbɛto dwom wɔ nhyiam ase. Nanso, nnwonto ka yɛn som no ho, sɛnea asɛnka adwuma nso ka yɛn som no ho no ara pɛ. (Efesofo 5:19) Yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de yi Yehowa ayɛ wɔ asɛnka mu. So yentumi nhyɛ no anuonyam saa ara denam yɛn nne a yɛbɛma so so—sɛ ebia yɛn nne yɛ dɛ anaasɛ ɛnyɛ dɛ—de afi komam ato dwom ayi no ayɛ?—Hebrifo 13:15.

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi kan siesie yɛn ho yiye ma nea yebesua ho ade wɔ asafo nhyiam ase no?

14 Afei nso sɛ yɛma mmuae a ɛhyɛ nkuran wɔ nhyiam no afã a ɛhwehwɛ sɛ atiefo kasa no mu a, yɛde yi Onyankopɔn ayɛ. Eyi gye ahosiesie. Egye bere na yɛatumi asusuw nsɛm a emu dɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho. Ɔsomafo Paulo de nsi suaa Kyerɛwnsɛm no huu eyi. Ɔkyerɛwee sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ!” (Romafo 11:33) Mmusua ti, ehia sɛ moboa abusua muni biara ma ɔhwehwɛ Onyankopɔn nyansa a wɔada no adi wɔ Kyerɛwnsɛm mu no. Yi bere bi si hɔ wɔ bere a mode yɛ abusua Bible adesua no mu fa kyerɛkyerɛ nsɛm a emu yɛ den mu, na boa w’abusua no ma wonsiesie wɔn ho mma nhyiam ahorow.

15. Nyansahyɛ ahorow bɛn na ebetumi aboa obi ma wama mmuae wɔ asafo nhyiam ahorow ase?

15 Sɛ wopɛ sɛ wotaa ma mmuae wɔ nhyiam ahorow ase a, dɛn nti na wunni kan nsiesie nea wobɛka no nto hɔ? Asɛm tenten biara ho nhia. Anuanom no ani begye Bible mu asɛm a ɛfata a wobɛkenkan no yiye anaa nsɛm kakraa bi a wɔapaw a wubefi komam aka no, ho. Adawurubɔfo binom ka ma nea ɔhwɛ adesua so no gyaw nkyekyem bi mmuae a edi kan ma wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a hokwan a wɔde bɛda wɔn gyidi adi no mmɔ wɔn.

Nea Ne Ho Nkokwawee Bɛdan Onyansafo

16, 17. Afotu bɛn na ɔpanyin bi de maa asafo mu somfo bi, na dɛn nti na na etu mpɔn?

16 Wɔtaa kae yɛn wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow ase sɛ yɛnkenkan Onyankopɔn Asɛm daa. Saa a yɛbɛyɛ no yɛ anigye. Afei nso ɛboa yɛn ma yesi gyinae pa, teɛteɛ nipasu mu sintɔ ahorow, kwati sɔhwɛ ahorow, na sɛ yɛafa kwammɔne bi so a, yɛagyina yɛn nan so bio wɔ honhom fam.—Dwom 19:7.

17 Asafo mpanyimfo a wɔn ho akokwaw ayɛ krado sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu a ebedi yɛn ahiade ho dwuma bɛma yɛn. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ ‘yɛbɛsaw’ denam wɔn afotu a egyina Bible so a yɛbɛhwehwɛ no so. (Mmebusɛm 20:5) Da bi, aberante bi a ɔyɛ asafo mu somfo bisaa ɔpanyin bi sɛ ɔmma no nyansahyɛ a ɛbɛma ne ho aba mfaso kɛse wɔ asafo no mu. Ɔpanyin a na onim aberante no yiye no buee ne Bible no kɔɔ 1 Timoteo 3:3, a ɛka sɛ ɛsɛ sɛ mmarima a wɔapaw wɔn no “dwo” no. Ofi ayamye mu kyerɛɛ aberante no akwan a obetumi afa so ada odwo adi wɔ ɔne afoforo nsɛnnii mu. So afotu penpen a wɔde maa onua kumaa yi no haw no? Ɛnte saa koraa! Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔpanyin no de Bible na edii dwuma, enti mihui sɛ afotu no fi Yehowa hɔ.” Asafo mu somfo no fi anisɔ mu de afotu no dii dwuma, na ɔrenya nkɔso pii.

18. (a) Dɛn na ɛboaa Kristoni abeawa bi ma ɔkwatii sɔhwɛ wɔ sukuu mu? (b) Sɛ wuhyia sɔhwɛ a, Bible mu asɛm bɛn na wokae?

18 Onyankopɔn Asɛm betumi aboa mmerante ne mmabaa ma ‘wɔaguan mmerante bere mu akɔnnɔ’ nso. (2 Timoteo 2:22) Yehowa Dansefo abeawa bi a owiee ntoaso sukuu nkyɛe no tumi gyinaa sɔhwɛ ano bere a na ɔwɔ sukuu no nyinaa denam Bible mu nsɛm a na osusuw ho na ɔde di dwuma so. Na ɔtaa susuw afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 13:20 no ho: “Nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” Ne saa nti, ɔyɛɛ ahwɛyiye sɛ ɔne wɔn a wɔkyerɛ obu kɛse ma Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm nkutoo na ɛbɛfa adamfo. Ɔkae sɛ: “Mensen obiara. Sɛ mebɔ fekubɔne a, mɛpɛ sɛ mesɔ me nnamfonom ani, na ɛno betumi de me akɔ asiane mu.” Paulo afotu a ɛwɔ 2 Timoteo 1:8 no nso boaa no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedi ho, . . . na mmom hu asɛmpa no ho amane bi.” Nea ɛne saa afotu no hyia no, ofi akokoduru mu kaa ne Bible mu gyidi no ho asɛm kyerɛɛ ne sukuufo no bere biara a hokwan no buei no. Bere biara a wɔma no dwumadi sɛ ɔnkasa no, ɔpaw asɛm bi a ɛbɛma watumi afi anifere mu adi Onyankopɔn Ahenni ho adanse.

19. Dɛn nti na aberante bi antumi anko antia wiase yi nhyɛso, nanso dɛn na ɛma onyaa honhom fam ahoɔden?

19 Sɛ ɛba sɛ yɛman fi “treneefo kwan” so da bi a, Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn ma yɛateɛ yɛn akwan. (Mmebusɛm 4:18) Aberante bi a ɔte Afrika ankasa huu eyi. Bere a Yehowa Adansefo mu bi kɔsraa no no, ɔpenee Bible adesua so. N’ani gyee nea na ɔresua no ho, nanso ankyɛ na ɔde ne ho kɔhyɛɛ fekubɔne bi mu wɔ sukuu mu. Bere bi akyi no, ɔde ne ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu. Ogye tom sɛ: “M’ahonim kɔɔ so haw me, na migyaee nhyiam kɔ.” Akyiri yi, ofii ase kɔɔ nhyiam bio. Aberante no daa nokwasɛm yi adi: “Mibehui sɛ nea ɛde eyinom nyinaa bae ne sɛ, na madi kɔm honhom mu. Na menyɛ kokoam adesua. Enti na na mintumi nko ntia sɔhwɛ no. Afei mifii Ɔwɛn-Aban ne Nyan! akenkan ase. Nkakrankakra, minyaa honhom fam ahoɔden bio, na meyɛɛ nsakrae wɔ m’asetram. Eyi bɛyɛɛ adanse kɛse maa wɔn a wohuu nsakrae horow a meyɛe no. Wɔbɔɔ me asu, na mprempren mewɔ anigye.” Dɛn na ɛmaa aberante yi nyaa ahoɔden de dii ne honam fam mmerɛwyɛ no so? Ɔnam kokoam Bible adesua a ɔyɛɛ no daa so na enyaa honhom fam ahoɔden bio.

20. Ɔkwan bɛn so na aberante betumi ako atia Satan ntua?

20 Kristofo mmofra, mowɔ nhyɛso ase nnɛ! Sɛ mubetumi ako atia Satan ntua a, ɛsɛ sɛ mudi honhom fam aduan daa. Akyinnye biara nni ho sɛ, odwontofo a na ɔyɛ aberante no tee eyi ase. Ɔdaa Yehowa ase sɛ ɔde N’asɛm mae sɛnea ɛbɛyɛ na ‘aberante de bɛtew n’akwan’ ho.—Dwom 119:9.

Baabiara a Onyankopɔn Bɛka sɛ Yɛmfa no, Yɛbɛfa

21, 22. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ nokware kwan no so fa yɛ den dodo?

21 Yehowa dii Israel man no anim de wɔn fii Misraim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔ nnipa ani so no, na ɛte sɛ nea ɔpaw ɔkwan a ɛso fa yɛ den a na ɛho nhia sɛ anka wɔfa so. Sɛ́ anka ɔbɛma wɔafa ɔkwan a ɛte sɛ nea ɛso fa nyɛ den, a ɛyɛ tẽẽ wɔ Mediterranea Po no ho so no, Yehowa dii ne man no anim de wɔn faa sare so kwan a na ɛso fa yɛ den no so. Nanso, nokwasɛm ne sɛ na eyi yɛ ayamye ade wɔ Onyankopɔn fam. Ɛwom sɛ na ɔkwan a ɛda po ho no nware de, nanso anka ɛbɛma Israelfo no akɔfa Filistifo a wɔmpɛ wɔn asɛm no asase so. Ɛdenam ɔkwan foforo a Yehowa pawee so no, ɔmaa ne nkurɔfo no kwatii ntawntawdi a anka wɔne Filistifo no benya no ntɛm ara no.

22 Saa ara na ɛtɔ mmere bi a, ɔkwan a Yehowa de yɛn nam so nnɛ no bɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ den. Dapɛn biara, yɛwɔ Kristofo dwumadi ho nhyehyɛe a adagyew nnim, a asafo nhyiam ahorow, kokoam adesua, ne asɛnka ka ho. Ɛte sɛ nea akwan foforo so fa nyɛ den. Nanso gye sɛ yedi Onyankopɔn akyi ansa na yɛatumi adu baabi a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedu no. Enti, momma yɛnkɔ so ntie akwankyerɛ a ehia a Yehowa de ma no, na yɛnkɔ so mfa ‘akwantrenee’ so daa!—Dwom 27:11.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

Dɛn nti na ehia titiriw sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam daa?

Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ama wɔayɛ aso atie asɛm wɔ nhyiam ase?

Otiefo pa a obi bɛyɛ no kyerɛ dɛn?

Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛama mmuae wɔ nhyiam ahorow ase?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Kristofo nhyiam a yɛbɛkɔ no boa ma Yehowa da no tra yɛn adwenem

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Yɛwɔ akwan pii a yebetumi afa so ayi Yehowa ayɛ wɔ Kristofo nhyiam ase