Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yesu Kristo Betumi Aboa yɛn

Sɛnea Yesu Kristo Betumi Aboa yɛn

Sɛnea Yesu Kristo Betumi Aboa yɛn

NEA Yesu Kristo yɛ de boaa nkurɔfo bere a na ɔwɔ asase so no yɛ nwonwa. Na eyi yɛ nokware araa ma bere a obi a ohui reka Yesu asetra ho nsɛm no, ɔkae sɛ: “Nneɛma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛe, ɛno na sɛ wɔkyerɛw ne nyinaa mmiako mmiako a, anka misusuw sɛ nhoma a wɔbɛkyerɛw no rensen wiase mpo.” (Yohane 21:25) Esiane sɛ Yesu yɛɛ nneɛma pii wɔ asase so nti, yebetumi abisa sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na obetumi ayɛ yɛn boafo wɔ soro? So yebetumi anya Yesu mmɔborohunu kɛse no so mfaso mprempren?’

Mmuae no yɛ ade a ɛka koma na awerɛhyem wom ankasa. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Kristo hyɛnee “ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.” (Hebrifo 9:24) Dɛn na ɔyɛ maa yɛn? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Ɛnyɛ mpapo ne anantwi mma mogya so na Kristo nam kɔɔ kronkron mu [“ɔsoro ankasa”], na mmom, n’ankasa ne mogya so na ɔnam kɔe prɛko konyaa daa ogye.’—Hebrifo 9:12; 1 Yohane 2:2.

Asɛmpa bɛn ara ni! Sɛ anka ɔsoro a Yesu kɔe no de adwuma pa a ɔreyɛ ma nnipa no bɛba awiei no, ɛno mmom na ɛma otumi yɛɛ nneɛma pii maa adesamma. Ɛte saa efisɛ, Onyankopɔn nam n’ayamye kɛse so paw Yesu sɛ ɔnsom sɛ “sɔfo”—ɔsɔfo panyin—‘a ɔte Otumfoɔ Kɛse no ahengua no nifa wɔ soro.’—Hebrifo 8:1, 2.

‘Ɔsɔfo’

Enti, Yesu bɛyɛ asɔfodwuma wɔ soro ama adesamma. Ɔbɛyɛ adwuma a ɛte sɛ nea Israel sɔfo panyin yɛ maa Onyankopɔn asomfo tete mmere mu no. Ná ɛyɛ adwuma bɛn? Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔsɔfo panyin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛde ne afɔre mma, enti ɛsɛ sɛ oyi [Yesu Kristo a ɔkɔ soro] nso nya biribi a ɔde bɛma.”—Hebrifo 8:3.

Na Yesu bɛyɛ biribi a ɛkorɔn koraa sen nea ɔsɔfo panyin no yɛe wɔ tete no. “Sɛ mpapo ne anantwinini mogya” tumi de tete Israelfo no kɔɔ honhom fam ahotew mu a, ‘mpɛn ahe ara na Kristo rentew yɛn ahonim ho mfi nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no?’—Hebrifo 9:13, 14.

Yesu yɛ ɔsɔfo a ɔda nsow nso, efisɛ wama no nkwa a owu nni mu. Tete Israel de “esiane sɛ owu amma wɔantra hɔ nti, wɔyɛɛ asɔfo a wɔdɔɔso.” Na Yesu nso ɛ? Paulo kyerɛw sɛ: “[Ɔno] de, sɛ ɔte hɔ daa nti, odi sɔfo a wɔnsakra. Enti nso obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.” (Hebrifo 7:23-25; Romafo 6:9) Yiw, yɛwɔ ɔsɔfo a ‘ɔte hɔ daa a obedi ama yɛn bere nyinaa,’ wɔ Onyankopɔn nsa nifa so wɔ soro. Wo de susuw nea ɛno kyerɛ ma yɛn nnɛ no ho hwɛ!

Bere a na Yesu wɔ asase so no, nkurɔfo kɔɔ ne nkyɛn kɔhwehwɛɛ mmoa, na ɛtɔ mmere bi a na wotwa kwan tenten na ɛkɔ. (Mateo 4:24, 25) Yesu fi soro hu amanaman nyinaa mu nnipa. Ofi ne soro hɔnom tumi yɛ ade sɛ ɔsɔfo bere biara.

Yesu Yɛ Ɔsɔfo Panyin Bɛn?

Sɛnea wɔayɛ Yesu Kristo ho kyerɛwtohɔ wɔ Nsɛmpa no mu no mma yennya adwenem naayɛ biara wɔ sɛnea ɔboa afoforo ne ayamhyehye a ɔwɔ no ho. Hwɛ sɛnea na ɔwɔ ahofama! Mpɛn pii na nkurɔfo kɔhaw wɔn bere a na ɔne n’asuafo rebɔ mmɔden sɛ wobenya bere agye wɔn ahome no. Sɛ́ anka ɔbɛte nka sɛ nkurɔfo ahaw wɔn asomdwoe no, nkurɔfo a wɔkɔhwehwɛɛ ne mmoa no ‘yɛɛ no mmɔbɔ.’ Bere a na Yesu abrɛ, na ɔkɔm ne sukɔm de no mpo no, “ogyee wɔn,” na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obegyae adidi na waboa abɔnefo a wɔwɔ koma pa no.—Marko 6:31-34; Luka 9:11-17; Yohane 4:4-6, 31-34.

Nkurɔfo no yɛɛ Yesu mmɔbɔ ma ɔfaa ɔkwampa so dii wɔn honam, nkate, ne honhom fam, ahiade ho dwuma maa wɔn. (Mateo 9:35-38; Marko 6:35-44) Afei nso, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwehwɛ ahotɔ ne awerɛkyekye a ɛtra hɔ daa. (Yohane 4:7-30, 39-42) Sɛ nhwɛso no, hwɛ abotɔyam a ɛwɔ nsa a ɔto frɛɛ wɔn no mu: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.”—Mateo 11:28, 29.

Ná ɔdɔ a Yesu wɔ ma nkurɔfo no mu yɛ den araa ma awiei koraa no, ɔde ne nkwa too hɔ maa adesamma abɔnefo. (Romafo 5:6-8) Wɔ eyi ho no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “[Yehowa Nyankopɔn a] wankame n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? . . . Kristo ne nea owui na mpo wanyan, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso odi ma yɛn.”—Romafo 8:32-34.

Ɔsɔfo Panyin a Obetumi Ahu Yɛn Mmɔbɔ

Sɛ́ onipa no, ɔkɔm ne sukɔm dee Yesu, ɔbrɛe, odii yaw, ɔtee yaw, na owui. Ɔhaw ne nhyɛso ahorow a ohyiae no siesiee no ɔkwan soronko so ma ɔsomee sɛ adesamma a wɔrehu amane no Sɔfo Panyin. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ehiaa [Yesu] sɛ ɔsɛ ne nuanom ade nyinaa mu, na wayɛ mmɔborohunu ne nokware sɔfo panyin, Onyankopɔn fam nneɛma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata. Na sɛ n’ankasa huu ɔsɔ a wɔsɔɔ no hwɛe mu amane nti, otumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.”—Hebrifo 2:17, 18; 13:8.

Yesu daa no adi sɛ ɔfata, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa nkurɔfo ma wɔabɛn Onyankopɔn. Nanso, so eyi kyerɛ sɛ, na ɛsɛ sɛ ɔkɔ so srɛ Onyankopɔn tirimɔdenfo bi a onni mmɔborohunu a ɔmpɛ sɛ ɔde bɔne firi? Dabi, efisɛ Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ ‘Yehowa ye, na ɔde firi.’ Ɛka nso sɛ: “Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.” (Dwom 86:5; 1 Yohane 1:9) Nokwarem no, odwo mu a Yesu fi kasae na ɔyɛɛ n’ade no da ayamhyehye, mmɔborohunu, ne ɔdɔ a N’agya wɔ no adi.—Yohane 5:19; 8:28; 14:9, 10.

Ɔkwan bɛn so na Yesu ma abɔnefo a wɔanu wɔn ho no nya ahotɔ? Denam boa a ɔboa wɔn ma wonya anigye ne abotɔyam wɔ mmɔden a wofi komam bɔ sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani no mu no so. Bere a Paulo rekyerɛw ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no, ɔbɔɔ tebea no mua kaa ho asɛm sɛ: “Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛse a watwa ɔsoro mu, Yesu, Onyankopɔn ba no, yi, momma yenso yɛn asɛm a yegyina so ka no mu dennen. Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne. Enti momma yɛmfa nnam mmra ɔdom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu ɔdom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.”—Hebrifo 4:14-16.

‘Mmoa Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu’

Nanso, sɛ yehyia ɔhaw ahorow na yɛte nka sɛ ɛsen nea yebetumi adi ho dwuma—yare a emu yɛ den, afobu a emu yɛ den, abasamtu a ebunkam yɛn so, ne adwenemhaw a, dɛn na yebetumi ayɛ? Yebetumi de nsiesiei a Yesu ankasa de ne ho too so na ɔde dii dwuma bere nyinaa—mpaebɔ hokwan a ɛsom bo a yɛwɔ no—adi dwuma. Sɛ nhwɛso no, ade rebɛkye ma ɔde ne nkwa ama ama yɛn anadwo no, “ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.” (Luka 22:44) Yiw, Yesu nim sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae denneennen. “Ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ɔfɛre nti wotiee no.”—Hebrifo 5:7.

Yesu nim nea ‘tie a wotie’ obi na wɔhyɛ no den no kyerɛ. (Luka 22:43) Afei nso, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Biribiara a mobɛsrɛ agya no me din mu no, ɔde bɛma mo. . . . Monsrɛ, na mubenya, na mo anigye awie pɛyɛ.” (Yohane 16:23, 24) Enti, yebetumi de ahotoso asrɛ Onyankopɔn hɔ ade sɛ ɔmma ne Ba no mfa ne tumi ne n’agyede afɔrebɔ no bo no nni dwuma mma yɛn.—Mateo 28:18.

Yebetumi anya ahotoso sɛ Yesu befi ne dibea a ɔwɔ wɔ soro no mu de mmoa a ɛfata ama wɔ bere a ɛsɛ mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛayɛ bɔne bi na yɛanu yɛn ho ankasa a, awerɛhyem a yɛwɔ sɛ “yɛwɔ okyigyinafo [ɔboafo, NW] bi, agya no nkyɛn” no betumi ama yɛanya awerɛkyekye. (1 Yohane 2:1, 2) Yɛn Boafo ne Ɔwerɛkyekyefo a ɔwɔ soro no di ma yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a wobebua mpae a yɛbɔ wɔ ne din mu a ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia no.—Yohane 14:13 14; 1 Yohane 5:14, 15.

Kristo Mmoa Ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ

Nneɛma pii wɔ Onyankopɔn Ba no a yɛnam ne so bɛsrɛ Nyankopɔn hɔ ade no mu. Sɛnea yɛbɛka no no, ‘Kristo nam tɔ’ a ɔde n’agyede afɔrebɔ no bo ‘atɔ’ yɛn no so abɛyɛ obi a ‘watɔ’ adesamma abusua no. (Galatifo 3:13; 4:5; 2 Petro 2:1) Yebetumi akyerɛ nea Kristo ayɛ ama yɛn no nyinaa ho anisɔ denam gye a yebegye no atom sɛ yɛn wura, na yɛagye nsa a ɔto frɛ yɛn yi so anigye so: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛndua daa, na onni m’akyi.” (Luka 9:23) Obi ‘ho akyi a ɔbɛpa’ no nyɛ n’ano kɛkɛ a ɔde bɛka sɛ wanya owura foforo. Anyɛ yiye koraa no, Kristo ‘wu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama nea owu maa wɔn no.’ (2 Korintofo 5:14, 15) Enti, anisɔ a yebenya ama agyede no benya yɛn su, botae, ne asetra kwan, so nkɛntɛnso kɛse. Ɛsɛ sɛ daa ka a yɛde ‘Kristo Yesu a ɔde ne ho mae maa yɛn’ no kanyan yɛn ma yesua ɔno ne N’agya a ɔwɔ dɔ, Yehowa Nyankopɔn, ho ade pii. Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebenyin wɔ gyidi mu, na yɛde Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a mfaso wɔ so atra ase, na yɛabɔ “nnwuma pa ho mmɔden.”—Tito 2:13, 14; Yohane 17:3.

Kristofo asafo no so na yɛnam nya honhom fam aduan, nkuranhyɛ, ne akwankyerɛ, wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mateo 24:45-47; Hebrifo 10:21-25) Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔn mu bi yare honhom fam a, wobetumi ‘afrɛ asafo mu mpanyimfo.’ Yakobo de awerɛhyem yi ka ho sɛ: “Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na Yehowa bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde befiri no.”—Yakobo 5:13-15, NW.

Sɛ yɛbɛyɛ mfato ho a: Ɔbarima bi a ɔda afiase wɔ South Africa kyerɛw asafo mu panyin bi kyerɛɛ anisɔ a ɔwɔ ma “Yehowa Adansefo nyinaa a wɔreyɛ adwuma pa a Yesu Kristo fii ase a ɛne sɛ wɔreboa nkurɔfo ma wɔakɔ Onyankopɔn Ahenni mu no.” Ɔsan kyerɛwee sɛ: “M’ani gyee kɛse sɛ me nsa kaa mo krataa no. Sɛnea me honhom fam ogye ho hia mo no kaa me yiye. Ɛno titiriw na ama mafi ase resusuw adwensakra a Yehowa Nyankopɔn rehwehwɛ ho no. Mfirihyia 27 ni na madi apere ayera kwan wɔ bɔne, nnaadaa, aguamammɔ, ɔbrasɛe, ne atoro som mu. Bere a mihuu Yehowa Adansefo akyi no, mete nka sɛ mahu kwan no—ɔkwantrenee no! Nea ɛsɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛfa so.”

Yebenya Mmoa Pii Nnansa Yi Ara

Wiase nsɛm tebea a ɛregyigya no di adanse pefee sɛ yɛte abakɔsɛm mu bere a ɛho hia a ebedi “ahohiahia kɛse” no a ɛbɛpae agu no anim mu. Mprempren, nnipakuw kɛse a wofi aman, mmusuakuw, nkurɔfo, ne kasa nyinaa mu ‘rehoro wɔn ntade ma ahoa wɔ oguammaa no mogya mu.’ (Adiyisɛm 7:9, 13, 14; 2 Timoteo 3:1-5) Wɔnam Yesu agyede no mu gyidi a wɔkyerɛ so renya bɔne fafiri, na wɔreboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn abenya abusuabɔ a emu yɛ den—nokwarem no, wɔabɛyɛ ne nnamfo.—Yakobo 2:23.

Oguammaa no, Yesu Kristo, “bɛyɛn [wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ ahohia kɛse no mu], na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.” (Adiyisɛm 7:17) Afei Kristo bɛyɛ n’asɔfodwuma no awie. Ɔbɛboa Onyankopɔn nnamfo nyinaa ma wɔanya “nkwa asuti” no so mfaso—honhom fam, honam fam, adwenem, ne nkate mu—akosi ase. Afei Yesu bewie dwumadi a ofii ase wɔ afe 33 Y.B. mu, na ofi soro toaa so fi saa bere no koraa.

Enti, mpa abaw sɛ wobɛkyerɛ nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama yɛn—na wogu so reyɛ ma yɛn—no ho anisɔ kɛse da. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ nkuran sɛ: “Momma mo ani nnye Awurade mu daa! . . . Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 4:4, 6, 7.

Ɔkwan titiriw bi wɔ hɔ a wubetumi afa so akyerɛ Yesu Kristo, yɛn Boafo a ɔwɔ soro no ho anisɔ. Wukuda, April 19, 2000, bere a owia akɔtɔ no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam adi Kristo wu ho Nkae no. (Luka 22:19) Eyi bɛyɛ hokwan a wode bɛma anisɔ a wowɔ wɔ Kristo ogye afɔre no mu ayɛ den. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ bra betie sɛnea wubetumi anya Onyankopɔn nkwagye nhyehyɛe a ɛyɛ anigye a ɔnam Kristo so de reba no so mfaso daa. Yɛsrɛ sɛ hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ ma wɔnkyerɛ wo bere ne beae pɔtee a wɔbɛyɛ nhyiam titiriw yi.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu nim sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae denneennen

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]

Kristo bɛboa yɛn ma yɛagyina nsɛnnennen a ɛsen nea yɛn nkutoo betumi adi ho dwuma no ano

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Kristo nam mpanyimfo a wɔwɔ dɔ so boa yɛn