Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛka Kristofo Anidaso Ho Asɛm Wɔ Senegal

Yɛka Kristofo Anidaso Ho Asɛm Wɔ Senegal

Yɛyɛ Wɔn A Wɔwɔ Gyidi

Yɛka Kristofo Anidaso Ho Asɛm Wɔ Senegal

APATAA ayɛ aduan titiriw fi tete mmere mu. Mfe mpempem pii no, nnipa ayi mpataa wɔ ɛpo, atare ne nsubɔnten a ɛwowɔ asase so no mu. Ná Yesu Kristo asomafo no bi yɛ apofofo wɔ Galilea Po so. Yesu kaa mpataayi foforo bi ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Na eyi yɛ honhom fam mpataayi a apofofo no ne mpataa no nyinaa benya so mfaso.

Ɛdefa eyi ho no, Yesu see Petro a na oyi mpataa no sɛ: “Efi nnɛ wubeyi nnipa.” (Luka 5:10) Ɛnnɛ wɔreyɛ saa mpataayi adwuma yi wɔ bɛboro nsase 230 so, a Senegal ka ho. (Mateo 24:14) Wɔ hɔ no, nnɛ mmere yi mu “nnipa yifo” de akokoduru ka wɔn Kristofo anidaso ho asɛm kyerɛ afoforo.—Mateo 4:19.

Senegal da Afrika atɔe fam pɛɛ. Ɛtrɛw fi anhweatam a ɛne Sahara bɔ hye wɔ kusuu fam no ano kosi Casamance mantam no mu kwae a emu yɛ nwini no ano wɔ kesee fam. Senegal yɛ ɔman a anhweatam no so mframa a emu yɛ hyew ne Atlantic po no so mframa a emu yɛ nwini bɔ fa so. Nnipa bɛboro ɔpepem akron na ɛte hɔ. Wonim Senegalfo sɛ wɔpɛ ahɔhoyɛ. Wɔn mu dodow no ara nyɛ Kristofo. Wɔn mu pii yɛ nguanhwɛfo, afoforo nso hwɛ anantwi, mfurum, ne mpɔnkye. Akuafo a wodua nkate, asaawa, ne ɛmo nso wɔ hɔ. Yiw apofofo nso a wɔde wɔn asawu a nam ayɛ mu ma fi Atlantic Po no ne nsubɔnten akɛse pii a ɛdeda ɔman no mu no mu ba fie wɔ hɔ. Mpataayi adwuma no di dwuma titiriw wɔ Senegalfo sikasɛm mu. Nokwarem no, ɔman no aduan a wonim paa ne ceebu jën, aduan a ɛyɛ dɛ a wɔde ɛmo, apataa, ne nhabamma yɛ.

“Nnipa Yifo”

Onyankopɔn Ahenni asɛnkafo 863 a wɔyɛ nnam na wɔwɔ Senegal. Honhom fam mpataayi fii ase wɔ ha wɔ 1950 mfe no mfiase. Wɔ 1965 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no buee baa dwumadibea wɔ Dakar a ɛyɛ ɔman no ahenkurow. Asɛmpatrɛwfo, “nnipa yifo” a wofi aman pii a ɛwɔ akyirikyiri so fii ase baa hɔ. Wofii “mpataayi” adwuma no ase na Kristofo anidaso a wɔka ho asɛm wɔ Senegal no nyaa nkɔanim. Awiei koraa no, wosii baa dwumadibea foforo wɔ Almadies wɔ Dakar kurotia, na wohyiraa so maa Yehowa wɔ June 1999 mu. Ahurusidi bere bɛn ara ni!

Sɛnea Ɛyɛ Den sɛ Wobegye Nokware No

Wɔkɔ nnipa a wɔn gyinabea gu ahorow pii nkyɛn daa, na ebinom atie anidaso asɛm a wohu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Ɛwom sɛ wɔn mu pii nni Bible no ho nimdeɛ de, nanso wɔn ani gye sɛ wosua sɛ bɔ ahorow a Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ tete adiyifo anokwafo no, ɛrenkyɛ ɛbɛba mu.

Mpɛn pii no egye akokoduru na obi adi Kristofo nnyinasosɛm so pɛpɛɛpɛ, titiriw bere a abusua atetesɛm ne amammerɛ ho asɛm sɔre no. Sɛ nhwɛso no, aware dodow yɛ ade a wɔyɛ no kɛse wɔ Senegal. Susuw ɔbarima bi a na ɔwɔ yerenom baanu bere a ofii ase suaa Bible no asɛm no ho. So na ɔwɔ akokoduru a ɔde begye Kristofo nokware no atom na wadi Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde so ayɛ ɔyere biako kunu? (1 Timoteo 3:2) Na so na ɔbɛfa ne mmerante bere mu yere, ɔbea a odii kan waree no no anaa? Ɛno ne ade a ɔyɛe, na seesei ɔsom sɛ ɔpanyin a ɔyɛ nnam wɔ asafo akɛse a ɛwɔ Dakar mpɔtam hɔ no biako mu. Ne mma 12 no nyinaa ne ne yere a odi kan no nso agye nokware no, 10 yɛ ne yere a odi kan no mma na 2 nso yɛ ne yere a na ɔto so abien no mma.

Akwanside foforo a ɛmma wontumi nnye Kristofo anidaso no ntom nso ne akenkan ne akyerɛw. Na so eyi kyerɛ sɛ obi a onnim akenkan ne akyerɛw ntumi nnye nokware no na ɔmfa ntra ase? Ɛnte saa koraa. Susuw Marie, ɛna a ɔyɛ adwumaden a ɔwɔ mma nkumaa baawɔtwe nhwɛso no ho. Ohuu ntɛm sɛ ɛho hia sɛ ɔne ne mma susuw Bible mu kyerɛwsɛm ho da biara ansa na wɔakɔ sukuu na ɔno nso akɔ adwuma. Nanso ɔkwan bɛn so na na obetumi ayɛ eyi bere a onnim akenkan no? Anɔpa biara na ɔfa Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa no kogyina anhwea kwan a ɛda ne fie anim no so. Bere a nnipa retwam no obisa wɔn sɛ wonim akenkan anaa. Sɛ ohu obi a onim akenkan a, ɔde nhomawa no ma no na ɔka sɛ: “Mintumi nkenkan ade, enti mesrɛ wo wobetumi akenkan ɔfã yi ama me nnɛ?” Otie akenkan no yiye. Na afei ɔda onipa no ase na ntɛm ara ɔkɔ ne fie na ɔne ne mma kosusuw kyerɛwsɛm no ho anigye so ansa na wɔakɔ sukuu!

Nnipa Ahorow Nyinaa Gye Asɛm no Tom

Wɔ Senegal no, wotumi hu nnipa sɛ wɔtete mmɔnten so retɔn nam, afum nnuan, anaa nnuaba wɔ gua so anaasɛ wɔtete nufuten nnua akɛse ase renom ataya, tii bi a emu yɛ nwene kakra. Esiane sɛ na anuanom baanu asi wɔn bo sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ obiara a wobehyia no nti, wɔkasa kyerɛɛ obubuafo bi a ɔresrɛsrɛ ade wɔ abɔnten so. Bere a wokyiaa no wiei no, wosee no sɛ: “Nnipa pii ma wo sika de nanso wonnyina ne wo nkasa. Yɛaba ha sɛ yɛrebɛka biribi a ɛho hia a ɛfa wo daakye ho akyerɛ wo.” Ɛyɛɛ nea ɔsrɛsrɛ ade no nwonwa. Anuanom no toaa so sɛ: “Yɛpɛ sɛ yebisa wo asɛm bi. Wususuw sɛ dɛn nti na ɔhaw pii wɔ wiase saa?” Obubuafo no buae sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ.”

Anuanom no fi Kyerɛwnsɛm mu ne no susuw nsɛm ho na wɔkyerɛkyerɛɛ Adiyisɛm 21:4 mu kyerɛɛ no. Saa anidaso asɛm yi ne nokwasɛm a ɛne sɛ obi ani gye ne ho ma enti ogyinae ne no susuw Bible ho yi kaa obubuafo no kɛse. N’ani taataa nsu. Sɛ anka ɔbɛsrɛ anuanom yi sika no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmfa ne sika a wanya a egu ne kankyee a ɔde srɛsrɛ sika no mu no! Ɔhyɛɛ wɔn denneennen maa obiara a na ɔretwam no tee. Egyee mmɔdenbɔ kɛse ansa na anuanom yi rema wafa ne sika no. Ɔpenee so wiei no ɔhyɛe sɛ wɔnsan mmɛsra no bio.

Sukuupɔn a ɛwɔ Dakar no nso de bi reka honhom fam asawu mu nam no ho. Ɛhɔ no, sukuuni bi a osua aduruyɛ a wɔfrɛ no Jean-Louis fii ase suaa Bible no. Ogyee nokware no ntɛm so, na ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa na ɔbɔɔ asu. Ná ɔpɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn wɔ bere nyinaa akwampae som adwuma no mu, nanso na n’ani gye n’aduruyɛ adesua no ho. Esiane nhyehyɛe bi a na ɔne ne man ayɛ nti, na ɛsɛ sɛ owie n’adesua no. Nanso ofii ase somee sɛ ɔkwampae boafo saa bere no ara. Bere a ne nsa kaa n’abodin krataa sɛ oduruyɛfo a ɔfata ara pɛ no, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛsom wɔ Afrika Betel fie kɛse bi mu sɛ abusua no duruyɛfo. Aberante foforo bi nso a wɔkɔɔ ne nkyɛn wɔ Dakar Sukuupɔn mu nso ne Betel abusua no resom wɔ ne man mu mprempren.

Nokwarem no honhom fam mpataayi wɔ Senegal no resow aba. Wɔkyerɛ Yehowa Adansefo Bible nhoma ahorow ho anisɔ kɛse na mprempren wɔretintim no Wolof kasa a wɔka wɔ ɔman no mu no mu. Asɛmpa no a wɔte wɔ wɔn kasa mu no akanyan nnipa komapafo pii ma wɔatie no fɛw so. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛdenam Yehowa nhyira so no wobeyi sɛnkyerɛnne kwan so mpataa pii bere a Senegal “nnipa yifo” a wɔyɛ nnam no kɔ so de gyidi ne akokoduru ka Kristofo anidaso ho asɛm no.

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 31]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

SENEGAL

[Mfonini]

Wɔreka Kristofo anidaso no ho asɛm wɔ Senegal

[Asɛm Fibea]

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.