Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Honhom Yɛ Adwuma Nnɛ?

Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Honhom Yɛ Adwuma Nnɛ?

Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Honhom Yɛ Adwuma Nnɛ?

NÁ ƆYƐ obubuafo fi ne na yam. Daa na ɔtra asɔrefi pon a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano, sɛnea ɛbɛyɛ na wasrɛ mmɔborohunu ade afi wɔn a wɔrekɔ asɔre no hɔ. Nanso bere bi saa obubuafo yi nyaa biribi a na ɛsom bo sen sika. Onyaa ayaresa!—Asomafo no Nnwuma 3:2-8.

Ɛwom sɛ ɔsomafo Petro ne Yohane na ‘wɔmaa no so maa n’anammɔn mu yɛɛ no den’ de, nanso wɔannye ayaresa no ho anuonyam no amma wɔn ho. Dɛn ntia? Petro ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwonwa, anaasɛ dɛn na mohwɛ yɛn haa te sɛnea yɛn ankasa tumi anaa ɔsom pa na yɛde ma ɔnantewee yi?” Nokwarem no, Petro ne Yohane nyinaa hui sɛ ɛnyɛ wɔn ankasa tumi, na mmom ɛnam Onyankopɔn honhom kronkron so na wotumi yɛɛ biribi a ɛte saa.—Asomafo no Nnwuma 3:7-16; 4:29-31.

Wɔyɛɛ “ahoɔdenne” no de kyerɛɛ sɛ saa bere no na Onyankopɔn pene Kristofo asafo a na wɔatew no foforo no so. (Hebrifo 2:4) Nanso ɔsomafo Paulo kae sɛ sɛ edi n’atirimpɔw ho dwuma wie a, ‘ebegu.’ * (1 Korintofo 13:8) Enti ɛnnɛ, yenni ayaresa ne nkɔmhyɛ nsɛm, anaa adaemone a wotu ho tumi biara a efi Nyankopɔn wɔ nokware Kristofo asafo mu.

So eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom kronkron nyɛ adwuma bio? Ɛnte saa koraa! Ma yensusuw akwan foforo a Onyankopɔn honhom nam so yɛɛ adwuma wɔ afeha a edi kan no mu, ɛne sɛnea edi dwuma wɔ yɛn bere yi mu ho nhwɛ.

“Nokware Honhom No”

Ɔkwan biako a Onyankopɔn honhom kronkron nam so di dwuma ne sɛ ɛka biribi, ɛma nimdeɛ, ɛda nokware adi. Bere tiaa bi ansa na ɔrebewu no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mewɔ nsɛm pii bio meka mekyerɛ mo, nanso muntumi nsoa mprempren. Na sɛ ɔno, nokware honhom no nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu.”—Yohane 16:12, 13.

Wohwiee “nokware honhom no” guu asuafo 120 no so wɔ Pentekoste 33 Y.B. bere a na wɔahyiam wɔ Yerusalem abansoro dan bi so de honhom kronkron bɔɔ wɔn asu. (Asomafo no Nnwuma 2:1-4) Ná ɔsomafo Petro ka wɔn a na wɔwɔ saa afe afe afahyɛ no ase no ho. Petro a na honhom kronkron ahyɛ no ma no “sɔre gyinae” anaasɛ ɔmaa nokware a ɛfa Yesu ho no mu daa hɔ. Sɛ́ nhwɛso no, ɔkaa sɛnea ‘Onyankopɔn ama Nasareni Yesu so wɔ ne nsa nifa so’ ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 2:14, 22, 33) Afei nso, Onyankopɔn honhom kaa Petro maa ɔde akokoduru ka kyerɛɛ n’atiefo Yudafo no sɛ: “Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.” (Asomafo no Nnwuma 2:36) Ɛdenam Petro nsɛm a efi honhom mu no so no, nnipa bɛyɛ mpem abiɛsa de “fɛw gyee n’asɛm no” na wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu. Wɔ saa kwan no so no, Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛɛ wɔn kwan maa wɔbaa nokware no mu.—Asomafo no Nnwuma 2:37-41.

Onyankopɔn honhom kronkron no dii dwuma nso sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne ɔkaakaefo. Yesu kae sɛ: “Na okyigyinafo a ɔne Honhom kronkron a m’agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.”—Yohane 14:26.

Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron no yɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo? Onyankopɔn honhom kronkron no buee asuafo no adwenem wɔ nneɛma a na wɔate afi Yesu hɔ dedaw nanso na wonnya ntee ase nwiee no ho. Sɛ nhwɛso no, na asomafo no nim sɛ Yesu aka akyerɛ Pontio Pilato, Roma amrado a na ɔwɔ Yudea no wɔ ne sɔhwɛ bere no mu sɛ: “M’ahenni mfi wiase.” Nanso bere a Yesu rebɛkɔ soro bɛboro nnafua 40 akyi no, na asomafo no da so ara kura adwene a ɛnteɛ a ɛne sɛ wɔde Ahenni no besi hɔ wɔ asase yi so ha. (Yohane 18:36; Asomafo no Nnwuma 1:6) Ɛda adi sɛ, asomafo no ante nea na Yesu nsɛm no kyerɛ ankasa ase kosi sɛ wohwiee Onyankopɔn honhom kronkron no guu wɔn so wɔ Pentekoste 33 Y.B.

Onyankopɔn honhom dii dwuma nso sɛ ɔkaakaefo denam Yesu nkyerɛkyerɛ pii a ɛma wɔkaee no so. Sɛ nhwɛso no, nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo wu ne ne wusɔre ho no maa wonyaa ntease foforo denam honhom kronkron no mmoa so. (Mateo 16:21; Yohane 12:16) Yesu nkyerɛkyerɛ a wɔkaakaee no boaa asomafo no maa wɔde akokoduru gyinaa pintinn kyerɛkyerɛɛ wɔn gyinabea mu kyerɛɛ ahemfo, atemmufo, ne nyamesom akannifo.—Marko 13:9-11; Asomafo no Nnwuma 4:5-20.

Nea ɛka ho bio nso ne sɛ Onyankopɔn honhom kronkron no kyerɛɛ Kristofo a wodii kan no kwan maa wɔkɔɔ asasesin a ɛsow aba mu wɔ wɔn som adwuma no mu. (Asomafo no Nnwuma 16:6-10) Onyankopɔn honhom no nso kanyan Kristofo a wodi kan no maa wɔkyerɛw Onyankopɔn Asɛm, Bible no sɛnea ɛbɛyɛ a adesamma nyinaa benya so mfaso. (2 Timoteo 3:16) Enti ɛda adi sɛ, honhom kronkron no dii dwuma wɔ akwan pii so wɔ afeha a edi kan no mu. Ɛnyɛ anwonwade nkutoo nti na wɔde mae.

Honhom Kronkron no Wɔ Yɛn Bere Yi Mu

Saa ara nso na honhom kronkron no reyɛ adwuma boa nokware Kristofo wɔ yɛn bere yi mu. Eyi bɛdaa adi wɔ Bible asuafo kuw ketewa bi a na wɔwɔ Allegheny, Pennsylvania, U.S.A., no fam wɔ afeha a ɛto so 19 fã a etwa to no mu. Saa Bible asuafo yi pɛe sɛ wohu “nokware no.”—Yohane 8:32; 16:13.

Ɛdefa Kyerɛwnsɛm no mu nokware a na ɔrehwehwɛ ho no, Charles Taze Russell a na ɔyɛ kuw yi muni no kae sɛ: “Mebɔɔ mpae . . . sɛnea ɛbɛyɛ a meyi nsusuwii dedaw a enni nnyinaso biara a ebetumi ayɛ akwanside no afi me koma ne m’adwene mu na ama ne honhom no ama me ntease pa.” Onyankopɔn tiee ahobrɛase mu a ofi bɔɔ mpae yi.

Bere a Russell ne ne mfɛfo de nsiyɛ hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu no, nneɛma pii mu bɛdaa hɔ fann. Russell kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yebehui sɛ mfehaha pii ni a matew-me-ho akuw pii akyekyɛ Bible nkyerɛkyerɛ mu de nnipa nsusuwii ne mfomso bi ahyehyɛ mu.” Nea afi mu aba ne nea Russell frɛ no, “nokware a ɛyera” no. Nokwarem no, abosonsom nkyerɛkyerɛ a na adonnɔn Kristoman wɔ mfeha no mu no maa Kyerɛwnsɛm no mu nokware no so katae koraa. Nanso na Russell asi ne bo sɛ ɔbɛhwehwɛ nokware no na wama ada adi.

Russell ne ne mfɛfo no de akokoduru paa atoro som nkyerɛkyerɛ a ɛmfi Onyankopɔn hɔ no ho ntama wɔ Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence nhoma no mu mpɛn pii. Nea ɛne nyamesom nkyerɛkyerɛ a agye din bɔ abira no, wobehui sɛ nnipa kra tumi wu, na sɛ yewu a yɛkɔ adamoa mu, na Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro pɛ a ɔnyɛ Baasakoro biara fã.

Sɛnea wubetumi atwa ho mfonini no, atoro nkyerɛkyerɛ yi a wɔpaa ho ntama no hyɛɛ Kristoman asɔfo no abufuw. Nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ wɔn dibea a tumi wom no ho ban no, Katolek ne Protestant asɔfo pii tuu sa a na botae no ne sɛ wɔbɛsɔre atia Russell. Nanso ɔne ne mfɛfo no ampa abaw. Wonyaa awerɛhyem de wɔn ho too Onyankopɔn honhom akwankyerɛ so. Russell ka sɛ: “Awerɛhyem a yɛn Wura de ma yɛn ne sɛ . . . Agya no honhom kronkron a ɔsomae denam Yesu, yɛn Agyenkwa, Ntamgyinafo ne Ti, no so no bɛyɛ yɛn kyerɛkyerɛfo.” Yiw, ɛkyerɛkyerɛe nso! Saa Bible Asuafo komapafo yi kɔɔ so gyee Bible no mu nokware nsu a ɛyɛ kronn no, na wɔbɔɔ no dawuru wɔ wiase nyinaa.—Adiyisɛm 22:17.

Ɛnnɛyi Yehowa Adansefo ahyehyɛde no ama wɔn ani ada hɔ wɔ Onyankopɔn honhom kronkron no akwankyerɛ ho bɛboro mfe ɔha ni. Bere a Yehowa honhom kɔ so hyerɛn nkakrankakra no, Adansefo no fi wɔn pɛ mu yɛ nsakrae a ɛho hia ma ɛne ntease foforo a wɔanya hyia.—Mmebusɛm 4:18.

‘Mobɛyɛ M’adansefo’

Afei, Yesu kaa ade foforo a Onyankopɔn honhom yɛ ho asɛm bere a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo . . . de akɔpem asase ano nohɔ” no. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Ɛbɔ a Yesu hyɛe sɛ ɔde ‘tumi ne honhom kronkron’ bɛma n’asuafo no na ama wɔatumi ayɛ wɔn adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no da so ara yɛ adwuma nnɛ.

Sɛ́ kuw no, wɔde Yehowa Adansefo asɛmpaka adwuma no nim wɔn yiye. (Hwɛ adaka no mu.) Nokwarem no, Yehowa Adansefo ka asɛm a ɛyɛ nokware no wɔ nsase ne nsupɔw bɛboro 230 so. Wɔ tebea biara mu no, wɔde akokoduru ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa, a mmeae a ɔko asi hɔ a ɛma wɔn nkwa da asiane mu mpo ka ho. Nsi a wɔde yɛ wɔn Kristofo som adwuma no yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron yɛ adwuma nnɛ. Na ɛda adi pefee sɛ Yehowa Nyankopɔn rehyira wɔn mmɔdenbɔ no so.

Sɛ́ nhwɛso no, afe a etwaam no, wɔde nea ɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem biako na ɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Dɛn na efii mu bae? Nnipa bɛyɛ 323,439 na wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Bio nso, wɔne anigyefo 4,433,884 na ɛyɛɛ dapɛn dapɛn ofie Bible adesua. Sɛ ne nyinaa ka bom a, wɔde nhoma 24,607,741, nsɛmma nhoma 631,162,309, ne nhomawa ahorow 63,495,728 na ɛmae. Hwɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom reyɛ adwuma!

Onyankopɔn Honhom ne Wo

Sɛ obi gye asɛmpa no, ma n’asetra ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow hyia, na ɔkyerɛ ogye afɔrebɔ no mu gyidi a, ebue kwan ma no nya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Ɔsomafo Paulo ka faa wɔn a wɔte saa no ho sɛ: ‘Onyankopɔn de Honhom Kronkron ahyɛ mo mu.’—1 Tesalonikafo 4:7, 8; 1 Korintofo 6:9-11.

Onyankopɔn honhom a obi benya no de nhyira pii ba. Nhyira horow bɛn? Ade biako ne sɛ, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ka sɛ: “Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.” (Galatifo 5:22, 23) Enti Onyankopɔn honhom kronkron no yɛ tumi a ɛyɛ ade pa, na ɛboa ma obi da su horow a eye adi.

Nea ɛka ho bio ne sɛ, sɛ wokenkan Bible no na wode nea wusua no di dwuma a, Onyankopɔn honhom betumi aboa wo ama woanyin wɔ nyansa, nimdeɛ, nhumu, atɛmpa, ne adwene nsusuwii mu. Ɔhene Salomo nyaa “nyansa ne nhumu bebree pa ne koma a emu trɛw” efisɛ ɔhwehwɛe sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani mmom sen nnipa. (1 Ahene 4:29) Esiane sɛ Yehowa maa Salomo honhom kronkron nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɔremfa nkame wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ n’ani nnɛ no da.

Onyankopɔn honhom kronkron no nso boa Kristofo ma wɔko tia Satan ne adaemone no, nneɛma nhyehyɛe bɔne yi, ne wɔn honam a ɛtɔ kɔ bɔne so a ɛyɛ mmerɛw no. Ɔkwan bɛn so na eyi betumi ayɛ yiye? Ɔsomafo Paulo de mmuae ma sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Ebia honhom kronkron renyi ɔtaa anaa sɔhwɛ mfi hɔ, nanso ebetumi aboa ma woatumi agyina ano. Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn honhom so a, yebetumi “anya tumi a ɛboro so” de adi ɔhaw anaa amanehunu biara so.—2 Korintofo 4:7; 1 Korintofo 10:13.

Sɛ wosusuw adanse no nyinaa ho a, akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn honhom reyɛ adwuma nnɛ. Yehowa honhom hyɛ n’asomfo den ma wodi n’atirimpɔw akɛse no ho adanse. Ɛma honhom mu hann no kɔ so hyerɛn, na ɛhyɛ yɛn gyidi den, na ɛboa yɛn ma yedi yɛn Bɔfo no nokware. Hwɛ aseda ara a yɛde ma Onyankopɔn sɛ wakɔ so ama ne bɔhyɛ abam denam honhom kronkron a ɔde ma n’asomfo anokwafo nnɛ no so!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Hwɛ asɛm “Dɛn Nti Na Anwonwa Kwan So Honhom Akyɛde no To Atwa?” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban September 1, 1972, nkratafa 278-9 no.

[Adaka wɔ kratafa 10]

Nea Afoforo Ka Fa Yehowa Adansefo Ho

“Bere a asɔre ahorow bɔ abenfo paa ma wɔtwetwe nkurɔfo ba asɔredan mu anaa wɔbrɛ wɔ nsɛm bi te sɛ wɔn a wokura bɔbeasu koro ntam nna ne nyinsɛn a wɔsɛe no ho no, Adansefo no mfa wiase akwan so. Wɔda so yɛ wɔn asɛmpaka adwuma no wɔ Asase so nyinaa.”—The Orange County Register a efi Orange Mantam mu wɔ California, U.S.A.

“Ɛdefa gyidi a wɔtrɛw mu ho no, asɔre kakraa bi na wɔyɛ nnam . . . te sɛ Yehowa Adansefo.”—The Republic a efi Columbus, Indiana, U.S.A.

“Wɔn nkutoo na wɔde ‘asɛmpa no’ kɔ afie afie, na wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma.”—Życie Literackie, Poland.

“Wɔ asɛmpaka ɔsatu kɛse a wɔayɛ pɛn mu no, Yehowa Adansefo de Yehowa asɛm no kɔ wiase nyinaa.”—News-Observer, Tamaqua, Pennsylvania, U.S.A.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

Onyankopɔn honhom kronkron no ma yɛte nneɛma ase wɔ honhom mu,

. . . ma yenya Kristofo su pa ahorow,

. . . na ɛboa yɛn wɔ wiase nyinaa asɛnka adwuma no mu