Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokwaredi Ne Akokoduru a Wɔde Gyinaa Nasi Nhyɛso Ano

Nokwaredi Ne Akokoduru a Wɔde Gyinaa Nasi Nhyɛso Ano

Nokwaredi Ne Akokoduru a Wɔde Gyinaa Nasi Nhyɛso Ano

Wɔ June 17, 1946 mu no, Ɔhemmaa Wilhelmina a ɔwɔ Netherlands de awerɛkyekyesɛm kɔmaa Yehowa Adansefo abusua bi a wɔwɔ Amsterdam. Ná ne botae ne sɛ ɔbɛkamfo abusua no babarima Jacob van Bennekom a Nasifo kum no wɔ Wiase Ko II no mu no. Mfe bi a atwam no, Doetinchem kuropɔn no bagua a ɛwɔ Netherlands apuei fam no sii gyinae sɛ wɔde Bernard Polman, a na ɔno nso yɛ Yehowa Dansefo a wokum no wɔ ɔko no mu no din bɛto borɔn biako.

DƐN nti na Nasifo no sɔre tiaa Jacob, Bernard, ne Yehowa Adansefo foforo a na wɔwɔ Netherlands wɔ Wiase Ko II no mu no? Na dɛn na ɛmaa Adansefo no tumi de nokwaredi gyinaa ɔtaa a wɔde baa wɔn so atirimɔden so mfe pii no ano na awiei koraa no, wonyaa obu ne nkamfo fii wɔn manfo ne ɔhemmaa mpo hɔ? Nea ɛbɛma yɛahu no, momma yensusuw nea ɛde nea ɛte sɛ Dawid ne Goliat ntam akodi yi baa Yehowa Adansefo kuw ketewa ne Nasi akofo a wɔdɔɔso no ntam no ho.

Wɔbaraa Wɔn—Nanso Wɔyɛ Hyew Sen Biara

Wɔ May 10, 1940 no, Nasi asraafo dɔm kɔtow hyɛɛ Netherlandsfo so mpofirim. Esiane sɛ na nhoma a Yehowa Adansefo kyekyɛ no pa Nasi nneyɛe bɔne ho ntama na egyina Onyankopɔn Ahenni akyi nti, ankyɛ koraa na Nasifo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Adansefo no agyae wɔn dwumadi no. Bere a Nasifo no tuu Netherlandsfo so sa no, anni dapɛn abiɛsa mpo na wɔyɛɛ sum ase mmara bi de baraa Yehowa Adansefo. Atesɛm krataa de too gua wɔ March 10, 1941 mu sɛ wɔabara wɔn, na ɛbɔɔ Adansefo no sobo sɛ wɔkasa “tia ɔman no ne asɔre nhyehyɛe nyinaa.” Ne saa nti, wotuu wɔn ani sii Adansefo no so denneennen hwehwɛe sɛ wɔbɛkyere wɔn.

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Gestapo a na ɛyɛ sum ase polisifo no de wɔn ani sii asɔre ahorow nyinaa so, nanso wɔde ɔtaa a emu yɛ den baa Kristofo ahyehyɛde biako pɛ so. Dutch abakɔsɛm kyerɛwfo Ɔbenfo Louis de Jong ka sɛ, “Wɔde ɔtaa a ekosi owu mu baa nyamesom kuw biako pɛ—Yehowa Adansefo so.”—Het Koninkrijk der Nederlanden in de Tweede Wereldoorlog (Netherlands Ahemman Wɔ Wiase Ko a Ɛto so Abien Mu).

Dutch polisifo no boaa Gestapofo no maa wohuu baabi a Adansefo no wɔ ma wɔkyeree wɔn. Bio nso, ɔhwɛfo kwantufo bi a na ehu aka no ma wadan ɔwaefo de nsɛm a ɛfa ne kan mfɛfo gyidifo no ho maa Nasifo no. Eduu April 1941 mu no, na wɔakyere Adansefo 113. So saa ntua no maa wogyaee asɛmpaka adwuma no?

Wohu mmuae no wɔ Meldungen aus den Niederlanden (Amanneɛbɔ a efi Netherlands), kyerɛwtohɔ bi a Germanfo Sicherheitspolizei (Polisifo Awɛmfo) yɛe wɔ April 1941 no mu. Amanneɛbɔ no ka fa Yehowa Adansefo ho sɛ: “Saa matew-me-ho kuw a wɔabara wɔn yi de nsi yɛ wɔn adwuma no wɔ ɔman yi mu nyinaa, na wɔyɛ nhyiam a mmara mma ho kwan na wɔde nkrataa a wɔakyerɛw so nneɛma bi te sɛ ‘Onyankopɔn Adansefo a wɔtaa wɔn no yɛ bɔne’ na ‘Yehowa de daa ɔsɛe betua wɔn a wɔtaa wɔn no so ka’” no bobɔ dan ho. Dapɛn abien akyi no, amanneɛbɔ koro no ara kae sɛ “ɛmfa ho sɛnea Polisifo Awɛmfo no nsam ayɛ den wɔ Bible Asuafo no so no, wɔn dwumadi no da so ara nya nkɔanim.” Yiw ɛmfa ho sɛ na wobetumi akyere wɔn no, Adansefo no kɔɔ so yɛɛ wɔn adwuma no, de nhoma bɛboro 350,000 maa ɔmanfo no wɔ 1941 nkutoo mu!

Dɛn na ɛmaa saa Adansefo kuw ketewa yi nyaa akokoduru de gyinaa wɔn atamfo a wɔn ho yɛ hu yi anim? Te sɛ tete diyifo nokwafo Yesaia no, Adansefo no suro Onyankopɔn, na ɛnyɛ nnipa. Dɛn ntia? Efisɛ wogyee nsɛm a Yehowa de maa Yesaia awerɛhyem no toom: “Me ara mene wo werɛkyekyefo; hena ne wo na wusuro ɔdesani a owu ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wura?”—Yesaia 51:12.

Akokoduru Hwehwɛ Obu

Eduu 1941 awiei no, na Adansefo a wɔakyere wɔn no dodow adu 241. Nanso kakraa bi na nnipa ho suro maa wogyaee nsɛm mu siesiei. Wɔfaa Willy Lages, German sum ase polisifo no mu biako a na wagye dimmɔne no asɛm kae sɛ “Yehowa Adansefo no mu ɔha mu nkyem 90 ampene so sɛ wɔbɛda nsɛm adi, bere a kuw afoforo no mu kakraa bi na wotumi muaa wɔn ano no.” Johannes J. Buskes, Dutch sɔfo bi a wɔde ɔne Yehowa Adansefo too afiase no foaa Lages nsɛm no so. Wɔ 1951 mu no, Buskes kyerɛwee sɛ:

“Efi saa bere no, minyaa obu kɛse maa wɔn esiane wɔn ahotoso ne tumi a ɛwɔ wɔn gyidi no mu nti. Me werɛ remfi aberante no—wanyin ara ne mfe 19—a ɔkyekyɛɛ nkratawa a ɛkaa nkogu a na Hitler ne Third Reich no bedi no ho asɛm no da. . . . Sɛ ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔremfa ne ho nhyɛ saa dwumadi no mu a, anka asram asia ntam wobegyae no. Wampene so koraa sɛ ɔbɛyɛ eyi, ma enti wobuu no atɛn sɛ ɔnkɔyɛ adwumaden wɔ Germany nkosi bere a wɔpɛ. Ná yɛn nyinaa yenim nea ɛno kyerɛ. Ade kyee anɔpa a na wɔde no rekɔ no, yɛmaa no nantew yiye, na meka kyerɛɛ no sɛ yɛbɛkae no wɔ mpaebɔ mu. Mmuae a ɔde mae ara ne sɛ: ‘Monnnwen me ho. Onyankopɔn Ahenni bɛba ɔkwan biara so.’ Wo werɛ ntumi mfi biribi a ɛte saa, sɛ mpo wowɔ biribi a wubegyina so akasa atia Yehowa Adansefo yi nkyerɛkyerɛ a.”

Ɛmfa ho ɔsɔretia a na ano yɛ den no, Adansefo no kɔɔ so dɔɔso ara. Bere a na wɔn dodow bɛyɛ 300 wɔ bere tiaa bi ansa na wiase ko a ɛto so abien reba no, na wɔn dodow akɔ anim akodu 1,379 wɔ 1943 mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, eduu saa afe no ara awiei no, na Adansefo 350 a wɔkyeree wɔn no mu 54 awuwu wɔ nnadeban ahorow mu. Ebeduu 1944 mu no, na Yehowa Adansefo a wofi Netherlands no mu 141 da so ara gu nnadeban ahorow mu.

Nasi Ɔtaa no Afe a Etwa To

Wɔ June 6, 1944 da titiriw no akyi no, Adansefo no hyɛnee ɔtaa a wɔde baa wɔn so no afe a etwa to mu. Ná Nasifo no ne wɔn apamfo no redi nkogu wɔ ɔko no mu. Wɔ saa tebea yi mu no, ebia na obi bɛte nka sɛ Nasifo begyae Kristofo a wɔn ho nni asɛm no haw. Nanso wɔ saa afe no ara mu no, wɔkyeree Adansefo foforo 48, na wokum Adansefo a na wogu afiase no mu 68. Wɔn mu biako ne Jacob van Bennekom, a yɛaka ne ho asɛm wɔ mfiase no.

Ná Jacob a wadi mfe dunwɔtwe no ka nnipa 580 a wɔbɔɔ wɔn asu sɛ Yehowa Adansefo wɔ 1941 mu no ho. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ogyaee adwuma bi a na ɛbɛma wanya ne ho yɛ efisɛ na ɛno hwehwɛ sɛ ogyae ɔfã biara a onni sɛ Kristoni no mu siesie. Ɔkɔyɛɛ adwuma sɛ obi a wɔsomasoma no na ofii ase somee sɛ bere nyinaa somfo. Bere a na ɔde Bible ho nhoma remane no, wɔkyeree no. Wɔ August 1944 mu no, Jacob a na wadi mfe 21 no kyerɛw n’abusuafo krataa bere a na ɔda afiase wɔ Rotterdam no sɛ:

“Me ho ye na mewɔ anigye paa. . . . Wɔabisabisa me nsɛm mpɛn anan ni. Ná abien a edi kan no mu yɛ den na wɔboroo me paa, nanso esiane Awurade adom ne n’ahoɔden nti, matumi amua m’ano agyina mu. . . . Matumi ama ɔkasa mpɛn asia wɔ ha dedaw, a sɛ wɔka bom a nnipa 102 na wotiei. Wɔn mu binom akyerɛ nokware anigye na wɔahyɛ bɔ sɛ sɛ wonya ahofadi ara pɛ a wɔbɛtoa so.”

Wɔde Jacob kɔɔ nneduaban a ɛwɔ Dutch kuropɔn Amersfoort mu wɔ September 14, 1944. Ɛhɔ mpo, wannyae asɛnka. Ɔkwan bɛn so? Ne yɔnko deduani bi kae sɛ: “Ná nneduafo no sesaw sigaret ase a awɛmfo no atow agu no, na na wɔtetew Bible bi de kyekyere sigaret. Ɛtɔ mmere bi a na Jacob tumi kenkan nsɛm kakra wɔ Bible no kratafa a wɔde rebɛkyekyere sigaret no so. Owie a, ntɛm ara na wagyina so aka asɛm akyerɛ yɛn. Ankyɛ na yɛtoo Jacob din sɛ ‘Bible Nipa.’”

Wɔ October 1944 mu no, na Jacob ka nneduafo pii a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wontu amoa a wɔde besum ntwitwiridii afiri no ho. Jacob anyɛ saa adwuma no efisɛ na n’ahonim mma no kwan sɛ ɔbɛboa ɔko no. Ɛwom sɛ awɛmfo no hunahunaa no mpɛn pii de, nanso wannyae mu. Wɔ October 13 no, ɔpanyin biako faa no fii obiakofo afiase dan mu de no kɔɔ adwumayɛbea hɔ. Ɛha nso, Jacob gyinaa pintinn. Awiei koraa no, wɔmaa Jacob ankasa tuu ne damoa, na wɔtoo no tuo kum no.

Wɔkɔ So Hwehwɛ Adansefo No

Akokoduru a Jacob ne afoforo de gyinaa pintinn no hyɛɛ Nasifo no abufuw maa wɔhwehwɛɛ Adansefo foforo. Wɔn a wɔde wɔn ani sii wɔn so no mu biako ne Evert Kettelarij a na wadi mfe 18 no. Mfiase no, Evert tumi guan de ne ho kosiee, nanso akyiri yi, wɔkyeree no na wɔboroo no paa sɛnea ɛbɛyɛ na wakyerɛ nea Adansefo foforo wɔ. Wanyɛ, na wɔde no kɔɔ Germany sɛ ɔnkɔyɛ adwumaden.

Ɔsram koro no ara, October 1944 mu no, polisifo no kɔhwehwɛɛ Evert akonta, Bernard Luimes. Bere a wohuu no no, na ɔne Adansefo baanu—Antonie Rehmeijer ne Albertus Bos na ɛwɔ hɔ. Ná Albertus akodi asram 14 wɔ nneduaban mu dedaw. Nanso woyii no ara pɛ na ɔsan de nsiyɛ yɛɛ asɛmpaka adwuma no. Nea edi kan no, Nasifo no boroo mmarima baasa yi pasaa, na wɔtoo wɔn tuo kunkum wɔn. Ɔko no twaam akyi ansa na wɔrehu wɔn afunu asie wɔn bio. Ɔko no twaam pɛ na atesɛm nkrataa pii bɔɔ saa okum no ho amanneɛ. Atesɛm nkrataa no biako kyerɛw sɛ na Adansefo baasa no po bere nyinaa sɛ wɔrenyɛ adwuma biara a ɛne Onyankopɔn mmara nhyia mma Nasifo no, na ɛde kaa ho sɛ, eyi nti, “wɔde wɔn nkwa twaa so.”

Saa bere yi nyinaa wɔ November 10, 1944 mu no, na wɔakyere Bernard Polman, a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no de no kɔ sɛ ɔnkɔyɛ adwuma mma asraafo. Ná ɔno nkutoo ne Ɔdansefo a ɔka wɔn a wɔde wɔn yɛ adwumaden no ho, na ne nkutoo na wanyɛ adwuma yi. Awɛmfo no faa akwan horow pii so sɛnea ɛbɛyɛ a obegyae nsɛm mu asiesie. Wɔamma no aduan biara. Afei nso, wɔde aporibaa, sofi ne tuo boroo no atirimɔden so. Bio nso, wɔhyɛɛ no ma ɔnantew nsuonwini a ɛdeda ne kotodwe mu, na afei wɔde no hyɛɛ ɔdan bi a afɔ twɔnn mu, na na ɛsɛ sɛ ɔde ne ntade a afɔw no tra hɔ anadwo mũ no nyinaa. Ne nyinaa mu no, Bernard ampa abaw.

Wɔmaa Bernard nuabeanom baanu a na wɔnyɛ Yehowa Adansefo bɛsraa no saa bere no. Wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnsesa n’adwene, nanso ɛno ampusuw no koraa. Bere a wobisaa Bernard sɛ ebia wobetumi ayɛ biribi ama no anaa no, ɔkae sɛ wɔnkɔ fie nkosua Bible no. N’ataafo no maa ne yere a na ɔnyem bɛsraa no, a na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛma wagyae nneɛma mu. Nanso ba a ɔbaa hɔ no ne ne nkuranhyɛ nsɛm no mpo hyɛɛ Bernard den wɔ ne tirim a na wabɔ sɛ obedi nokware ama Onyankopɔn no mu. Wɔ November 17, 1944 mu no, Bernard atamfo no mu baanum tow no tuo kum no bere a na wɔn a wɔyɛ adwumaden no nyinaa gyinagyina hɔ rehwɛ. Bere a wɔakum Bernard awie na otuo aboba atutu ne ho ntokuru no, adeyɛ no ho adammɔ maa ɔpanyin a na ɔhwɛ hɔ no bo fuwii araa ma oyii ne tuo ketewa san tow bɔɔ n’ani abien no nyinaa.

Ɛwom sɛ saa atirimɔdensɛm yi maa Adansefo a wɔtee no ho dwiriw wɔn de, nanso wɔde nokwaredi ne akokoduru gyinaa pintinn kuraa wɔn Kristofo dwumadi no mu. Yehowa Adansefo asafo ketewa bi a na ɛwɔ baabi a wokum Bernard no bɔɔ amanneɛ wɔ ne wu no akyi bere tiaa bi sɛ: “Saa ɔsram yi ɛmfa ho sɛ wim tebea nye na Satan de nsɛnnennen aba yɛn akwan mu no, yɛatumi anya nkɔanim wɔ yɛn dwumadi no mu. Nnɔnhwerew a yɛde kɔɔ asɛnka no kɔɔ soro fi 492 kosii 765. . . . Wɔ asɛnka mu no, onua biako hyiaa ɔbarima bi a otumi dii no adanse yiye. Ɔbarima no bisaa no sɛ ebia saa gyidi koro no ara na ɔbarima a wokum no no kura anaa. Bere a ɔtee sɛ ɛte saa no, ɔbarima no teɛɛm sɛ: ‘Akoa yi yɛ barima, ne gyidi yɛ den paa! Eyi na mefrɛ no gyidi mu dɔmmarima no!’”

Yehowa Kaee Wɔn

Wɔ May 1945 mu no, Nasifo no dii nkogu na wɔpamoo wɔn fii Netherlands. Ɛmfa ho ɔtaa akɛse a wɔde baa wɔn so wɔ ɔko bere mu no, Yehowa Adansefo dodow nyaa nkɔanim fi ɔha koduu nea ɛboro 2,000. Bere a ɔreka Adansefo no ho asɛm wɔ saa ɔko bere no mu no, abakɔsɛm kyerɛwfo Dr. de Jong ka sɛ: “Ɛmfa ho ahunahuna ne ayayade a wɔyɛɛ wɔn no, wɔn mu fã kɛse no ara ampa wɔn gyidi.”

Enti ntease pa bi nti na wiase atumfoɔ binom akae Yehowa Adansefo wɔ akokoduru a wɔde gyinaa pintinn wɔ Nasi nniso ase ho no. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa ne Yesu bɛkae nhwɛso pa a ɔko bere mu Adansefo no yɛe no. (Hebrifo 6:10) Wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso a ɛrebɛn no mu no, wobenyan saa Adansefo anokwafo akokodurufo a wɔde wɔn nkwa mae wɔ Onyankopɔn som mu no afi nkae ada mu, na wɔanya daa nkwa wɔ asase so paradise mu anidaso!—Yohane 5:28, 29.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Jacob van Bennekom

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Atesɛm krataa mu nsɛm a wɔatwa a ɛrekyerɛ sɛ wɔabara Yehowa Adansefo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

Nifa: Bernard Luimes; ase: Albertus Bos (benkum) ne Antonie Rehmeijer; ase: Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ Heemstede