Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ahintasɛm Bi Wɔ Bible no Mu?

So Ahintasɛm Bi Wɔ Bible no Mu?

So Ahintasɛm Bi Wɔ Bible no Mu?

WƆ BƐYƐ mfe abien a wokum Israel mansoafo panyin Yitzhak Rabin wɔ 1995 mu akyi no, sɛnkyerɛwfo bi kae sɛ ɛdenam kɔmputa mfiridwuma ho nimdeɛ so no, watumi ahu ɛho asɛm bi a wɔka too hɔ a ahintaw wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛnkyerɛwfo no, Michael Drosnin kyerɛw sɛ odii kan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛbɔ ɔmansoafo panyin no kɔkɔ bɛboro afe ansa na wɔrekum no nanso ankosi hwee.

Seesei wɔatintim nhoma ne nsɛm foforo a ɛkyerɛ sɛ mmara a ahintaw no di Bible ho adanse sɛ efi Onyankopɔn home mu. So mmara bi a ɛte saa wɔ hɔ ankasa? So mmara a ahintaw bi na ɛsɛ sɛ wogyina so nya gyidi sɛ Bible no fi Onyankopɔn home mu anaa?

Ɛyɛ Nsusuwii Foforo?

Adwene a ɛwɔ mmara a ahintaw wɔ Bible mu ho no nyɛ ade foforo. Ɛyɛ Cabala, anaa Yudafo atetesɛm mu gyidi mu nnyinasosɛm titiriw. Sɛnea Cabala akyerɛkyerɛfo kyerɛ no, ɛnyɛ sɛnea yɛte Bible mu nsɛm ase no ara ne no. Wosusuw sɛ Onyankopɔn de Hebri nkyerɛwee biara a ɛwɔ Bible no mu dii dwuma sɛ sɛnkyerɛnne, a sɛ wɔte ase yiye a ɛda nokware adi kɛse. Wosusuw sɛ, wɔ Onyankopɔn adwenem no, atirimpɔw titiriw bi nti na ɔde Hebri nkyerɛwee biara ne beae a ɛhyɛ wɔ Bible mu no dii dwuma.

Sɛnea Bible mmara ho nhwehwɛmufo Jeffrey Satinover kyerɛ no, saa Yudafo a atetesɛm adi wɔn ti no gye di sɛ Hebri nkyerɛwee a wɔde kyerɛw adebɔ ho nsɛm a ɛwɔ Genesis no yɛ ahintasɛm a tumi wom. Ɔkyerɛw sɛ: “Ne tiawa mu no, Genesis nyɛ biribi ho nkyerɛkyerɛmu ara kwa; ɛyɛ adebɔ ho adwinnade ankasa, Onyankopɔn nsusuwii a ɛda adi wɔ honam mu.”

Afeha a ɛtɔ so 13 Cabala kyerɛkyerɛfo Bachya ben Asher a ofi Saragossa, Spain, kyerɛw ahintasɛm bi a woyii no adi kyerɛɛ no denam Genesis fã bi nkyerɛwee a ɛtɔ so 42 biara a ɔkan so ho asɛm. Ɔkwan titiriw a wɔfa so bɔ tra nkyerɛwde sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nsɛm bi a ahintaw no ne ɛnnɛyi Bible mmara no nnyinaso.

Kɔmputa Ahorow ‘Da’ Mmara no ‘Adi’

Ansa na kɔmputa ho nimdeɛ reba no, mmɔden a nnipa bɔe sɛ wɔde bɛhwehwɛ Bible mu nsɛm mu saa kwan yi so no nnuru baabiara. Nanso wɔ August 1994 mu no, Statistical Science nsɛmma nhoma no tintim asɛm bi a Eliyahu Rips a ofi Jerusalem Hebri Sukuupɔn mu ne ne mfɛfo nhwehwɛmufo kaa ho asɛm a na ɛyɛ ahodwiriw. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ bere a wɔkekaa nkyerɛwde a ɛwɔ Genesis no nyinaa boom nnidiso nnidiso na wɔbɔɔ Hebri nsɛm a ɛwɔ Genesis no akuw bi trae no, wɔahu rabifo a wɔagye din 34 din a ahintaw wɔ kyerɛwsɛm no mu, ne nsɛm foforo te sɛ da a wɔde woo wɔn anaa da a wɔde wui pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn din no ho. * Wɔkɔɔ so yɛɛ sɔhwɛ yi mpɛn pii akyi no, nhwehwɛmufo no tintimii nea wohui no ho asɛm sɛ, nsɛm a ahintaw a ɛwɔ Genesis no sen nneɛma bi a wɔbɛka sɛ ɛbae ara kwa—adanse a efi honhom mu a wɔde ahintaw wɔ Genesis mmara no mu mfe mpempem pii a atwam ni.

Sɛnkyerɛwfo Drosnin nam saa kwan yi so yɛɛ n’ankasa nhwehwɛmu hwehwɛɛ nsɛm bi a na ahintaw wɔ Hebri Bible mu nhoma anum a edi kan no mu. Sɛnea Drosnin kyerɛ no, ɔnam Bible mu nkyerɛwde 4,772 biara a ɔbɔ trae so huu Yitzhak Rabin din wɔ Bible mu. Bere a ɔhyehyɛɛ Bible mu asɛm 4,772 biara saa no, ohui sɛ Rabin din (sɛ wɔkenkan wɔ ntentenso a) ne foforo a ɛsa so (Deuteronomium 4:42, efi benkum so kɔ nifa) a Drosnin kyerɛɛ ase sɛ “onipakumfo a obekum obi” no ne no hyia.

Deuteronomium 4:42 ka obi a wanhyɛ da na okum obi ho asɛm. Enti nnipa pii akasa atia ɔkwan a Drosnin ankasa faa so no, na wɔka sɛ wobetumi de saa kwan a enni nyansahu mu nnyinaso biara no ahu nsɛm a ɛtete saa wɔ nkyerɛwee biara mu. Nanso Drosnin gyinaa pintinn, kae sɛ: “Sɛ wɔn a wɔkasa tia me no hu Ɔmansoafo panyin a wokum no no ho asɛm bi wɔ Moby Dick [ayɛsɛm] mu a, megye wɔn adi.”

Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Efi Honhom Mu?

Ɔbenfo Brendan McKay a ɔyɛ adwuma wɔ Asoɛe a Ɛhwɛ Kɔmputa Nyansahu so wɔ Australia Ɔman Sukuupɔn mu no gyinaa Drosnin nsɛm no so de kɔmputa yɛɛ Engiresi nkyerɛwee a Moby Dick yɛe no mu nhwehwɛmu kɔɔ akyiri. * Ɛdenam saa kwan no ara a Drosnin de dii dwuma no so no, McKay kyerɛ sɛ wahu “nsɛm bi a waka ato hɔ” a ɛfa Indira Gandhi, Martin Luther King, Kumaa, John F. Kennedy, Abraham Lincoln, ne afoforo ho. Sɛnea McKay kyerɛ no, ohui sɛ Moby Dick nso ‘hyɛɛ’ Yitzhak Rabin wu no ho ‘nkɔm.’

Bere a Ɔbenfo McKay ne ne mfɛfo redan adwene akɔ Hebri kyerɛwsɛm a ɛwɔ Genesis so no, wɔsan twaa nea Rips ne ne mfɛfo hui no ho mpoa. Sobo a wɔde bɔɔ wɔn ne sɛ nea afi mu aba no ne honhom mu mmara no nni abusuabɔ titiriw biara te sɛ nhwehwɛmufo no kwan a wɔfaa so no—nsɛm a wɔnam nhwehwɛmufo no ankasa adwene so ahyehyɛ. Nhomanimfo da so ara gye eyi ho akyinnye.

Asɛm foforo sɔre bere a wɔka sɛ wɔhyɛɛ da de mmara a ɛte saa siee “mfitiase” Hebri nkyerɛwee no mu ankasa no. Rips ne ne mfɛfo nhwehwɛmufo no ka sɛ wogyinaa “Genesis nhoma no a obiara gye tom no so” na ɛyɛɛ nhwehwɛmu no. Drosnin kyerɛw sɛ: “Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ a wɔde mfitiase Hebri kyerɛwee no mu nkyerɛwde biara nsakrae.” Nanso sɛɛ na asɛm no te? Sɛ́ anka “wobegyina” nkyerɛwee biako so no, ɛnnɛ, wɔde Hebri Bible ahorow pii na edi dwuma a egyina tete nsaano nkyerɛwee soronko so. Bere a Bible mu nsɛm nsakra no, nsaano nkyerɛwee a wɔde dii dwuma no nhyia.

Nkyerɛase pii wɔ hɔ nnɛ a egyina Leningrad Codex—Hebri Masoret nsaano nkyerɛwee—a wɔhwɛɛ ebi so kyerɛwee wɔ bɛyɛ afe 1000 Y.B. mu no so. Nanso Rips ne Drosnin de kyerɛwsɛm foforo a wɔfrɛ no Koren na edii dwuma. Shlomo Sternberg a ɔyɛ Ɔtodɔks rabi ne akontaabufo wɔ Harvard Sukuupɔn mu no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Leningrad Codex no yɛ “nkyerɛwde 41 na ɛma Koren de no yɛ soronko wɔ Drosnin de no ho wɔ Deuteronomium nkutoo mu.” Bible mu asɛm a wɔkyerɛw no bɛboro mfe 2,000 a atwam ni no bi ne Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no. Nkyerɛwee a ɛwɔ eyi mu no taa yɛ soronko wɔ akyiri yi Masoretfo nkyerɛwee no ho. Wɔ nhoma mmobɔwee bi mu no, wofi wɔn pɛ mu de nkyerɛwde no bi kaa ho na ama akyerɛ ɛnne nnyigyei, esiane sɛ na wonnya nnyaa bi no nti. Wɔ nhoma mmobɔwee afoforo mu no, wɔde nkyerɛwde kakraa bi na edii dwuma. Sɛ wɔde nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ no nyinaa toto ho a, ɛkyerɛ sɛ Bible mu ntease no nsakrae. Nanso ɛma ɛda adi pefee sɛ ɛsono sɛnea na wɔkyerɛw nsɛmfua ne nkyerɛwde a na wɔde di dwuma no wɔ emu biara ho.

Ahintasɛm a wɔhwehwɛ no gyina sɛnea emu nkyerɛwee no ntumi nsakra no so. Sɛ wɔsakra nkyerɛwde biako a, ebetumi ama sɛnea wɔhyehyɛɛ no ne emu nsɛm no asɛe koraa—sɛ ebi wɔ hɔ mpo a. Onyankopɔn nam Bible no so akora n’asɛm so. Nanso ɔnkoraa nkyerɛwde biara so koraa, te sɛ nea nsakrae nketenkete a wɔayɛ wɔ sɛnea wɔkyerɛw mu nsɛmfua wɔ mfehaha no mu haw no no. So eyi nkyerɛ sɛ ɔmfaa ahintasɛm bi nsiei wɔ Bible no mu?—Yesaia 40:8; 1 Petro 1:24, 25.

So Yehia Bible Mu Ahintasɛm Bi?

Ɔsomafo Paulo maa emu daa hɔ bere a ɔkyerɛw sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa” no. (2 Timoteo 3:16, 17) Nsɛm a emu da hɔ pefee na ɛyɛ tee a ɛwɔ Bible no mu no nyɛ den sɛ yɛbɛte ase, na yɛde adi dwuma, nanso nnipa pii bu wɔn ani gu so. (Deuteronomium 30:11-14) Nkɔmhyɛ ahorow a wɔada no adi pefee wɔ Bible mu no ma yɛn nnyinaso a ebetumi ama yɛagye adi sɛ efi honhom mu. * Nea ɛnte sɛ mmara a ahintaw no, Bible nkɔmhyɛ ahorow nyɛ nsɛm a egyina nnipa nsusuwii so, na ‘emfi nnipa ntease mu.’—2 Petro 1:19-21.

Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo ahoɔden ne ne ba ho asɛm.” (2 Petro 1:16) Yudafo adwene a ɛwɔ Bible mmara ho no nyaa ne mfiase fii atetesɛm mu, na wɔde “anansesɛm a wɔato no nyansam” siw Bible kyerɛwsɛm a efi honhom mu no ankasa kwan. Hebri Kyerɛwnsɛm no ankasa kasa tia atetesɛm a ɛte saa no.—Deuteronomium 13:1-5; 18:9-13.

Hwɛ anigye ara a yɛanya sɛ yɛwɔ Bible mu asɛm a emu da hɔ fann ne ne nkyerɛkyerɛ, a ebetumi aboa yɛn ama yɛahu Onyankopɔn! Eyi som bo koraa sen sɛ yebesua yɛn Bɔfo no ho ade denam ahintasɛm a ɛnam nnipa nyansa ne kɔmputa mmoa so no so.—Mateo 7:24, 25.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Wɔ Hebri mu no, wobetumi de nkyerɛwde nso agyina hɔ ama nɔma ahorow. Ne saa nti, wɔde Hebri nkyerɛwee na ehuu nna yi na ɛnyɛ nɔma.

^ nky. 13 Hebri yɛ kasa a enni ɛnne nkyerɛwde. Sɛnea asɛm no te no na ɔkenkanfo no de ɛnne nkyerɛwde hyehyɛ mu. Sɛ wobu ani gu nsɛm a ɛfa ho no so a, asɛm bi mu ntease ankasa betumi asesa denam ɛnne nkyerɛwde soronko a wɔde bɛhyem no so. Engiresi wɔ ɛnne nkyerɛwde a ɛnsakra, na ɛma asɛm a ɛte saa hwehwɛ yɛ den.

^ nky. 19 Sɛ wopɛ sɛ wunya honhom mu a Bible no fi ne emu nkɔmhyɛ ahorow no ho nsɛm pii a, hwɛ Amansan Nhoma nhomawa a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania tintimii no mu.