Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmpa no mu abiɛsa ka ngo a ne bo yɛ den a wɔde sraa Yesu a wonwiinwii wɔ ho no ho asɛm. So asomafo pii na wonwiinwii anaasɛ Yuda nkutoo?

Yehu asɛm a esii yi wɔ Mateo, Marko, ne Yohane Nsɛmpa no mu. Ɛte sɛ nea Yuda na odii kan nwiinwii na asomafo a wɔaka no mu bi ne no yɛɛ adwene. Saa asɛm a esii yi kyerɛ nea enti a yɛn ani betumi agye sɛ yɛwɔ Asɛmpa kyerɛwtohɔ anan no. Nea wɔn mu biara kyerɛwee no yɛ nokware, nanso wɔn nyinaa amfa nkyerɛkyerɛmu koro amma. Sɛ yɛde kyerɛwtohɔ a edi nsɛ yi toto ho a, yenya nsɛm pii a esisii no ho ntease kɛse a emu dɔ.

Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Mateo 26:6-13 no kyerɛ faako a asɛm no sii—Betania, wɔ Simon kwatani fie—nanso ɛmmɔ ɔbea a ohwiee ngo huamhuam guu Yesu atifi no din. Mateo kyerɛ sɛ: ‘Na asuafo no huu eyi no anyɛ wɔn abodwo’ na wonwiinwii sɛ anka wobetumi atɔn ngo no na wɔde sika no ama ahiafo.

Nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa no dodow no ara wɔ Marko kyerɛwtohɔ no mu. Nanso ɔde ka ho sɛ ɔbɔɔ toa no. Ná ɛyɛ “ngo huamhuam,” te sɛ nea ɛbɛyɛ sɛ wɔkra fii India na ɛwom. Marko bɔ amanneɛ wɔ anwiinwii no ho sɛ ‘na ebinom wɔ hɔ a anyɛ wɔn abodwo,’ na ‘wonwiinwii tiaa no.’ (Marko 14:3-9) Nanso asɛm no fii ase dɛn?

Yohane a ohuu nea esii no de nsɛm a ɛho hia kaa ho. Ɔbɔ ɔbea no din—Maria, Marta ne Lasaro nuabea. Yohane de eyi nso kaa ho na yɛatumi de aboa asɛm no na ammɔ abira: ‘Na ɔde sraa Yesu nan ho na ɔde ne nhwi popaa ne nan ho.’ Sɛ yɛka kyerɛwtohɔ ahorow no bom a, yetumi hu sɛ ɛbɛyɛ sɛ Maria de ngo a Yohane sii so dua sɛ ɛyɛ “ngo huamhuam” no guu Yesu atifi ne ne nan ase. Ná Yohane bɛn Yesu pɛɛ enti na ɛnyɛ no abodwo sɛ wobebu No animtiaa. Yɛkenkan sɛ: “Ɛnna n’asuafo no mu biako, Yuda Iskariot a ɔrebeyi no ama no, kae sɛ: Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafo?”—Yohane 12:2-8.

Ɛwom sɛ na Yuda yɛ “n’asuafo no mu biako de,” nanso wutumi hu sɛ na ɛyɛ Yohane abufuw sɛ obi a ɔwɔ saa gyinabea yi reyɛ nhyehyɛe de ayi Yesu ama. Nsɛm asekyerɛfo, Ɔbenfo C. Howard Matheny ka Yohane 12:4 ho asɛm sɛ: “Asɛm ‘ɔrebeyi’ [anaa “ɔrebeyi no ama”] . . . yɛ adeyɛ a ensii anaa ɛmmaa awiei. Eyi kyerɛ sɛ yi a Yuda yii Yesu mae no nyɛ ade a ɔyɛɛ no mpofirim na mmom osusuw ho yɛɛ ho nhyehyɛe nna pii.” Yohane de nhumu yi ka ho sɛ Yuda nwiinwii a “ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa eyi, na mmom ɔyɛ owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu no ntia.”

Ɛnde ntease wom sɛ Yuda owifo no na ofii anwiinwii no ase efisɛ sɛ wɔtɔnee ngo a ne bo yɛ den yi de sika no guu sika adaka a na ɔhwɛ so no mu a, anka obenya pii awia. Bere a Yuda fii anwiinwii yi ase no, asomafo no binom nso nwiinwii wɔ asɛm a ɛte sɛ nea ɛnteɛ no ho. Nanso Yuda titiriw na ɔde anwiinwii no bae.