Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Yehowa Ahoɔden Mu Awerɛkyekye

Nya Yehowa Ahoɔden Mu Awerɛkyekye

Nya Yehowa Ahoɔden Mu Awerɛkyekye

“Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani.”—DWOM 94:19.

BIBLE wɔ awerɛkyekyesɛm ma wɔn a wohia awerɛkyekye nyinaa. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ The World Book Encyclopedia ka sɛ “nnipa a wɔn dodow nni ano na wɔadan akɔ Bible no so rehwehwɛ awerɛkyekye, anidaso, ne akwankyerɛ wɔ ɔhaw ne ahoyeraw mu.” Dɛn ntia?

Efisɛ yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no, Nea ‘ɔkyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ’ no na ɔma wɔkyerɛw Bible no. (2 Korintofo 1:3, 4) Ɔyɛ “awerɛkyekye Nyankopɔn.” (Romafo 15:5) Yehowa ayɛ ɔkwan a ɔnam so bɛma yɛn nyinaa anya ahotɔ no ho nhwɛso. Ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro, Kristo Yesu, baa asase so sɛ ɔmmɛma yɛn anidaso ne awerɛkyekye. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ nea “ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa, ɔno Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye.” (Dwom 68:19) Nnipa a wosuro Onyankopɔn betumi de ahotoso aka sɛ: “Mede [Yehowa, NW] masi m’anim daa yi, na ɔwɔ me nifa yi, merenhim.”—Dwom 16:8.

Bible mu nsɛm a ɛtete saa ma yehu ɔdɔ kɛse a Yehowa Nyankopɔn wɔ ma nnipa no. Ɛda adi pefee sɛ ɔwɔ ɔpɛ pa—ne tumi—a ɔde bɛma yɛanya awerɛkyekye kɛse na wama yɛn yaw so atew wɔ ahohia mu. “Ɔno na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso.” (Yesaia 40:29) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Yehowa ahoɔden mu awerɛkyekye?

Ahotɔ a Yenya Fi Sɛnea Yehowa Dwen Yɛn Ho no Mu

Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” (Dwom 55:22) Yiw, Yehowa Nyankopɔn ani kũ adesamma abusua no ho. Ɔsomafo Petro maa afeha a edi kan no mu Kristofo no awerɛhyem sɛ: ‘Onyankopɔn dwen mo ho.’ (1 Petro 5:7) Yesu Kristo sii sɛnea Onyankopɔn bu nnipa no so dua denam ka a ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ nkasanoma anum na wɔtɔn wɔn gye mman abien? Nso Onyankopɔn anim de, ani mpa wɔn mu biako so. Na mo ti nhwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, mosen nkasanoma bebree.” (Luka 12:6, 7) Yɛsom bo ma Onyankopɔn araa ma obu yɛn ho nneɛma nketenkete mpo ho akontaa. Esiane sɛ n’ani kũ yɛn mu biara ho nti, onim yɛn ho nneɛma bi a yɛn ankasa mpo yennim.

Bere a Svetlana, ababaa tuutuuni a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no huu sɛnea Yehowa ani kũ ne ho no, ɛkyekyee ne werɛ kɛse. Bere a ohuu Yehowa Adansefo no, na wayɛ n’adwene sɛ ɔrebekum ne ho. Afei ɔpenee so ma wɔne no yɛɛ Bible adesua, na ɛboaa no ma obehuu Yehowa sɛ obi a n’ani kũ ne yiyedi ho ankasa. Eyi kaa ne koma, hyɛɛ no nkuran ma ɔsesaa n’asetra kwan, na ohyiraa ne ho so maa Onyankopɔn. Ɛmaa Svetlana nyaa obu a ɛfata a na ɛbɛboa no ma wanya nkɔso ɛmfa ho ne nsɛnnennen no, na ama wanya asetra ho adwempa. Mprempren ɔka sɛ: “Migye di yiye sɛ, Yehowa rennyaw me da. Mahu sɛ asɛm a ɛwɔ 1 Petro 5:7 no yɛ nokware. Ɛka sɛ: ‘Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto [Yehowa] so, efisɛ odwen mo ho.’”

Anidaso a Egyina Bible so Ma Awerɛkyekye

Ɔkwan titiriw a Onyankopɔn nam so ma awerɛkyekye ne N’asɛm a wɔakyerɛw, a daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye wom no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.” (Romafo 15:4) Paulo maa abusuabɔ a ɛwɔ nokware anidaso ne awerɛkyekye mu daa adi bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔno, . . . yɛn agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa ɔdom mu no, ɔnkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den, asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.” (2 Tesalonikafo 2:16, 17) Nea ɛka saa “anidaso pa” yi ho ne asetra a ɛyɛ pɛ, nea anigye wom, na enni awiei wɔ paradise asase so.—2 Petro 3:13.

Anidaso a edi mũ na ɛyɛ anigye saa no hyɛɛ Laimonis, ɔsadweam a na wadwudwo a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no nkuran. Bere a ɔkenkan Yehowa Adansefo nhoma a egyina Bible so no, n’ani gyei sɛ osuaa wiase foforo a ɛwɔ Onyankopɔn Ahenni mu, baabi a wobetumi asa no yare koraa, no ho ade. Ɔkenkan anwonwakwan so ayaresa ho bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi ho asɛm wɔ Bible mu: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.” (Yesaia 35:5, 6) Nea ɛbɛyɛ na Laimonis afata ama Paradise asetra no, ɔyɛɛ nsakrae akɛse wɔ n’asetra mu. Ogyaee asanom, na n’afipamfo ne n’amannifo huu nsakrae a wayɛ no. Mprempren ɔyɛ Bible adesua pii, na ɔka awerɛkyekyesɛm a anidaso wom a egyina Bible so no kyerɛ afoforo.

Dwuma a Mpaebɔ Di

Sɛ esiane biribi nti yɛredi yaw a, yebetumi anya awerɛkyekye denam mpae a yɛbɛbɔ Yehowa no so. Ɛno betumi ayi adesoa no afi yɛn so. Wɔ yɛn adesrɛ mu no, yɛnam nneɛma a wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a yɛbɛkaakae so betumi anya awerɛkyekye. Dwom a ɛware sen biara wɔ Bible mu no te sɛ mpaebɔ a ɛyɛ dɛ. Nea ɔhyehyɛe no too dwom sɛ: “[Yehowa, NW], mekae w’atemmu a efi teteete no, na mekyekye me werɛ.” (Dwom 119:52) Wɔ tebea horow a emu yɛ den yiye, titiriw nea ɛfa akwahosan ho nsɛnnennen ho mu no, mpɛn pii no, ano aduru nyɛ biako pɛ. Ebetumi aba sɛ yɛn ankasa renhu baabi a ɛsɛ sɛ yɛdan kɔ ankasa. Nnipa pii ahu sɛ bere a wɔyɛ nea nnipa betumi ayɛ nyinaa wie no, Onyankopɔn nkyɛn a wɔdan kɔ wɔ mpaebɔ mu no ma wonya awerɛkyekye kɛse, na ɛtɔ mmere bi a, wonya mmuae bere a na wɔnhwɛ kwan.—1 Korintofo 10:13.

Pat a wɔde no tutuu mmirika kɔɔ ayaresabea dan a wɔhwɛ ayarefo a wɔn tebea gye ntɛmpɛ wom mu no nyaa mpaebɔ mu awerɛkyekye yi. Bere a ne ho tɔɔ no akyi no, ɔkae sɛ: “Mebɔɔ Yehowa mpae, na mihui ankasa sɛ na ɛsɛ sɛ mede me nkwa hyɛ ne nsa, ma ɔyɛ nea ɛyɛ ne pɛ biara. Me bo tɔɔ me yam saa bere yi nyinaa; minyaa Onyankopɔn asomdwoe a wɔaka ho asɛm wɔ Filipifo 4:6, 7 no.” Hwɛ sɛnea saa nkyekyem yi betumi akyekye yɛn nyinaa werɛ! Paulo tu yɛn fo sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”

Honhom Kronkron no Yɛ Ɔwerɛkyekyefo

Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no pefee sɛ aka kakra na wafi wɔn nkyɛn. Eyi haw wɔn maa wɔn werɛ howee. (Yohane 13:33, 36; 14:27-31) Bere a Yesu hui sɛ na wɔda so ara hia awerɛkyekye no, ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Mebisa agya no, na wama mo okyigyinafo [anaa, ɔboafo] foforo, na ɔne mo abɛtra daa.” (Yohane 14:16; NW ase hɔ asɛm) Ɛha yi no, na Yesu reka Onyankopɔn honhom kronkron no ho asɛm. Onyankopɔn honhom kyekyee asomafo no werɛ wɔ akwan pii so wɔ wɔn sɔhwɛ ahorow mu hyɛɛ wɔn den ma wɔkɔɔ so yɛɛ Onyankopɔn apɛde.—Asomafo no Nnwuma 4:31.

Angie, a anka ne kunu reyɛ awu bere a onyaa akwanhyia a na ɛyɛ hu no, tumi gyinaa ne tebea no mu ahohia ne yaw no nyinaa ano. Dɛn na ɛboaa no? Ɔka sɛ: “Sɛ ɛnyɛ Yehowa honhom kronkron no a, anka yɛrentumi mfa tebea a yehyiae yi mu nkɔ so nyɛ den. Nokwarem no, Yehowa ahoɔden ada adi wɔ yɛn mmerɛwyɛ mu, na wayɛ yɛn ahohia mu abannennen.”

Onuayɛ Kuw a Awerɛkyekye Wom

Sɛnea tebea biara a obi wom wɔ asetram te, ɛmfa ho nsɛm tebea biara a ɛyɛ yaw a ebetumi ato no no, ɛsɛ sɛ otumi nya awerɛkyekye wɔ onuayɛ kuw a ɛwɔ Yehowa asafo mu no mu. Saa onuayɛ kuw yi ma wɔn a wɔwom no nya honhom fam mmoa. Emu na obi betumi anya nnamfo a wɔwɔ dɔ, wosusuw afoforo ho, na wɔma wonya awerɛkyekye, a wɔayɛ krado na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa afoforo akyekye wɔn werɛ wɔ wɔn ahohia mu.—2 Korintofo 7:5-7.

Wɔkyerɛkyerɛ Kristofo asafo no mufo sɛ ‘wɔnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo no.’ (Galatifo 6:10) Bible mu ntetee a wonya no kanyan wɔn ma wɔda onuadɔ ne ayamye adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. (Romafo 12:10; 1 Petro 3:8) Ɛkanyan honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu ma wɔda ayamye adi, kyekye afoforo werɛ, hu wɔn mmɔbɔ.—Efesofo 4:32.

Joe ne Rebecca, a wɔhweree wɔn babarima yayaaya no nyaa awerɛkyekye a ɛte saa fii Kristofo asafo no mufo hɔ. Wɔka sɛ: “Yehowa ne n’asafo a ɔdɔ wom no aboa yɛn wɔ mmere a na emu yɛ den ma yɛn no mu. Yɛn nsa kaa nkrataa pii a wɔde ma hyɛden, ne nea wɔkyerɛw brɛɛ yɛn, na afoforo frɛɛ yɛn ne yɛn kasae wɔ telefon so. Eyi ma yɛn ani sɔ sɛnea yɛn nuayɛ kuw no som bo no. Bere a na asiane no ama yɛn ani so ayɛ yɛn totɔtotɔ no, mpɔtam hɔ asafo ahorow pii bɛboaa yɛn, maa yɛn nnuan siesiee yɛn fie maa yɛn.”

Nya Awerɛkyekye!

Sɛ amanehunu mframa fi ase bɔ denneennen, na osu a ano yɛ den retɔ, na ahohia asukɔtweaa regu a, Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔde ahobammɔ a awerɛkyekye wom bɛma yɛn. Sɛɛ na nnwom no mu biako ka ne ho asɛm sɛ nea ɔma guankɔbea a awerɛkyekye wom: “Ɔde ne ntakra bɛkata wo so, na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔdɔ, ɔkyɛm ne nkatabo ne ne nokware.” (Dwom 91:4) Nea wɔrekyerɛkyerɛ mu wɔ ha yi bɛyɛ ɔkɔre ntaban. Ɛyɛ anomaa a otumi hu sɛ asiane reba, ma enti ɔtrɛw ne ntaban mu kata ne mma so ho mfonini. Wɔ ntease a ɛkɔ akyiri mu no, Yehowa yɛ nokware Bammɔfo ma wɔn a woguan toa no nyinaa.—Dwom 7:1.

Sɛ wopɛ sɛ wusua Onyankopɔn ho nsɛm pii, ne nipasu, n’atirimpɔw, ne sɛnea otumi ma awerɛkyekye a, yɛto nsa frɛ wo sɛ besua N’asɛm. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ saa. Yiw, wo nso wubetumi anya Yehowa ahoɔden mu awerɛkyekye!

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Daakye ho anidaso a egyina Bible so betumi ama woanya awerɛkyekye