Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woreda Wo Ho adi Akyerɛ Afoforo?

So Woreda Wo Ho adi Akyerɛ Afoforo?

So Woreda Wo Ho adi Akyerɛ Afoforo?

‘Nea obiara bɛka biara ɔnka!’ Ebia abufuw anaa abasamtu ama woaka saa anuɔdensɛm yi pɛn. Nanso bere a wo bo adwo no, ebia wubehu sɛ woahaw. Dɛn ntia? Efisɛ yɛn mu dodow no ara dwen nea afoforo ka fa yɛn ho no ho.

NOKWAREM no ɛsɛ sɛ yedwen afoforo nkate ho. Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo, Yehowa Nyankopɔn asomfo titiriw na yɛma sɛnea afoforo bu yɛn no ho hia yɛn sɛnea ɛfata. Efisɛ, ‘yɛyɛ ahwɛde ma wiase’ no. (1 Korintofo 4:9) Wɔ 2 Korintofo 6:3, 4 no, yehu ɔsomafo Paulo afotu a ese: “Na yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔannunu ɔsom no, na mmom ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo.”

Nanso dɛn na yɛn ho a yɛbɛda no adi akyerɛ afoforo no kyerɛ? So eyi kyerɛ sɛ yɛbɛma yɛn ho so anaa yɛbɛtwe adwene aba yɛn ho ne nea yetumi yɛ so sɛnea ɛmfata? Dabi. Mmom ɛhwehwɛ sɛ yɛde asɛm a ɛwɔ 1 Petro 2:12 no di dwuma: “Na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na . . . wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.” Kristofo yi wɔn ho kyerɛ denam wɔn abrabɔ a wɔma ɛkasa so! Awiei koraa no, eyi de ayeyi brɛ Onyankopɔn na ɛnyɛ yɛn. Nanso, yɛn ho a yɛda no adi kyerɛ afoforo no nso de mfaso brɛ yɛn ankasa. Ma yɛnhwehwɛ nneɛma abiɛsa yi a ebetumi ama woanya so mfaso no mu.

Sɛ́ Aware Mu Ɔhokafo

Fa aware sɛ nhwɛso. Ɛyɛ akyɛde a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ, nea “wofi no mu frɛ abusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa no.” (Efesofo 3:15) Ebia ɛyɛ wo pɛ sɛ wobɛware da bi. Sɛ ɛte saa a, woada wo ho adi akyerɛ sɛ obi a obetumi ayɛ aware mu ɔhokafo akodu he? Edin bɛn na woagye sɛ Kristoni barima anaa ɔbea hokwafo?

Wɔ nsase bi so no eyi yɛ mmusua ahiasɛm kɛse. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Ghana no ɛyɛ amammerɛ sɛ, sɛ nnipa baanu pɛ sɛ wɔware a, wɔn baanu bɔ wɔn awofo amanneɛ. Awofo yi nso bɔ abusuafo foforo amanneɛ. Ɔbarima no abusuafo fi ase yɛ edin a ɔbea no agye wɔ mpɔtam hɔ ho nhwehwɛmu. Sɛ awofo no hu sɛ ɔbea no fata a, wɔbɔ ɔbea no abusuafo amanneɛ sɛ wɔn babarima no pɛ sɛ ɔware wɔn babea no. Afei ɔbea no abusuafo yɛ edin a ɔbarima no agye ho nhwehwɛmu ansa na wɔapene aware no so. Ghanafo wɔ akasabebu bi sɛ, “Wokɔ aware a bisa.”

Na Atɔe fam nsase a wɔma obiara kwan ma ɔpaw n’ankasa aware mu ɔhokafo no nso ɛ? Wɔ hɔ mpo no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ Kristoni barima anaa ɔbea bɛma wɔn a wonim nea ɔbɛyɛ ne hokafo no yiye, te sɛ awofo anaa nnamfo a wɔn ho akokwaw no fi nokwaredi mu kamfo no kyerɛ. Sɛnea Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no ka no, ababaa betumi abisa sɛ: “ ‘Edin bɛn na ɔbarima yi agye? Henanom ne ne nnamfo? Ɔda ahosodi adi? Ɔkwan bɛn so na ɔne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no di? Abusua bɛn mu na ofi? Ɔkwan bɛn so na ɔne wɔn di nkitaho? Su bɛn na oyi no adi wɔ sika ho? Ɔyɛ ɔkɔwensani? Ne koma haw no, anaa ɔyɛ basabasa mpo? Asafo mu asɛyɛde bɛn na ɔwɔ, na odi ho dwuma dɛn? Metumi anya obu a emu dɔ ama no?’—Leviticus 19:32; Mmebusɛm 22:29; 31:23; Efesofo 5:3-5, 33; 1Timoteo 5:8; 6:10; Tito 2:6, 7.” *

Saa ara nso na ɔbarima bɛpɛ sɛ ɔyɛ nhwehwɛmu fa Kristoni bea biara a ɔpɛ sɛ ɔware no ho. Sɛnea Bible kyerɛ no, Boas yɛɛ Rut a akyiri yi ɔwaree no no ho nhwehwɛmu saa ara. Bere a Rut bisae sɛ: “Ɛdɛn nti na manya w’anim anuonyam, na w’ani ku me a meyɛ ɔnanani ho yi?” no, Boas kae sɛ: “Wɔatu ase aka akyerɛ me.” (Rut 2:10-12) Yiw, ɛnyɛ sɛ Boas ankasa hui sɛ Rut yɛ ɔbea nokwafo, ɔwɔ ahofama, na ɔyɛ mmɔdenbɔfo nko, na mmom onyaa amanneɛbɔ pa fii afoforo nso hɔ.

Saa ara na wo nneyɛe bɛkyerɛ, sɛ́ ebia afoforo bu wo sɛ woyɛ aware mu ɔhokafo a ɔfata no. Ɔkwan bɛn so na woreda wo ho adi akyerɛ afoforo wɔ eyi mu?

Sɛ́ Odwumayɛni

Adwumam nso yɛ beae foforo a sɛ wukura abrabɔ pa mu a ɛso betumi aba mfaso ama wo. Adwuma a wɔhwehwɛ ho akansi mu betumi ayɛ den. Wɔtaa yi adwumayɛfo a wɔyɛ ahantan, wɔtaa ka akyi, na wonni nokware no adi. Ebia nnwumakuw nso beyi adwumayɛfo a wɔn ho akokwaw adi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔmmɔ ka kɛse. Sɛ wɔn a wɔnyɛ adwuma hwehwɛ adwuma foforo a, ebia wobehu sɛ nnwumakuw bebisa sɛnea wɔyɛ adwuma, wɔn suban ne wɔn ahokokwaw ho asɛm afi wɔn kan adwumawuranom hɔ. Kristofo pii nam obu, ntade a ɛfata, nneyɛe pa, ne Kristofo su pa atitiriw so atumi ada wɔn ho adi akyerɛ adwumawuranom.

Nokwaredi yɛ saa su yi mu biako—ade a adwumawuranom pii hwehwɛ kan. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, yɛpɛ sɛ “yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.” (Hebrifo 13:18) Wɔ Ghana no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ na korɔnbɔ nketenkete rekɔ so wɔ adwumakuw bi a etu fagude mu. Wɔanyi Ɔdansefo bi a na ɔhwɛ dwumadibea a wɔnan fagude so no adi bere a woyii afoforo adi no. Dɛn ntia? Ná mpanyimfo a wɔhwɛ adwuma no so ahu nokware a wadi wɔ mfe pii a atwam no mu. Ná wonim ne mmɔdenbɔ ne obu a ɔwɔ ma adwuma no mu mpanyimfo no yiye. Yiw, ne suban pa no ma ɔkɔɔ so yɛɛ n’adwuma!

Nneɛma foforo bɛn na Kristoni betumi ayɛ de ada ne ho adi akyerɛ wɔ adwuma mu? Sua sɛnea wode ahokokwaw bɛyɛ adwuma biara a wɔde bɛma wo no yiye. (Mmebusɛm 22:29) Fa mmɔdenbɔ ne ahonim pa yɛ adwuma. (Mmebusɛm 10:4; 13:4) Fa obu ma w’adwumawura ne nea ɔhwɛ adwuma no so no. (Efesofo 6:5) Bere sodi, nokwaredi, adwuma a wɔyɛ no yiye, ne adwumaden yɛ su a adwumawuranom ani gye ho, na su horow yi betumi aboa wo ma woanya adwuma bere a adwuma ho yɛ nã mpo no.

Asafo Mu Hokwan Ahorow

Ɛnnɛ mmarima a wɔn ho akokwaw a wobedi Kristofo asafo no anim ho abehia sen bere biara. Dɛn ntia? Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ma wo ntamadan mu ntrɛw, na wɔntwe wo trabea mmɔhɔɔ no mu.” (Yesaia 54:2) Yehowa asafo a ɛwɔ wiase nyinaa renya nkɔanim ma saa nkɔmhyɛ yi nya mmamu.

Sɛ woyɛ Kristoni barima a, ɔkwan bɛn so na wubetumi ada wo ho adi akyerɛ sɛ obi a ɔfata sɛ wɔma no dwumadi? Susuw aberantewaa Timoteo nhwɛso no ho. Luka ka Timoteo ho asɛm sɛ “na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonion bɔ no din pa.” Yiw, esiane n’abrabɔ pa nti, na saa aberantewaa no ada ne ho adi akyerɛ afoforo wɔ nkurow abien so. Paulo too nsa frɛɛ Timoteo ma ɔkɔkaa ne ho wɔ n’akwantu som adwuma no mu.—Asomafo no Nnwuma 16:1-4.

Ɛnnɛ, ɔkwan bɛn so na ɔbarima betumi ‘apɛ ɔhwɛfodwuma’ wɔ ɔkwan pa so? Nokwarem no, ɛnyɛ dawurubɔ a wɔnam so hwehwɛ dibea so na mmom denam honhom fam su horow a ehia ma asɛyɛde ahorow a ɛte saa a ɔbɛda no adi so. (1Timoteo 3:1-10, 12, 13; Tito 1:5-9) Obetumi ada ne ho adi nso sɛ ‘ɔpɛ adwuma pa’ denam asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no a ɔde ne ho bɛhyem akosi ase no so. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Wɔn a wɔda wɔn ho adi kyerɛ sɛ Kristofo mmarima a wodi asɛyɛde ho dwuma fi koma mu dwen wɔn honhom fam anuanom yiyedi ho. Wodi ɔsomafo Paulo afotu yi akyi: “Momma ahotefo hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden!” (Romafo 12:13) Ɛdenam saa nneɛma yi a Kristoni barima yɛ so no obetumi ‘ada ne ho adi akyerɛ ankasa sɛ Onyankopɔn somfo.’

Bere Nyinaa

Yɛn o a yɛbɛda no adi akyerɛ afoforo no nkyerɛ sɛ yɛremma wonhu sɛnea yɛte ankasa anaasɛ yɛbɛyɛ “wɔn a wɔsɔ nnipa ani.” (Efesofo 6:6) Nokwarem no, ɛkyerɛ sɛ yɛbɛda yɛn ho adi akyerɛ Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn denam ne mmara ne ne nnyinasosɛm a yebedi so ankasa no so. Sɛ wunya honhom fam nkɔanim na woma wo ne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ mu yɛ den a, afoforo behu nkɔso a aba wɔ sɛnea wo ne w’abusuafo, wo yɔnko adwumayɛfo, ne wo nuanom Kristofo di no mu. Afei nso, wobehu sɛnea wusi pĩ na wokari pɛ, w’atɛmpa, sɛnea wutumi di asɛyɛde ho dwuma ne w’ahobrɛase. Eyi bɛma wɔadɔ wo na wɔde obu ama wo, na nea ehia kɛse no, wubenya Yehowa Nyankopɔn anim dom efisɛ woda wo ho adi kyerɛ afoforo!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Awofo pii fi nyansa mu yɛ edin a obi a wɔn babarima anaa wɔn babea pɛ sɛ ɔware no agye ho nhwehwɛmu

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Onuabarima da ne ho adi ma ɔsom mu hokwan ahorow denam afoforo ho a osusuw so