Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubu Basabasayɛfo Sɛnea Onyankopɔn Bu wɔn No?

So Wubu Basabasayɛfo Sɛnea Onyankopɔn Bu wɔn No?

So Wubu Basabasayɛfo Sɛnea Onyankopɔn Bu wɔn No?

Efi tete na nkurɔfo akyerɛ akunini, nkurɔfo a wɔayɛ ahoɔdenne ada akokoduru adi ho anigye na wɔadi wɔn ni. Nnipa a wɔte saa no mu biako ne anansesɛm mu dɔmmarima bi a na tete Helafo frɛ no Heracles, na Romafo frɛ no Hercules no.

NÁ Heracles yɛ okunini kɛse, ɔkofo hoɔdenfo a ogyee din kɛse. Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, na ɔyɛ onipa fã ne nyame fã, Helafo nyame Seu ne Alcmene a ɔyɛ nipa no, ba. Ofii ase yɛɛ akokodurusɛm bere a na ɔyɛ akokoaa mpo. Bere a onyamewa oniberefo bi somaa awɔ akɛse abien sɛ wɔnkokum Heracles no, otim wɔn amene kum wɔn. Bere a onyinii no, odii ako, kunkum asasabonsam, na ɔne owu nkrampan dii ako gyee n’adamfo bi. Ɔsɛee nkurow, too mmea mmonnaa, too abarimaa bi fii abantenten so hwee fam, na okum ne yere ne ne mma nso.

Ɛwom sɛ Heracles nyɛ onipa ankasa de, nanso efi teteete na Helafo de no ayɛ tete nsase a wonim ho nsɛm ho anansesɛm mu nipa. Ná Romafo som no sɛ nyame; aguadifo ne akwantufo bɔɔ no mpae hwehwɛɛ yiyedi ne asiane mu ahobammɔ. N’akokodurusɛm ho anansesɛm ama nkurɔfo ho adwiriw wɔn mfirihyia mpempem pii.

Atetesɛm no Fibea

So Heracles ne anansesɛm mu nnɔmmarima foforo ho nsɛm no wɔ nnyinaso ankasa? Ɔkwan bi so no, ebetumi aba saa. Bible ka bere bi a na “anyame” ne “nkurɔfo a wɔyɛ nnipa fã ne nyame fã” nenam asase so ankasa wɔ onipa asetra mfiase ho asɛm.

Bere a Mose reka saa bere no ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na nnipa fii ase redɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea maa wɔn no, Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.”—Genesis 6:1, 2.

Ná saa “Onyankopɔn mma” no nyɛ nnipa; na wɔyɛ Onyankopɔn mma a wɔyɛ abɔfo. (Fa toto Hiob 1:6; 2:1; 38:4, 7 ho.) Bible kyerɛwfo Yuda ka sɛ abɔfo bi ‘ankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa trabere.’ (Yuda 6) Ɔkwan foforo so no, wogyaw beae a na wɔde ama wɔn wɔ Onyankopɔn soro ahyehyɛde no mu no efisɛ wɔpɛe sɛ wɔne mmea a wɔn ho yɛ fɛ bɛtra asase so. Yuda de ka ho sɛ na saa abɔfo atuatewfo no te sɛ Sodomfo ne Gomorafo a ‘wɔde wɔn ho maa aguamammɔ na wokodii ɔhonam foforo akyi no.’—Yuda 7.

Bible no nka nea abɔfo asoɔdenfo yi yɛe nyinaa ho asɛm. Nanso, tete Helafo ne mmeae foforo anansesɛm ka anyame ne anyamewa a wɔbɛtraa nnipa mu, honam mu anaa honhom mu, ho asɛm. Bere a wɔsakraa wɔn ho dan nnipa no, na wɔn ho yɛ fɛ. Wodidi nomee, dae, ne wɔn ho wɔn ho ne nnipa nyaa ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa. Ɛwom sɛ wɔkyerɛ sɛ na wɔyɛ kronkron wɔ nkwa a owu nni mu de, nanso wodii atoro daadaa nkurɔfo, hamee koo ntɔkwaw, dɛfɛdɛfɛɛ nkurɔfo na wɔtoo mmonnaa. Ebetumi aba sɛ wɔde nsɛm bi akeka anansesɛm a ɛtete saa ho akyinkyim no de, nanso ɛte sɛ tebea a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu nhoma a ɛne Genesis mu no ankasa reba.

Tete Abran Akɛse, Abirɛmpɔn

Abɔfo a wɔdan wɔn ho nnipa no ne mmea dedae, na mmea no woo mma. Ná wɔnyɛ mmofra biara kɛkɛ. Na wɔyɛ Nefilim, nipa fã ne ɔbɔfo fã. Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Nna no mu na abran akɛse wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirɛmpɔn a wɔwɔ din fi teteete.”—Genesis 6:4.

Nea Hebri asɛmfua “nefilim” kyerɛ ankasa ne “asehwefo,” wɔn a wɔnam basabasayɛ so ma afoforo hwe ase, anaa wɔnam anuɔden so ma afoforo hwe ase. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible kyerɛwtohɔ no de ka ho sɛ: “Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na anuɔden ahyɛ asase so ma.” (Genesis 6:11) Anansesɛm mu nnipa a na wɔyɛ nipa fã ne nyame fã te sɛ Heracles ne Babilon dɔmmarima Gilgamesh, ne Nefilim no di nsɛ ankasa.

Hyɛ no nsow sɛ na wɔfrɛ Nefilim no “abran akɛse” ne “abirɛmpɔn.” Ná Nefilim no ani nnye ho sɛ wɔbɛma Yehowa din so sɛnea ɔtreneeni Noa a ɔtraa ase wɔn bere so yɛe no. Wɔn ankasa din, anuonyam, ne dibea na na ehia wɔn. Wɔnam ahoɔdenne a akyinnye biara nni ho sɛ na basabasayɛ ne mogyahwiegu ka ho so nyaa din a wɔhwehwɛ no fii wiase bɔne a na wɔte mu no mu. Ná wɔyɛ nnɔmmarima akunini wɔ wɔn bere so—wosuroo wɔn, buu wɔn, na na ɛte sɛ nea biribiara ntumi wɔn.

Bere a ɛbɛyɛ sɛ Nefilim no ne wɔn agyanom a wɔyɛ abɔfo a wɔmfata no nyaa din wɔ wɔn bere sofo anim no, na wonni din wɔ Onyankopɔn anim. Na wɔn asetra kwan no yɛ akyide. Ne saa nti, Onyankopɔn yɛɛ ade tiaa abɔfo a wɔahwe ase no. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn ankora abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no so, na mmom ɔde esum kabii ahama kyeree wɔn guu asaman amanehunu bun mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmu a,—na sɛ wankora tete wiase so, na mmom Noa a ɔyɛ treneekafo a ɔto so awotwe no nko na ogyee no, na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase so.”—2 Petro 2:4, 5.

Wɔ wiase nyinaa Nsuyiri no mu no, abɔfo atuatewfo no dan wɔn ho abɔfo bio, na wɔde animguase san kɔɔ ahonhom atrae hɔ. Onyankopɔn twee wɔn aso denam ma a wamma wɔantumi amfa honam nipadua bio so. Nefilim, abɔfo asoɔdenfo no mma a na wɔwɔ tumi sen nnipa no nyinaa wuwui. Noa ne n’abusua ketewa no nkutoo na wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu.

Nnipa a Wɔwɔ Din Nnɛ

Ɛnnɛ, anyame ne nnipa a wɔyɛ nipa fã ne nyame fã nnenam asase so bio. Nanso, basabasayɛ abu so. Ɛnnɛ, wɔhyɛ nnipa a wɔwɔ din anuonyam wɔ nhoma, sini, television, ne nnwom mu. Ɛnyɛ wɔn adwene da sɛ wɔbɛsesa wɔn adwene adɔ wɔn atamfo, ahwehwɛ asomdwoe, de bɔne afiri, na wɔatwe wɔn ho afi basabasayɛ ho. (Mateo 5:39, 44; Romafo 12:17; Efesofo 4:32; 1 Petro 3:11) Mmom no, wɔkamfo nnɛyi abran no wɔ wɔn ahoɔden ne sɛnea wotumi ko, tɔ were, na wɔde basabasayɛ a ano yɛ den hyia basabasayɛ no ho. *

Adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ saafo no ho nsesae fi Noa bere so. Yehowa ani nnye basabasayɛfo ho, na saa ara nso na n’ani nnye wɔn nneyɛe ho. Odwontofo no too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.”—Dwom 11:5.

Ahoɔden Soronko

Nea ɔnte sɛ abran basabasayɛfo no koraa ne onipa a wagye din sen biara a watra ase pɛn, Yesu Kristo, onipa a ɔpɛ asomdwoe no. Bere a na ɔwɔ asase so no, “wanni abɔnefosɛm.” (Yesaia 53:9) Bere a n’atamfo bɛkyeree no wɔ Getsemane turom hɔ no, na nkrante hyehyɛ n’akyidifo no ho. (Luka 22:38, 47-51) Na anka wobetumi aboa wɔn ho ano ne wɔn de asi ani na amma wɔamfa no anhyɛ Yudafo no nsa.—Yohane 18:36.

Nokwarem no, ɔsomafo Petro twee ne nkrante sɛ ɔde rebɔ Yesu ho ban, nanso Yesu kae sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:51, 52) Yiw, sɛnea ada adi wɔ nnipa abakɔsɛm mu mpɛn pii no, basabasayɛ de basabasayɛ na ɛba. Sɛ akode a anka Yesu betumi de abɔ ne ho ban no da nkyɛn a, na ɔwɔ ɔkwan foforo a obetumi afa so abɔ ne ho ban. Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafotow dumien ne akyiri mmegyina me ho?”—Mateo 26:53.

Sɛ́ anka Yesu bɛfa basabasayɛ anaa abɔfo so abɔ ne ho ban no, ɔmaa kwan maa wɔn a wokum no no kyeree no. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, na onim sɛ bere nsoe sɛ ne soro Agya de asase so basabasayɛ ba awiei. Sɛ́ anka Yesu ankasa bedi nneɛma ho dwuma no, ɔde ne ho too Yehowa so.

Ná eyi nkyerɛ mmerɛwyɛ na mmom na ɛkyerɛ ahoɔden kɛse a ɔwɔ. Yesu daa gyidi kɛse a na ɔwɔ wɔ Yehowa mu sɛ ɔbɛtoto nneɛma yiye wɔ N’ankasa bere ne ne kwan so no adi. Esiane Yesu setie nti, wɔmaa no gyinabea a ɛkorɔn a Yehowa de nkutoo na ɛsen no. Ɔsomafo Paulo kyerɛw faa Yesu ho sɛ: “Ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po. Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so, sɛ Yesu din mu na ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa nkotow, na tɛkrɛma nyinaa mpaem nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade mma agya Nyankopɔn anuonyam.”—Filipifo 2:8-11.

Ɛbɔ a Onyankopɔn Ahyɛ sɛ Ɔde Basabasayɛ Bɛba Awiei

Nokware Kristofo suasua Yesu asetra nhwɛso ne ne nkyerɛkyerɛ. Wɔnkamfo wiase nnipa a wɔagye din na wɔyɛ basabasa no, na saa ara na wonsuasua wɔn. Wonim sɛ wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wobeyi saafo no afi hɔ koraa, sɛnea wɔyɛɛ abɔnefo wɔ Noa bere so no.

Asase ne adesamma Bɔfo ne Onyankopɔn. Ɔno ara nso ne Otumfoɔ a ɔfata. (Adiyisɛm 4:11) Sɛ onipa a ɔyɛ ɔtemmufo tumi bu atɛn ma ɛfata a, ɛnde na Onyankopɔn wɔ tumi a ɛsen saa koraa sɛ obebu atɛn. Obu a n’ankasa wɔ ma ne trenee nnyinasosɛm ahorow, ne ɔdɔ a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no no, bɛhyɛ no ma ɔde abɔnefosɛm ne wɔn a wɔde ba nyinaa aba awiei.—Mateo 13:41, 42; Luka 17:26-30.

Eyi de asomdwoe a ɛtra hɔ daa, asomdwoe a egyina atɛntrenee ne trenee so pintinn, bɛba asase so. Wɔkaa eyi ho asɛm siei wɔ Yesu Kristo ho nkɔmhyɛ bi a wonim no yiye mu: “Wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-tumfoɔ, Daa-agya, Asomdwoe-hene na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo [Yehowa, NW] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.”—Yesaia 9:6, 7.

Ɛnde, ntease wom ankasa sɛ Kristofo tie afotu a efi honhom mu a wɔde mae tete no: “Ntwe otirimɔdenfo ho ninkunu, nso mpaw n’akwan mu biara. Na ɔkɔnkɔnsani yɛ [Yehowa, NW] akyide, na tẽefo na ɔne wɔn di atirimsɛm.”—Mmebusɛm 3:31, 32.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Nnipa a wɔyɛ basabasa wɔ video so agoru ne nyansahu mu ayɛsɛm sini pii mu taa da nkurɔfo bɔne basabasayɛfo no su ahorow adi kɛse.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

WƆKAMFO NNƐYI ABRAN NO WƆ WƆN AHOƆDEN NE SƐNEA WOTUMI KO, TƆ WERE, NA WƆDE BASABASAYƐ A ANO YƐ DEN HYIA BASABASAYƐ NO HO

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 29]

Alinari/Art Resource, NY