Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo—Sɛnea Wɔahyɛ Ho Nkɔm No

Wɔyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo—Sɛnea Wɔahyɛ Ho Nkɔm No

Wɔyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo—Sɛnea Wɔahyɛ Ho Nkɔm No

“Nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: . . . Nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—ADIYISƐM 21:5.

1, 2. Dɛn nti na nnipa pii mpere wɔn ho sɛ wobesusuw nea ɛbɛba daakye ho?

SO WOAKA anaa woanya adwene sɛ, ‘Hena na onim ɔkyena asɛm?’ Wubetumi ate nea enti a nkurɔfo mpere wɔn ho mmɔ wɔn tirim mpo nka nea ɛbɛba daakye anaasɛ wɔmfa wɔn ho nto wɔn a ebia wɔde ahopere ka sɛ wobetumi akyerɛ nea ɛbɛba daakye so no ase. Nokwarem no, nnipa nni tumi a wɔde bɛkyerɛ nea ɛbɛba asram anaa mfe a ɛreba no mu pɛpɛɛpɛ.

2 Wɔhyɛɛ da kaa bere ho asɛm nkutoo wɔ Forbes ASAP nsɛmma nhoma no biako mu. Obi a ɔyɛ TV so dwumadi Robert Cringely, kyerɛwee wom sɛ: “Ɛwom sɛ bere tumi ma yɛn nyinaa anim gu ase de, nanso wɔn a bere tumi gu wɔn anim ase kɛse paa ne wɔn a wɔka nsɛm a ɛbɛba daakye no. Ɛkame ayɛ sɛ yɛn nsa si fam daa wɔ nea ɛbɛba daakye a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka no ho. . . . Nanso wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔaben wɔ nea ɛbɛba daakye ho nsɛm mu no kɔ so hyehyɛ nkɔm.”

3, 4. (a) Mfirihyia apem foforo no ho akwanhwɛ bɛn na ebinom wɔ? (b) Daakye ho akwanhwɛ ho nokwasɛm bɛn na afoforo wɔ?

3 Ebia woahyɛ no nsow sɛ bere a nkurɔfo de wɔn adwene asi mfirihyia apem foforo yi so kɛse no, ɛte sɛ nea nnipa pii resusuw nea ɛbɛba daakye ho. Maclean nsɛmma nhoma no kae wɔ afe a etwaam no mfiase sɛ: “Wɔ Canadafo dodow no ara fam no, afe 2000 bɛyɛ kalenda so afe foforo bi ara kwa, nanso ebetumi ne biribi foforo mfiase ahyia ankasa.” Ɔbenfo Chris Dewdney a ɔwɔ York Sukuupɔn mu no de eyi kyerɛɛ nea enti a nkɔso betumi aba no mu sɛ: “Nea mfirihyia apem no kyerɛ ara ne sɛ yebetumi ahohoro yɛn nsa afi afeha a ɛyɛ hu ankasa ho.”

4 So eyi te sɛ nsusuwii hunu ara kwa? Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Canada no daa no adi sɛ, wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 22 pɛ na wɔkyerɛe sɛ “wogye di sɛ afe 2000 de mfiase foforo bi bɛba wiase.” Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn mu fã “na wɔhwɛ kwan sɛ wiase ntawntawdi”—wiase ko—foforo bɛba wɔ mfirihyia 50 mu. Ɛda adi pefee sɛ, nnipa dodow no ara hu sɛ mfirihyia apem foforo ntumi nyi yɛn nsɛnnennen mfi hɔ na ɛnyɛ nneɛma nyinaa foforo. Sir Michael Atiyah a na ɔyɛ Britania Adehye Fekuw no titrani no, kyerɛwee sɛ: “Sɛnea nneɛma resesa ntɛmntɛm no . . . kyerɛ sɛ afeha a ɛto so aduonu biako no de nsɛm a ɛyɛ hu bɛba yɛn asetra nyinaa mu. Nnipa a wɔredɔɔso, nneɛma a yɛde di dwuma wɔ asetram a ɛso retew, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no, ne ohia a aka nnipa pii no yɛ ɔhaw ahorow a ato yɛn dedaw a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma ntɛm ara.”

5. Ɛhefa na yebetumi anya nea ɛbɛba daakye ho nsɛm a yebetumi de yɛn ho ato so?

5 Ebia wubesusuw sɛ, ‘Esiane sɛ nnipa ntumi nkyerɛ nea ɛbɛba yɛn so daakye nti, so ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu daakye so?’ Mmuae no yɛ dabi! Ɛyɛ nokware sɛ, nnipa ntumi nkyerɛ nsɛm a ebesisi daakye pɛpɛɛpɛ de, nanso ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ obiara ntumi nkyerɛ. Wiɛ, hena na obetumi akyerɛ, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to daakye so? Wubetumi anya mmuae a abotɔyam wom wɔ nkɔmhyɛ anan pɔtee bi mu. Wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ nhoma a nnipa pii wɔ bi na wɔkenkan sen biara, na bere koro no ara ɛyɛ nhoma a wɔnte ase na wobu ani gu so sen biara—Bible—mu. Ɛmfa ho adwene a wowɔ wɔ Bible ho ne sɛnea wususuw sɛ ebia wunim no yiye biara no, ɛsɛ sɛ w’ankasa wususuw saa kyerɛw nsɛm atitiriw anan yi ho. Ɛka daakye bi a anidaso wom ankasa ho asɛm. Afei nso, saa nkɔmhyɛ atitiriw anan yi ka nea ɛbɛba wo ne w’adɔfo so daakye ho asɛm.

6, 7. Bere bɛn na Yesaia hyɛɛ nkɔm, na ɔkwan bɛn so na ne nkɔmhyɛ no nyaa mmamu a ɛyɛ nwonwa?

6 Yehu nea edi kan no wɔ Yesaia ti 65. Ansa na yɛbɛkenkan no, ma nea ɛfa ho no ntra w’adwenem fann—bere a wɔkyerɛw saa asɛm yi ne tebea a edii ho dwuma no. Onyankopɔn diyifo Yesaia a ɔkyerɛw saa nsɛm yi no traa ase bɛboro mfirihyia ɔha ansa na Yuda ahemman no reba awiei. Yehowa nsa a oyi fii Yudafo a wɔanni nokware no so no na ɛmaa awiei no bae, na Babilonfo sɛee Yerusalem sesaw emufo kɔɔ nnommumfa mu. Yesaia hyɛɛ eyi ho nkɔm bɛboro mfirihyia ɔha ansa na ɛreba.—2 Beresosɛm 36:15-21.

7 Sɛ yɛbɛka ho abakɔsɛm a, kae sɛ ɛdenam Onyankopɔn akwankyerɛ so no, Yesaia kaa Persiani a na wonnya nwoo no—Kores—a ɔno na na awiei koraa no, obetu Babilon agu no ho asɛm siei. (Yesaia 45:1) Kores na ɔyɛɛ nhyehyɛe maa Yudafo no san baa wɔn asase so wɔ afe 537 A.Y.B. mu. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ Yesaia kaa wɔn sanba no ho asɛm siei, sɛnea yɛkenkan wɔ ti 65 no. Ɔtwee adwene sii tebea a na ɛbɛkɔ so wɔ Israelfo a na wɔasan aba wɔn asase so mu no so.

8. Daakye a ɛyɛ anigye bɛn na Yesaia kaa ho asɛm siei, na asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow titiriw?

8 Yɛkenkan wɔ Yesaia 65:17-19 sɛ: “Hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo [ne asase foforɔ, Asante Twi Bible], na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti: na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw. Na medi Yerusalem ho ahurusi, na me ho asɛpɛw me me man ho, na wɔrente osu ne nteɛteɛm wɔ mu bio.” Akyinnye biara nni ho sɛ Yesaia kaa tebea ahorow a na ɛbɛyɛ papa koraa asen nea na Yudafo no nim wɔ Babilon no ho asɛm. Ɔkaa anigye ne ahurusidi ho asɛm siei. Afei hyɛ asɛm ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’ no nsow. Eyi ne mpɛn anan a saa asɛm yi pue wɔ Bible mu no mu nea edi kan, na saa mmeae anan yi betumi afa yɛn daakye ho tẽẽ, na akyerɛ nea ɛbɛba so mpo.

9. Ɔkwan bɛn so na na Yesaia 65:17-19 nkɔmhyɛ no mmamu fa tete Yudafo no ho?

9 Yesaia 65:17-19 mmamu a edi kan no fa tete Yudafo ho, na sɛnea Yesaia hyɛɛ ho nkɔm pɛpɛɛpɛ no, wɔsan baa wɔn asase so bɛtraa so, na wɔde nokware som sii hɔ bio. (Esra 1:1-4; 3:1-4) Nanso, wubehu sɛ, wɔsan baa asase a ɛwɔ okyinnsoromma koro yi ara so so, ɛnyɛ baabi foforo wɔ amansan yi mu. Eyi a yebehu no betumi aboa yɛn ma yɛahu nea na Yesaia kyerɛ bere a ɔkaa ɔsoro foforo ne asase foforo ho asɛm no. Enhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribi, sɛnea ebinom yɛ no wɔ Nostradamus anaa nkɔmhyɛfo afoforo nkɔmhyɛ hunu ho no. Bible no ankasa kyerɛkyerɛ nea na Yesaia kyerɛ no mu.

10. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛte ‘asase’ foforo a Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no ase?

10 Wɔ Bible mu no, ɛnyɛ bere nyinaa na ‘asase’ kyerɛ yɛn okyinnsoromma yi. Sɛ nhwɛso no, Dwom 96:1 ka sɛ: ‘Asase nyinaa, monto dwom mma Yehowa.’ Yenim sɛ yɛn okyinnsoromma yi—asase kesee ne ɛpo tɛtrɛɛ no—ntumi nto dwom. Nnipa na ɛto dwom. Yiw, ɛyɛ asase so nnipa ho asɛm na Dwom 96:1 reka. * Nanso Yesaia 65:17 ka “ɔsoro foforo” nso ho asɛm. Sɛ “asase” no gyina hɔ ma adesamma abusua foforo a wɔasan aba Yudafo asase so a, na “ɔsoro foforo” no nso ɛ?

11. Dɛn na “ɔsoro foforo” no kyerɛ?

11 Cyclopædia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature, a M’Clintock ne Strong yɛe no, ka sɛ: “Baabiara a wɔbɛka nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu ho asɛm no, ɔsoro kyerɛ . . . tumidifo nyinaa . . . a wɔredi wɔn nkurɔfo so tumi, te sɛ nea ɔsoro ankasa hata asase so na edi so no.” Ɛdefa “ɔsoro ne asase” a wɔde abom adi dwuma ho no, Cyclopædia no kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘wɔ nkɔmhyɛ kwan so no, asɛm no kyerɛ nnipa a wɔwɔ tumi ahorow wɔ amammuisɛm mu. Ɔsoro ne tumidi no; na asase no ne ɔmanfo, nnipa a atumfoɔ no di wɔn so no.’

12. Ɔkwan bɛn so na tete Yudafo no nyaa ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’?

12 Bere a Yudafo no san baa wɔn kurom no, wonyaa nea yebetumi afrɛ no nneɛma nhyehyɛe foforo. Wonyaa sodifo foforo. Serubabel, a na ɔyɛ Ɔhene Dawid aseni no na ɔyɛɛ amrado, na Yosua na na ɔyɛ ɔsɔfopanyin. (Hagai 1:1, 12; 2:21; Sakaria 6:11) Eyinom na na wɔyɛ “ɔsoro foforo” no. Na wodi dɛn so? Na saa “ɔsoro foforo” no di ‘asase foforo,’ adesamma abusua a na wɔn ho atew a na wɔasan aba wɔn asase so rebɛkyekye Yerusalem ne n’asɔrefie ama Yehowa som no so. Enti, wɔ saa kwan yi so no, ɔsoro foforo ne asase foforo no nyaa ne mmamu ankasa wɔ Yudafo no so saa bere no.

13, 14. (a) Ɔkasasin ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’ ho nhwɛso bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho? (b) Dɛn nti na Petro nkɔmhyɛ no ho hia titiriw saa bere yi?

13 Hwɛ yiye na woanyera ɔsɛmpɔw a yɛresusuw ho no. Nea yɛreka ho asɛm wɔ ha yi nyɛ Bible nkyerɛase anaa tete abakɔsɛm bi a yɛrehwehwɛ mu kɛkɛ. Wubetumi ahu eyi denam beae foforo a asɛm ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’ no pue a wobɛhwɛ no so. Wɔ 2 Petro ti 3 no, wubehu beae a eyi pue no, na wubehu sɛ ɛfa yɛn daakye ho.

14 Yudafo no san baa wɔn asase so bɛboro mfirihyia 500 akyi ansa na ɔsomafo Petro rekyerɛw ne krataa no. Sɛ́ Yesu asomafo no mu biako no, na Petro rekyerɛw Kristo, “Awurade” a wɔkaa ne ho asɛm wɔ 2 Petro 3:2 no akyidifo no. Petro ka Yesu “ba ho bɔhyɛ” ho asɛm wɔ nkyekyem 4, na eyi ma nkɔmhyɛ no yɛ nea ɛho hia yiye ankasa nnɛ. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ efi Wiase Ko I so reba no, Yesu aba ne tumidi mu a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔyɛ Onyankopɔn soro Ahenni no Sodifo. (Adiyisɛm 6:1-8; 11:15, 18) Esiane biribi foforo a Petro kaa ho asɛm siei wɔ ti yi mu nti, ɛma yenya ntease titiriw bi.

15. Ɔkwan bɛn so na Petro nkɔmhyɛ a ɛfa “ɔsoro foforo” ho no renya mmamu?

15 Yɛkenkan wɔ 2 Petro 3:13 sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” Ebia wunim dedaw sɛ Yesu a mprempren wɔde no asi agua so wɔ soro no ne Sodifo titiriw wɔ “ɔsoro foforo” no mu. (Luka 1:32, 33) Nanso, Bible mu nsɛm foforo kyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔno nkutoo na odi tumi. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ asomafo no ne afoforo a wɔte sɛ wɔn benya trabea wɔ soro. Ɔsomafo Paulo kaa saafo no ho asɛm wɔ Hebrifo nhoma no mu sɛ wɔn a ‘wɔfra ɔsoro frɛ no mu.’ Na Yesu kae sɛ wɔn a wɔwɔ saa kuw yi mu no ne no bɛtra nhengua so wɔ soro. (Hebrifo 3:1; Mateo 19:28; Luka 22:28-30; Yohane 14:2, 3) Asɛm no ne sɛ afoforo ne Yesu di ade sɛ ɔsoro foforo no mufo. Ɛnde, na dɛn na Petro kyerɛ bere a ɔkaa “asase foforo” ho asɛm no?

16. “Asase foforo” bɛn na ɛwɔ hɔ dedaw?

16 Sɛnea ɛbae tete—wɔ Yudafo a wɔsan baa wɔn asase so ho—no, mprempren 2 Petro 3:13 mmamu no fa nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ɔsoro foforo yi tumidi ase no ho. Wubetumi ahu nnipa ɔpepem pii a wɔde anigye rebrɛ wɔn ho ase ahyɛ tumidi a ɛte saa ase nnɛ. Wɔrenya ne nkyerɛkyerɛ nhyehyɛe no mu mfaso na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi emu mmara a ɛwɔ Bible mu no so. (Yesaia 54:13) Saafo yi na wɔbɛyɛ “asase foforo” no sofo a wodi kan, efisɛ wɔyɛ wiase nyinaa abusua a wofi aman, ɔkasa, ne mmusua nyinaa mu, na wɔbom yɛ adwuma brɛ wɔn ho ase hyɛ Ɔhene a ɔredi tumi, Yesu Kristo, ase. Nokwasɛm titiriw ne sɛ wubetumi abɛyɛ saa abusua yi muni!—Mika 4:1-4.

17, 18. Dɛn nti na nsɛm a ɛwɔ 2 Petro 3:13 no ma yɛn nea yebetumi agyina so anya daakye ho anidaso?

17 Nsusuw sɛ asɛm no awiei ara ni, kyerɛ sɛ, wɔmmaa yɛn nkyerɛkyerɛmu biara a ɛbɛma yɛahu nea ɛbɛba daakye. Nokwarem no, bere a wohwɛ nsɛm a ɛwɔ 2 Petro ti 3 no, wubehu nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ nsakrae kɛse bi da yɛn anim. Petro kyerɛw Noa bere so Nsuyiri a ɛde wiase bɔne no baa awiei saa bere no ho asɛm wɔ nkyekyem 5 ne 6. Wɔ nkyekyem 7 no, Petro ka sɛ wɔde “ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi,” a ɛne sodifo ne nkurɔfo a wodi wɔn so nyinaa no, asie ama ‘atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da.’ Eyi si so dua sɛ asɛm “ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi” no mfa yɛn okyinnsoromma yi ho, na mmom nnipa ne wɔn sodifo ho.

18 Petro kyerɛkyerɛ mu akyiri yi sɛ Yehowa da a ɛreba no rebɛyɛ afisiesie adwuma kɛse bi, na abɔ kwan ama ɔsoro foforo ne asase foforo a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 13 no. Hyɛ saa nkyekyem no awiei—“a trenee te mu”—no nsow. So ɛno nkyerɛ sɛ nsakrae akɛse papa bi da yɛn anim? So ɛmma yennya nneɛma foforo ho anidaso ankasa, bere a nnipa nyinaa benya anigye kɛse asen nea wonya nnɛ no? Sɛ wutumi hu no saa a, ɛnde na woanya nea Bible aka asie no mu nhumu, ade a nnipa kakraa bi pɛ na wonim no.

19. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm nhoma no twe adwene si “ɔsoro foforo ne asase foforo” a ennya mmae no so?

19 Nanso, momma yensusuw eyi ho nkɔ akyiri. Yɛasusuw bere a edi kan a asɛm ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’ pue no ho wɔ Yesaia 65, ne foforo nso ho wɔ 2 Petro ti 3. Afei momma yɛnnan nkɔ Adiyisɛm ti 21 a saa asɛm yi pue bio wɔ Bible mu no so. Ɛha nso, sɛ yɛte nea asɛm no fa ho no ase a, ɛbɛboa yɛn. Wɔ ti abien a edi eyi anim, wɔ Adiyisɛm ti 19 no, yehu sɛ wɔaka ɔko bi ho asɛm wɔ ɔkwan a emu da hɔ so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so—nanso, ɛnyɛ ɔko a ɛkɔ so wɔ aman abien ntam. “Onyankopɔn Asɛm” no gyina fã. Ɛda adi sɛ wunim sɛ ɛyɛ abodin a ɛfa Yesu Kristo ho. (Yohane 1:1, 14) Ɔwɔ soro, na saa anisoadehu yi ka ne ho asɛm sɛ ɔsoro abɔfo ka ne ho. Wɔne henanom na ɛreko? Saa ti no ka “ahene,” “asafohene,” ne nnipa horow nyinaa, “nketewa ne akɛse” ho asɛm. Ɔko yi fa Yehowa da a ɛreba no ho, nnebɔneyɛfo sɛe da no. (2 Tesalonikafo 1:6-10) Sɛ yɛkɔ yɛn anim a, Adiyisɛm ti 20 no de yi a wobeyi “ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan” no afi hɔ ho asɛm na efi ase. Eyi ma yɛdan kɔ Adiyisɛm ti 21 so.

20. Nsakrae titiriw bɛn na Adiyisɛm 21:1 kyerɛ sɛ ɛda yɛn anim?

20 Ɔsomafo Yohane de nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw na efi ase sɛ: “Mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio.” Esiane nea yɛahu wɔ Yesaia ti 65 ne 2 Petro 3 no nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ eyi nkyerɛ sɛ wɔbɛsesa ɔsoro ne yɛn okyinnsoromma yi ankasa, ne nsu a emu dɔ a ɛwɔ so no. Sɛnea ti ahorow a edi kan no daa no adi no, nnebɔneyɛfo ne wɔn sodifo horow, a wɔn sodifo a aniwa nhu no, Satan, ka ho no na wobeyi wɔn afi hɔ. Yiw, nea wɔhyɛ ho bɔ wɔ ha ne nneɛma nhyehyɛe foforo a asase so nnipa benya.

21, 22. Nhyira horow bɛn ho awerɛhyem na Yohane de ma yɛn, na dɛn na aniwam nusu a wɔbɛpopa no kyerɛ?

21 Eyi bɛyɛ nea akyinnye biara nni ho, bere a yɛkɔ so susuw saa nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye yi ho no. Nkyekyem 3 de bere a Onyankopɔn ne adesamma bɛtra, na wadan n’adwempa no aba nnipa a wɔreyɛ n’apɛde so no na ewie asɛm no. (Hesekiel 43:7) Yohane toa so wɔ nkyekyem 4, ne 5 sɛ: ‘Na Yehowa bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Ɔka nso sɛ: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.’ Nkɔmhyɛ a ɛhyɛ den na ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

22 Gyina na susuw nea Bible kyerɛ sɛ ɛreba no ho hwɛ. ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa.’ Ɛno ntumi nyɛ nusu a ɛhohoro yɛn aniwa so no anaa nea anigye ma yɛte no. Dabi, nusu a Onyankopɔn bɛpopa no bɛyɛ nusu a amanehunu, awerɛhow, abasamtu, opira, ne ɛyawdi de ba no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahotoso sɛ ɛbɛba? Wiɛ, aniwam nusu a Onyankopɔn bɛpopa ho bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi fa ‘owu, awerɛhow, osu, ne ɛyaw a enni hɔ bio’ ho.—Yohane 11:35.

23. Tebea horow bɛn awiei na Yohane nkɔmhyɛ no ma yenya ho awerɛhyem?

23 So eyi nkyerɛ sɛ wobeyi kokoram, yare a ɛma nipa fã dwudwo, komayare, ne owu mpo afi hɔ? Yɛn mu hena na yare, akwanhyia, anaa asiane bi mmaa ɔnhweree ne dɔfo bi? Onyankopɔn rehyɛ bɔ wɔ ha sɛ owu befi hɔ, a nea ne bɔhyɛ no kyerɛ ne sɛ mmofra biara a ebia wɔbɛwo wɔn saa bere no mpo bɛba asetra a, wɔrennyinyin mmobɔ nkwakoraa ne mmerewa—na kampɛsɛ wɔawuwu mu. Nyarewa a ɛtaa ka wɔn a wɔn mfe akɔ anim te sɛ yare a ɛma nnipa yɛ bɔmm (Alzheimer’s disease), nnompe mu yare, ɔdae, aniyare, anaa ɛtɛ mpo—befi hɔ.

24. Ɔkwan bɛn so na “ɔsoro foforo ne asase foforo” no bɛyɛ nhyira ankasa, na dɛn na yebesusuw ho?

24 Akyinnye biara nni ho sɛ, wugye tom sɛ sɛ woyi owu, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ, ne nyarewa fi hɔ a, awerɛhow ne osu so bɛtew. Nanso, ohia buruburoo, ayayade a wɔyɛ mmofra, ne nnipa mu nyiyim a ntease nnim a egyina baabi a obi fi anaa ne honam ani hwɛbea so nso ɛ? Sɛ nneɛma a ɛtete saa—a abu so nnɛ no—kɔ so a, awerɛhow ne osu remfi hɔ. Enti, nneɛma a ɛde awerɛhow ba nnɛ no rensɛe “ɔsoro foforo ne asase foforo” mu asetra no. Nsakrae bɛn ara ni! Nanso, ɛde besi ha no, yɛasusuw mpɛn anan a asɛm “ɔsoro foforo ne asase foforo” no pue wɔ Bible mu no abiɛsa pɛ ho. Aka biako a ɛno nso ne nea yɛasusuw ho no hyia na esi nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ bere ne ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so adi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ‘ɔbɛyɛ ade nyinaa foforo’ kwan no so dua. Asɛm a edi hɔ no fa saa nkɔmhyɛ no ne anigye a yebetumi anya a ɛka ho asɛm no ho.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 The New English Bible ka Dwom 96:1 hɔ asɛm no sɛ: “Monto dwom mma AWURADE, asase so nnipa nyinaa.” The Contemporary English Version kenkan sɛ: “Asase yi so ni biara nto ayeyi dwom mma AWURADE.” Eyi ne ntease a ɛne sɛ, bere a Yesaia kaa ‘asase foforo’ ho asɛm no, na ɔreka Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasan aba wɔn asase so ho asɛm no hyia.

Dɛn na Wokae?

• Mmeae abiɛsa bɛn na Bible no hyɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo” no ho nkɔm?

• Ɔkwan bɛn so na na “ɔsoro foforo ne asase foforo” no mmamu fa tete Yudafo no ho?

• Nkɔmhyɛ mmamu bɛn na ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo” a Petro kaa ho asɛm no ho?

• Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm ti 21 dan adwene kɔ daakye a ɛyɛ anigye so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Sɛnea na Yehowa aka asie no, Kores na ɔyɛɛ nhyehyɛe maa Yudafo no san baa wɔn kurom wɔ 537 A.Y.B.