Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Foforo No—So Wobɛkɔ Mu Bi?

Wiase Foforo No—So Wobɛkɔ Mu Bi?

Wiase Foforo No—So Wobɛkɔ Mu Bi?

“Mahu sɛ adepa nni hɔ mma nnipa, gye sɛ wɔma wɔn ani gye na wɔyɛ yiye wɔn nkwa mu; nanso sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no.”—ƆSƐNKAFO 3:12, 13.

1. Dɛn nti na yebetumi anya daakye ho anidaso?

NNIPA pii bu Ade Nyinaa So Tumfoɔ Onyankopɔn sɛ obi a ɔyɛ katee na ne tirim yɛ den. Nanso, atifi hɔ asɛm no yɛ nokwasɛm a wubehu wɔ N’asɛm a efi honhom mu no mu. Ɛne ka a ɛka sɛ ɔyɛ ‘anigye Nyankopɔn’ ne yɛn awofo a wodi kan a ɔde wɔn traa asase so paradise mu no hyia. (1 Timoteo 1:11; Genesis 2:7-9) Sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea ɛbɛba daakye a Onyankopɔn de ahyɛ ne nkurɔfo bɔ no a, ɛnsɛ sɛ tebea horow a ɛde daa anigye bɛbrɛ yɛn no ma yɛn ho dwiriw yɛn.

2. Dɛn ne nneɛma a wohwɛ kwan no bi?

2 Wɔ adesua a edi eyi anim mu no, yɛhwehwɛɛ mmeae anan a Bible no hyɛ “ɔsoro foforo [ne asase foforɔ, Asante Twi Bible]” ho nkɔm no mu abiɛsa mu. (Yesaia 65:17) Nkɔmhyɛ a yebetumi de yɛn ho ato so no mu biako ne nea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm 21:1 no. Nkyekyem a edidi so no ka bere a Ade Nyinaa So Tumfoɔ no bɛsakra asase so tebea koraa ma ayɛ yiye ho asɛm. Ɔbɛpopa nusu a awerɛhow ma wɔte. Mpanyinyɛ, ɔyare, anaa akwanhyia ahorow renkunkum nkurɔfo bio. Awerɛhow, osu, ne yaw befi hɔ. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Nanso, so yebetumi anya ahotoso sɛ ɛbɛba, na nkɛntɛnso bɛn na saa anidaso no betumi anya wɔ yɛn so mprempren?

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yenya Ahotoso

3. Dɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Bible bɔhyɛ a ɛfa daakye ho no so?

3 Hyɛ sɛnea Adiyisɛm 21:5 toa so no nsow. Ɛfa Onyankopɔn a ɔte ne soro ahengua so no asɛm ka sɛ: “Hwɛ meyɛ ade nyinaa foforo.” Bɔhyɛ a efi Onyankopɔn nkyɛn yi sen ahofadi mpaemuka biara, ɛnnɛyi ahofadi ho mmara biara a wɔahyɛ, anaa nnipa daakye ho anidaso biara. Ɛyɛ mpaemuka a akyinnye biara nni ho a efi Onii a Bible ka ne ho asɛm sɛ ‘ontumi nni atoro’ no hɔ. (Tito 1:2) Ɛwom, ebia wobɛte nka sɛ yɛmfa asɛm no nsi ha yi ara na yɛntwɛn saa anidaso a ɛyɛ anigye yi na yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛde si ha. Yɛwɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ yesua fa yɛn daakye ho.

4, 5. Bible nkɔmhyɛ ahorow a yɛadi kan asusuw ho bɛn na ebetumi ahyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ nea ɛbɛba daakye no mu den?

4 Gye bere kakra fa susuw Bible bɔhyɛ ahorow a ɛfa ɔsoro foforo ne asase foforo ho a ɛwɔ adesua a edi eyi anim no ho. Yesaia kaa nhyehyɛe foforo a ɛte saa ho asɛm siei, na ne nkɔmhyɛ no nyaa ne mmamu bere a Yudafo no san baa wɔn asase so de nokware som sii hɔ bio no. (Esra 1:1-3; 2:1, 2; 3:12, 13) Nanso, so ɛno ara ne nea na Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛ anaa ɛtwe adwene si so no? Dabida! Ná nneɛma a ɔkaa ho asɛm siei no benya ne mmamu kɛse wɔ daakye akyirikyiri. Dɛn nti na yɛka saa? Esiane nsɛm a yɛkenkan wɔ 2 Petro 3:13 ne Adiyisɛm 21:1-5 no nti. Saa kyerɛw nsɛm no twe adwene si ɔsoro foforo ne asase foforo a ɛde nhyira pii bɛbrɛ Kristofo wɔ wiase nyinaa no so.

5 Sɛnea yɛadi kan ahu no, Bible no de asɛm “ɔsoro foforo ne asase foforo” di dwuma mpɛn anan. Yɛasusuw eyinom mu abiɛsa ho, na yɛate nsɛm a ɛhyɛ nkuran yiye. Bible ka no pefee sɛ, Onyankopɔn beyi nnebɔneyɛfo ne nneɛma foforo a ɛde amanehunu ba afi hɔ, na afei wasan ahyira adesamma wɔ ne nhyehyɛe foforo a wahyɛ ho bɔ no mu.

6. Dɛn na nkɔmhyɛ a ɛto so anan a ɛka “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho asɛm no ka?

6 Afei momma yɛnhwehwɛ beae foforo a aka a asɛm “ɔsoro foforo ne asase foforo” pue wɔ Yesaia 66:22-24 no mu, faako a ɛkenkan sɛ: “Na sɛnea ɔsoro foforo ne asase foforo a mɛyɛ no begyina m’anim no, [Yehowa, NW] asɛm ni, saa ara na mo asefo ne mo din begyina. Na ɛbɛba sɛ ɔsram foforo daa ne homeda daa na ɔhonam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, [Yehowa, NW] na ose. Na wobefi adi akɔhwɛ nnipa a wɔatõ me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔn ho bepurow ɔhonam nyinaa.”

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka sɛ Yesaia 66:22-24 benya mmamu daakye?

7 Saa nkɔmhyɛ yi nyaa ne mmamu wɔ Yudafo a na wɔasan abɛtra wɔn asase so no so, nanso ɛbɛsan anya mmamu bio. Ná ɛbɛbam wɔ bere a wɔkyerɛw Petro nhoma a ɛto so abien ne Adiyisɛm no akyi bere tenten, efisɛ ɛtwee adwene sii ‘ɔsoro ne asase foforo’ a na ɛbɛba daakye so. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ ebenya ne mmamu kɛse koraa wɔ nhyehyɛe foforo no mu. Susuw tebea a yebetumi de yɛn ani ato so sɛ yebenya no bi ho hwɛ.

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo ‘bɛkɔ so agyina’? (b) Dɛn na nkɔmhyɛ a ɛne sɛ Yehowa asomfo ‘bɛsom no ɔsram foforo daa ne homeda daa’ no kyerɛ?

8 Adiyisɛm 21:4 kyerɛe sɛ, owu befi hɔ. Asɛm a ɛwɔ Yesaia ti 66 no si eyi so dua. Yetumi hu fi nkyekyem 22 sɛ, Yehowa nim sɛ ɔsoro foforo ne asase foforo no renyɛ ade a ɛbɛtra hɔ bere tiaa bi. Afei nso, ne nkurɔfo begyina; na ‘wɔbɛkɔ so agyina’ n’anim. Yebetumi agyina nea Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfo a wapaw wɔn dedaw no so anya ahotoso. Nokware Kristofo ahyia ɔtaa a emu yɛ den, na wɔabɔ mmɔden mpo sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase koraa. (Yohane 16:2; Asomafo no Nnwuma 8:1) Nanso, Onyankopɔn atamfo a na wɔwɔ tumi yiye te sɛ Roma Ɔhempɔn Nero ne Adolf Hitler mpo antumi antɔre Onyankopɔn nokware asomfo a ne din da wɔn so no ase. Yehowa akora ne nkurɔfo a wapaw wɔn no asafo no so abedu nnɛ, na yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɔbɛkɔ so ama agyina daa.

9 Saa ara na wɔn a wobedi Onyankopɔn nokware sɛ asase foforo no sofo, adesamma abusua a wɔyɛ nokware asomfo wɔ wiase foforo no mu no bɛkɔ so agyina sɛ ankorankoro, efisɛ wɔde ɔsom kronn bɛma ade nyinaa Bɔfo no. Ɛno renyɛ bere ne bere mu adeyɛ anaa ɔsom a nhyehyɛe biara nni ho. Onyankopɔn Mmara a wɔnam Mose so de maa Israelfo no hwehwɛe sɛ wɔyɛ ɔsom mu adeyɛ bi ɔsram foforo biara, ne dapɛn dapɛn, Homeda biara. (Leviticus 24:5-9; Numeri 10:10; 28:9, 10; 2 Beresosɛm 2:4) Enti Yesaia 66:23 twe adwene si nokware Nyankopɔn som a ɛbɛkɔ so daa, dapɛn biara ne ɔsram biara no so. Gyidi a ɛne sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ, ne nyamesom mu nyaatwomyɛ befi hɔ saa bere no. “Ɔhonam nyinaa bɛba abɛsɔre” Yehowa.

10. Dɛn nti na wubetumi anya ahotoso sɛ nnebɔneyɛfo rensɛe wiase foforo no mu anigye daa?

10 Yesaia 66:24 ma yɛn awerɛhyem sɛ wɔrensɛe asase foforo no so asomdwoe ne trenee da. Nnebɔneyɛfo rensɛe no. Kae sɛ 2 Petro 3:7 ka sɛ nea ɛda yɛn anim ne “atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da.” Amumɔyɛfo na wɔbɛsɛe wɔn. Bɔne bi rento wɔn a wɔn ho nni asɛm no, sɛnea ɛtaa ba wɔ nnipa akodi mu ma wokunkum ɔmanfo pii sen asraafo no. Ɔtemmufo Kɛse no ma yɛn awerɛhyem sɛ, ne da no bɛyɛ amumɔyɛfo sɛe da.

11. Dɛn na Yesaia kyerɛ sɛ ɛbɛba wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn ne ne som no so?

11 Atreneefo a wobenya wɔn ti adidi mu no behu sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm yɛ nokware. Nkyekyem 24 no hyɛ nkɔm sɛ wɔn a ‘wɔatõ Yehowa mmara no afunu’ bɛyɛ Yehowa atemmu ho adanse. Ɛte sɛ nea nsɛm a emu da hɔ a Yesaia de dii dwuma no yɛ ahodwiriw no. Nanso ɛne abakɔsɛm mu asɛm bi ankasa hyia. Ná sumina bi wɔ Yerusalem afasu no akyi a wɔtow wura gu, na bere ne bere mu no, na wɔtow nsɛmmɔnedifo afunu gu hɔ. * Na asunson ne ogya a ano yɛ hyew no yi wura ne saa afunu a na wobu wɔn sɛ ɛmfata sɛ wosie wɔn osie pa no fi hɔ ntɛm. Ɛda adi sɛ Yesaia twee adwene sii adeyɛ yi so de yɛɛ Yehowa atemmu a etwa to a ɔde bɛba mmaratofo so no ho mfonini.

Nea Ɔde Ahyɛ Bɔ No

12. Wiase foforo no mu asetra ho asɛm bɛn bio na Yesaia de ma?

12 Adiyisɛm 21:4 ka nneɛma bi a ebefi hɔ wɔ nhyehyɛe foforo a ɛreba no mu ho asɛm kyerɛ yɛn. Nanso, dɛn na ɛbɛba saa bere no? Asetra bɛyɛ dɛn? So yebetumi anya ho adwene bi a yebetumi de yɛn ho ato so? Yiw. Yesaia ti 65 nam nkɔmhyɛ so kyerɛkyerɛ tebea horow a sɛ yenya Yehowa anim dom tra ase wɔ bere a awiei koraa no, ɔyɛ ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’ no a, yebenya no mu. Wɔn a wobenya daa nkwa wɔ asase foforo no so no remmɔ nkwakoraa ne mmerewa na wɔawuwu. Yesaia 65:20 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Wɔrenhu emu abotafowa a ne nna nware bio, anaa akwakoraa a wanwie ne nna di; [na aberante a obewu mfirihyia ɔha no wu bɛyɛ ɔpatuwu, NW], na ɔdebɔneyɛfo a wɔadome no mpo adi mfe ɔha.”

13. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 65:20 ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn nkurɔfo benya ahobammɔ?

13 Bere a eyi dii kan baa mu wɔ Yesaia nkurɔfo so no, mmofra a na wɔwɔ asase no so nyaa ahobammɔ. Ná atamfo biara mma wɔn so, mmɛfa mmotafowa mpo nnommum sɛnea Babilonfo yɛe bere bi no anaasɛ wommekunkum mmerante a afei na na wɔasi so no. (2 Beresosɛm 36:17, 20) Wɔ wiase foforo a ɛreba no mu no, nnipa bɛtra ase dwoodwoo a wɔwɔ ahobammɔ, na wɔatumi anya anigye wɔ asetra mu. Sɛ obi paw sɔ ɔbɛtew atua atia Onyankopɔn a, wɔremma ɔnkɔ so ntra ase. Onyankopɔn beyi no afi hɔ. Na sɛ otuatewfo a ɔreyɛ bɔne no adi mfirihyia ɔha nso ɛ? Sɛ́ anka obenya daa nkwa no, obewu ‘sɛ aberante.’—1 Timoteo 1:19, 20; 2 Timoteo 2:16-19.

14, 15. Sɛnea Yesaia 65:21, 22 kyerɛ no, adwuma a mfaso wɔ so bɛn na wubetumi ahwɛ kwan?

14 Sɛ́ anka Yesaia bɛtwe adwene asi sɛnea wobeyi wɔn a wɔhyɛ da yɛ bɔne afi hɔ so no, ɔkaa sɛnea asetra bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu ho asɛm mmom. Fa no sɛ wowɔ hɔ bi. Nea ebia wobɛyɛ ho mfonini wɔ w’adwenem ne nneɛma a w’ani gye ho kɛse. Yesaia ka ɛno ho asɛm wɔ nkyekyem 21 ne 22 sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”

15 Sɛ wunsii dan da anaasɛ wonyɛɛ turo da a, Yesaia nkɔmhyɛ yi kyerɛ sɛ ntetee bi da w’anim. Nanso, so w’ani begye ho sɛ akyerɛkyerɛfo a wɔfata na wonim adwuma bɛboa wo ma woasua, anaasɛ ebia w’afipamfo a wɔn yam ye bɛboa wo? Yesaia anka sɛ ebia wobɛyɛ mfɛnsere akɛse a nkataanim sensɛn anim na ama woatumi agye mframa anaasɛ wode nhwehwɛ na ɛbɛhyehyɛ mu na ama woatumi ahu bere mu nsakrae. So wubesi dan a wɔakuru so ma asi ne ti ase sɛnea ɛbɛyɛ a nsu ne sukyerɛma rentaataa so? Anaasɛ baabi a wote no wim tebea bɛma woakuru so tɛtrɛɛ—te sɛ nea wɔyɛ wɔ Mediterranea Supɔw so no—na ama wo ne w’abusua atumi adidi na moabɔ nkɔmmɔ wɔ ɔdan no atifi?—Deuteronomium 22:8; Nehemia 8:16.

16. Dɛn nti na wubetumi ahwɛ kwan sɛ wubenya abotɔyam a ɛtra hɔ daa wɔ wiase foforo no mu?

16 Nea ɛho hia paa sɛ wuhu sen nneɛma a ɛte saa ne sɛ, wubenya w’ankasa wo fie. Ɛbɛyɛ wo de—ɛnte sɛ nnɛ a wubetumi abrɛ wo ho asi wo dan nanso onipa foforo na ɔbɛtra mu no. Afei nso, Yesaia 65:21 ka sɛ wobɛyɛ nturo na woadi mu aba. Ɛda adi sɛ, eyi bɔ asɛm no nyinaa mua. Wubenya abotɔyam kɛse wɔ w’adwuma ho, na woadi w’ankasa wo nsa ano adwuma. Wubetumi de mfirihyia pii ayɛ saa—te “sɛ dua nna.” Ɛda adi sɛ ɛno ne asɛm yi—‘wɔayɛ ade nyinaa foforo’ no—hyia!—Dwom 92:12-14.

17. Bɔhyɛ bɛn na ɛbɛhyɛ awofo nkuran titiriw?

17 Sɛ woyɛ ɔwofo a, nsɛm a wokenkan wɔ nkyekyem 23 ne 24 no bɛka wo koma. “Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu [wɔrenhyia ɔhaw wɔ abawo mu, NW], efisɛ wɔyɛ wɔn a [Yehowa, NW] ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma. Na wonnya mfrɛe no, megye so; wɔda so rekasa no, metie.” (Yesaia 65:23, 24) So wunim ɛyaw a ‘abawo mu haw’ de ba no? Enhia sɛ yɛbobɔ ɔhaw ahorow a etumi to mmofra a ɛma awofo ne afoforo di yaw no din. Saa ara nso na yɛn nyinaa nim awofo bi a wɔn ankasa nnwuma anaa anigyede agye wɔn bere ma enti wonnya bere pii mma wɔn mma. Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ obetie yɛn na wadi yɛn ahiade ho dwuma, na obedi kan mpo ahu yɛn ahiade.

18. Dɛn nti na wubetumi ahwɛ kwan sɛ wo ne mmoa bɛbɔ wɔ wiase foforo no mu?

18 Bere a woresusuw nea wubetumi anya wɔ wiase foforo no mu ho no, yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no ho mfonini wɔ w’adwenem: “Habɔdɔm ne oguammaa bedidi faako, na gyata awe wura sɛ nantwi; na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan; wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, [Yehowa, NW] na ose.” (Yesaia 65:25) Mfoniniyɛfo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ eyi ho mfonini, nanso nea yɛakenkan ho asɛm mprempren no nyɛ mfonini a obi abɔ ne tirim de nyansa ayɛ kɛkɛ. Eyi bɛbam ankasa. Asomdwoe bɛba nnipa ntam, na asomdwoe aba nnipa ne mmoa ntam. Abɔde a nkwa wom ho animdefo ne wɔn a wɔn ani gye mmoa ho pii de wɔn mmerantebere ne wɔn mmabaabere sua mmoa kakraa bi pɛ ho ade, ebia mmoawammoawa bi anaa mmoa bi awo ho ade kɛkɛ. Nanso, susuw nneɛma a wubetumi asua bere a nnipa ho hu nni mmoa so bio no ho hwɛ. Saa bere no wubetumi abɛn nnomaa ne mmoa nketenkete a wɔwɔ kwae mu—akɔ wɔn nkyɛn, ahwɛ wɔn, na wo ne wɔn adi agoru. (Hiob 12:7-9) Wubetumi ayɛ saa a osuro anaa asiane biara nnim. Yehowa ka sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so.” Hwɛ sɛnea eyi bɛyɛ soronko koraa wɔ nea yehu nnɛ no ho!

19, 20. Dɛn nti na Onyankopɔn nkurɔfo da nsow koraa wɔ nnipa dodow no ara ho nnɛ?

19 Sɛnea yɛadi kan aka no, nnipa ntumi nkyerɛ nea ɛbɛba daakye pɛpɛɛpɛ, ɛmfa ho sɛ wɔreka mfirihyia apem foforo yi ho nsɛm pii no. Ɛma nnipa pii haw, wɔn adwene tu fra, anaasɛ wɔn abam bu. Peter Emberley, a ɔyɛ Canada sukuupɔn bi mu panyin no, kyerɛwee sɛ: “[Mpanyimfo] pii rehyia asetra ho nsɛmmisa atitiriw. Mene hena? Dɛn na merehwehwɛ ankasa? Apɛgyade bɛn na mede regyaw me nkyirimma? Wɔn mmasiriwaberem na wɔrepere sɛ wobenya asomdwoe ne atirimpɔw wɔ wɔn asetra mu.”

20 Wubetumi ate nea enti a ɛte saa wɔ nnipa pii fam no ase. Ebia wɔbɛhwehwɛ asetra mu anigye denam anigyede anaa ahomegye so. Nanso, wonnim nea ɛbɛba daakye, enti asetra betumi ayɛ nea mfaso, nhyehyɛe, anaa atirimpɔw biara nnim mma wɔn. Afei, gyina nea yɛasusuw ho no so fa toto sɛnea wubu asetra no ho hwɛ. Wunim sɛ wɔ Yehowa soro foforo ne asase foforo a ɔde ahyɛ bɔ mu no, yebetumi atoto yɛn ani ahwɛ afi yɛn komam aka sɛ, ‘Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa foforo ampa!’ Hwɛ sɛnea yɛn ani begye ɛno ho!

21. Nsɛdi bɛn na yehu wɔ Yesaia 65:25 ne Yesaia 11:9?

21 Ɛnyɛ aniammɔnho sɛ yɛde yɛn adwene bebu sɛ yɛte Onyankopɔn wiase foforo no mu. Ɔto nsa frɛ yɛn, na mpo ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsom no wɔ nokware mu mprempren na ama yɛatumi anya asetra a ‘wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, wɔ ne bepɔw kronkron no nyinaa so’ no bi. (Yesaia 65:25) Nanso, so na wunim sɛ Yesaia adi kan aka asɛm a ɛte saa ara na ɔde asɛm bi a ɛho hia a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya wiase foforo no aka ho? Yesaia 11:9 ka sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa ho nimdeɛ, NW] bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”

22. Dɛn na ɛsɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow anan a yɛasusuw ho no kanyan yɛn ma yɛyɛ?

22 “Yehowa ho nimdeɛ.” Sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa foforo a, asase sofo a wɔahyira wɔn no benya ɔne n’apɛde ho nokware nimdeɛ. Ɛno bɛhwehwɛ sɛ yesua pii sen sɛ yebesua mmoa ho ade kɛkɛ. N’asɛm a efi honhom mu no ka ho. Sɛ nhwɛso no, susuw nea yɛahu afi nkɔmhyɛ anan pɛ a yɛahwehwɛ mu no mu a ɛka “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho asɛm no ho hwɛ. (Yesaia 65:17; 66:22; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1) Wowɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ wokenkan Bible no daa. So ɛka nneɛma a woyɛ no daa no ho? Sɛ ɛnte saa a, nsakrae bɛn na wubetumi ayɛ na ama woakenkan Onyankopɔn asɛm no bi da biara da? Wubehu sɛ sɛ wiase foforo no mu asetra ho anidaso no da nkyɛn a, te sɛ odwontofo no, wubenya anigye mprempren mpo.—Dwom 1:1, 2.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Hwɛ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no Po 1 kratafa 906.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesaia 66:22-24 hyɛ nea ennya mmae ho nkɔm?

• Nneɛma a wɔaka ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Yesaia 66:22-24 ne Yesaia 65:20-25 mu no mu nea ɛwɔ he titiriw na wohwɛ kwan?

• Dɛn na woahu a ama woanya daakye mu ahotoso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Yesaia, Petro, ne Yohane kaa “ɔsoro foforo ne asase foforo” no ho nsɛm bi siei