Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehia Awerɛkyekye Pii!

Yehia Awerɛkyekye Pii!

Yehia Awerɛkyekye Pii!

“Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo no nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!”—ƆSƐNKAFO 4:1.

SO WOREHWEHWƐ awerɛkyekye? So worehwehwɛ awerɛkyekye kakra a ɛbɛma woatumi agyina abasamtu a emu yɛ den ano? So worepɛ awerɛkyekye kakra na ama w’asetra yayaw a amanehunu ne nsɛm a ɛnyɛ dɛ ahyɛ mu ma no ayɛ dɛ?

Ɛtɔ bere bi a, yɛn nyinaa hia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ denneennen. Eyi te saa efisɛ nneɛma pii wɔ asetra mu a ɛhyɛ awerɛhow. Yɛn nyinaa hia ahobammɔ, ɔdɔ, ne sɛ wobegye yɛn atom. Yɛn mu binom abobɔ nkwakoraa ne mmerewa, na yɛn ani nnye ho. Afoforo abam abu kɛse esiane sɛ asetra ankɔ sɛnea wɔhwɛɛ kwan nti. Saa ara na amanneɛbɔ a efi baabi a wɔhwehwɛ nipadua mu ba no ama afoforo ahaw.

Afei nso, nnipa kakraa bi na wobegye nsɛm a ɛresisi wɔ yɛn bere yi so a ama awerɛkyekye ne anidaso ho abehia kɛse no ho kyim. Wɔ afeha a etwaam no nkutoo mu no, nnipa bɛboro ɔpepem ɔha na ewuwuu wɔ akodi mu. * Ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa gyaw abusuafo—ɛnanom ne agyanom, nuabeanom ne nuabarimanom, akunafo ne nyisaa—a wɔredi awerɛhow a wohia awerɛkyekye denneennen. Ɛnnɛ, nnipa bɛboro ɔpepem biako na wodi hia buruburoo. Wiase mu nnipa fã na wonni baabi a wɔsa wɔn ho yare na wonnya nnuru a wohia. Mmofra ɔpepem pii a wɔato wɔn sraha, a wɔn mu pii nom nnubɔne na wosi tuutuu nenam nkurow akɛse mmɔnten a afĩde ahyɛ mu ma so. Aguanfo ɔpepem pii tete aguanfo atrae a ɛhɔ nye koraa.

Nanso, dodow no—ɛmfa ho sɛnea ebia ɛyɛ nwonwa no—mma yenhu ɛyaw ne amanehunu a ebinom rehyia wɔ wɔn asetra mu no. Sɛ nhwɛso no, susuw, Svetlana, ababaa bi a ofi Balkan aman no bi mu a wɔwoo no too ohia buruburoo mu no ho hwɛ. * Ɔka sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na manya sika no, m’awofo maa mekɔsrɛsrɛɛ ade na mebɔɔ korɔn. Yɛn abusua asetra sɛee koraa koduu baabi a me busuani bi too me mmonnaa. Minyaa adwuma sɛ adidibea hwɛfo, na me maame a na ogye sika a minya no ka kyerɛɛ me sɛ sɛ m’adwuma no fi me nsa a, obekum ne ho. Eyinom nyinaa maa mede me ho kɔhyɛɛ tuutuusi mu. Ná madi mfirihyia 13 pɛ. Bere bi akyi no, minyinsɛn tu gui. Bere a midii mfirihyia 15 no, na ɛte sɛ nea madi mfirihyia 30.”

Laimonis, aberante bi a ofi Latvia, ka hia a ohia awerɛkyekye ne awerɛhosɛm a sɛ ɔkaakae a ɛma ne werɛ how no ho asɛm. Bere a odii mfirihyia 29 no, onyaa kar akwanhyia a ɛma odwudwoe fi ne sisi kosi ne nan ase. N’anidaso sae, na ofii ase de ne ho hyɛɛ asanom mu. Mfirihyia anum akyi no na wayɛ ɔyarefo—ɔsadweam a wadwudwo a onni anidaso biara. Ɛhe na na obetumi anya awerɛkyekye?

Susuw Angie nso ho hwɛ. Wɔyɛɛ ne kunu oprehyɛn mprɛnsa wɔ n’amemene mu a na adi kan ma ne fã adwudwo. Afei, bere a wɔyɛɛ no oprehyɛn a edi akyiri no akyi mfirihyia anum no, onyaa akwanhyia bi a na ɛyɛ hu a na anka ebetumi akum no. Bere a ne yere duu ɔdan a wɔhwɛ ayarefo a wɔn tebea gye ntɛmpɛ mu na ohuu sɛ ne kunu da hɔ a wapira kɛse wɔ ne ti na ade atɔ ne so no, na onim sɛ asɛm rebɛto wɔn. Na ɔne n’abusua asetra rebɛyɛ den. Na ɔbɛyɛ dɛn anya mmoa ne awerɛkyekye?

Mfe bi a atwam no, na ɛte sɛ nea biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ awɔw bere mu da bi ma Pat. Nanso, wanhu biribiara a ɛkɔɔ so wɔ nnansa a edii hɔ no. Ne kunu ka kyerɛɛ no akyiri yi sɛ bere a ne mu yɛɛ no yaw denneennen no, ne koma gyaee bɔ koraa. Efii ase bɔɔ ntɛmntɛm, na afei egyaee bɔ koraa. Ogyaee home. Pat ka sɛ: “Miwui ankasa.” Nanso, ɔkwan bi so no, onyaa ne ti didii mu. Ɔka fa bere tenten a odii wɔ ayaresabea hɔ no ho sɛ: “Me nipaduam nhwehwɛmu pii a wɔyɛe no maa mebɔɔ hu, titiriw bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma me koma abɔ na agyae, sɛnea edii kan yɛe no.” Dɛn na na ebetumi ama wanya awerɛkyekye ne abotɔyam a ohia wɔ saa bere a emu yɛ den no mu?

Joe ne Rebecca hweree wɔn babarima a na wadi mfirihyia 19 wɔ kar akwanhyia bi mu. Wɔka sɛ: “Na yenhyiaa asɛm biara a ɛhaw adwene saa da. Ɛwom sɛ bere bi a atwam no, na yɛagyam afoforo a wɔn nkurɔfo awuwu de, nanso yɛante yaw kɛse ankasa sɛnea yɛte no mprempren no.” Dɛn na ebetumi adwudwo “ɛyaw kɛse”—obi a wodɔ no yiye wu ho awerɛhowdi kɛse a ɛte saa ano?

Saafo yi nyinaa, ne afoforo ɔpepem pii, anya biribi a ɛma wɔn awerɛkyekye a ɛsen biara ankasa. Nea ɛbɛyɛ na woahu sɛnea wo nso wobenya eyi mu mfaso no, yɛsrɛ sɛ kɔ so kenkan.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Wonnim asraafo ne ɔmanfo a wɔawuwu no dodow ankasa. Sɛ nhwɛso no, afe 1998 nhoma Facts About the American Wars ka Wiase Ko II nkutoo ho asɛm sɛ: “Kyerɛwtohɔ dodow no ara kyerɛ sɛ wɔn a Wiase Ko II ma wowuwui (asraafo ne ɔmanfo) no dodow yɛ ɔpepem 50, nanso nnipa a wɔahwehwɛ saa asɛm no mu yiye no pii gye di sɛ ɛboro saa ankasa—ɛbɛyɛ saa dodow no mmɔho.”

^ nky. 6 Wɔasesa din no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

UNITED NATIONS/PHOTO BY J. K. ISAAC

UN PHOTO 146150 BY O. MONSEN