Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abusua Asetra a Anigye Wom Twe Afoforo Bɛn Onyankopɔn

Abusua Asetra a Anigye Wom Twe Afoforo Bɛn Onyankopɔn

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Abusua Asetra a Anigye Wom Twe Afoforo Bɛn Onyankopɔn

YEHOWA de nyansa ne nhumu kɛse hyiraa Yosef. (Asomafo no Nnwuma 7:10) Enti, Yosef nhumu “sɔɔ Farao ne ne nkoa nyinaa ani.”—Genesis 41:37.

Ɛnnɛ nso, Yehowa ma ne nkurɔfo nyansa ne nhumu denam wɔn Bible sua no so. (2 Timoteo 3:16, 17) Saa nyansa ne nhumu yi sow aba pa bere a wɔde Bible mu afotu di dwuma no. Wɔn abrabɔ pa no taa ‘sɔ wɔn a wohu no ani,’ sɛnea osuahu ahorow a efi Zimbabwe a edidi so yi kyerɛ no.

• Ná ɔbea bi wɔ afipamfo a wɔyɛ Yehowa Adansefo. Ɛwom sɛ na ɔmpɛ Adansefo no asɛm de, nanso n’ani gyee wɔn abrabɔ ho, titiriw wɔn fie asetra. Ɔbea no hui sɛ okunu ne ɔyere no wɔ abusuabɔ pa kɛse na wɔn mma nso yɛ osetie. Ade titiriw a ɔhyɛɛ no nsow ne sɛ na okunu no dɔ ne yere no yiye.

Afrika mmusuakuw bi wɔ gyidi bi sɛ, sɛ okunu dɔ ne yere a, na ɛbɛyɛ sɛ ɔyere no de aduru na “ayɛ” no. Enti ɔbea no kɔɔ Ɔdansefo no yere nkyɛn kobisaa no sɛ: “Mesrɛ wo, wobɛma me aduru a wode maa wo kunu no bi na mede ama me kunu nso ama wadɔ me sɛnea wo kunu dɔ wo no?” Ɔdansefo no buae sɛ: “O yiw, mede bɛbrɛ wo ɔkyena awia.”

Ade kyee no, onuawa no de ‘n’aduru’ no kɔɔ ne fipamfo no nkyɛn. Ná ɛyɛ aduru bɛn? Ná ɛyɛ Bible ne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no. Bere a wosusuw asɛmti “Abusua Asetra a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam a Wobɛhyehyɛ” wɔ Nimdeɛ nhoma no mu ho wiei no, osee ɔbea no sɛ: “Eyi ne ‘aduru’ a me ne me kunu de ‘adwudwo’ yɛn ho a enti yɛdɔ yɛn ho pii saa no.” Wofii Bible adesua ase, na ɔbea no nyaa nkɔso ntɛm kosii sɛ ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

• Akwampaefo atitiriw baanu a wɔde wɔn kɔkaa asafo ketewa bi a ɛbɛn Zimbabwe ne Mozambique kusuu ne apuei fam hye so ho no ankɔ afie afie asɛnka adapɛn abien. Dɛn ntia? Efisɛ na nkurɔfo reba wɔn nkyɛn abetie nea wɔwɔ ka no. Akwampaefo no ka nea ɛyɛe a ɛbaa saa no ho asɛm sɛ: “Ná yetwa kilomita 15 ne onigyeni bi kɔyɛ ofie Bible adesua dapɛn biara. Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedu saa beae hɔ. Ná ɛsɛ sɛ yɛnantew atɛkyɛ mu na yetwa asubɔnten a ayiri a ɛdeda yɛn kɔn mu no. Ná ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ntade ne yɛn mpaboa gu yɛn ti na yɛnantew nsu no mu, na yetwa wie ansa na yɛahyɛ bio.

“Yɛn mmɔdenbɔ no kaa onigyeni no afipamfo koma kɛse. Wɔn a wohui no mu bi ne nea na odi nyamesom ahyehyɛde bi a ɛwɔ mpɔtam hɔ no anim. Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: ‘Mompɛ sɛ mobɔ mmɔden te sɛ saa mmerante baanu a wɔyɛ Yehowa Adansefo no?’ Ade kyee no, n’akyidifo no mu pii baa yɛn fie bɛhwehwɛɛ nea enti a yɛbɔ mmɔden bere nyinaa saa no mu. Bio nso, bɛboro adapɛn abien akyi no, na nnipa pii ba yɛn hɔ ma yɛantumi annoa aduan anni!”

Wɔn a wɔbaa akwampaefo no fie wɔ saa dapɛn abien no mu biako ne nea na odi asɔre no anim no. Susuw anigye a akwampaefo no nyae bere a ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ ofie Bible adesua no ho!