Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Dwowtwa Abu So Saa?

Dɛn Nti na Dwowtwa Abu So Saa?

Dɛn Nti na Dwowtwa Abu So Saa?

“Nnye adanmude, efisɛ adanmude fura wɔn a wohu ani, na ɛkyea treneefo nsɛm.”—Exodus 23:8.

MOSE Mmara no kasa tiaa adanmude a wogye mfe mpem abiɛsa ahanum a atwam ni. Efi saa bere no, mmara a ɛko tia dwowtwa pii aba wɔ mfehaha no mu. Nanso mmarahyɛfo ntumi nnii nkonim wɔ dwowtwa ano a wosiw no mu. Da biara adanmude ɔpepem pii fa nnipa nsam, na nkurɔfo ɔpepepem pii hu amane wɔ nea ɛde ba no ho.

Dwowtwa abu so na anya nkɔanim araa ma ɛrehaw ɔmanfo. Wɔ aman binom so no, ɛkame ayɛ sɛ wɔnyɛ biribiara kwa gye sɛ wɔahyɛ nnipa nsam ansa. Sɛ wɔde adanmude ma nea ɔfata a, ɛboa ma obi di nkonim wɔ sɔhwɛ mu, ofirikafo nya tumi krataa a wɔde ka kar, obi nsa tumi ka adwuma, anaa obi di bem wɔ asɛnnibea. Paris mmaranimfo Arnaud Montebourg ka sɛ: “Dwowtwa te sɛ efĩ bi a emu yɛ duru a ɛhyɛ nkurɔfo so.”

Wiase no aguadi mu titiriw na dwowtwa kɔ so. Nnwumakuw binom akyɛ wɔn mfaso mu abiɛsa de biako ato hɔ a wɔde ma aban mpanyimfo adanmude kɛkɛ. Sɛnea Britain nsɛmma nhoma The Economist kyerɛ no, wɔde U.S. dɔla ɔpepepem 25 a wɔsɛe no wɔ amanaman ntam akode ho aguadi mu no mu ɔha mu 10 ma aguadifo sɛ adanmude afe biara. Esiane sɛ saa dwowtwa yi anya nkɔanim kɛse nti, asiane kɛse na afi mu aba. Wɔ mfe du a etwaam no mu no, wɔkyerɛ sɛ adwuma a “wɔhwɛ nnamfo anim de ma”—aguadi mu nhyehyɛe bɔne a ɛma nnipa kakraa bi a wonim atumfoɔ nya wɔn ho—no ama aman pii sikasɛm ayɛ basaa.

Ɛda adi sɛ, wɔn a wohu dwowtwa ne sikasɛm a asɛe ho amane ne ahiafo—wɔn na ɛntaa mma sɛ wɔde adanmude bɛma obiara. Sɛnea The Economist ka no, “dwowtwa nso ka nhyɛso ho.” So wobetumi adi nhyɛso a ɛte sɛɛ so, anaa wontumi nkwati dwowtwa wɔ ɔkwan biara so? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛabua saa asɛm no, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea ɛde dwowtwa ba no bi.

Nneɛma Bɛn na Ɛde Dwowtwa Ba?

Dɛn nti na nkurɔfo paw sɛ wɔbɛyɛ adwowtwafo sen sɛ wobedi nokware? Wɔ ebinom fam no, ebia dwowtwa ne ɔkwantiaa—anaa ɔkwan koro pɛ—a wobetumi afa so anya nea wɔpɛ. Ɛtɔ mmere bi a adanmude betumi ama obi akwati asotwe. Nnipa pii a wɔahu sɛ ɛte sɛnea amanyɔfo, polisifo, ne atemmufo bu wɔn ani gu dwowtwa so anaa wɔn ankasa mpo de wɔn ho hyɛ mu no di wɔn nhwɛso no akyi.

Bere a dwowtwa nya nkɔanim ntɛmntɛm no, ɛbɛyɛ nea wogye tom kɛse kosi sɛ awiei koraa no, ɛdan asetra kwan. Nkurɔfo a wɔn akatua sua koraa no te nka sɛ wonni hwee a wobetumi ayɛ. Sɛ wobenya wɔn ano aduan a, na ɛsɛ sɛ wogye adanmude. Esiane sɛ wɔntwe wɔn a wogye adanmude anaa wotua de nya biribi a ɛnsɛ wɔn no aso nti, nnipa kakraa bi na wɔasi wɔn bo sɛ wɔrenyɛ saa. Ɔhene Salomo kae sɛ: “Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma.”—Ɔsɛnkafo 8:11.

Tumi abien a emu yɛ den na ɛkanyan dwowtwa: pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ. Esiane pɛsɛmenkominya nti, adwowtwafo mfa amanehunu a wɔn nneyɛe no de ba afoforo so no ho, na wɔpene adanmude a wogye so efisɛ wonya mu mfaso. Honam fam nneɛma dodow a wonya no, dodow no ara na adwowtwafo yi adifudepɛ mu yɛ den. Salomo kae sɛ: “Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso.” (Ɔsɛnkafo 5:10) Nokwarem no, ebia adifudepɛ bɛma obi anya sika de, nanso bere nyinaa obu n’ani gu dwowtwa so na onni mmara so.

Ade biako a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne ɔfã a wiase sodifo a aniwa nhu no, a Bible da no adi sɛ Satan Ɔbonsam wɔ no. (1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 12:9) Satan hyɛ dwowtwa ho nkuran denneennen. Adanmude a ɛsen biara a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ ne nea Satan de kyerɛɛ Kristo no. ‘Sɛ wobɛkotow asom me a, mede wiase ahenni nyinaa bɛma wo.’—Mateo 4:8, 9.

Nanso na nea ɛnteɛ biara nni Yesu mu, na ɔkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnyɛ saa ara. So Kristo nkyerɛkyerɛ yɛ adwinnade a ɛfata a wobetumi de ako atia dwowtwa nnɛ? Asɛm a edi hɔ no bebua saa asɛmmisa yi.