Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Honhom Mu Nkrante a Wɔde Ko Tia Dwowtwa

Honhom Mu Nkrante a Wɔde Ko Tia Dwowtwa

Honhom Mu Nkrante a Wɔde Ko Tia Dwowtwa

“Monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu.”—Efesofo 4:24.

BERE a na Roma Ahemman tumidi adu ne mpɔmpɔn so no, na ɛno ne nnipa ahyehyɛde a ɛso bi mmae da wɔ wiase. Ná Roma mmara di mũ yiye araa ma enti aman pii da so gyina so hyehyɛ wɔn mmara. Nanso ɛmfa ho nneɛma a Roma tumi yɛe no, n’asraafo dɔm antumi anni ne tamfo biako so nkonim: dwowtwa. Awiei koraa no, dwowtwa maa Roma hwee ase.

Ɔsomafo Paulo ka wɔn a wohuu amane wɔ Roma aban mpanyimfo a na dwowtwa ahyɛ wɔn ma no nsam no ho. Ɛda adi sɛ, Roma amrado Felike, a odii n’asɛm no hui sɛ na Paulo ho nni asɛm. Nanso Felike a na ɔyɛ amradofo adwowtwafo no mu biako wɔ ne bere so no, twentwɛnee Paulo asɛnni no ase, a na ɔwɔ anidaso sɛ Paulo bɛma no sika ama wagyae no.—Asomafo no Nnwuma 24:22-26.

Sɛ́ anka Paulo bɛma Felike adanmude no, ɔkaa ‘trenee ne ahosodi’ ho asɛm kyerɛɛ no pefee. Felike ansesa n’akwan na Paulo daa afiase hɔ mmom sen sɛ obebu mmara so de adanmude ama no. Ɔkaa nokware no ho asɛm, na ɔtraa ase ma ɛne no hyiae. Paulo kyerɛw kɔmaa Yudafo Kristofo no sɛ: “Yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.”—Hebrifo 13:18.

Ná gyinabea a ɛte saa no ne ne bere sofo de bɔ abira koraa. Ná Felike nuabarima Pollas ka mmarima a wɔyɛ adefo wɔ tete wiase no mu no ho, na ɛkame ayɛ sɛ n’ahonyade—a ano si U.S. dɔla ɔpepem 45—no mu dodow no ara fi dwowtwa ne apoobɔ. Nanso sɛ wɔde n’ahonyade no toto afeha 20 yi mu atumfo adwowtwafo a wɔde dɔla ɔpepepem pii akosie sum ase sikakorabea no ho a, ne de no yɛ ade ketewa bi koraa. Ɛda adi pefee sɛ, wɔn a wonnim sɛnea wiase yi rekɔ no nkutoo na wobegye adi sɛ nniso ahorow atumi adi dwowtwa so nkonim.

Esiane sɛ dwowtwa akɔ so fi bere tenten nti, so ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ ɛka adesamma asetra ho? Anaasɛ wobetumi ayɛ biribi de asiw dwowtwa ano?

Ɔkwan Bɛn So na Wobetumi Asiw Dwowtwa Ano?

Nea edi kan a ɛda adi a wobetumi de asiw dwowtwa ano ne sɛ wobehu sɛ dwowtwa sɛe ade na ɛyɛ mfomso, na ɛma asisifo nya wɔn ho bere a epira afoforo. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔatumi anya nkɔso bi wɔ eyi mu. U.S. ɔman soafo abadiakyiri, James Foley, ka sɛ: “Yɛn nyinaa nim sɛ adanmudegye akɔ soro. Adanmude sɛe nniso pa, ɛsɛe mpontu, sɛe sikasɛm ne aguadi, na ɛde ahokyere ba nnipa a wɔte aman nyinaa so so.” Nnipa pii ne no bɛyɛ adwene. Wɔ December 17, 1997 mu no, aman akɛse 34 de wɔn nsa hyɛɛ “adanmudegye ho apam” bi a na ne botae ne sɛ “wɔde bɛko atia wiase nyinaa dwowtwa” ase. Apam no “kyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wɔde adanmude bɛma amannɔne panyin bi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakɔ so akura amanaman ntam aguadi hokwan ahorow mu.”

Adanmude a aguadifo de ma na ama wɔanya nnwuma wɔ aman horow so no yɛ dwowtwa ho mpopoe bi ara kwa. Dwowtwa a wobetu ase koraa no hwehwɛ sɛ wosusuw nneɛma ho bio denneennen: koma mu nsakrae anaa nnipa pii koma a wɔbɛsakra. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ baabiara sua sɛ wobekyi dwowtwa ne adanmude. Ɛno ansa na mfaso bɔne ase betu. Wɔ eyi ho no, Newsweek nsɛmma nhoma no ka sɛ ebinom te nka sɛ ɛsɛ sɛ aban ahorow no “hyɛ abrabɔ pa ho nkuran.” Saa ara nso na Transparency International, kuw a ɛko tia dwowtwa no ahyɛ ne nkurɔfo nkuran sɛ “wɔmfa ‘nokwaredi kakra’ nhyɛ adwuma a wɔyɛ mu.”

Dwowtwa a wɔbɛko atia no yɛ abrabɔ mu ade a wontumi mfa mmara a wɔahyehyɛ anaa mmara mu “nkrante” a ɛde asotwe ma so nni so nkonim. (Romafo 13:4, 5) Ɛsɛ sɛ wodua nea ɛteɛ ne nokwaredi ho adwene wɔ nkurɔfo komam ankasa. Wobetumi ayɛ eyi denam nea ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm sɛ “honhom nkrante,” Onyankopɔn Asɛm, Bible no a wɔde bedi dwuma no so.—Efesofo 6:17.

Bible Kasa Tia Dwowtwa

Dɛn nti na Paulo ampɛ sɛ ɔma dwowtwa ho kwan? Efisɛ na ɔpɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a “ɔnhwɛ nnipa anim na onnye adanmude” no apɛde. (Deuteronomium 10:17) Akyinnye biara nni ho sɛ na Paulo kae akwankyerɛ pɔtee a ɛwɔ Mose mmara no mu no: “Nnan atemmu ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmude; na adanmude fura anyansafo aniwa, na ɛdan treneefo nsɛm ani butuw.” (Deuteronomium 16:19) Saa ara na Ɔhene Dawid nso tee ase sɛ Yehowa kyi dwowtwa, na ɔsrɛe sɛ Onyankopɔn mmfa no mmfra abɔnefo a “adanmude ahyɛ wɔn nsa nifa ma.”—Dwom 26:10.

Wɔn a wofi komam som Onyankopɔn no wɔ ntease foforo nti a wɔpo dwowtwa. Salomo kyerɛwee sɛ: “Ɔhene de atemmu ma ɔman gyina, na odifudepɛfo a ogye adanmude ma ɛbɔ.” (Mmebusɛm 29:4, New International Version) Sɛ wɔde atɛntrenee titiriw di dwuma fi aban mpanyimfo akɛse so kosi nketewa so a—ɛma ɔman nya ahobammɔ, nanso adanmude ma ohia ka ɔman. Nea ɛyɛ anigye no, Newsweek daa no adi sɛ: “Wɔ tebea a obiara pɛ sɛ onya ne kyɛfa wɔ dwowtwa mu na onim ho akwan no, ɛnyɛ den sɛ ɔman no sikasɛm bɛsɛe.”

Sɛ ɔman no sikasɛm ansɛe koraa mpo a, wɔn a wɔdɔ atɛntrenee no abam bu bere a dwowtwa nya nkɔanim na wɔnyɛ ho hwee no. (Dwom 73:3, 13) Yɛyɛ yɛn Bɔfo a ɔde atɛntrenee bɔɔ yɛn no nso bɔne. Bere bi a atwam no, Yehowa de ne ho gyee nsɛm mu de yii dwowtwa fii hɔ. Sɛ nhwɛso no, ɔkaa nea enti a obegyae wɔn a wɔte Yerusalem no ahyɛ wɔn atamfo nsa no kyerɛɛ wɔn pefee.

Ɛdenam ne diyifo Mika so no Onyankopɔn kae sɛ: “Muntie eyi ɛ, Yakob fi atitiriw ne Israel fi atemmufo, mo a mukyi atemmu na mokyea nea ɛteɛ nyinaa, emu atitiriw gye adanmude bu atɛn, na emu asɔfo gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifo gye sika hyɛ nkɔm . . . Ne saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan abo akuakuw, na ofi no bepɔw adan kwae sorɔnsorɔmmea.” Ná dwowtwa asɛe nnipa a wɔte Israel no, sɛnea ɛsɛee Roma mfehaha pii akyi no ara pɛ. Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ kɔkɔ no, Mika kyerɛw saa nsɛm no bɛyɛ afeha akyi no, wɔsɛee Yerusalem na wogyaw no afituw.—Mika 3:9, 11, 12.

Nanso ɛho nhia sɛ onipa anaa ɔman bi mufo dan adwowtwafo. Onyankopɔn hyɛ abɔnefo nkuran sɛ wonnyaw wɔn akwan na wɔnsakra wɔn adwene. (Yesaia 55:7) Ɔpɛ sɛ yɛn mu biara de ayamye si adifudepɛ ananmu na yɛde adetrenee si dwowtwa ananmu. Yehowa kae yɛn sɛ: “Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so no bɔ ne yɛfo ahohora, na nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ no anuonyam.”—Mmebusɛm 14:31.

Bible Mu Nokware a Wɔde Ko Tia Dwowtwa

Dɛn na ebetumi akanyan obi ma wayɛ nsakrae a ɛte saa? Ɛyɛ tumi koro no ara a ɛkaa Paulo maa ogyaee n’asetra sɛ Farisini bɛyɛɛ Yesu Kristo suani a ɔyɛ den no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Ɛnnɛ Kyerɛwnsɛm mu nokware no da so ara hyɛ nokwaredi ho nkuran, wɔ wɔn mpo a wɔde wɔn ho ahyɛ dwowtwa mu fee no mu. Susuw nhwɛso yi ho hwɛ.

Alexander a ofi Europa Apuei fam wiee ne sraadi no, ná ɛnkyɛe pii na ɔde ne ho kɔbɔɔ kuw bi a wɔbɔ apoo na wogye adanmude. * Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná m’adwuma ne sɛ mɛbɔ aguadifo a wodi yiye no apoo agye bammɔ sika afi wɔn hɔ. Sɛ oguadini bi nya me mu ahotoso a, me kuw no mufo a aka no de basabasayɛ hunahuna no. Afei meka sɛ medi asɛm no ho dwuma—denam bo a ɛso a megye so. Me ‘nkurɔfo’ a meboa wɔn yi da me ase sɛ matumi adi wɔn haw no ho dwuma, bere a m’ankasa na mema ɔhaw no ba no. Ebia eyi bɛyɛ wo nwonwa, nanso na ɛno ne adwuma a mepɛ paa.

“Bio nso sika ne anigye a na minya no yɛɛ me dɛ. Ná mewɔ kar a ne bo yɛ den, te fie papa mu, na na mewɔ sika a metumi de atɔ biribiara a mepɛ. Ná nkurɔfo suro me, na na ɛma mete nka sɛ mewɔ tumi. Ɔkwan bi so no na mete nka sɛ obiara ntumi me na mmara biara ntumi me. Sɛ me ne polisifo nya asɛm biara a, na mitumi di asɛm no ho dwuma denam mmaranimfo a ne ho akokwaw yiye a ɔwɔ akwan a ɔbɛfa so adan nsɛm ani wɔ mmara mu, anaasɛ adanmude a mede bɛma nipa a ɔfata no so.

“Nanso wɔn a wɔn asetra gyina dwowtwa so no mu biara nni nokware. Yɛn kuw no muni biako ani saa me, na mebɛyɛɛ ne tamfo. M’ani baa me ho so no, na me kar fɛfɛ no, me sika, ne me mpena a n’anom abue yiye no afi me nsa. Na mpo wɔboroo me paa. Saa nneɛma a ɛtwee me san akyi no maa misusuw asetra atirimpɔw ho.

“Ná me maame abɛyɛ Yehowa Dansefo wɔ asram kakraa bi a abɛsen no mu, na mifii ase kenkanee wɔn nhoma. Kyerɛwsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 4:14, 15 no maa misusuw nneɛma ho kɔɔ akyiri: ‘Nkɔ abɔnefo kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so. Kwati no, nsen mfa so, mãn fi ho, na twa ho kɔ.’ Nsɛm a ɛtete saa no kaa me maa mihui sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnantew nsɛmmɔnedifo kwan so no nni awiei pa biara. Mifii ase bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔnkyerɛ me ɔkwan a ɛteɛ. Me ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na awiei koraa no, mihyiraa me nkwa so maa Onyankopɔn. Mede nokwaredi atra ase fi saa bere no.

“Ɛwom, nokwaredi a mede atra ase no mma minnya sika pii. Nanso seesei, mete nka sɛ mewɔ daakye a anidaso ne atirimpɔw wom. Mahu sɛ na me kan asetra kwan ne emu afɛfɛsɛm no nyinaa nni nnyinaso biara. Kan no na m’ahonim nyɛ adwuma. Seesei, esiane Bible a misuae no nti, bere biara a mehyia nokwaredi ho sɔhwɛ no, ɛka me—mpo wɔ nsɛm nketenkete mu. Merebɔ mmɔden ama m’asetra ne asɛm a ɛwɔ Dwom 37:3 a ɛka eyi no ahyia: ‘Nya Yehowa mu ahotoso na yɛ papa; tra asase so na di nokware.’”

“Nea Okyi Adanmude Bɛtra Ase”

Sɛnea Alexander hui no, Bible mu nokware betumi akanyan obi ma wadi dwowtwa so. Ɔyɛɛ nsakrae maa ɛne asɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Efesofo no hyiae: “Munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene, . . . momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu, na monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu. Enti munyi atoro nkyene, na obiara nni ne yɔnko nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa. Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.” (Efesofo 4:22-25, 28) Adesamma daakye ankasa gyina saa nsakrae yi so.

Sɛ wɔanhwɛ anni ho dwuma a, adifudepɛ ne dwowtwa betumi asɛe wiase yi, te sɛ nea ɛsɛee Roma Ahemman no ara pɛ. Nanso nea ɛyɛ anigye ne sɛ, adesamma Bɔfo no nyɛɛ n’adwene sɛ obegyaw nsɛm a ɛte saa ato hɔ a ɔrenyɛ ho hwee. Wasi ne bo sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Yehowa hyɛ wɔn a wɔhwɛ wiase a dwowtwa nnim kwan no bɔ sɛ ɛnkyɛ na “ɔsoro foforo ne asase foforo . . . a trenee te mu” no aba.—2 Petro 3:13.

Nokwarem no, ebetumi ayɛ den sɛ yɛde nokwaredi bɛtra ase nnɛ. Nanso, Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ awiei koraa no, “Amim mu mfasopɛfo sɛe ne fi, na nea okyi akyɛde [adanmude, NIV] bɛtra ase.” * (Mmebusɛm 15:27) Sɛ yɛpo dwowtwa nnɛ a, yedi nokware bere a yɛbɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no.—Mateo 6:10.

Bere a yɛtwɛn sɛ Ahenni no bɛba no, yɛn mu biara betumi ‘agu aba wɔ trenee mu’ denam po a ɔbɛpo sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ dwowtwa mu no so. (Hosea 10:12) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn asetra nso bedi adanse sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi. Honhom mu nkrante no betumi adi dwowtwa so nkonim.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 20 Wɔasesa ne din.

^ nky. 28 Ɛwom, nsonsonoe wɔ adanmude ne adekyɛ mu. Bere a wɔde adanmude ma sɛnea ɛbɛdan atɛntrenee ani anaasɛ ebetwa nkontompo wɔ asɛm bi ho no, adekyɛ yɛ komam anisɔ a wɔda no adi wɔ biribi a obi ayɛ ho. Wɔakyerɛkyerɛ eyi mu wɔ October 1, 1986, Engiresi Ɔwɛn-Aban, “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ɛdenam Bible no mmoa so no, yebetumi anya ‘su foforo’ na yɛapo dwowtwa