Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kura Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Mu Pintinn

Kura Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Mu Pintinn

Kura Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Mu Pintinn

“Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, “NW”] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—MMEBUSƐM 3:5, 6.

1. Ɔkwan bɛn so na yɛn nsa tumi ka nnipa nimdeɛ ho nsɛm nnɛ sen bere foforo biara?

MPREMPREN, atesɛm nkrataa bɛyɛ 9,000 na wotintim kyekyɛ wɔ wiase nyinaa. Afe biara, wotintim nhoma foforo bɛyɛ 200,000 wɔ United States nkutoo. Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, eduu March 1998 no, na wɔanya kɔmputa so Dwumadibea bɛyɛ ɔpepem 275 wɔ Intanɛt so. Wɔkyerɛ sɛ ɔsram biara, Dwumadibea ɔpepem 20 na ɛbɛka ho. Nnipa nsa nkaa nneɛma biara ho nsɛm sɛnea ɛte nnɛ no da. Bere a mfaso wɔ saa tebea yi so no, nsɛm a abu so saa no de ɔhaw ahorow aba.

2. Ɔhaw ahorow bɛn na nneɛma ho nsɛm a abu so no betumi de aba?

2 Nneɛma ho nsɛm agye nnipa binom adwene, ma wɔpɛ sɛ wonya nsɛm foforo bere nyinaa, bere a wobu wɔn ani gu nneɛma a ɛho hia so. Afoforo nya nneɛma a emu dɔ ho nimdeɛ kakraa bi pɛ, na afei wɔabu wɔn ho sɛ wɔyɛ animdefo. Wogyina ntease kakra a wɔwɔ no so sisi gyinae ahorow atitiriw a ebetumi apira wɔn ankasa anaa afoforo. Na asiane wɔ hɔ bere nyinaa sɛ nnipa de atosɛm anaa nimdeɛ a ɛnteɛ bɛma. Mpɛn pii no, ɔkwan a edi mũ biara nni hɔ a yebetumi agyina so ahu sɛ nneɛma ho nsɛm a abu so no yɛ nokware na ɛyɛ nea ɛfata.

3. Nnipa nyansa akyidi ho kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ Bible mu?

3 Nnipa ayɛ asɛmpɛfo fi teteete. Wohuu asiane a ɛwɔ hɔ sɛ nnipa bɛsɛe bere pii de adi nneɛma hunu anaa nsɛm a epira mpo akyi no wɔ Ɔhene Salomo bere so tɔnn. Ɔkae sɛ: “Fa tew w’adwenem. Nhoma bebree yɛ nni awiei, na tirim dwen bebrebe hyɛ ɔhonam brɛ.” (Ɔsɛnkafo 12:12) Mfehaha pii akyi no, ɔsomafo Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so; dan wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa no akyinnyesɛm no ho. Ɛno na ebinom yi kyerɛe teree gyidi no ho.” (1 Timoteo 6:20, 21) Yiw, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ kwati sɛ wobetie nsusuwii bɔne sɛnea ɛnsɛ.

4. Dɛn ne ɔkwan biako a yebetumi afa so de yɛn ho abata Yehowa ne ne nkyerɛkyerɛ ho?

4 Ɛyɛ papa nso sɛ Yehowa nkurɔfo tie asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5, 6 no: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Nea ɛka yɛn ho a yɛde bɛbata Yehowa ho ne adwenkyerɛ biara a ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia a yɛbɛpo, sɛ́ efi yɛn ankasa nsusuwii mu anaasɛ efi yɛn yɔnko nipa bi hɔ. Nea ɛbɛyɛ na yɛabɔ yɛn honhom fam yiyedi ho ban no, ɛho hia sɛ yɛtete yɛn nkatede na ama yɛatumi ahu nsɛm a epira na yɛakwati. (Hebrifo 5:14) Ma yensusuw mmeae bi a nsɛm a ɛtete saa fi ba no ho nhwɛ.

Wiase a Satan Di So

5. Dɛn ne beae koro a nsusuwii bɔne fi ba, na henanom na wɔhyɛ akyi?

5 Nsusuwii bɔne pii fi wiase no mu. (1 Korintofo 3:19) Yesu Kristo bɔɔ Onyankopɔn mpae maa n’asuafo no sɛ: “Mensrɛ sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie!” (Yohane 17:15) Srɛ a Yesu srɛe sɛ wɔmmɔ n’asuafo no ho ban mfi “ɔbɔne no” ho no kyerɛ sɛ na ogye tom sɛ Satan wɔ wiase no so nkɛntɛnso. Yɛ a yɛyɛ Kristofo no nkutoo mmɔ yɛn ho ban mfi wiase yi nkɛntɛnso ho. Yohane kyerɛwee sɛ: “Yenim sɛ yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Nna a edi akyiri yi fã a etwa to yi mu titiriw na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Satan ne n’adaemone no de nsusuwii bɔne bɛpete wiase nyinaa.

6. Ɔkwan bɛn so na wiase anigyede betumi ayɛ nea ɛnhaw afoforo adwene bio?

6 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan nso sɛ nsɛm a epira yi bi betumi ayɛ sɛ nea asɛm biara nni ho. (2 Korintofo 11:14) Sɛ nhwɛso no, susuw wiase no anigyede, ne ne TV so dwumadi, sini, nnwom, ne nhoma ho hwɛ. Nnipa pii gye tom sɛ wɔ nsɛm pii mu no, anigyede bi hyɛ nneyɛe a ɛmfata te sɛ, ɔbrasɛe, basabasayɛ, ne nnubɔnenom ho nkuran. Sɛ woyi ɔbrasɛe ho ade bi a ɛkɔ akyiri kyerɛ nea edi kan a, wɔn a wɔhwɛ no ho tumi dwiriw wɔn. Nanso, sɛ wɔkɔ so hwɛ a, ebia wommu no hwee bio. Ɛmmra sɛ yɛrennye anigyede bi a ɛda nsusuwii bɔne adi ntom anaasɛ yemmu no sɛ nea asɛm biara nni ho da.—Dwom 119:37.

7. Nnipa nyansa bɛn na ebetumi asɛe ahotoso a yɛwɔ wɔ Bible mu no?

7 Susuw nsɛm a etumi haw adwene fibea foforo—nyansahufo ne nhomanimfo a wogye nokware a Bible yɛ ho kyim no adwenkyerɛ ahorow a wotintim no—ho hwɛ. (Fa toto Yakobo 3:15 ho.) Nsɛm a ɛte saa taa pue nsɛmma nhoma atitiriw ne nhoma a agye din mu, na ebetumi ama ahotoso a yɛwɔ wɔ Bible mu no asɛe. Nnipa bi bɔ wɔn tirim keka nsɛm a enni ano de sɛe tumi a Onyankopɔn Asɛm wɔ no de hoahoa wɔn ho. Ná asiane a ɛte saa wɔ hɔ wɔ asomafo no bere so, sɛnea ɔsomafo Paulo nsɛm yi da no adi no: “Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum.”—Kolosefo 2:8.

Nokware no Atamfo

8, 9. Ɔkwan bɛn so na ɔwae reda adi nnɛ?

8 Awaefo nso betumi asɛe yɛn honhom fam yiyedi. Ɔsomafo Paulo ka siei sɛ ɔwae bɛsɔre wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no mu. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Tesalonikafo 2:3) Wɔ n’asɛm no mmamu mu wɔ Asomafo no wu akyi no, ɔwae kɛse bi sɔree a ɛde Kristoman bae. Ɛnnɛ, ɔwae kɛse biara nsɔre wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Nanso, ankorankoro bi afi yɛn mu, na wɔn mu binom nam atorodi ne atosɛm so resopa Yehowa Adansefo. Wɔn mu kakraa bi ne akuw foforo bom yɛ nhyehyɛe de sɔre tia nokware som. Ɛdenam saayɛ so no, wogyina ɔwaefo a odi kan, Satan, afã.

9 Awaefo bi de nsɛm ho amanneɛbɔ ahorow, a Intanɛt ka ho, redi dwuma kɛse, keka Yehowa Adansefo ho atosɛm. Ne saa nti, sɛ nnipa bi a wɔwɔ komapa reyɛ yɛn gyidi mu nhwehwɛmu a, wobetumi akopue awaefo nnaadaasɛm so. Adansefo binom mpo akenkan nsɛm a epira yi a na wɔn ani nni wɔn ho so. Afei nso, ɛtɔ mmere bi a, awaefo de wɔn ho hyɛ television anaa radio so dwumadi mu. Esiane eyi nti, dɛn ne ɔkwan a nyansa wom a ɛsɛ sɛ yedi akyi?

10. Dɛn ne ade a nyansa wom sɛ yɛyɛ wɔ awaefo nnaadaasɛm ho?

10 Ɔsomafo Yohane ka kyerɛɛ Kristofo sɛ wonnnye awaefo nnkɔ wɔn afie. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura kyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no! Na nea okyia no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafo.” (2 Yohane 10, 11) Sɛ yɛne saa asɔretiafo yi kwati nkitahodi biara a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi wɔn nsusuwii bɔne ho. Awaefo nkyerɛkyerɛ a yebetie denam nnɛyi nkitahodi ahorow so no te sɛ nea yɛregye ɔwaefo no aba yɛn afie mu ankasa. Ɛnsɛ sɛ yɛma asɛmpɛ daadaa yɛn ma yɛfa ɔkwan a asiane wom saa so da!—Mmebusɛm 22:3.

Wɔ Asafo no Mu

11, 12. (a) Dɛn na na ɛde nsɛm a epira ba asafo no mu wɔ afeha a edi kan no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo binom antumi ankura Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ mu pintinn?

11 Susuw beae foforo nso a nsusuwii bɔne betumi afi aba ho hwɛ. Bere a ɛnyɛ Kristoni bi a wahyira ne ho so adwene ne sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ atosɛm no, obetumi anya su bi a ɛbɛma wakasa a ɔnnwene ho. (Mmebusɛm 12:18) Esiane yɛn sintɔ nti, ɛtɔ mmere bi a, yɛn nyinaa de yɛn tɛkrɛma bɛfom. (Mmebusɛm 10:19; Yakobo 3:8) Ɛda adi sɛ, wɔ ɔsomafo Paulo bere so no, na ebinom wɔ asafo no mu a wɔmfa wɔn tɛkrɛma nni dwuma yiye na wɔkasaa basabasa. (1 Timoteo 2:8) Na afoforo nso wɔ hɔ a wosusuw wɔn ankasa adwenkyerɛ ho dodo, na wɔyɛɛ ade kɔɔ akyiri twaa tumi a Paulo wɔ mpo ho mpoa. (2 Korintofo 10:10-12) Honhom a ɛte saa no de ntawntawdi a ɛho nhia na ɛbae.

12 Ɛtɔ mmere bi a saa ntawntawdi yi dan “mansotwe,” na ɛsɛe asafo no asomdwoe. (1 Timoteo 6:5; Galatifo 5:15) Paulo kyerɛw wɔn a wɔde akyinnyegye yi bae no ho asɛm sɛ: “Sɛ obi kyerɛ kyerɛ foforo na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a eye no ne kyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a, wahoman, na onnim hwee, na mmom ɔyare akyinnyegye ne ɔnokotwa a nea efi mu ba ne nitan, kunsunkunsun, ntwiri, nnipa ho adwemmɔne.”—1 Timoteo 6:3, 4.

13. Na afeha a edi kan no mu Kristofo dodow no ara suban te dɛn?

13 Anigyesɛm ne sɛ, wɔ asomafo no bere so no, Kristofo dodow no ara dii nokware, na wɔde wɔn adwene sii adwuma a ɛne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no so. Wɔhwɛɛ “nyisaa ne akunafo” a na wonni adagyew koraa, na wɔansɛe wɔn bere wɔ akyinnyegye hunu ho na mmom wɔkɔɔ so ‘yii wɔn ho fii wiase nkekae mu.’ (Yakobo 1:27) Wɔkwatii ‘fekubɔne’ wɔ Kristofo asafo no mpo mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɔ wɔn honhom fam yiyedi ho ban.—1 Korintofo 15:33; 2 Timoteo 2:20, 21.

14. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, ɔkwan bɛn so na nkɔmmɔbɔ a asɛm biara nni ho betumi abɛdan akyinnyegye a ɛsɛe ade?

14 Saa ara na tebea horow a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 11 no te wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu nnɛ. Nanso, eye sɛ yebehu sɛ akyinnyegye hunu a ɛte saa betumi asɔre. Nokwarem no, eye sɛ yebesusuw Bible mu asɛm bi ho anaasɛ yebedwennwen wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no mu nneɛma bi a wonnya nnaa no adi ho. Na saa ara na mfomso biara nni ho sɛ mobɛkyerɛ mo adwene wɔ nneɛma bi te sɛ ntadehyɛ ne ahosiesie anaa anigyede a wɔpaw ho. Nanso, sɛ yɛyɛ katee wɔ yɛn adwenkyerɛ ho, na yɛn bo fuw bere a afoforo ne yɛn anyɛ adwene a, nneɛma nketenkete mpo betumi ama mpaapaemu aba asafo no mu. Ade a efii ase sɛ nkɔmmɔbɔ a aniberesɛm biara nnim no betumi abɛyɛ nea ɛsɛe ade yiye.

Nea Wɔde Ahyɛ Yɛn Nsa a Yɛbɛhwɛ So

15. “Ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ” betumi apira yɛn wɔ honhom fam akodu he, na afotu bɛn na wɔde ma yɛn wɔ Kyerɛwnsɛm no mu?

15 Ɔsomafo Paulo bɔ kɔkɔ sɛ: “Honhom no ka fann sɛ akyiri nna bi mu ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne kyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho.” (1 Timoteo 4:1) Yiw, nsusuwii bɔne yɛ hu ankasa. Ntease wom sɛ Paulo ka kyerɛɛ n’adamfo pa Timoteo sɛ: “O Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so; dan wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa no akyinnyesɛm no ho. Ɛno na ebinom yi kyerɛe teree gyidi no ho.”—1 Timoteo 6:20, 21.

16, 17. Dɛn na Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho ban?

16 Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya saa kɔkɔbɔ a ɔdɔ wom yi so mfaso nnɛ? Wɔde biribi hyɛɛ Timoteo nsa—biribi a ɛsom bo—sɛ ɔnhwɛ so na ɔmmɔ ho ban. Ná ɛyɛ dɛn? Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “So nsɛm pa a eye a wotee me nkyɛn no nhwɛso no mu yiye, gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu mu. Ade pa a wɔde ahyɛ wo nsa no, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛn mu no so hwɛ so.” (2 Timoteo 1:13, 14) Yiw, na “nsɛm pa” ne ‘nkyerɛkyerɛ a ɛne onyamesom pa hyia’ ka nneɛma a wɔde hyɛɛ Timoteo nsa no ho. (1 Timoteo 6:3) Nea ɛne saa nsɛm yi hyia no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no asi wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ wɔn gyidi ne nokware a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho ban.

17 Nea ɛka nea wɔde ahyɛ yɛn nsa a yɛbɛhwɛ so ho ne nneɛma bi te sɛ Bible adesua ho su pa a yebenya, na yɛabɔ mpae daa, ‘ayɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.’ (Galatifo 6:10; Romafo 12:11-17) Paulo kɔ so de afotu ma sɛ: “Di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi. Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo na wopaee mu kaa no yiye adansefo pii anim no mu [pintinn, NW].” (1 Timoteo 6:11, 12) Kasa te sɛ “ko gyidi ko pa” ne ‘so mu pintinn’ a Paulo de dii dwuma no ma emu da hɔ pefee sɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yesi yɛn bo ko tia honhom fam nkɛntɛnso bɔne.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yenya Nhumu

18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asusuw sɛnea yedi wiase nsɛm ho dwuma yiye ho sɛ Kristofo?

18 Nokwarem no, nhumu ho hia wɔ gyidi ho ko pa no mu. (Mmebusɛm 2:11; Filipifo 1:9) Sɛ nhwɛso no, ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ yenni wiase asɛm biara mu ahotoso. (Filipifo 4:5; Yakobo 3:17) Ɛnyɛ nnipa nsusuwii nyinaa na ɛne Onyankopɔn Asɛm nhyia. Yesu kaa hia a ehia sɛ nkurɔfo a wɔyare bɛkɔ akohu oduruyɛfo a onim adwuma—a ɛyɛ wiase nimdeɛ—ho asɛm. (Luka 5:31) Ɛmfa ho sɛ na wonnyaa aduruyɛ mu nimdeɛ ahe biara wɔ Yesu bere so no, ogye toom sɛ mfaso bi wɔ mmoa a wɔbɛhwehwɛ afi oduruyɛfo bi hɔ no mu. Kristofo susuw wiase nsɛm ho yiye nnɛ, nanso wɔpo emu biara a ebetumi apira wɔn wɔ honhom fam no.

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo de nhumu di dwuma bere a wɔreboa wɔn a wɔnkasa nyansam no? (b) Ɔkwan bɛn so na asafo no di wɔn a wɔkɔ so de atoro nkyerɛkyerɛ ba mu no ho dwuma?

19 Nhumu ho hia mpanyimfo nso bere a wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnkɔboa wɔn a wɔnkasa nyansam no. (2 Timoteo 2:7) Ɛtɔ mmere bi a, asafo no mufo de wɔn ho bɛhyɛ nsɛm a ɛho nhia ne akyinnyegye a enni nnyinaso mu denneennen. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ ntɛm di ɔhaw a ɛtete saa ho dwuma na ama wɔatumi abɔ asafo no biakoyɛ ho ban. Bere koro no ara no, wɔkwati sɛ wobenya wɔn nuanom ho adwemmɔne, na wɔnyɛ ntɛm mmu wɔn sɛ awaefo.

20 Paulo kaa su a ɛsɛ sɛ wɔda no adi bere a wɔde mmoa rema no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu, nanso hwɛ wo ho, na wɔansɔ wo nso anhwɛ.” (Galatifo 6:1) Bere a Yuda reka Kristofo a wɔyare akyinnyegye titiriw ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Akyinnyegyefo nso, munhu wɔn mmɔbɔ, ebinom nso munhwim wɔn mfi gya mu nnye wɔn nkwa.” (Yuda 22, 23) Nanso, sɛ mpanyimfo de afotu ma obi mpɛn pii, na akyiri yi ɔkɔ so de atoro nkyerɛkyerɛ ba asafo no mu a, ɛnde na ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ ho biribi ntɛm.—1 Timoteo 1:20; Tito 3:10, 11.

Nneɛma a Ɛfata a Yɛde Bɛhyɛ Yɛn Adwene Mu

21, 22. Dɛn ho na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyiyim, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn adwene mu?

21 Kristofo asafo no kwati nsɛm a ɛsɛe ade a ‘ɛyerɛw sɛ ɔyare bɔne’ no. (2 Timoteo 2:16, 17; Tito 3:9) Eyi te saa ɛmfa ho sɛ nsɛm a ɛte saa da wiase “nyansa” a ɛyɛ nnaadaa, awaefo nnaadaasɛm, anaa nsɛnhunu a ɛsɔre wɔ asafo no mu adi no. Bere a mfaso wɔ ɔpɛ pa a yɛwɔ sɛ yebesua nneɛma foforo so no, asɛmpɛ a enni ano betumi ama yɛakotie nsusuwii bɔne. Yenim Satan akwan yiye. (2 Korintofo 2:11) Yenim sɛ ɔrebɔ mmɔden sɛnea obetumi biara de atwetwe yɛn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛgow yɛn ho wɔ Onyankopɔn som adwuma mu.

22 Sɛ́ asomfo pa no, momma yenkura Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ mu pintinn. (1 Timoteo 4:6) Ɛmmra sɛ yɛde yɛn bere bedi dwuma nyansam denam nyiyim a yɛbɛyɛ wɔ nsɛm a yebetie mu. Sɛ yɛyɛ saa a, Satan nnaadaasɛm rentumi yɛn. Yiw, momma yɛnkɔ so nsusuw ‘nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, ɔbra pa, ne nea ɛfata ayeyi’ ho. Sɛ yɛde nneɛma a ɛte saa hyɛ yɛn adwene ne yɛn koma ma a, yebenya Onyankopɔn asomdwoe.—Filipifo 4:8, 9.

Dɛn na Yesuae?

• Ɔkwan bɛn so na wiase nyansa betumi asɛe yɛn honhom fam yiyedi?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban afi awaefo nsɛm a ɛsɛe ade ho?

• Kasa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati wɔ asafo no mu?

• Sɛ Kristofo redi nnɛyi nsɛm a abu so no ho dwuma a, ɔkwan bɛn so na wobetumi asusuw nneɛma ho yiye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Nsɛmma nhoma ne nhoma a agye din pii ne yɛn Kristofo gyinapɛn nhyia

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Kristofo betumi asusuw nsɛm ho bere a wɔnyɛ katee