Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tie Nea Honhom No Ka No

Tie Nea Honhom No Ka No

Tie Nea Honhom No Ka No

“W’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.”—YESAIA 30:21.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne nnipa adi nkitaho wɔ abakɔsɛm nyinaa mu?

WIASE radio nkatebɛn a ɛso sen biara a wɔde hwɛ wim nneɛma, na ɛkyere nnyigyei sen biara no si Puerto Rico supɔw no so. Mfe pii ni na nyansahufo ahwɛ kwan sɛ wɔnam adwinnade kɛse yi so bɛte abɔde foforo bi nka wɔ ahum mu. Nanso, wɔntee asɛm biara a ɛte saa pɛn. Nea ɛyɛ nwonwa no, nsɛm a emu da hɔ a emfi nnipa atrae wɔ hɔ a yɛn mu biara nsa betumi aka bere biara—a enhia sɛ yɛde adwinnade nwonwaso biara bedi dwuma. Eyi fi Beae bi a ɛkorɔn koraa sen beae foforo biara a yebetumi asusuw ho wɔ ahum mu. Hena ne nsɛm a ɛte saa no Fibea, na henanom na wɔn nsa reka? Dɛn na nsɛm no da no adi?

2 Kyerɛwtohɔ pii wɔ Bible mu a ɛka mmere a nnipa tee nsɛm a efi Onyankopɔn ankasa hɔ wɔ wɔn aso mu ho asɛm. Mmere bi wɔ hɔ a ahonhom abɔde a wɔsom sɛ Onyankopɔn asomafo na wɔde saa nkra yi mae. (Genesis 22:11, 15; Sakaria 4:4, 5; Luka 1:26-28) Nnipa tee Yehowa ankasa nne mprɛnsa. (Mateo 3:17; 17:5; Yohane 12:28, 29) Onyankopɔn nam adiyifo a wɔyɛ nnipa so nso kasae, na wɔn mu pii kyerɛw nea ɔde honhom kaa wɔn ma wɔkae no too hɔ. Ɛnnɛ, yɛwɔ Bible no a saa nkitahodi yi mu pii ne Yesu ne n’asuafo nkyerɛkyerɛ nso ho kyerɛwtohɔ wom. (Hebrifo 1:1, 2) Nokwarem no, Yehowa de nsɛm abrɛ n’abɔde a wɔyɛ nnipa no.

3. Dɛn ne Onyankopɔn asɛm no atirimpɔw, na dɛn na wɔhwehwɛ fi yɛn hɔ?

3 Saa nsɛm a efi Onyankopɔn hɔ yi nka amansan a aniwa hu yi ho nsɛm pii. Ɛtwe adwene si nneɛma a ɛho hia kɛse a ɛka asetra a yɛwɔ mu yi ne nea ɛrebɛba ho no so. (Dwom 19:7-11; 1 Timoteo 4:8) Yehowa nam so da n’apɛde adi, na ɔde n’akwankyerɛ ma yɛn. Eyinom yɛ ɔkwan biako a odiyifo Yesaia nsɛm no nam so renya mmamu: “W’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.” (Yesaia 30:21) Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yentie ‘n’asɛm.’ Ɛyɛ yɛn ankasa asɛm sɛ yebedi Onyankopɔn akwankyerɛ akyi na yɛanantew ne kwan so. Esiane eyi nti Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ yentie Yehowa asɛm. Nkuranhyɛ nsɛm a ɛne “tie nea honhom no ka” no pue mpɛn ason wɔ Adiyisɛm nhoma no mu.—Adiyisɛm 2:7, 11, 17, 29; 3:6, 13, 22.

4. So ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn befi soro akasa akyerɛ yɛn tẽẽ nnɛ?

4 Ɛnnɛ, Yehowa mfi soro nkasa nkyerɛ yɛn tẽẽ. Wɔ Bible mmere mu mpo no, na saa anwonwakwan so nkitahodi yi ntaa nsisi, na ɛtɔ mmere bi a na mfehaha pii twam ansa na ebi asi. Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa afa akwan a ɛnyɛ tẽẽ so na ɛne ne nkurɔfo adi nkitaho mpɛn pii. Saa na ɛte wɔ yɛn bere yi so. Momma yensusuw akwan abiɛsa a Yehowa nam so kasa kyerɛ yɛn nnɛ no ho nhwɛ.

‘Kyerɛw Nyinaa Fi Honhom Mu’

5. Dɛn ne Yehowa adwinnade titiriw a ɔnam so kasa nnɛ, na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya so mfaso?

5 Adwinnade titiriw a Onyankopɔn nam so ne nnipa kasa ne Bible. Efi Onyankopɔn home mu, na biribiara a ɛwɔ mu so betumi aba yɛn mfaso. (2 Timoteo 3:16) Nnipa ankasa a wofi wɔn pɛ mu sii gyinae sɛ wobetie Yehowa nne anaasɛ wɔrentie ho nhwɛso pii wɔ Bible mu. Nhwɛso ahorow a ɛte saa kae yɛn nea enti a ɛho hia sɛ yetie nea Onyankopɔn honhom no ka no. (1 Korintofo 10:11) Nyansa ankasa nso wɔ Bible mu, na sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ ɛsɛ sɛ yesisi gyinae wɔ asetra mu a, etu yɛn fo. Ɛte sɛ nea Onyankopɔn wɔ yɛn akyi rekasa gu yɛn aso mu sɛ: ‘Eyi ne kwan no. Monnantew so.’

6. Dɛn nti na Bible korɔn koraa sen nhoma foforo biara?

6 Ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible no daa na ama yɛatumi ate nea honhom no nam so ka no. Bible no nyɛ nhoma bi a wɔakyerɛw no yiye kɛkɛ, te sɛ nhoma pii a agye din a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu biako. Bible no fi honhom mu na Onyankopɔn nsusuwii na ɛwɔ mu. Hebrifo 4:12 ka sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” Sɛ yɛkenkan Bible no a, emu nsɛm wura yɛn adwene mu na ɛkanyan yɛn te sɛ nkrante, na ɛma yehu sɛnea yɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ yɛn asetra mu.

7. Dɛn nti na Bible a yɛbɛkenkan no ho hia, na mpɛn ahe na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ mu?

7 “Koma nsusuwii ne adwene temmufo” no betumi asakra bere a bere kɔ so na asetra mu suahu ahorow—nea ɛyɛ anigye ne nea ɛyɛ den—nya yɛn so nkɛntɛnso no. Sɛ yɛansua Onyankopɔn Asɛm no bere nyinaa a, yɛn nsusuwii, yɛn nneyɛe, ne yɛn nkate horow ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow renhyia bio. Enti, Bible tu yɛn fo sɛ: “Monkɔ so nsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa, monkɔ so mmisa mo ho nhwɛ.” (2 Korintofo 13:5, NW) Sɛ yɛbɛkɔ so atie nea honhom no ka a, ɛsɛ sɛ yetie afotu a ɛne sɛ yɛnkenkan Onyankopɔn Asɛm no daa no.—Dwom 1:2.

8. Ɔsomafo Paulo nsɛm bɛn na ɛma yɛhwehwɛ yɛn ho mu wɔ Bible akenkan ho?

8 Nkaesɛm a ɛho hia a wɔde ma wɔn a wɔkenkan Bible no ne eyi: Ɛsɛ sɛ wonya bere pii de sua nea wɔkenkan no te ase! Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi afotu a ɛne sɛ yɛnkenkan Bible no daa so no, ɛnsɛ sɛ yɛde ahopere kenkan ti ahorow pii bere a yɛnte nea yɛkenkan no ase no. Bere a Bible a yɛbɛkenkan no daa ho hia no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye nhyehyɛe a yɛayɛ a yebedi akyi pɛpɛɛpɛ no nkutoo ho; ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ pa sɛ yebesua Yehowa ne n’atirimpɔw ho ade. Wɔ eyi mu no, ɛyɛ papa sɛ yɛde ɔsomafo Paulo nsɛm yi hwehwɛ yɛn ho mu hwɛ. Bere a ɔrekyerɛw ne mfɛfo Kristofo no, ɔkae sɛ: “Mede me nkotodwe mekotow agya sɛ omfi n’anuonyam ahonya mu mma . . . Kristo mfa gyidi so ntra mo komam, na moagye ɔdɔ mu ntini atim mu, na mo ne ahotefo nyinaa anya tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ no ahuye ahu Kristo dɔ a ɛtra so no, ɛne me nso, sɛ, mibue m’ano a, wɔmma me asɛm menka, na memfa nnam minyi asɛmpa no ahintasɛm menkyerɛ.”—Efesofo 3:14, 16-19.

9. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ɔpɛ sɛ yebesua Yehowa ho ade, na yɛahyɛ mu den?

9 Nokwarem no, bere a yɛn mu binom ani nnye akenkan ho ankasa no, afoforo nso pɛ akenkan paa. Nanso ɛmfa ho su biara a yɛn mu biara wɔ no, yebetumi anya ɔpɛ sɛ yebesua Yehowa ho ade, na yɛahyɛ mu den. Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ yenya Bible mu nimdeɛ ho akɔnnɔ, na ohui sɛ yebetumi ama ɔpɛ a ɛte saa ayɛ kɛse. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Mompɛ asɛm no nufusu kronkron, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu.’ (1 Petro 2:2) Sɛ yebenya ‘ɔpɛ’ ama Bible sua a, ebehia sɛ yɛteɛ yɛn ho so. Sɛnea yɛn ani betumi agye aduan bi ho wɔ bere a yɛadi bi mpɛn pii akyi no, saa ara na sɛ yɛteɛ yɛn ho so di Bible akenkan ne ne sua ho nhyehyɛe a yɛayɛ so daa a, su a yɛwɔ wɔ ho no betumi asesa ayɛ papa.

‘Aduan Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu’

10. Henanom na wɔbom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, na ɔkwan bɛn so na Yehowa de wɔn redi dwuma nnɛ?

10 Yesu daa ɔkwan foforo a Yehowa nam so kasa kyerɛ yɛn nnɛ no adi wɔ Mateo 24:45-47. Ɛhɔ no, ɔkaa Kristofo asafo no—“akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔapaw wɔn sɛ wɔmma honhom fam ‘aduan wɔ bere a ɛsɛ mu’ no ho asɛm. Sɛ́ ankorankoro no, saa kuw yi mufo yɛ Yesu “asomfo.” Wɔn a wɔde honhom asra wɔn yi ne “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no, nya nkuranhyɛ ne akwankyerɛ. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Saa aduan yi a wɔde ma wɔ bere a ɛsɛ mu no dodow no ara yɛ nhoma horow a wotintim a ebi ne Ɔwɛn-Aban, Nyan!, ne nhoma foforo. Wɔnam ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔde ma yɛn wɔ ɔmantam, ɔmansin, ne asafo nhyiam ahorow ase no so de honhom fam nnuan foforo nso ma.

11. Ɔkwan bɛn so na yɛda yɛn ho adi sɛ yetie nea honhom no nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ka no?

11 Wɔkyerɛw nsɛm a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” de ma no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den na yɛde atete yɛn nkatede. (Hebrifo 5:14) Ebia afotu a ɛte saa no bɛyɛ nea wɔde ma nnipa nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a ankorankoro biara betumi de adi dwuma wɔ n’asetra mu. Yɛn nsa ka afotu a ɛfa yɛn nneyɛe pɔtee bi ho bere ne bere mu nso. Sɛ yetie nea honhom no nam akoa kuw no so ka ankasa a, su bɛn na yebenya? Ɔsomafo Paulo bua sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn.” (Hebrifo 13:17) Nokwarem no, mmarima a wɔde wɔn redi dwuma yi nyinaa nyɛ pɛ. Ɛwom sɛ Yehowa asomfo a wɔyɛ nnipa no nyɛ pɛ de, nanso, n’ani gye sɛ ɔde wɔn redi dwuma ma wɔakyerɛ yɛn kwan wɔ awiei bere yi mu.

Sɛnea Yɛn Ahonim Kyerɛ Yɛn Kwan

12, 13. (a) Ade foforo a ɛma yɛn akwankyerɛ bɛn na Yehowa de ama yɛn? (b) Nkɛntɛnso pa bɛn na ahonim betumi anya wɔ nkurɔfo a wonni Onyankopɔn Asɛm ho nokware nimdeɛ no mpo so?

12 Yehowa ama yɛn ade foforo a ɛkyerɛ yɛn kwan—yɛn ahonim. Ɔbɔɔ onipa wɔ kwan bi so a ɛma otumi hu papa ne bɔne. Ɛyɛ yɛn awosu. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu sɛ: “Na amanaman mufo a wonni mmara no de wɔn awosu yɛ mmara no mu nneɛma a, eyinom a wonni mmara no yɛ mmara ma wɔn ho. Wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔn komam, na wɔn ahonim nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso eyiyi wɔn ho ano.”—Romafo 2:14, 15.

13 Nnipa pii a wonnim Yehowa no betumi ama wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe ne Onyankopɔn mmara a ɛfa nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho ahyia akodu baabi. Ɛte sɛ nea wɔte ɛnne bi wɔ wɔn mu a ɛrekyerɛ wɔn ɔkwantrenee no. Sɛ eyi te saa wɔ wɔn a wonni Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ no fam a, mpɛn ahe na nokware Kristofo rente sɛ saa nne no rekasa akyerɛ wɔn! Akyinnye biara nni ho sɛ Kristoni ahonim a ɔde Nyankopɔn Asɛm ho nokware nimdeɛ atete no, na ɛyɛ adwuma ma ɛne Yehowa honhom hyia no betumi de akwankyerɛ pa ama.—Romafo 9:1.

14. Ɔkwan bɛn so na ahonim a wɔde Bible atete no no betumi aboa yɛn ma yɛadi Yehowa honhom akwankyerɛ akyi?

14 Ahonim pa, nea wɔde Bible atete no, betumi akae yɛn ɔkwan a honhom no pɛ sɛ yɛfa so. Ɛtɔ mmere bi a yebetumi ahyia tebea pɔtee bi a Kyerɛwnsɛm no anaa Bible ho nhoma ahorow no nkaa ho asɛm biara. Ɛno ho mpo no, yɛn ahonim betumi abɔ yɛn kɔkɔ akae yɛn sɛ yɛnyɛ ahwɛyiye wɔ ɔkwan bi a yɛrefa so a ebetumi apira yɛn ho. Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, sɛ yebu yɛn ani gu so a, ɛbɛkyerɛ sɛ, yɛrebu yɛn ani agu nea Yehowa honhom ka so. Ɔkwan foforo so no, sɛ yesua sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn Kristofo ahonim a yɛatete no so, na sɛ akwankyerɛ pɔtee a wɔakyerɛw nni hɔ mpo a, yebetumi asisi gyinae pa. Nanso, ɛho hia sɛ yɛkae sɛ, biribi a Onyankopɔn nnyinasosɛm anaa mmara nni ho no, ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ yɛde yɛn ankasa ahonim bebu mfɛfo Kristofo atɛn wɔ nneɛma a ɛyɛ ankorankoro asɛm ankasa mu.—Romafo 14:1-4; Galatifo 6:5.

15, 16. Dɛn na entumi mma yɛn ahonim nyɛ adwuma yiye, na ɔkwan bɛn so na yebetumi asiw biribi a ɛte saa kwan?

15 Ahonim a ɛho tew a wɔde Bible atete no no yɛ akyɛde pa a efi Onyankopɔn hɔ. (Yakobo 1:17) Nanso, sɛ yebetumi de akyɛde yi adi dwuma yiye sɛ ade a ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ abrabɔ mu a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho ban fi nkɛntɛnso bɔne ho. Sɛ yedi ɔman a yɛte mu amammerɛ, amanne, ne su ahorow a ɛne Onyankopɔn gyinapɛn nhyia akyi a, ebetumi asɛe yɛn ahonim, na ɛremma yɛn akwankyerɛ pa. Ebetumi ama yɛayɛ nkurɔfo a wontumi mmu atɛmpa, na mpo adaadaa yɛn ma yɛagye adi sɛ nneyɛe bɔne yɛ papa ankasa.—Fa toto Yohane 16:2 ho.

16 Sɛ yɛkɔ so bu yɛn ani gu kɔkɔ a yɛn ahonim bɔ yɛn no so a, ne nne bɛbrɛ ase araa akosi sɛ ebepirim anaa ebesi kyekye wɔ abrabɔ fam. Odwontofo no kaa nnipa a wɔte saa ho asɛm sɛ: “Wɔn koma apirim sɛ srade.” (Dwom 119:70) Nnipa bi a wobu wɔn ani gu nea wɔn ahonim ka kyerɛ wɔn so no ntumi nsusuw nneɛma ho yiye. Ɛnyɛ Onyankopɔn nnyinasosɛm na ɛkyerɛ wɔn kwan bio, na wontumi nsisi gyinae a ɛfata. Sɛ yebetumi akwati tebea a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ yetie nea yɛn Kristofo ahonim ka kyerɛ yɛn no wɔ nneɛma a ɛte sɛ nea ɛyɛ nketewa mpo mu.—Luka 16:10.

Anigye Ne Wɔn a Wotie na Wodi So

17. Sɛ yetie ‘yɛn akyi asɛm’ na yetie yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no a, ɔkwan bɛn so na wobehyira yɛn?

17 Sɛ yenya nya su a ɛma yetumi tie ‘yɛn akyi asɛm’—sɛnea wɔnam Kyerɛwnsɛm no ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no so de ma yɛn—na yetie yɛn ahonim a wɔde Bible atete no no nkaesɛm a, Yehowa de ne honhom behyira yɛn. Honhom kronkron no nso bɛma yɛatumi atie nea Yehowa ka kyerɛ yɛn no na yɛate ase.

18, 19. Ɔkwan bɛn so na yebenya Yehowa akwankyerɛ so mfaso wɔ yɛn som adwuma ne yɛn ankasa asetra mu?

18 Yehowa honhom no bɛhyɛ yɛn den ma yɛatumi de nyansa ne akokoduru agyina tebea horow a ɛyɛ den ano. Sɛnea na ɛte wɔ asomafo no asɛm mu no, Onyankopɔn honhom no betumi akanyan yɛn adwene tumi na aboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade akasa ma ɛne Bible nnyinasosɛm ahyia bere nyinaa. (Mateo 10:18-20; Yohane 14:26; Asomafo no Nnwuma 4:5-8, 13, 31; 15:28) Yehowa honhom ne yɛn ankasa mmɔdenbɔ bɛma asi yɛn yiye bere a yesisi gyinae a ɛho hia wɔ asetra mu no, na ama yɛanya akokoduru de adi saa gyinae a yɛasisi no ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, ebia woresusuw ho ayɛ nsakrae wɔ w’asetra mu a ɛbɛma woanya bere pii ama honhom fam nneɛma. Anaasɛ ebia woreyɛ nsakrae wɔ w’asetra mu apaw biribi a ɛho hia te sɛ ɔhokafo, adwuma a wobɛyɛ, anaa ofie a wobɛtɔ. Sɛ́ anka yebegyina nnipa nkate nkutoo so asisi gyinae no, ɛsɛ sɛ yetie nea Onyankopɔn honhom no ka na yɛyɛ yɛn ade ma ɛne n’akwankyerɛ hyia.

19 Yɛn ani sɔ nkaesɛm ne afotu a yenya fi yɛn mfɛfo Kristofo, a mpanyimfo no ka ho, hɔ no ankasa. Nanso, enhia sɛ yɛtwɛn ma afoforo twe yɛn adwene si nneɛma so bere nyinaa. Sɛ yenim ɔkwan a nyansa wom a yɛbɛfa so ne nsakrae a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn suban ne yɛn nneyɛe mu na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani a, momma yɛnyɛ ho biribi. Yesu kae sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.”—Yohane 13:17.

20. Nhyira bɛn na wɔn a wotie ‘wɔn akyi asɛm’ no benya?

20 Ɛda adi pefee sɛ, enhia sɛ Kristofo te nne ankasa fi soro, na saa ara na enhia sɛ ɔbɔfo bi bɛsra wɔn ansa na wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔasɔ Onyankopɔn ani. Wɔanya nhyira sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no, na wɔnam ne kuw a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no so nya akwankyerɛ a ɔdɔ wom. Sɛ wɔde ahwɛyiye tie ‘wɔn akyi asɛm’ yi na wodi wɔn ahonim a wɔde Bible atete no no akwankyerɛ akyi a, wobetumi ayɛ Onyankopɔn apɛde. Afei akyinnye biara nni ho sɛ wobehu ɔsomafo Yohane bɔhyɛ yi mmamu: “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

Ntĩmu Tiawa

• Dɛn nti na Yehowa ne n’abɔde a wɔyɛ nnipa di nkitaho?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya daa Bible akenkan so mfaso?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ akoa kuw no akwankyerɛ ho?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nea yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no ka so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Enhia sɛ onipa nya adwinnade nwonwaso bi na ama watumi anya nkrasɛm afi Onyankopɔn hɔ

[Asɛm Fibea]

Courtesy Arecibo Observatory/David Parker/Science Photo Library

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yehowa nam Bible ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so kasa kyerɛ yɛn