Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Sõ Kyɛn Yɛn Koma

Yehowa Sõ Kyɛn Yɛn Koma

Yehowa Sõ Kyɛn Yɛn Koma

ODWONTOFO no kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] ani sɔ wɔn a wosuro no.” Nokwarem no, Ɔbɔadeɛ no di ahurusi bere a ohu sɛ n’asomfo a wɔyɛ nnipa no mu biara bɔ mmɔden sɛ obekura ne trenee gyinapɛn ahorow mu no. Onyankopɔn hyira wɔn a wodi no nokware no, na sɛ wɔrepa abaw a, ɔhyɛ wɔn nkuran kyekye wɔn werɛ. Onim sɛ n’asomfo nyɛ pɛ, enti ɔnhwehwɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so mfi wɔn nkyɛn.—Dwom 147:11.

Ebia ɛrenyɛ den sɛ yebegye adi sɛ Yehowa wɔ ɔdɔ kɛse ma n’asomfo nyinaa. Nanso, ɛte sɛnea ebinom ankasa sintɔ ahorow agye wɔn adwene araa ma enti wosusuw sɛ Yehowa ntumi nnɔ wɔn da. Wobetumi aka sɛ: “Metɔ sin dodo sɛ Yehowa bɛdɔ me.” Ɛwom, bere ne bere mu no, yɛn nyinaa tumi nya adwene a ɛnteɛ. Nanso ɛte sɛ nea ebinom te nka sɛ wɔn ho nhia bere nyinaa.

Te a Ebinom Te Nka sɛ Wɔn Ho Nhia

Bible mmere mu no, abasamtu a emu yɛ den haw anokwafo pii. Asetra fonoo Hiob, na ɔtee nka sɛ Onyankopɔn apo no. Bere bi, Hana a ɔbɛyɛɛ Samuel maame no hawee yiye wɔ ɔba a na onni no ho, na osuu pii. Dawid ‘yɛɛ bosaa,’ na Epafrodito hawee yiye bere a ne yare maa anuanom no werɛ howee no.—Dwom 38:6; 1 Samuel 1:7, 10; Hiob 29:2, 4, 5; Filipifo 2:25, 26.

Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Ebetumi aba sɛ ɔyare, onyin, anaa asetram tebea horow besiw ebinom kwan ma enti wontumi nyɛ pii sɛnea anka wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ wɔ ɔsom kronn mu no. Eyi betumi ama wɔaka sɛ wɔredi Yehowa ne wɔn mfɛfo gyidifo huammɔ. Anaasɛ ebinom bɛkɔ so abu wɔn ho fɔ wɔ mfomso bi a wodii bere bi no ho, na wɔasusuw sɛ ebia Yehowa mfa mfirii wɔn. Ebetumi aba sɛ wɔn a wofi mmusua a emu nsɛm tebea yɛ den mu no besusuw sɛ wɔmfata sɛ wɔdɔ wɔn. Ɛyɛ dɛn na etumi ba saa?

Ebinom nyinyin wɔ mmusua a wɔnna ɔdɔ adi na mmom wɔyɛ pɛsɛmenkominya, wɔn ano yɛ yaw na ehu akita wɔn mu. Ebetumi aba sɛ wɔrennya agya bi a ɔdɔ wɔn paa, a ɔhwehwɛ sɛ obenya hokwan bi agyina so akamfo wɔn ahyɛ wɔn nkuran, nea obebu n’ani agu mfomso nketenkete so na wayɛ krado sɛ ɔde mfomso a anibere wom mpo befiri, na sɛnea ɔtew n’anim ma abusua mũ no nyinaa nti, wɔte nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Esiane sɛ wɔannya asase so agya bi a ɔdɔ wɔn nti, ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wobehu nea ɔsoro Agya a ɔwɔ ɔdɔ a wobenya no kyerɛ.

Sɛ nhwɛso no, Fritz kyerɛw sɛ: “Me papa atirimɔdensɛm nyaa me so nkɛntɛnso wɔ me mmofraase ne me mmeranteberem. * Wankamfo me da, ma enti mantumi ammɛn no da. Nokwarem no, mpɛn pii no, na misuro no.” Esiane eyi nti, Fritz a mprempren ɔwɔ ne mfe 50 mu no da so ara nnye ne ho nni. Na Margarette kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná m’awofo anim ntew, na na wonni dɔ. Bere a mifii ase suaa Bible no, na ɛyɛ den ma me sɛ mehu sɛnea agya bi a ɔwɔ dɔ kyerɛ.”

Sɛnea ɛte biara no, atenka a ɛte saa no betumi akyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a ɛnyɛ ɔdɔ titiriw na ɛkanyan yɛn ma yɛsom Onyankopɔn na mmom afobu ne ehu. Nea yɛbɛyɛ biara nsɔ yɛn ani da. Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ne yɛn mfɛfo gyidifo ani no betumi ama yɛate nka sɛ yentumi nyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyinaa. Ne saa nti, ebia yɛrentumi nnu yɛn botae ahorow ho, na yɛabu yɛn ho fɔ, na yɛn abam abu.

Dɛn na yebetumi ayɛ? Ebia ebehia sɛ yɛkae sɛnea Yehowa yam ye fa no. Obi a ɔtee Onyankopɔn nipasu a ɔdɔ wom yi ase ne ɔsomafo Yohane.

“Onyankopɔn So Kyɛn Yɛn Koma”

Wɔ afeha a edi kan Y.B. awiei no, Yohane kyerɛw ne mfɛfo gyidifo sɛ: “Eyi mu na yebehu sɛ yefi nokware no mu, na yebedwudwo yɛn koma wɔ n’anim sɛ, sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn so kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.” Dɛn nti na Yohane kyerɛw saa nsɛm yi?—1 Yohane 3:19, 20.

Ná Yohane nim yiye sɛ Yehowa somfo betumi abu ne ho fɔ wɔ ne komam. Ebetumi aba sɛ Yohane ankasa tee nka saa. Bere a na Yohane yɛ aberante a ne koko haw no no, Yesu Kristo teɛɛ ne so bere bi esiane sɛ na ɔyɛ n’asɛm denneennen wɔ ɔne afoforo nsɛnnii mu nti. Nokwarem no, Yesu too Yohane ne ne nuabarima Yakobo “din Boanerges, ase ne ɔprannaa mma.”—Marko 3:17; Luka 9:49-56.

Mfe 60 a edi hɔ akyi no, Yohane bɛyɛɛ Kristoni a odwo, ɔte asɛm ase, ɔwɔ dɔ, ne mmɔborohunu. Sɛ́ asomafo no mu nea otwa to no, eduu bere a honhom kaa no ma ɔkyerɛw ne krataa a edi kan no, na onim sɛ Yehowa mmu n’asomfo ankorankoro mfomso nketenkete biara ho akontaa. Mmom no, ɔyɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ, mmɔborɔhunu ne ayamye ma wɔn a wɔdɔ no na wɔde nokwaredi som no no nyinaa. Yohane kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.”—1 Yohane 4:8.

Yehowa Di Ɔsom a Yɛde Ma No no Ho Ahurusi

Onyankopɔn nim yɛn mmerɛwyɛ ne yɛn sintɔ ahorow a yenya fii awo mu no, na osusuw ho. Dawid kyerɛwee sɛ: “Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” Yehowa hu sɛnea faako a yefi no tumi nya yɛn so nkɛntɛnso ma yɛyɛ nnipa ko a yɛyɛ no. Nokwarem no, onim yɛn sen sɛnea yɛn ankasa yenim.—Dwom 103:14.

Onim sɛ yɛn mu pii pɛ sɛ yɛsakra, nanso yentumi nni yɛn sintɔ ahorow so. Yebetumi de yɛn tebea no atoto ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛw eyi no de ho: “Papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.” Yɛn nyinaa reko saa ara. Wɔ nsɛm tebea bi mu no, eyi betumi ama yɛabu yɛn ho fɔ.—Romafo 7:19.

Kae eyi bere nyinaa sɛ: Yehowa bu yɛn sen sɛnea yebu yɛn ho. Bere biara a obehu sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ n’ani no, ɛnyɛ sɛ ne koma tɔ ne yam nko na mmom odi ho ahurusi. (Mmebusɛm 27:11) Ɛwom sɛ nea yetumi yɛ no bɛyɛ te sɛ nea esua wɔ yɛn ankasa ani so de, nanso n’ani gye yɛn pɛ mu a yefi yɛ ade ne adwempa a yenya no ho. Ɔhwɛ tra nea yetumi yɛ; ohu nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ; onim yɛn apɛde ne akɔnnɔde. Yehowa betumi ahu nea ɛwɔ yɛn komam.—Yeremia 12:3; 17:10.

Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo pii fi awosu mu yɛ ahufo a wɔnka wɔn ho nkɔ nnipa mu na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ. Wɔ saafo no fam no, asɛmpaka adwuma a wɔde bɛkɔ afie afie no tumi yɛ adwumaden ankasa. Nanso, esiane ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn na wɔaboa wɔn afipamfo nti, wɔn a wɔyɛ ahufo no mpo sua sɛ wɔbɛkɔ wɔn afipamfo nkyɛn akɔka Bible ho asɛm akyerɛ wɔn. Ebia wɔbɛte nka sɛ wontumi nyɛ pii, na eyi betumi asɛe wɔn anigye. Wobetumi asusuw ho wɔ wɔn komam sɛ wɔn baguam ɔsom adwuma no so nni mfaso. Nanso Yehowa di mmɔden a saafo no bɔ wɔ wɔn som adwuma ho no mu ahurusi. Bio nso, wontumi nhu bere ne faako a nokware aba a wogu no befifi, anyin, na asow aba.—Ɔsɛnkafo 11:6; Marko 12:41-44; 2 Korintofo 8:12.

Mpanyinyɛ anaa yare a ne ko yɛ kona haw Adansefo afoforo. Wɔn fam no, asafo nhyiam horow a wɔbɛkɔ daa wɔ Ahenni Asa so yɛ ɛyaw ne dadwen. Asɛnka adwuma no ho ɔkasa a wobetie no betumi ama wɔakae nea na kan no wotumi yɛ ne nea wɔda so ara pɛ sɛ wɔyɛ, ɛmfa ho sɛ wɔn akwahosan a aba fam no twe wɔn san no. Saafo no betumi abu wɔn ho fɔ esiane sɛ wontumi mfa afotu no nyɛ adwuma sɛnea anka wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ no nti. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ani sɔ wɔn nokwaredi ne wɔn boasetɔ no. Bere dodow a wɔkɔ so di no nokware no, ne werɛ mfi wɔn nokwaredi da.—Dwom 18:25; 37:28.

‘Dwudwo Yɛn koma’

Ɛbɛyɛ sɛ bere a Yohane duu ne nkwakoraa bere mu no, ɔtee Onyankopɔn ayamye ase yiye. Kae sɛ ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn sõ kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.” Bio nso, Yohane hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yennwudwo yɛn koma.’ Saa nsɛm a Yohane kae no kyerɛ dɛn?

Sɛnea Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words kyerɛ no, nea Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase ‘dwudwo’ no kyerɛ ne sɛ “wobɛdan obi ti, sɛ wobɛma obi agye biribi adi anaa wanya.” Ɔkwan foforo so no, sɛ yebedwudwo yɛn koma a, ɛsɛ sɛ yenya yɛn koma so tumi, na yɛma egye di sɛ Yehowa dɔ yɛn. Ɔkwan bɛn so?

Fritz, a yedii kan kaa ne ho asɛm no asom sɛ ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo asafo biako mu bɛboro mfe 25 ni, na wahu sɛ kokoam adesua betumi ama wasan anya Yehowa dɔ mu awerɛhyem. “Meto me bo ase sua Bible ne yɛn nhoma foforo daa. Eyi boa me ma memfa nneɛma a atwam nhyɛ me mu na mmom mede m’ani si daakye a ɛda yɛn anim no so yiye. Ɛtɔ mmere bi a, mekaakae nneɛma a mayɛ atwam no, na ɛma mete nka sɛ Onyankopɔn ntumi nnɔ me da. Nanso, mitumi hu sɛ adesua a meyɛ no daa no hyɛ me koma den, ɛto me gyidi so, na ɛboa me ma m’ani gye na mekari pɛ.”

Nokwarem no, ebia Bible akenkan ne ɛho susuw rensakra yɛn tebea ankasa. Nanso, ebetumi asakra sɛnea yebu yɛn ho. Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛma asian akɔ yɛn komam no boa yɛn ma yesusuw nneɛma ho te sɛ Onyankopɔn. Afei nso, adesua boa yɛn ma yenya Onyankopɔn ayamye mu ntease kɛse. Yɛde nkakrankakra betumi agye atom sɛ Yehowa mfa faako a yɛtrae wɔ yɛn mmofraberem ne yɛn mmerɛwyɛ ahorow ho asodi nto yɛn so. Onim sɛ nnosoa a yɛn mu pii soso—sɛ́ ɛyɛ nkate mu de anaa honam fam de—no ntaa mfi yɛn, na ofi ɔdɔ mu susuw ho.

Na Margarette a yedii kan kaa ne ho asɛm no nso ɛ? Bere a obehuu sɛnea Yehowa te no, ɔno nso benyaa Bible sua so mfaso kɛse. Te sɛ Fritz no, na ɛsɛ sɛ ɔno nso sesa agya ho adwene a okura no. Mpaebɔ boaa Margarette ma okuraa nea osuae no mu. Margarette ka sɛ: “Ansa na merefi ase no, mefaa Yehowa sɛ m’adamfo paa esiane sɛ minim sɛnea me ne nnamfo a wɔwɔ ɔdɔ bɛbɔ sen sɛ me ne agya bi a ɔwɔ ɔdɔ bɛbɔ nti. Nkakrankakra, misuaa sɛnea mɛka me nkate, nneɛma a mente ase, me dadwen ne me haw ho asɛm akyerɛ Yehowa. Ná meka me nsɛm kyerɛ no bere nyinaa wɔ mpaebɔ mu, bere koro no ara no, na mekeka ne ho ade a misua no bom te sɛ adwinni bi. Bere bi akyi no, sɛnea na mete nka wɔ Yehowa ho no bɛyɛɛ kɛse araa ma mprempren yi ɛnyɛ den koraa mma me sɛ mebu no sɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ.”

Dadwen Nyinaa a Ebefi Hɔ

Bere tenten a nhyehyɛe dedaw bɔne yi wɔ hɔ no, obiara ntumi nne ne ho mfi dadwen ho. Wɔ Kristofo binom fam no, nea eyi kyerɛ ne sɛ, ɛwom wom a, adwenem naayɛ ne dadwen no betumi asan aba. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nim adwempa a yekura ne adwumaden a yɛyɛ wɔ ne som mu no. Ne werɛ remfi ɔdɔ ne mmɔden a yɛbɔ wɔ ne din ho no da.—Hebrifo 6:10.

Wɔ wiase foforo a ɛreba wɔ Mesia Ahenni ase mu no, adesamma anokwafo nyinaa betumi ahwɛ ahofadi a wobenya afi Satan nhyehyɛe yi mu no kwan. Hwɛ ahotɔ ara a ɛno bɛyɛ! Ɛno na yebehu sɛnea Yehowa ayamye dɔɔso fa. Enkosi saa bere no, momma yɛn nyinaa nnya awerɛhyem sɛ “Onyankopɔn so kyɛn yɛn koma na onim ade nyinaa.”—1 Yohane 3:20.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Wɔasesa din ahorow no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]

Yehowa nyɛ katabaakofo tirimɔdenfo, na mmom, ɔyɛ Agya a ɔda ayamye ne mmɔborohunu adi

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Onyankopɔn Asɛm a yebesua boa yɛn ma yesusuw nneɛma ho te sɛ ɔno