Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Kora Wo Koma so”

“Kora Wo Koma so”

“Kora Wo Koma so”

YEHOWA ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa, NW] de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Afei nso, bere a odwontofo Dawid retwe adwene asi sɛnkyerɛnne kwan so koma no so no, ɔtoo dwom sɛ: “[Yehowa,] woasɔ me koma ahwɛ, woahwehwɛ mu anadwo, woanan me ayiyi mu, woanhu hwee.”—Dwom 17:3.

Yiw, Yehowa hwɛ komam de hu nipa ko a yɛyɛ ankasa. (Mmebusɛm 17:3) Biribi pa bi nti, tete Israel hene Salomo tu fo sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.” (Mmebusɛm 4:23) Yɛbɛyɛ dɛn akora yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no so? Mmebusɛm ti 4 ma yɛn saa asɛmmisa no ho mmuae.

Tie Agya Nteɛso

Mmebusɛm ti 4 de nsɛm yi na efi ase: “Mma, muntie agya nteɛso, na monyɛ aso na moanya nhumu. Na adenim pa na mekyerɛ mo, munnnyaw me mmara.”Mmebusɛm 4:1, 2.

Wotu mmofra fo sɛ wontie wɔn awofo a wosuro Onyankopɔn no afotu pa, titiriw, agya de. Ɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde sɛ ɔma n’abusua nya honam fam ne honhom fam ahiade. (Deuteronomium 6:6, 7; 1 Timoteo 5:8) Sɛ akwankyerɛ a ɛte saa nni hɔ a, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ den ama abofra sɛ ne ho bɛkokwaw! Enti, so ɛnsɛ sɛ abofra fi obu mu gye n’agya nteɛso tom?

Na abofra a onni agya a ɔbɛma no akwankyerɛ nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, Jason a wadi mfirihyia dubiako no bɛyɛɛ ayisaa bere a na wadi mfirihyia anan. * Bere a Kristoni panyin bi bisaa no nea ɛhaw no paa wɔ asetra mu no, Jason buae ntɛm sɛ: “M’ani gyina sɛ menya agya. Ɛtɔ mmere bi a ɛhaw me yiye.” Nanso, afotu a awerɛkyekye wom wɔ hɔ ma mmofra a wonni awofo a wɔbɛkyerɛ wɔn kwan no. Jason ne afoforo a wɔte sɛ ɔno betumi ahwehwɛ na wɔanya afotu a ɛte sɛ agya de afi mpanyimfo no ne afoforo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ Kristofo asafo no mu hɔ.—Yakobo 1:27.

Bere a Salomo redwennwen ntetee a n’ankasa nyae ho no, ɔtoa so sɛ: “Mayɛ m’agya ba, abadomaa ne ɔba koro, me nã anim.” (Mmebusɛm 4:3) Ɛda adi sɛ ɔhene no de anigye na ɛkaee ntetee a onyae no. Sɛ́ ‘ɔba ankasa’ a otiee n’agya afotu no, ɛbɛyɛ sɛ na abofra Salomo ne n’agya Dawid wɔ abusuabɔ a emu yɛ den a na anigye wom. Afei nso, na Salomo yɛ “ɔba koro,” anaa nea wɔdɔ no yiye. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ abofra benyin wɔ ofie a ɔdɔ wom na ɔne n’awofo benya nkitahodi pa!

Nya Nyansa ne Nhumu

Bere a Salomo rekae n’agya afotu a ɔdɔ wom no, ɔka sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma wo koma nso me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa. Nya nyansa, nya nhumu, mma wo werɛ mmfi, na mmãn mfi m’anom kasa ho. Nnyaw no [nyansa], na ɛbɛhwɛ wo so, dɔ no, na ɛbɛkora wo. Nyansa ne ade titiriw: Enti nya nyansa, na fa w’adenya nyinaa nya nhumu.”Mmebusɛm 4:4-7.

Dɛn nti na nyansa yɛ “ade titiriw”? Nyansa kyerɛ sɛ wode nimdeɛ ne nhumu bɛyɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛma ɛsow aba pa so. Nimdeɛ—ade a yɛnam nneɛma a yɛhwɛ anaa ɛto yɛn, anaa akenkan ne adesua so nya anaa yehu no—ne nyansa wɔ abusuabɔ. Nanso, sɛ yɛantumi amfa yɛn nimdeɛ anni dwuma yiye a, yɛrennya so mfaso ahe biara. Ɛnsɛ sɛ yɛkenkan Bible ne Bible ho nhoma a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde nea yesua fi mu no di adwuma nso.—Mateo 24:45.

Nhumu a yebenya nso ho hia. Sɛ yenni bi a, so yebetumi de asɛm bi atoto foforo ho na ama yɛahu asɛm a yɛresusuw ho no ani so? Sɛ yenni nhumu a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nea enti a nneɛma bi kɔ so na ama yɛahu mu? Yiw, sɛ yebetumi asusuw nsɛm ho na yɛasi gyinae a ɛteɛ a, yehia nhumu.—Daniel 9:22, 23.

Salomo toa so ka n’agya nsɛm no sɛ: “Bu no [nyansa], na ɛbɛma wo so; sɛ woyɛ no atuu a, ɛbɛhyɛ wo anuonyam. Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam akyekyetiri, abotiri fɛfɛ na ɛde bɛhyehyɛ wo.” (Mmebusɛm 4:8, 9) Onyankopɔn nyansa bɔ nea ogye tom no ho ban. Afei nso, ɛma onya nidi na ɛhyɛ no anuonyam. Enti, sɛnea ɛte biara no, momma yennya nyansa.

“So Nteɛso Mu Dennen”

Bere a Israel hene no reka n’agya akwankyerɛ ho asɛm no, ɔka bio sɛ: “Me ba, tie, na fa me nsɛm, na wo nkwa mfe adɔɔso. Makyerɛ wo nyansa kwan, magya wo atempɔn tẽe so. Wo nantew mu w’anammɔn renkyere wo, na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw. So nteɛso mu dennen, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa.”—Mmebusɛm 4:10-13.

Salomo ani sɔ mfaso a ɛwɔ nteɛso a ɔdɔ wom a ɛde akwankyerɛ ne ateɛteɛ ma so no sɛ efi n’agya ankasa hɔ. Sɛ yɛannya nteɛso a ɛfata a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ kwan sɛ yebenyin wɔ honhom fam na yɛn asetra atumi atu mpɔn? Sɛ yɛansua biribi amfi yɛn mfomso mu, na yɛanteɛ yɛn nsusuwii bɔne a, nokwarem no, yɛrennya honhom fam nkɔso. Nteɛso a ɛfata ma yɛbɔ bra pa, ma ne saa nti, ɛboa yɛn ma ‘yɛfa ɔkwantrenee so.’

Nteɛso foforo nso ma ‘yɛn nkwa mfe dɔɔso.’ Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, Yesu Kristo kae sɛ: “Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewaa mu no, na ɔnteɛ bebree mu nso.” (Luka 16:10) Sɛ yɛteɛ yɛn ho so wɔ nneɛma nketenkete mu a, so ɛrenyɛ mmerɛw mma yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa ara wɔ nneɛma akɛse a yɛn nkwa betumi agyina so ankasa mu? Sɛ nhwɛso no, sɛ wode w’ani ‘kɔ so hwɛ ɔbea ma wo kɔn dɔ no’ a, ɛda adi sɛ ɛrenyɛ den sɛ wode wo ho bɛhyɛ ɔbrasɛe mu. (Mateo 5:28) Sɛnea ɛte no, saa nnyinasosɛm yi fa mmarima ne mmea nyinaa ho. Sɛ yɛteɛ yɛn adwene so ma ‘ɛfa adwene nyinaa nnommum’ a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛtaa afom wɔ asɛm ne nneyɛe mu.—2 Korintofo 10:5.

Nokwarem no, ɛtaa yɛ den sɛ yebegye nteɛso atom, na yebetumi abu no sɛ ade a ɛyɛ katee. (Hebrifo 12:11) Nanso, ɔhene nyansafo no ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛso nteɛso mu denneennen a, yɛn akwan bɛma yɛatumi anya nkɔso. Sɛnea ntetee a ɛfata ma mmirikatufo tumi tu mmirika denneennen a ɔnhwe ase anaa ompira no, saa ara na nteɛso a yebeso mu denneennen no bɛma yɛakɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so tẽẽ a yɛrenhintiw. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ ɔkwan a yɛpaw no ho.

Kwati “Abɔnefo Kwan”

Salomo bɔ kɔkɔ anibere so sɛ: “Nkɔ abɔnefo kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so. Kwati no, nsen mfa so, mãn fi ho, na twa ho kɔ. Na wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wontumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa; na wodi abɔnefosɛm aduan, na amimdi nsã na wɔnom.”Mmebusɛm 4:14-17.

Abɔnefo a Salomo pɛ sɛ yɛkwati wɔn akwan no de wɔn nnwuma funu na ɛwowaw wɔn ho. Bɔneyɛ yɛ wɔn sɛ aduan ne nsa. Wɔnna gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa. Wɔn nipasu asɛe ankasa! So yebetumi akora yɛn koma so ankasa bere a yɛne wɔn bɔ fekuw no? Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛnam basabasayɛ a ɛwɔ nnɛ wiase anigyede dodow no ara mu a yɛbɛhwɛ so ‘bɛnantew nnipa bɔne kwan so’! Mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛyɛ nnipa a yɛwɔ ayamhyehye no ne television so dwumadi anaa sini mu nneyɛe bɔne a ɛma obi tumi yɛ nea onni tema a yɛbɛhwɛ no nhyia wɔ ɔkwan biara so.

Tra Hann no Mu

Bere a Salomo gu so de ɔkwan reka asɛm no, ɔka sɛ: “Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.” (Mmebusɛm 4:18) Yebetumi de Bible sua ne dwuma a yɛde nea ɛka bedi wɔ yɛn asetra mu no atoto akwantu a yefi ase anɔpatutuutu bere a anim ntetewee no ho. Bere a ewim a ɛyɛ tumm no tew kakraa bi no, ɛyɛ den sɛ yebehu ade. Nanso, bere a anim fi ase tetew nkakrankakra no, yetumi hu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no yiye. Awiei koraa no, owia hyerɛn, na yehu biribiara yiye. Yiw, yɛde nkakrankakra hu nokware no yiye bere a yɛde boasetɔ ne nsiyɛ sua Kyerɛwnsɛm no. Sɛ yɛbɛkora yɛn koma so afi nnaadaa ho a, ɛho hia sɛ yɛde honhom fam aduan hyɛ yɛn koma mu.

Bible nkɔmhyɛ ahorow atirimpɔw anaa nea ɛkyerɛ nso bam nkakrankakra. Yɛte nkɔmhyɛ ahorow ase yiye bere a Yehowa honhom kronkron no hann pue so, na ɛbam denam wiase nsɛm a esisi anaa osuahu ahorow a Onyankopɔn nkurɔfo nya so no. Sɛ́ anka yɛde ahopere bɛbɔ yɛn tirim akeka ne mmamu ho nsɛm no, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ma ‘hann no kɔ so hyerɛn yiye.’

Na wɔn a wɔpo Onyankopɔn akwankyerɛ denam hann no mu a wɔnnantew no nso ɛ? Salomo ka sɛ: “Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii, wonnim nea wohintiw.(Mmebusɛm 4:19) Abɔnefo te sɛ onipa bi a ohintiw esum mu a onnim dekode a ohintiwii no. Sɛ ɛte sɛ nea abɔnefo redi yiye wɔ wɔn amumɔyɛ mu mpo a, wɔn yiyeyɛ no yɛ bere tiaa mu de. Odwontofo no too saafo no ho dwom sɛ: “Ampa ara, wode wɔn gyina nea ɛhɔ yɛ toro, [Yehowa de] wɔn hwe fam bubu wɔn pasaa.”—Dwom 73:18.

Kɔ So Wɛn

Israel hene no kɔ so ka sɛ: “Me ba, tie me nsɛm, wɛn w’aso ma me kasa. Mma emmfi w’ani so, fa sie wo komam tɔnn. Na ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu, ne akwahosan ma ne honam nyinaa. Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.Mmebusɛm 4:20-23.

Salomo ankasa nhwɛso di mfaso a ɛwɔ afotu a ese yɛnkora yɛn koma so no so ho adanse. Nokwarem no, ‘ɔdaa ne ho adi’ wɔ ne mmofraberem sɛ ‘n’agya ankasa’ ne Yehowa, na odii no nokware kosii ne mpanyin afe so. Nanso, Bible ka sɛ: “Na Salomo nkwakoraabere mu no, ne yerenom [ananafo] kom ne koma kodii anyame foforo akyi, na ne koma anni mũ [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid koma.” (1 Ahene 11:4) Sɛ yɛanwɛn bere nyinaa a, wobetumi adaadaa koma a eye sen biara mpo ma ayɛ bɔne. (Yeremia 17:9) Ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm mu nkaesɛm tra yɛn komam—‘emu tɔnn.’ Akwankyerɛ a wɔde ama wɔ Mmebusɛm ti 4 no ka eyi ho.

Hwehwɛ Sɛnea Wo Koma Te Mu

So yɛrekora yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no so yiye? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu su a yekura? Yesu Kristo kae sɛ: “Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.” (Mateo 12:34) Ɔkae nso sɛ: “Koma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekurum ne abususɛm fi.” (Mateo 15:19, 20) Yiw, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe kyerɛ sɛnea yɛn koma te ankasa pii.

Ɛfata sɛ Salomo tu fo sɛ: “Yi ano kɔntɔnkye fi wo ho, na ma nkontompo ano nkɔ akyirikyiri. Ma w’ani nhwɛ tẽe, na w’anisuatɛtɛw nteɛ nhwɛ w’anim. Taataa w’anammɔn pɛpɛɛpɛ, na ma w’akwan nyinaa ntim. Mmãn nifa anaa benkum, twe wo nan fi bɔne mu.”Mmebusɛm 4:24-27.

Esiane Salomo afotu no nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe yiye. Sɛ yɛbɛkora yɛn koma so na yɛasɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yɛkwati ano kɔntɔnkye ne nkontompo. (Mmebusɛm 3:32) Enti, ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ susuw sɛnea nsɛm a yɛka ne yɛn nneyɛe da yɛn adi no ho. Enti, momma yɛnhwehwɛ Yehowa mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asiesie mmerɛwyɛ biara a yehu no.—Dwom 139:23, 24.

Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛmmra sɛ ‘yɛbɛma yɛn ani ahwɛ tẽe.’ Momma yɛmfa nka yɛn botae a ɛne sɛ yebefi ɔkra nyinaa mu asom yɛn soro Agya no ho. (Kolosefo 3:23) Bere a wudi ɔkwantrenee a ɛte saa akyi no, ɛmmra sɛ Yehowa bɛma woadi yiye wɔ “w’akwan nyinaa” mu, na onhyira wo pii sɛ woatie afotu a efi honhom mu a ese “kora wo koma so” no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Ɛnyɛ ne din ankasa ne no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

So wukwati anigyede a basabasayɛ wom?

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Nya wɔn a wɔn ho akokwaw afotu so mfaso

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Nteɛso mmrɛ wo nkɔso ase

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Kɔ so sua Bible no daa