Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ngodua a Ɛsow Yiye Wɔ Onyankopɔn Fie

Ngodua a Ɛsow Yiye Wɔ Onyankopɔn Fie

Ngodua a Ɛsow Yiye Wɔ Onyankopɔn Fie

DUA bi wɔ Israel asase so a wontumi nsɛe no. Sɛ wutwa mpo a, ɛnkyɛ na afefɛw. Na sɛ wɔtew n’aba a, ne wura nya ngo pii a obetumi de anoa aduan, asɔ kanea, asiesie ne ho, na ɔde ayɛ nkũ.

Sɛnea tete bɛ bi a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu nhoma a ɛne Atemmufo mu kyerɛ no, “da bi nnua kɔe sɛ wɔkɔsra obi asi wɔn so hene.” Kwae mu dua bɛn na wodii kan pawee? Ɛnyɛ dua biara sɛ ngodua a ɛyɛ den na ɛsow pii no.—Atemmufo 9:8.

Bɛboro mfirihyia 3,500 a atwam no, odiyifo Mose kaa Israel ho asɛm sɛ ‘asase pa, asase a ngodua wɔ so.’ (Deuteronomium 8:7, 8) Ɛnnɛ mpo, ngodua frɔmfrɔm apete asase no so fi Bepɔw Hermon ase wɔ atifi fam kosi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam no hye so. Ebi da so wɔ Saron Asasetaw no mpoano, Samaria mmepɔw aboabo no nkyɛnkyɛn, ne Galilea bon a ɛyɛ asasebere no so.

Bible akyerɛwfo no de ngodua dii dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so mpɛn pii. Wɔde saa dua yi dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn mmɔborohunu, owusɔre ho bɔhyɛ, ne abusua asetra a anigye wom mu. Sɛ yɛhwɛ ngodua no yiye a ɛbɛboa yɛn ma yɛate saa Kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asisi so no ase, na ɛbɛma yɛanya anisɔ kɛse ama saa dua soronko yi a ɛne abɔde nyinaa bom yi wɔn Yɛfo ayɛ no.—Dwom 148:7, 9.

Ngodua a Ɛho Apɔwapɔw No

Sɛ wuhu ngodua foforo a, ɛnyɛ fɛ ahe biara. Ɛnkɔ soro sɛnea Lebanon kyeneduru akɛse bi te no. Ne dutan nni bo kɛse sɛ sisia, na ne nhwiren nyɛ fɛ sɛ ɔsonkoran. (Nnwom mu Dwom 1:17; Amos 2:9) Aniwa nhu ngodua ho ade a ehia sen biara—nea ɛhyɛ fam no. Ne ntini atenten, a etumi kɔ fam mita 6 na ɛtrɛw sen saa koraa no ne ade titiriw a ɛma etumi sow pii na enyin kyɛ no.

Ntini a ɛte saa no mma ngodua a esisi nkoko nkyɛnkyɛn no nwu bere a nnua a ɛwɔ bon mu wɔ fam a ennya nsu no awuwu no. Ntini no ma etumi kɔ so sow mfehaha pii, ɛmfa ho sɛ ne dutan a ɛho ayɛ apɔwapɔw no ayɛ sɛ duwui a wɔde sɔ gya no. Nea dua a ɛho apɔwapɔw yi hia ara ne asase a ebefifi so ne dɔte a mframa tumi fa mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi ahome, a wura anaa nnua foforo a mmoawammoawa a wɔsɛe nnɔbae wɔ so biara mmɛn ho. Sɛ enya saa nneɛma kakra yi a, dua biako betumi asow ma wɔanya ngo galɔn bɛyɛ 15 afe biako mu.

Akyinnye biara nni ho sɛ na Israelfo no ani gye ngodua ho esiane ngo a ɛsom bo a wonya fi mu no nti. Kanea a ntama a ɛtwe ngo da mu no hyerɛn wɔn afie mu. (Leviticus 24:2) Na wɔde ngo no yɛ aduan. Na wɔde sra ma ɛbɔ wɔn honam ani ban fi owia no ho, na ɛmaa Israelfo no nyaa samina a na wɔde horo wɔn nneɛma. Ná asase no so nnɔbae titiriw ne, awi, bobesa, ne ngo. Sɛ Israelfo abusua bi ngodua ansow a, na asɛm ato wɔn.—Deuteronomium 7:13; Habakuk 3:17.

Nanso, na ngo taa bu so. Mose kaa Bɔhyɛ Asase no ho asɛm sɛ ‘asase a ngodua wɔ so,’ a ɛda adi sɛ ngodua na na wodua no kɛse wɔ mpɔtam hɔ. Afeha a ɛto so dunkron no abɔde ho nimdefo H. B. Tristram kaa ngodua ho asɛm sɛ “dua a ɛda nsow wɔ ɔman no mu.” Esiane sɛnea ɛsom bo na abu so nti, wonyaa amannɔne sika wɔ ngo no ho wɔ Mediterranea mantam no nyinaa mu. Yesu Kristo ankasa kaa ɛka bi a wobuu ano sɛ esi “ngohina ɔha” ho asɛm.—Luka 16:5, 6.

“Sɛ Ngodua a Wɔatetɛw”

Wɔde ngodua a ɛsom bo no gyina hɔ ma Onyankopɔn nhyira ma ɛfata. Ɔkwan bɛn so na wobehyira ɔbarima a osuro Onyankopɔn? Odwontofo no too dwom sɛ: “Wo yere yɛ sɛ obobe a ɛsow, wo fi mpia mu, wo mma yɛ sɛ ngodua a wɔatetɛw atwa wo pon ho ahyia.” (Dwom 128:3) Dɛn ne saa “ngodua a wɔatetɛw” no, na dɛn nti na odwontofo no de toto mmabanin ho?

Nnuforo taa fifi ngodua dutan no ase bere nyinaa. * Na sɛ esiane onyin nti dutan no ntumi nsow sɛ kan no a, atwafo no betumi ama nnuforo no bi anyin abɛka dua no ho. Bere bi akyi no, dua no ankasa benya nnutan foforo abiɛsa anaa anan a ɛwɔ ahoɔden a atwa ho ahyia te sɛ nea mmabarima twa ɔpon ho hyia no. Saa nnuforo no nyinaa ntini yɛ biako, na ɛbom sow aba pa.

Ngodua su yi kyerɛkyerɛ sɛnea mmabarima ne mmabea betumi ayɛ den wɔ gyidi mu no mu ma ɛfata, esiane wɔn awofo honhom fam ntini a ɛyɛ den no nti. Bere a mma no nyin no, wɔn nso sow aba boa wɔn awofo a wɔn ani gye sɛ wohu sɛ wɔn mma ne wɔn resom Yehowa no.—Mmebusɛm 15:20.

“Dua Po Anidaso Wɔ Hɔ Ma No”

Agya bi a ne mfe akɔ anim a ɔsom Yehowa no ani gye ne mma a wɔsom Yehowa no ho. Nanso, saa mma yi ara gyam wɔn agya bere a awiei koraa no, ‘ɔkɔ asase sofo nyinaa kwan no.’ (1 Ahene 2:2) Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina awerɛhosɛm a ɛte saa a ɛba abusua mu ano no, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ owusɔre bɛba.—Yohane 5:28, 29; 11:25.

Ná Hiob, agya a ɔwɔ mma pii no, nim sɛnea onipa nkwa nna yɛ tiaa fa ankasa. Ɔde totoo nhwiren a eguan ntɛmntɛm ho. (Hiob 1:2; 14:1, 2) Hiob pɛe sɛ owu na ama watumi ade ne ho afi ɛyaw a na ɔwɔ mu no mu, na obuu ɔdamoa sɛ baabi a wɔde no sie a obetumi aba bio. Hiob bisae sɛ: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?” Na afei ɔde ahotoso buae sɛ: “Anka m’akõdi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba. Anka [Yehowa,] wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani begyina wo nsa ano adwuma no.”—Hiob 14:13-15.

Ɔkwan bɛn so na Hiob kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ogye di sɛ Onyankopɔn bɛfrɛ no afi ɔdamoa mu? Ɔnam dua so, na ne nkyerɛkyerɛmu no ma ɛda adi sɛ ɛyɛ ngodua na na ɔreka ho asɛm. Hiob kae sɛ: “Dua po, anidaso wɔ hɔ ma no, sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw.” (Hiob 14:7) Wobetumi atwa ngodua, nanso ɛrensɛe. Gye sɛ wotu dua no ase ansa na awu. Sɛ wɔanyɛ ntini no hwee a, dua no de ahoɔden foforo bɛfefɛw bio.

Sɛ ɔpɛ a emu yɛ den si bere tenten mpo ma dua dedaw no kyenkyen a, dunsin a awo no betumi afefɛw bio. ‘Sɛ ne ntini kyenkyen ɛfam, na ne dunsin wu dɔte mu a, nsu hua bɛma afefɛw, na ayiyi abãa sɛ dua a wɔatɛw.’ (Hiob 14:8, 9) Ná Hiob te asase a ɛso akyen a mfutuma wɔ so so, baabi a ebetumi aba sɛ na wahu ngodua dedaw a ɛte sɛ nea awu koraa no pii. Nanso, bere a nsu tɔe no, ‘duwui’ a ɛte saa no fefɛwee, na ne ntini fifii dutan foforo te sɛ “dua a wɔatɛw.” Ɔfefɛw a ɛyɛ nwonwa yi maa Tunisiani turoyɛfo bi kae sɛ: “Wubetumi aka sɛ ngodua nwu da.”

Sɛnea okuafo hwɛ kwan sɛ ne ngodua a ekisae bɛfefɛw bio no, saa ara na Yehowa ani gyina sɛ obenyan n’asomfo anokwafo. Ɔhwɛ bere a obenyan anokwafo te sɛ Abraham ne Sara, Isak ne Rebeka, ne afoforo pii aba nkwa mu bio no kwan. (Mateo 22:31, 32) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛbɛma awufo no akwaaba, na yebehu sɛ wɔanya asetra a edi mũ na mfaso wɔ so bio!

Sɛnkyerɛnne Kwan so Ngodua No

Onyankopɔn mmɔborohunu da adi wɔ n’atɛntrenee ne nsiesiei a wayɛ ama owusɔre no mu. Ɔsomafo Paulo de ngodua kyerɛkyerɛɛ sɛnea Yehowa yi mmɔborohunu adi kyerɛ nnipa, a abusua a wofi mu anaa baabi a wofi mfa ho no mu. Na Yudafo no de paw a Onyankopɔn apaw wɔn sɛ ne nkurɔfo, sɛ ‘Abraham asefo’ no ahoahoa wɔn ho mfehaha pii.—Yohane 8:33; Luka 3:8.

Wo a wɔwo obi wɔ Yuda man no mu ankasa no nyɛ ahwehwɛde a ɛbɛma wanya Onyankopɔn anim dom. Nanso, na Yesu asuafo a wodi kan pɛɛ no yɛ Yudafo, na wonyaa hokwan sɛ wɔbɛka nnipa a wodi kan a Onyankopɔn bɛpaw wɔn ma wɔayɛ Abraham asefo a wɔahyɛ wɔn ho bɔ no ho. (Genesis 22:18; Galatifo 3:29) Paulo de saa Yudafo asuafo yi totoo sɛnkyerɛnne kwan so ngodua nnubaa ho.

Wɔn a wɔyɛ Yudafo ankasa no mu dodow no ara poo Yesu, na amma wɔamfata sɛ wɔbɛyɛ “kuw ketewa,” anaa “Nyankopɔn Israel” no mufo daakye. (Luka 12:32; Galatifo 6:16) Enti, wɔbɛyɛɛ sɛ sɛnkyerɛnne kwan so ngodua nnubaa a wɔatwa agu. Henanom na na wobesi wɔn ananmu? Wɔ afe 36 Y.B. mu no, wɔpaw Amanaman mufo ma wɔbɛyɛɛ Abraham asefo no fã. Ɛte sɛ nea na Yehowa de wuram ngodua nnubaa afomfam ngodua papa ho. Ná amanaman mufo bɛka wɔn a wɔbɛyɛ Abraham asefo a wɔahyɛ wɔn ho bɔ no ho. Afei na Amanaman mufo Kristofo betumi ‘anya ngodua no ntini mu nsu no bi.’—Romafo 11:17.

Wɔ okuani fam no, ɛnyɛ ade a ɔbɛyɛ, na ɛnyɛ ‘ne su’ sɛ ɔde wuram ngodua dubaa bɛfam ngodua pa ho. (Romafo 11:24) The Land and the Book kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Fa papa no fam wuram de no ho, na sɛnea Arabfo ka no, ebebunkam wuram de no so, nanso wuntumi mfa wuram de mfam papa no ho mma ɛnyɛ yiye.” Saa ara na Yudafo Kristofo no ho dwiriw wɔn bere a Yehowa ‘kɔhwɛɛ amanaman no mu nea edi kan paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din no.’ (Asomafo no Nnwuma 10:44-48; 15:14) Nanso, eyi ma ɛdaa adi pefee sɛ, Onyankopɔn atirimpɔw nnyina ɔman biako bi so. Dabi, na mmom “ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Asomafo no Nnwuma 10:35.

Paulo daa no adi sɛ esiane sɛ wɔatwa Yudafo a wɔanni nokware, ngodua “nnubaa” no agu nti, saa ara na wobetumi atwa obiara a esiane ahantan ne asoɔden nti ɔnkɔ so nyɛ ade a Yehowa pɛ no akyene. (Romafo 11:19, 20) Eyi kyerɛ pefee sɛ ɛnsɛ sɛ yebu Onyankopɔn ayamye adewa da.—2 Korintofo 6:1.

Ngo a Wɔde Sra

Kyerɛwnsɛm no ka sɛnea wɔde ngo di dwuma ankasa ne sɛnea wɔde di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so ho asɛm. Tete no, na wɔde ‘ngo dwudwo’ apirakuru ne akuru momono ma etumi wu. (Yesaia 1:6) Sɛnea Yesu mfatoho biako kyerɛ no, Samariani mmɔborohunufo no de ngo ne nsa guguu ɔbarima a ɔtoo no Yeriko kwan mu no akuru mu.—Luka 10:34.

Ngo a wɔde gu obi tiri so ma abotɔyam ne ahotɔ. (Dwom 141:5) Na sɛ Kristofo mpanyimfo redi honhom fam yare ho nsɛm ho dwuma a, wobetumi ‘asra asafo no muni bi ngo wɔ Yehowa din mu.’ (Yakobo 5:14) Yebetumi de Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɔdɔ wom ne mpaebɔ a efi komam a mpanyimfo bɔ ma wɔn yɔnko gyidini a ɔyare honhom fam no atoto ngo a ɛma ahotɔ no ho. Anigyesɛm ne sɛ, wɔ Hebri kasasu mu no, ɛtɔ mmere bi a wɔka onipa pa ho asɛm sɛ “ngo kurennyenn.”

‘Ngodua a Ɛsow Yiye Wɔ Onyankopɔn Fie’

Esiane nsɛmpɔw a yɛasusuw ho yi nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wobetumi de Onyankopɔn asomfo atoto ngodua ho. Na Dawid pɛ sɛ ɔyɛ sɛ ‘ngodua a ɛsow yiye wɔ Onyankopɔn fi.’ (Dwom 52:8) Sɛnea na ngodua atwa Israel mmusua fie ho ahyia no, saa ara na Dawid pɛe sɛ ɔbɛn Yehowa na ɔsow aba ma Onyankopɔn ayeyi.—Dwom 52:9.

Bere a na Yuda mmusuakuw abien ahemman no di Yehowa nokware no, na wɔte sɛ “ngodua frɔmfrɔm fɛfɛ a ɛsow aba pa.” (Yeremia 11:15, 16) Nanso, Yudafo no hweree saa gyinabea pa no bere a ‘wɔantie Yehowa asɛm na wokodii anyame foforo akyi no.’—Yeremia 11:10.

Sɛ yɛbɛyɛ sɛ ngodua a ɛsow yiye wɔ Onyankopɔn fie a, ɛsɛ sɛ yetie Yehowa asɛm na yenya ɔpɛ sɛ yebegye nteɛso atom denam “pompan” a ɔbɛpompan yɛn ho na ama yɛatumi asow aba pii sɛ Kristofo no so. (Hebrifo 12:5, 6) Afei nso, sɛnea ngodua ankasa hia ntini atenten ansa na atumi agyina ɔpɛ ano no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn honhom fam ntini den na ama yɛatumi agyina sɔhwɛ ne ɔtaa ahorow ano.—Mateo 13:21; Kolosefo 2:6, 7.

Wɔde ngodua toto nokware Kristoni a ebetumi aba sɛ wiase no nnim no nanso Onyankopɔn gye no tom no ho ma ɛfata. Sɛ onipa a ɔte saa wu wɔ nhyehyɛe yi mu a, ɔbɛtra ase bio wɔ wiase foforo a ɛreba no mu.—2 Korintofo 6:9; 2 Petro 3:13.

Sow a ngodua a wontumi nsɛe no kɔ so sow afe biara no kae yɛn Onyankopɔn bɔhyɛ yi: “Me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.” (Yesaia 65:22) Saa nkɔmhyɛ kwan so bɔhyɛ yi benya mmamu wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.—2 Petro 3:13.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Wɔtaa twa saa nnuforo yi gu afe biara sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrentwe dutan no ahoɔden.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Tete dutan bi a ɛho ayɛ apɔwapɔw a ɛwɔ Jávea, Alicante Mantam mu wɔ Spain

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Ngodua frɔmm a ɛwɔ Granada Mantam mu wɔ Spain

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Tete ngodua bi a esi Yerusalem afasu akyi

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Bible ka nnubaa a wɔde fomfam ngodua ho no ho asɛm

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Nnubaa a afefɛw atwa saa ngodua dedaw yi ho ahyia