Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmpa No—Abakɔsɛm Anaa Anansesɛm?

Nsɛmpa No—Abakɔsɛm Anaa Anansesɛm?

Nsɛmpa No—Abakɔsɛm Anaa Anansesɛm?

W IASE nyinaa no, Yesu a ofi Nasaret—aberante a ɔsesaa nnipa abakɔsɛm—no ho asɛm abɛyɛ ɔmanfo asetra fã. Ɛka nkyerɛkyerɛ a wɔde ma nkurɔfo wɔ sukuu ne afie mu no ho. Nnipa pii susuw sɛ Nsɛmpa no yɛ nokware ne akasabebu a etumi yɛ adwuma bere nyinaa te sɛ, ‘Momma mo asɛm nyɛ yiw, yiw, dabi, dabi!’ (Mateo 5:37) Nokwarem no, ebetumi aba sɛ Nsɛmpa no so na w’awofo gyina kyerɛkyerɛɛ wo, sɛ́ na wɔyɛ Kristofo anaa wɔnyɛ bi no.

Wɔ Kristo akyidifo anokwafo ɔpepem pii fam no, Nsɛmpa no ama wɔate ɔbarima bi a nkurɔfo anya ɔpɛ sɛ wobehu amane na wɔawu ama no ho asɛm. Afei nso, Nsɛmpa no ama wɔanya akokoduru, boasetɔ, gyidi, ne anidaso. Ɛnde afei, so wunnye ntom sɛ ebegye adanse bi a emu yɛ den ansa na woatumi abu saa kyerɛwtohɔ yi sɛ ayɛsɛm bi ara kwa? Sɛ wususuw nkɛntɛnso kɛse a saa Nsɛmpa no anya wɔ nnipa nsusuwii ne wɔn nneyɛe so no ho, na ɛba sɛ obi pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware a, so worenhwehwɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ ɛte saa mu?

Yɛto nsa frɛ wo sɛ susuw Nsɛmpa no ho nsɛmmisa a ɛkanyan adwene bi ho hwɛ. Ɛwom sɛ nkurɔfo a wosua Nsɛmpa no bi kyerɛ sɛ wɔnyɛ Kristofo de, nanso w’ankasa hwɛ adwene a wokura wɔ saa nsɛm yi ho no. Ɛno na afei w’ankasa betumi asi wo gyinae.

NSƐMMISA A ƐSƐ SƐ WUSUSUW HO

So Nsɛmpa no betumi ayɛ nsɛm a wɔabɔ tirim aka no yiye?

Robert Funk, nea ɔde Yesu ho Adesua bae no ka sɛ: “Mateo, Marko, Luka ne Yohane ‘kaa Mesia’ no ho asɛm maa ɛne Kristofo nkyerɛkyerɛ a ɛkɔɔ so wɔ Yesu wu akyi no hyiae.” Nanso, bere a na wɔrekyerɛw Nsɛmpa no, na nnipa pii a wɔate nsɛm a Yesu aka, ahu ne nnwuma, na wohuu no wɔ ne wusɔre akyi no da so ara te ase. Wɔammɔ Nsɛmpa no akyerɛwfo sobo wɔ nnaadaasɛm biara ho.

Susuw Kristo wu ne ne wusɔre ho hwɛ. Ɛnyɛ Nsɛmpa no mu nko na Yesu wu ne ne wusɔre ho kyerɛwtohɔ a yetumi de yɛn ho to so no wɔ, na mmom, ɔsomafo Paulo krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa tete Korinto Kristofo no nso. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nsɛm a edi kan a me nso minyae a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na wosiee no, na ne nnansa, wonyan no, sɛnea kyerɛw nsɛm no ka no. Na ɔmaa Kefa huu no ansa na dumien no huu no. Ɛno akyi ɔmaa anuanom bɛboro ahannum huu no prɛko; wɔn mu pii da so tete ase, na ebinom nso adeda. Ɛno akyi ɔmaa Yakobo huu no ansa na asomafo no nyinaa huu no. Wɔn nyinaa akyi na ɔmaa me a mete sɛ nea wɔapatuw awo no nso huu no.” (1 Korintofo 15:3-8) Ná adansefo a wɔte saa no nim Yesu asetra ho nsɛm yiye.

Nsɛm a ɛnnɛyi akasatiafo kyerɛ sɛ ɛyɛ tirimbɔ no nni Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Mmom no, ɛwɔ afeha a ɛto so abien Y.B. kyerɛwtohɔ ahorow mu. Enti wɔkekaa Kristo ho nsɛm bi a ennyina Kyerɛwnsɛm no so, bere a na ɔwae a wɔwae fi nokware Kristosom ho no refi ase wɔ nkurɔfo a na wɔaman afi asomafo no asafo ho no.—Asomafo no Nnwuma 20:28-30.

So Nsɛmpa no betumi ayɛ anansesɛm?

Ná ɛyɛ nhomakyerɛwfo ne kasatiafo C. S. Lewis den sɛ obebu Nsɛmpa no sɛ anansesɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ́ abakɔsɛm kyerɛwfo no, migye di koraa sɛ sɛnea Nsɛmpa no te biara no, ɛnyɛ anansesɛm. Ɛnyɛ nsɛm a wɔabɔ tirim aka koraa a enti yebebu no anansesɛm. . . . Yennim Yesu asetra ho nsɛm dodow no ara, na nnipa biara nni hɔ a sɛ wɔhyehyɛ anansesɛm a wɔbɛyɛ no saa.” Ɛyɛ anigye nso sɛ abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells a wagye din no kyerɛ sɛ ɔnyɛ Kristoni de, nanso ogye toom sɛ: “[Nsɛmpa akyerɛwfo] anan no nyinaa ka nipa pɔtee bi ho asɛm ma ehyia; ɛyɛ nokwasɛm . . . a ahotoso wom ankasa.”

Susuw nhwɛso bi ho, bere a Yesu a wɔanyan no no yii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no. Ɛda adi sɛ anka obi a onim anansesɛm to yiye bɛka Yesu ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, ama ɔkasa soronko bi, na wama wahyerɛn anuonyam mu. Nanso, Nsɛmpa akyerɛwfo no ka ne ho asɛm kɛkɛ sɛ obi a odi n’asuafo anim. Afei obisa wɔn sɛ: “Yaanom, moanya nam anaa?” (Yohane 21:5) Nhomanimfo Gregg Easterbrook ka sɛ: “Eyinom ne nsɛm a ɛkyerɛ sɛ kyerɛwtohɔ no yɛ nokwasɛm, na ɛnyɛ anansesɛm.”

Rabifo nkyerɛkyerɛ katee a na ɛwɔ hɔ bere a na wɔrekyerɛw Nsɛmpa no nso ma ɛyɛ den sɛ yebegye ka a wɔka sɛ Nsɛmpa no yɛ anansesɛm no atom. Na saa kwan a wɔfa so sua ade no hwehwɛ sɛ wɔkyere nsɛm gu wɔn tirim—nsɛm a wɔse anaa wotĩ mu ka. Na eyi bɛma wɔatumi aka nsɛm a Yesu kae ne ne nnwuma no ho asɛm pɛpɛɛpɛ na wɔde ahwɛyiye ayɛ saa sen sɛ ɛbɛyɛ nsɛm a wɔaka agugu mu.

Sɛ na Nsɛmpa no yɛ anansesɛm a, anka wobetumi aboaboa ano ntɛm saa wɔ Yesu wu akyi?

Sɛnea adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ no, wɔkyerɛw Nsɛmpa no wɔ afe 41 ne 98 Y.B. ntam hɔ. Yesu wui wɔ afe 33 Y.B. mu. Sɛ yɛde toto ho a, eyi kyerɛ sɛ wɔboaboaa n’asetra ho kyerɛwtohɔ no ano bere tiaa bi mu wɔ bere a ne som adwuma baa awiei no. Eyi ma ɛyɛ den kɛse sɛ yebegye ka a wɔka sɛ Nsɛmpa no akyerɛwfo too anansesɛm ara kwa no atom. Anansesɛm to gye bere. Fa Iliad ne Odyssey a tete Helani anwensɛm kyerɛwfo Homer kyerɛwee no sɛ nhwɛso. Ebinom gye di sɛ wɔde bɛboro mfirihyia ɔha na ɛkyerɛw saa anansesɛm atenten abien no maa wobegye toom. Na Nsɛmpa no nso ɛ?

Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kyerɛw wɔ ne nhoma Caesar and Christ mu sɛ: “Sɛ́ . . . nnipa mpapahwekwa kakraa bi betumi abɔ wɔn tirim aka onipa a ɔwɔ tumi kɛse na ne ho yɛ anigye, na ɔwɔ abrabɔ ho mmara a ɛkorɔn, ne adesamma nuayɛ ho adwene a ɛhyɛ nkuran a ɛte saa ho asɛm no bɛyɛ anwonwade a ɛsen biara a wɔakyerɛw wɔ Nsɛmpa no mu. Bere a Akyinnyegyefo de mfeha abien kasa tiae akyi no, Kristo asetra ho nsɛm, ne su, ne ne nkyerɛkyerɛ da so ara yɛ nea emu da hɔ yiye, na ɛno ne ade a Atɔe fam nipa biara ani gye ho sen biara wɔ abakɔsɛm mu.”

So akyiri yi na wɔyɛɛ Nsɛmpa no mu nsakrae ma ɛne tete Kristofo no ahiade hyiae?

Akasatiafo bi ka sɛ akansi a ɛkɔɔ so wɔ tete Kristofo mu no na ɛmaa Nsɛmpa no akyerɛwfo yɛɛ Yesu ho nsɛm mu nsakrae anaasɛ wɔde bi kaa ho. Nanso, Nsɛmpa no mu nhwehwɛmu a wɔayɛ kɔ akyiri no da no adi sɛ wɔanyɛ mu nsakrae biara a ɛte saa. Sɛ wɔyɛɛ Yesu ho nsɛm mu nsakrae wɔ Nsɛmpa no mu esiane afeha a edi kan no mu Kristofo nnaadaasɛm nti a, dɛn nti na nsɛm a ɛmfata a wɔka faa Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa ho no da so ara wɔ kyerɛwsɛm no mu?

Yehu nea yɛreka ho asɛm no wɔ Mateo 6:5-7, baabi a wɔkyerɛ sɛ Yesu kae sɛ: “Sɛ mobɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyia adan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.” Ɛda adi sɛ, na eyi tia Yudafo nyamesom akannifo no. Yesu kɔɔ so kae sɛ: “Sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfo [Amanaman mufo]; na wosusuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn!” Sɛ Nsɛmpa no akyerɛwfo no fa Yesu asɛm ka saa kwan yi so a, na ɛnkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wonya nkurɔfo ma wobedi wɔn akyi. Ɛyɛ nsɛm a Yesu Kristo ankasa kae ho kyerɛwtohɔ na na wɔreyɛ.

Susuw Nsɛmpa no ho kyerɛwtohɔ a ɛfa mmea a wɔkɔɔ Yesu da so kohuu sɛ ɛda mpan no nso ho hwɛ. (Marko 16:1-8) Sɛnea Gregg Easterbrook kyerɛ no, “wɔ tete Mediterranea Supɔw no so no na wonnye mmea adanse ntom: sɛ nhwɛso no, na wogyina mmarima baanu adanse so tumi bu ɔbea bi fɔ wɔ awaresɛe ho, bere a na ɔbea biara adanse ntumi mma wommu ɔbarima bi fɔ.” Nokwarem no, na Yesu asuafo no ankasa nnye mmea nni! (Luka 24:11) Enti, ɛnyɛ nokware koraa sɛ ebetumi aba sɛ wɔhyɛɛ da na ɛkaa saa asɛm no.

Mmebu a enni nkrataa ne Asomafo no Nnwuma mu no yɛ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ tete Kristofo no na wɔde mmebu a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no hyehyɛɛ mu, na mmom Yesu ankasa na obui. Afei nso, sɛ yɛde Nsɛmpa no mu nsɛm toto nkrataa no mu de ho a, ɛda adi sɛ Paulo anaa Hela Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo foforo anyɛ nsakrae wɔ nsɛm no mu na wɔkyerɛe sɛ Yesu na ɔkae. Sɛ tete Kristofo no yɛɛ biribi a ɛte saa a, anyɛ yiye koraa no, anka ɛsɛ sɛ yehu nkrataa no mu nsɛm bi wɔ Nsɛmpa no kyerɛwtohɔ no mu. Esiane sɛ yenhu bi wom nti, yebetumi de ahotoso aka sɛ Nsɛmpa no yɛ paa ara na ɛyɛ nokware.

Na nsɛm bi a ɛte sɛ nea ɛbɔ abira wɔ Nsɛmpa no mu no nso ɛ?

Akasatiafo fi bere tenten akyerɛ sɛ nsɛm a ɛbɔ abira ayɛ Nsɛmpa no ma. Abakɔsɛm kyerɛwfo Durant de adwempa bɔɔ mmɔden hwehwɛɛ Nsɛmpa no mu—sɛ abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ. Ɛwom sɛ ɔka sɛ ɛte sɛ nea abirabɔ bi wom de, nanso ɔde ba awiei sɛ: “Nsɛm a ɛbɔ abira no yɛ nketenkete [nneɛma nketenkete], a ɛnyɛ nea ehia biara; wɔ nneɛma a ehia mu no, nsɛmpa abiɛsa no hyia yiye, na Kristo ho nsɛm a ɛwɔ mu no hyia.”

Wotumi te nsɛm a ɛte sɛ nea ɛbɔ abira wɔ Nsɛmpa no mu no ase ntɛm. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Mateo 8:5 ka sɛ “asraafo ha so panyin bi baa [Yesu] nkyɛn” bɛsrɛɛ no sɛ ɔnsa n’akoa yare. Yɛkenkan wɔ Luka 7:3 sɛ ɔsraani panyin no ‘somaa Yudafo mpanyimfo kɔɔ Yesu nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa n’akoa no yare.’ Ɔsraani panyin no somaa mpanyimfo no sɛ n’ananmusifo. Mateo ka sɛ ɔsraani panyin no ankasa kɔsrɛɛ Yesu efisɛ ɔbarima no de n’adesrɛde no faa mpanyimfo no so ma wɔkɔkasa maa no. Eyi yɛ nhwɛso biako pɛ a ɛkyerɛ sɛ yebetumi ate nsɛm a wɔkyerɛ sɛ ɛbɔ abira a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no ase.

Na akasatiafo a wɔkyerɛ sɛ Nsɛmpa no ntumi nyɛ abakɔsɛm a esisii paa no nso ɛ? Durant toa so sɛ: “Akasatiafo de anigye gyina nneɛma a wɔahu so kasa tia nokware a Apam Foforo no yɛ no denneennen ma sɛ ɛba sɛ wɔresusuw nnipa a wɔtraa ase tete mmere mu—sɛ nhwɛso no, Hammurabi, Dawid, Socrates—ho a, wɔbɛyɛ sɛ anansesɛm mu nnipa wɔ wɔn ani so. Ɛmfa ho adwenhorow ne nyamesom nsusuwii a na asɛmpakafo no kura no, wɔyɛɛ nneɛma pii ho kyerɛwtohɔ a anka nnipa a wɔbɔ wɔn tirim ka nsɛm renka ho asɛm—Ahenni no mu tumidi akɛse a asomafo no peree, guan a woguanee bere a wɔkyeree Yesu no, pa a Petro paa no no . . . Obiara nni hɔ a sɛ ɔrekenkan saa kyerɛwtohɔ yi a n’adwenem bɛyɛ no nãã wɔ nnipa a wɔreka wɔn ho asɛm no ho.”

So nnɛyi Kristosom yɛ Nsɛmpa no mu Yesu no ananmusifo?

Yesu ho Adesua no aka sɛ “wonnyina nsɛm a asɔre bagua horow ka so” na ɛyɛ Nsɛmpa no ho nhwehwɛmu no. Nanso, abakɔsɛm kyerɛwfo Wells hui sɛ nsonsonoe kɛse da Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no ne Kristoman de no ntam. Ɔkyerɛwee sɛ: “Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu asomafo no tee Baasakoro ho asɛm bi pɛn—sɛnea ɛte biara no, wɔante amfi n’anom. . . . Saa ara na [Yesu] anka asɛm biara amfa ne na Maria, a wɔayɛ no Isis, ɔsoro Hemmaa sɛso no, som ho. Wamfa nneɛma a Kristofo de di dwuma kɛse wɔ ɔsom mu no anni dwuma.” Enti, obi ntumi nnyina Kristoman nkyerɛkyerɛ so mmu sɛnea Nsɛmpa no som bo no ho atɛn.

DƐN NA WOBƐKA?

Bere a woasusuw nsɛmpɔw yi ho awie no, w’adwene yɛ wo dɛn? So adanse ankasa a edi mũ wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Nsɛmpa no yɛ Anansesɛm kɛkɛ? Nnipa pii hu sɛ nokware a Nsɛmpa no yɛ ho nsɛmmisa ne akyinnyegye no nni nnyinaso, na ntease nnim. Sɛ wubesi w’ankasa gyinae a, ɛsɛ sɛ wode adwempa kenkan Nsɛmpa no. (Asomafo no Nnwuma 17:11) Sɛ wususuw sɛnea Nsɛmpa no ka Yesu nipasu ho nsɛm ma ehyia, na nokwaredi wom, na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ no ho a, wubehu ankasa sɛ saa kyerɛwtohɔ yi nyɛ anansesɛm. *

Sɛ wohwehwɛ Bible no mu yiye na wode emu afotu yɛ adwuma a, wubehu sɛnea ebetumi asesa w’asetra ma asi wo yiye. (Yohane 6:68) Eyi te saa titiriw wɔ nsɛm a Yesu kae a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Nsɛmpa no mu no ho. Nea ɛsen saa no, wubetumi asua daakye a ɛyɛ anigye a adesamma asoɔmmerɛfo benya no ho ade pii.—Yohane 3:16; 17:3, 17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 29 Hwɛ The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no ti 5 kosi 7 no ne Amansan Nhoma nhomawa no mu. Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintim nhoma no na Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania na wotintim nhomawa no.

[Adaka wɔ kratafa 7]

Amanneɛbɔ a Ɛyɛ Nokware Ho Adanse

MFE bi a atwam no, Australiani nhoma kyerɛwfo a na anka ɔkasa tia Bible no gye toom sɛ: “Bere a edi kan koraa a meyɛɛ nea ɛfata sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔfo di kan yɛ no: mehwehwɛɛ nneɛma mu huu nokwasɛm. . . . Na me ho dwiriw me, esiane sɛ nea merekenkan [wɔ Nsɛmpa no ho kyerɛwtohɔ] mu no nyɛ anansesɛm, na na ɛnyɛ ayɛsɛm a ntease nnim. Na ɛyɛ amanneɛbɔ. Nsɛm a ɛyɛ nwonwa a wɔn a wohui ne wɔn a wɔtee kyerɛwee . . . Agyiraehyɛde bi wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu, na saa agyiraehyɛde no da adi wɔ Nsɛmpa no mu.”

Saa ara na E. M. Blaiklock, a ɔyɛ ɔbenfo wɔ Auckland Sukuupɔn mu ne abakɔsɛm ho ɔbenfo no kae: “Meka sɛ meyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo. Sɛnea mehwehwɛ tete Nkyerɛwee mu no yɛ soronko. Nanso, meka kyerɛ wo sɛ Kristo asetra, ne wu, ne ne wusɔre ho adanse di mũ sen tete abakɔsɛm dodow no ara.”

[Asase Mfonini/Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

FOINIKE

GALILEA

Yordan Asubɔnten

YUDEA

[Mfonini ahorow]

“Kristo asetra, ne wu, ne ne wusɔre ho adanse di mu sen tete abakɔsɛm dodow no ara.”—ƆBENFO E. M. BLAIKLOCK

[Asɛm Fibea]

Background maps: Based on a map copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel.