Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmpa No—Akyinnyegye no Rekɔ So

Nsɛmpa No—Akyinnyegye no Rekɔ So

Nsɛmpa No—Akyinnyegye no Rekɔ So

So Yesu Kristo awo ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no yɛ nokware?

So ɔno na ɔmaa Bepɔw so Ɔkasa no?

Wonyanee Yesu ampa?

So ɔno ankasa na ɔkae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa” no?—Yohane 14:6.

NHOMANIMFO bɛyɛ 80 asusuw saa nsɛm yi ho wɔ Yesu ho Adesua a efi afe 1985 mu no wɔyɛ no mprenu afe biara no ase. Saa nhomanimfo kuw yi abua nsɛmmisa a ɛtete saa no wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Wɔn a wɔyɛɛ Adesua no atow asɛm biara a wɔkyerɛ sɛ Yesu na ɔkae a ɛwɔ Nsɛmpa no mu ho aba. Wɔde aba kɔkɔɔ kyerɛ sɛ Yesu na ɔkaa asɛm no. Aba a ɛyɛ nkra nhoma kyerɛ sɛ asɛm no sɛ biribi a ebetumi aba sɛ Yesu na ɔkae. Aba nsõnso kyerɛ sɛ adwenkyerɛ no betumi ayɛ nea ɛbɛn asɛm a Yesu kae no ho, nanso ɛnyɛ ɔno na ɔkae ankasa. Aba tuntum nye koraa, ɛkyerɛ sɛ, wonyaa asɛm no fii atetesɛm a ɛbaa akyiri yi mu.

Ɛdenam saa kwan yi so no, wɔn a wɔyɛ Yesu ho Adesua no abɔ nsɛm anan a yebisae mfiase no nyinaa agu. Nokwarem no, wɔatow aba tuntum wɔ Nsɛmpa no mu nsɛm a wɔkyerɛ sɛ Yesu na ɔkae no ɔha biara mu 82 ho de akyerɛ sɛ ɛnyɛ Yesu na ɔkae. Sɛnea wɔkyerɛ no, ɛte sɛ nea Yesu ho nsɛm a wɔka wɔ Nsɛmpa no ne nhoma foforo mu ɔha biara mu 16 pɛ na ɛyɛ nokware.

Kasa a wɔkasa tia Nsɛmpa no saa no nyɛ ade foforo. Nsɛmpa no a wɔkasa tia no fii ase wɔ afe 1774 mu bere a wotintim Hermann Reimarus, a ɔyɛ Apuei famfo kasa horow ho ɔbenfo wɔ Hamburg, Germany, nsaano nkyerɛwee a na ekura nkratafa 1,400 no wɔ ne wu akyi no. Emu na Reimarus gyee nokware a Nsɛmpa no yɛ no ho akyinnye denneennen. Ɔde ne nsɛm no gyinaa ɔkasa ho nhwehwɛmu ne Yesu asetra ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Nsɛmpa no mu a ɛte sɛ nea ɛbɔ abira no so. Efi saa bere no, akasatiafo ada adwenem naayɛ adi wɔ nokware a Nsɛmpa no yɛ ho mpɛn pii, na wɔasɛe ahotoso a ɔmanfo wɔ wɔ saa nhoma yi mu no akɔ akyiri.

Su a nhomanimfo a wɔte saa no pii kura ne sɛ wobu Nsɛmpa kyerɛwtohɔ no sɛ nyamesom mu ayɛsɛm a ankorankoro bi kyerɛwee. Nsɛm a nhomanimfo a wɔn adwenem yɛ wɔn nãã no taa bisa ne sɛ: So ebetumi aba sɛ wɔn gyidi na ɛmaa Nsɛmpa anan no akyerɛwfo no de nsɛm bi kekaa nokwasɛm no ho? So tumidi ho akansi na ɛmaa tete Kristofo no yii nsɛm bi fii Yesu ho nsɛm no mu anaasɛ wɔde bi kaa ho? Nsɛmpa no afã bɛn na ɛda adi sɛ wɔkaa ho asɛm tẽẽ a wɔanto no sɛ anansesɛm?

Nkurɔfo a wɔtetee wɔn wɔ mmeae a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa mmeae a wɔn ani nnye nyamesom ho no gye di sɛ Bible—a Nsɛmpa no ka ho—no yɛ nhoma a anansesɛm ne atosɛm nkutoo na ɛwɔ mu. Nanso, Kristoman ho abakɔsɛm a ɛyɛ mogyahwiegu, nhyɛso, mpaapaemu, ne abrabɔ bɔne no ama afoforo nso ho adwiriw wɔn. Nnipa a wɔte saa no nhu nea enti a ɛsɛ sɛ wotie nhoma biara a Kristoman bu no kronkron no mu nsɛm. Wɔte nka sɛ nhoma a ɛde nyamesom a ɛyɛ nyaatwom aba no ntumi nyɛ biribi pa biara sɛ anansesɛm a mfaso biara nni so nkutoo.

W’adwene yɛ wo dɛn? So ɛsɛ sɛ woma nhomanimfo bi a wogye nokware a Nsɛmpa no yɛ ho kyim no ma wo nso w’adwenem yɛ wo nãã? Sɛ wote sɛ nkurɔfo reka sɛ Nsɛmpa no akyerɛwfo too anansesɛm a, so ɛsɛ sɛ woma eyi sɛe w’ahotoso a wowɔ wɔ nhoma horow no mu no? So ɛsɛ sɛ Kristoman ho kyerɛwtohɔ a enye no ma w’adwenem yɛ wo nãã wɔ nokware a Nsɛmpa no yɛ no ho? Yɛto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ nokwasɛm ahorow no bi mu.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

So anansesɛm na ɛwɔ Nsɛmpa no mu anaa nokwasɛm?

[Asɛm Fibea]

Jesus Walking on the Sea/The Doré Bible Illustrations/Dover Publications

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Background, pages 3-5 and 8: Courtesy of the Freer Gallery of Art, Smithsonian Institution, Washington, D.C.