Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No Mu Gyidi!

Nya Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No Mu Gyidi!

Nya Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No Mu Gyidi!

“Yɛwɔ adiyifo asɛm a egyina hɔ pintinn.”—2 PETRO 1:19.

1, 2. Dɛn ne nkɔmhyɛ a edi kan a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ no, na nsɛmmisa a ɛma ɛsɔree no mu bi ne dɛn?

YEHOWA na ɔhyɛɛ nkɔm a edi kan koraa a wɔkyerɛwee no. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne akyi no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne [w’aseni ne n’aseni, NW] ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:1-7, 14, 15) Ná mfehaha pii betwam ansa na wɔate saa nkɔmhyɛ no ase yiye.

2 Ná nkɔmhyɛ a edi kan yi kura anidaso ankasa ma adesamma abɔnefo. Akyiri no, Kyerɛwnsɛm no kaa Satan Bonsam ho asɛm sɛ “ɔwɔ dedaw no.” (Adiyisɛm 12:9) Nanso hena na na ɔbɛyɛ Onyankopɔn Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no?

Aseni no a Wɔhwehwɛ

3. Ɔkwan bɛn so na Habel kyerɛɛ nkɔmhyɛ a edi kan no mu gyidi?

3 Nea ɛnte sɛ n’agya no, Habel a na ɔyɛ onipa pa no kyerɛɛ nkɔmhyɛ a edi kan no mu gyidi. Ɛda adi sɛ Habel hui sɛ ebehia sɛ wohwie mogya gu de pata bɔne. Enti gyidi na ɛkaa no ma ɔde aboa bɔɔ afɔre ma ɛsɔɔ Onyankopɔn ani. (Genesis 4:2-4) Nanso, wɔante nea Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no kyerɛ ase.

4. Bɔ bɛn na Onyankopɔn hyɛɛ Abraham, na dɛn na ɛka faa Aseni a na wɔahyɛ ne ho bɔ no ho?

4 Habel akyi bɛyɛ mfirihyia 2,000 no, Yehowa de nkɔmhyɛ kwan so bɔhyɛ yi maa Abraham sɛ: “Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w’asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma . . . na w’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Genesis 22:17, 18) Saa nsɛm no de Abraham bata nkɔmhyɛ a edi kan no ho. Ɛkyerɛe sɛ Aseni a ɔbɛsɛe Satan nnwuma no befi Abraham anato mu na aba. (1 Yohane 3:8) “Onyankopɔn bɔhyɛ no ho de, [Abraham amfa] ogye a wonnye nni annye kyim,” na saa ara nso na Yehowa adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristofo bere reba no “nsa anka bɔhyɛ no.” (Romafo 4:20, 21; Hebrifo 11:39) Nanso, wokuraa gyidi a na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm mu no mu.

5. Hena so na Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa Aseni ho no baa mu, na dɛn nti na wubua saa?

5 Ɔsomafo Paulo huu Onyankopɔn Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no bere a ɔkyerɛw sɛ: “Abraham ne n’aseni na wɔhyɛɛ wɔn bɔ no, Ɔnka sɛ: Na w’asefo, sɛnea ɛyɛ nnipa bebree, na mmom [ose] obiako; na w’aseni, a ɔne Kristo.” (Galatifo 3:16) Ɛnyɛ Abraham asefo nyinaa mu na na Aseni a amanaman no nam ne so benya nhyira no befi aba. Wɔamfa ne babarima Ismael ne wɔn a ɔne Ketura woo wɔn no so anhyira adesamma. Aseni a na nhyira no nam ne so bɛba no ne ne babarima Isak, ne ne banana Yakob. (Genesis 21:12; 25:23, 31-34; 27:18-29, 37; 28:14) Yakob ma ɛdaa adi sɛ “aman” bɛyɛ osetie ama Silo a ofi Yuda abusua mu no, nanso akyiri yi, wɔmaa Aseni no faa Dawid anato nkutoo so. (Genesis 49:10; 2 Samuel 7:12-16) Afeha a edi kan mu Yudafo no hwɛɛ kwan sɛ onipa biako bɛba sɛ Mesia, anaa Kristo no. (Yohane 7: 41, 42) Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa Aseni no ho no baa mu wɔ ne Ba, Yesu Kristo so.

Mesia no Pue!

6. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛte adapɛn 70 nkɔmhyɛ no ase? (b) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Yesu maa ‘bɔne wiee odu’?

6 Odiyifo Daniel kyerɛw Mesia no ho nkɔmhyɛ bi a ehia too hɔ. Mediani Dario afe a edi kan mu no, ohuu sɛ Yerusalem mfirihyia 70 amanfoyɛ no rebɛn n’awiei. (Yeremia 29:10; Daniel 9:1-4) Bere a Daniel rebɔ mpae no, ɔbɔfo Gabriel bae bɛkae sɛ ‘wɔahyɛ adapɛn aduɔson a wɔde bɛma bɔne awie odu.’ Adapɛn 70 no mfinimfini na wobetwa Mesia no akyene. “Mfepɛn aduɔson” no fii ase wɔ 455 A.Y.B. mu, bere a Persia hene Artasasta I ‘somae sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem no.’ (Daniel 9:20-27; Moffatt; Nehemia 2:1-8) Ná Mesia no bɛba wɔ adapɛn 7 a wɔde adapɛn 62 aka ho no awiei. Saa mfe 483 no fii ase 455 A.Y.B. kosi bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ 29 Y.B., na Onyankopɔn sraa no sɛ Mesia, anaa Kristo no. (Luka 3:21, 22) Yesu maa ‘bɔne wiei odu’ denam ne nkwa a ɔde mae sɛ agyede wɔ 33 Y.B. mu no so. (Marko 10:45) Hwɛ fata ara a ɛfata sɛ yenya Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no mu gyidi! *

7. Bere a wode Kyerɛwnsɛm no redi dwuma no, kyerɛ sɛnea Yesu maa Mesia nkɔmhyɛ nyaa mmamu.

7 Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no mu gyidi na ɛma yetumi hu Mesia no. Wɔ Mesia ho nkɔmhyɛ pii a wɔakyerɛw wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo no de emu fã kɛse no ara kaa Yesu ho asɛm. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Ɔbaabun na ɛwoo Yesu wɔ Betlehem. (Yesaia 7:14; Mika 5:2; Mateo 1:18-23; Luka 2:4-11) Wɔfrɛɛ no fii Misraim, na wokunkum mmofra wɔ n’awo akyi. (Yeremia 31:15; Hosea 11:1; Mateo 2:13-18) Yesu soaa yɛn nyarewa. (Yesaia 53:4; Mateo 8:16, 17) Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, ɔtraa afurum ba so kɔɔ Yerusalem. (Sakaria 9:9; Yohane 12:12-15) Bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu akyi no, odwontofo no nsɛm no baa mu bere a asraafo no kyɛɛ ne ntama fae na wɔbɔɔ n’atade so ntonto no. (Dwom 22:18; Yohane 19:23, 24) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔammu Yesu dompe mu ne sɛ wɔde peaw wɔɔ ne mfe mu no nso maa nkɔmhyɛ baa mu. (Dwom 34:20; Sakaria 12:10; Yohane 19:33-37) Eyinom yɛ Mesia ho nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu ho a honhom kaa Bible akyerɛwfo ma wɔkyerɛwee no mu kakraa bi pɛ. *

Kamfo Mesia Hene No!

8. Hena ne nea Ne Nna Akyɛ no, na ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a wɔkyerɛw wɔ Daniel 7:9-14 no baa mu?

8 Babilon hene Belsasar afe a edi kan mu no, Yehowa maa ne diyifo Daniel soo dae nyaa anisoadehu titiriw bi. Nea edi kan no, odiyifo no huu mmoa akɛse anan bi. Onyankopɔn bɔfo kyerɛe sɛ wɔyɛ “ahene baanan,” a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ wiase tumidi a edidii so bae no ho mfonini. (Daniel 7:1-8, 17) Afei Daniel huu Yehowa, nea ‘Ne Nna Akyɛ’ no sɛ ɔte anuonyam ahengua so. Bere a ɔde atemmu a emu yɛ den baa mmoa no so no, ogyee wɔn tumi fii wɔn nsam na ɔsɛee aboa a ɔto so anan no. Afei wɔde daa tumi maa “obi a ɔte sɛ onipa ba” ma odii “aman, nkurɔfo, ne ɔkasa horow nyinaa” so. (Daniel 7:9-14) Nkɔmhyɛ a ɛfa “onipa ba,” Yesu Kristo a wɔde no sii agua so wɔ soro wɔ 1914 mu ho bɛn ara ni!—Mateo 16:13.

9, 10. (a) Dae no mu honi no afã horow no twe adwene kɔ dɛn so? (b) Wobɛkyerɛkyerɛ Daniel 2:44 mmamu no mu dɛn?

9 Ná Daniel nim sɛ Onyankopɔn na “otu ahene so, na ɔma ahene so.” (Daniel 2:21) Odiyifo no nam Yehowa, nea “oyi ahintasɛm adi” no so kyerɛɛ Babilon hene, Nebukadnesar dae a ɛfa ohoni kɛse bi ho no ase. N’afã horow no gyina hɔ ma wiase tumidi ahorow te sɛ Babilon, Medo-Persia, Hela, ne Roma sɔre ne wɔn asehwe. Afei nso Onyankopɔn nam Daniel so kyerɛɛ nsɛm a ebesisi fi saa bere no de besi yɛn bere yi so ne akyi.—Daniel 2:24-30.

10 Nkɔmhyɛ no kae sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Bere a “amanaman no bere” no baa awiei wɔ 1914 mu no, Onyankopɔn de ne soro Ahenni a Kristo di so no sii hɔ. (Luka 21:24; Adiyisɛm 12:1-5) Ɛdenam Onyankopɔn tumi so no, wɔtow Mesia Ahenni “ɔbo” no saa bere no fii Onyankopɔn amansan tumidi “bepɔw” no so. Wɔ Harmagedon no, saa ɔbo no bɛbɔ ohoni no, na ayam no muhumuhu. Sɛ́ nniso bepɔw a edi “asase nyinaa so” no, Mesia Ahenni no begyina daa.—Daniel 2:35, 45; Adiyisɛm 16:14, 16. *

11. Ná Yesu ahosakra no yɛ biribi a ɛbɛba bɛn ho mfonini, na tumi bɛn na saa anisoadehu no nyae wɔ Petro so?

11 Bere a na Yesu Ahenni nniso no ho asɛm wɔ n’adwene mu no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu onipa ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.” (Mateo 16:28) Nnansia akyi no, Yesu faa Petro, Yakobo, ne Yohane kɔɔ bepɔw tenten bi so, baabi a ɔsakrae wɔ wɔn anim no. Bere a omununkum bi a ɛharan bɛkataa asuafo no so no, Onyankopɔn kae sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!” (Mateo 17:1-9; Marko 9:1-9) Kristo Ahenni anuonyam a wodi kan hu bɛn ara ni! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Petro kaa anisoadehu a anuonyam wom yi ho asɛm sɛ: “Nanso yɛwɔ adiyifo asɛm a egyina hɔ pintinn.”—2 Petro 1:16-19. *

12. Dɛn nti na ɛnnɛ ne bere titiriw a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no mu gyidi?

12 Ɛda adi sɛ ɛnyɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a ɛfa Mesia no ho nko na ɛyɛ “nkɔmhyɛ asɛm” no, na mmom Yesu asɛm a ese ɔde “ahoɔden ne anuonyam kɛse” bɛba no nso. (Mateo 24:30) Ahosakra no dii nkɔmhyɛ asɛm a ɛfa Kristo a ɔbɛba Ahenni tumi mu no ho adanse. Ɛrenkyɛ, n’anuonyam ahoyi no bɛkyerɛ ɔsɛe ama wɔn a wonni gyidi no, na akyerɛ nhyira ama wɔn a wɔkyerɛ gyidi no. (2 Tesalonikafo 1:6-10) Bible nkɔmhyɛ mmamu di adanse sɛ, eyi ne “nna a edi akyiri no.” (2 Timoteo 3:1-5, 16, 17; Mateo 24:3-14) Sɛ́ Yehowa Brafo Panyin no, Mikael, a ɔne Yesu Kristo no, ayɛ krado sɛ ɔde saa nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. (Mateo 24:21; Daniel 12:1) Enti, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no mu gyidi.

Kura Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm no Mu Gyidi Mu

13. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakura ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu, na yɛakɔ so ama n’asɛm no mu gyidi a yɛwɔ no ayɛ den?

13 Akyinnye biara nni ho sɛ bere a yesuaa Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no mmamu ho ade nea edi kan no, yɛn ani gyei. Nanso, efi saa bere no, so yɛn gyidi ano abrɛ ase, anaasɛ yɛn dɔ ano adwo? Mommma yɛnnyɛ sɛ Kristofo a na wɔwɔ Efeso a ‘wogyaw wɔn kan dɔ’ no da. (Adiyisɛm 2:1-4) Ɛmfa ho bere dodow a yɛde asom Yehowa no, sɛ ‘yɛankɔ so anhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan,’ ankora yɛn ademude wɔ soro a, biribi a ɛte saa betumi abɔ yɛn. (Mateo 6:19-21, 31-33) Bible adesua a yɛbɛyɛ no anibere so, Kristofo nhyiam ahorow a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu daa, ne Ahenni asɛnka adwuma a yɛde nsi bɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛakura ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa, ne Ba no, ne Kyerɛwnsɛm no mu. (Dwom 119:105; Marko 13:10; Hebrifo 10:24, 25) Sɛ yɛyɛ saa a, eyi bɛma gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm mu no ayɛ den.—Dwom 106:12.

14. Ɔkwan bɛn so na wotua Kristofo a wɔasra wɔn no ka wɔ gyidi a wɔkyerɛ wɔ Yehowa nkɔmhyɛ asɛm mu no ho?

14 Sɛnea Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm baa mu tete no, saa ara na yebetumi anya nea wɔahyɛ ho nkɔm daakye no mu gyidi. Sɛ nhwɛso no, yehu ba a Kristo aba wɔ Ahenni anuonyam mu no nnɛ, na Kristofo a wɔasra wɔn a wodii nokware kosii owu mu no ahu nkɔmhyɛ kwan so bɔhyɛ yi mmamu: “Nea odi nkonim no, mɛma no nkwadua a esi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.” (Adiyisɛm 2:7, 10; 1 Tesalonikafo 4:14-17) Yesu ma nkonimdifo yi nya hokwan a wɔde ‘bedi nkwadua’ a esi “Nyankopɔn paradise” mu aba no bi. Wɔ wɔn wusɔre mu ne denam Yesu Kristo so no, wonya nkwa a owu nni mu na ɛmporɔw a Yehowa, “mmeresanten hene, Onyankopɔn koro a ɔmporɔw a wonhu no no” de ma no. (1 Timoteo 1:17; 1 Korintofo 15:50-54; 2 Timoteo 1:10) Hwɛ akatua kɛse ara a wonya sɛ wokura ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn, ne gyidi pintinn a wɔkyerɛ wɔ ne nkɔmhyɛ asɛm mu no mu!

15. Henanom so na wogyina too “asase foforo” no fapem, na wɔn ahokafo ne henanom?

15 Wonyanee anokwafo a wɔasra wɔn no fii awufo mu kɔɔ ɔsoro “Nyankopɔn paradise” mu bere tiaa bi akyi no, woyii honhom fam Israel nkaefo a wɔwɔ asase so no fii “Babilon kɛse,” wiase atoro som ahemman no nnommumfa mu. (Adiyisɛm 14:8; Galatifo 6:16) Wɔn so na wogyina too “asase foforo” no fapem. (Adiyisɛm 21:1) Enti wɔwoo “asase” bi, na wɔkyekyee ma ɛbɛyɛɛ honhom fam paradise a enya nkɔso wɔ asase so nyinaa nnɛ. (Yesaia 66:8) Emu na honhom fam Israel ahokafo pii a wɔte sɛ nguan reba nnɛ, wɔ “nna a edi akyiri no mu.”—Yesaia 2:2-4; Sakaria 8:23; Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9.

Wɔkaa Adesamma Daakye Ho Asɛm Siei Wɔ Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm no Mu

16. Anokwafo a wogyina nkaefo no akyi no anidaso ne dɛn?

16 Nneɛma bɛn na anokwafo a wogyina wɔn a wɔasra wɔn no akyi no hwɛ kwan? Wɔn nso wɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no mu gyidi, na wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛkɔ asase so Paradise no mu. (Luka 23:39-43) Wɔbɛnom “nkwa nsu asubɔnten” a ɛma nkwa no mu nsu wɔ hɔ, na wɔde “dua no nhaban” asa wɔn yare. (Adiyisɛm 22:1, 2) Sɛ wowɔ anidaso a ɛyɛ anigye sɛɛ a, kɔ so da ɔdɔ a emu yɛ den ma Yehowa adi, na kyerɛ ne nkɔmhyɛ asɛm no mu gyidi. Ɛmmra sɛ wobɛka wɔn a wobenya anigye a enni kabea a ɛne daa nkwa wɔ Paradise asase so no ho.

17. Nhyira horow bɛn na ɛbɛba asase so Paradise asetra mu?

17 Nnipa a wɔnyɛ pɛ ntumi nkyerɛkyerɛ sɛnea asase so Paradise a ɛreba no mu asetra bɛyɛ mu, nanso Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no ma yenya nhyira a wɔde asie ama adesamma asoɔmmerɛfo no mu nhumu. Sɛ Onyankopɔn Ahenni di tumi a obiara nsɔre ntia na n’apɛde yɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro a, nnipa atirimɔdenfo—anaa aboa biara mpo—‘renyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio.’ (Yesaia 11:9; Mateo 6:9, 10) Ahobrɛasefo benya asase no adi, na “wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:11) Yɛrenhu nnipa pii a wodi kɔm no bio, efisɛ “asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) Awerɛhow remma wɔnte nusu bio. Yare befi hɔ, na owu mpo afi hɔ koraa. (Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:4) Twa ho mfonini hwɛ—nnuruyɛfo nni hɔ bio, nnuru nni hɔ bio, ayaresabea anaa faako a wɔhwɛ wɔn a wɔwɔ adwenemyare nni hɔ bio, wɔrenyɛ ayi bio. Anidaso nwonwaso bɛn ara ni!

18. (a) Dɛn ho awerɛhyem na wɔde maa Daniel? (b) “Kyɛfa” bɛn na Daniel benya?

18 Adesamma damoa mpo mu bɛda mpan bere a owusɔre si owu ananmu no. Ná ɔtreneeni Hiob wɔ anidaso a ɛte saa. (Hiob 14:14, 15) Saa ara nso na na ɛte wɔ odiyifo Daniel fam efisɛ Yehowa bɔfo maa no awerɛhyem a ɛka koma sɛ: “Enti kɔ kodu awiei, na woakɔhome na woasɔre akonya wo kyɛfa, nna a edi akyiri no mu.” (Daniel 12:13) Daniel de nokwaredi som Onyankopɔn kosii ne wuda. Mprempren wada regye n’ahome wɔ owu mu, nanso ‘ɔbɛsɔre’ wɔ “atreneefo sɔre” mu wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu. (Luka 14:14) “Kyɛfa” bɛn na Daniel benya? Wiɛ, wɔ Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛfa Paradise ho mmamu mu no, ɛkyerɛ sɛ Yehowa nkurɔfo benya baabi, asase a wɔbɛkyɛ no pɛpɛɛpɛ. (Hesekiel 47:13–48:35) Enti Daniel benya kyɛfa wɔ Paradise, nanso obenya nea ɛsen asase kɛkɛ. Obenya baabi ahyɛ wɔ Yehowa atirimpɔw mu.

19. Dɛn na wɔhwehwɛ na ama obi anya asase so Paradise mu atra?

19 Kyɛfa bɛn na wo nso wubenya? Sɛ wowɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu gyidi a, akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ wotra asase so Paradise no mu. Wubetumi afa no sɛ wowɔ hɔ dedaw, a worenya emu nhyira horow no mu kyɛfa, rehwɛ asase no so, na wode anigye rema awufo no akwaaba. Sɛnea ɛte no, Paradise ne adesamma fie. Onyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no too beae a ɛte saa. (Genesis 2:7-9) Na ɔpɛ sɛ nnipa asoɔmmerɛfo tra Paradise daa. So wobɛbɔ wo bra ma ɛne Kyerɛwnsɛm no ahyia sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛka nnipa ɔpepepem pii a awiei koraa no wɔbɛtra asase so Paradise no ho? Sɛ wowɔ nokware dɔ ma yɛn soro Agya, Yehowa, ne gyidi a emu yɛ den wɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no mu a, wubetumi anya mu kyɛfa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Hwɛ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! ti 11 ne ‘Adapɛn Aduɔson’ no wɔ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.

^ nky. 7 Hwɛ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial,” nkratafa 343-4, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no.

^ nky. 11 Hwɛ asɛm a wɔato din “Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No,” a epuei wɔ April 1, 2000, Ɔwɛn-Aban mu no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn ne nkɔmhyɛ a edi kan, na hena ne Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no?

• Mesia ho nkɔmhyɛ ahorow a enyaa mmamu wɔ Yesu ho no mu bi ne dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Daniel 2:44, 45 benya mmamu?

• Daakye bɛn na Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no twe adwene si so sɛ adesamma asoɔmmerɛfo benya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

So wowɔ anidaso sɛ wobɛtra asase so Paradise mu?