Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm Ma Yɛn Bere Yi

Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm Ma Yɛn Bere Yi

Tie Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm Ma Yɛn Bere Yi

“Onipa ba, hu ase, na adehu no fa awiei bere ho.”—DANIEL 8:17.

1. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ adesamma nyinaa hu fa yɛn bere yi ho?

YEHOWA mfa nsɛm a ebesisi daakye nhintaw afoforo. Mmom no, ɔyɛ obi a Oyi ahintasɛm adi. Nokwarem no, ɔpɛ sɛ yɛn nyinaa hu sɛ yɛadu akyiri wɔ “awiei bere” no mu. Hwɛ sɛnea eyi yɛ asɛm a ɛho hia ma nnipa ɔpepepem asia a wɔte asase so mprempren no!

2. Dɛn nti na adesamma daakye ho asɛm hia nkurɔfo saa?

2 So ɛyɛ nwonwa sɛ wiase bɔne yi awiei abɛn? Onipa tumi nantew ɔsram so, nanso ontumi nnantew mmɔnten so wɔ mmeae pii wɔ okyinsoromma yi so a onsuro. Otumi de nnɛyi mfiri horow hyɛ ne fie ma, nanso ontumi mma biakoyɛ mma mmusua pii a emu repaapae no mu. Otumi yɛ nneɛma a wɔde di nkitaho, nanso ontumi nkyerɛ nkurɔfo sɛnea wɔbɔ mu tra asomdwoe mu. Saa nneɛma a ontumi nyɛ yi foa Kyerɛwnsɛm mu adanse bebree no so sɛ yɛte awiei bere no mu.

3. Bere bɛn na wodii kan de nsɛmfua “awiei bere” dii dwuma wɔ asase so?

3 Ɔbɔfo Gabriel na odii kan de nsɛmfua a ɛkanyan adwene—“awiei bere”—dii dwuma wɔ asase yi so bɛyɛ mfe 2,600 ni. Onyankopɔn diyifo bi a na ehu aka no tee sɛ Gabriel reka sɛ: “Onipa ba, hu ase, na adehu no fa awiei bere ho.”—Daniel 8:17.

“Awiei Bere” no Ni!

4. Akwan horow bɛn so na Bible no ka awiei bere no ho asɛm?

4 “Awiei bere” ne “awiei bere a wɔahyɛ” no pue mpɛn asia wɔ Daniel nhoma no mu. (Daniel 8:17, 19; 11:35, 40; 12:4, 9) Ɛfa “nna a edi akyiri” a ɔsomafo Paulo ka siei no ho. (2 Timoteo 3:1-5) Yesu Kristo kaa bere yi ho asɛm sɛ ‘bere a waba’ sɛ Ɔhene a wɔde no asi ade so wɔ soro.—Mateo 24:37-39.

5, 6. Henanom na ‘wɔatweetwee’ nneɛma mu wɔ awiei bere yi mu, na dɛn na afi mu aba?

5 Daniel 12:4 ka sɛ: “Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kodu awiei bere no; nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso.” Wɔmaa nea Daniel kyerɛwee no mu pii yɛɛ ahintasɛm na wɔsɔɔ ano a nnipa ante ase mfehaha pii. Na nnɛ nso ɛ?

6 Wɔ awiei bere yi mu no, nokware Kristofo pii ‘atweetwee’ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu. Dɛn na afi mu aba? Esiane sɛ Yehowa ahyira wɔn mmɔdenbɔ so nti, nokware nimdeɛ adɔɔso pii. Sɛ nhwɛso no, wɔama Yehowa Adansefo a wɔasra wɔn no anya nhumu a ɛma wotumi te ase sɛ Yesu Kristo bɛyɛɛ ɔsoro Hene wɔ afe 1914 mu. Esiane sɛ saafo a wɔasra wɔn no ne wɔn ayɔnkofo anokwafo no di ɔsomafo no asɛm a ɛwɔ 2 Petro 1:19-21 no so nti, ‘wotie nkɔmhyɛ asɛm no,’ na wogye di koraa sɛ awiei bere no ni.

7. Nsɛm a ɛma Daniel nhoma no da nsow no bi ne dɛn?

7 Daniel nhoma no da nsow wɔ akwan pii so. Ɛka sɛ ɔhene bi kaa sɛ obekunkum n’anyansafo esiane sɛ wɔantumi ankyerɛ ne dae a asete yɛ den ase nti, nanso Onyankopɔn diyifo bi tumi kyerɛɛ ase. Wɔtow mmerante baasa a wɔansom ohoni tenten bi no guu fononoo a adɔ atra so mu, nanso wɔn ho nhwi mpo anhyew. Nnipa ɔhaha pii huu nsa bi a ɛkyerɛw ahintasɛm wɔ ahemfie bi fasu ho wɔ apontow bi ase. Atirisopamfo atirimɔdenfo bi ma wɔtow akwakoraa bi too agyata amoa mu nanso hwee anyɛ no. Wohuu mmoa anan bi wɔ anisoadehu bi mu, na wɔma ɛkyerɛɛ biribi a akɔ so abedu awiei bere yi mu wɔ nkɔmhyɛ mu.

8, 9. Ɔkwan bɛn so na Daniel nhoma no so betumi aba yɛn mfaso, titiriw nnɛ, wɔ awiei bere yi mu?

8 Ɛda adi pefee sɛ wɔkyerɛw Daniel nhoma no wɔ akwan abien a ɛyɛ soronko koraa so. Biako yɛ nsɛm a esisi a wɔka ho asɛm, na nea ɛka ho no yɛ nkɔmhyɛ. Abien no nyinaa tumi hyɛ yɛn gyidi den. Nsɛm a esisi a wɔka ho asɛm no kyerɛ yɛn sɛ Yehowa Nyankopɔn hyira wɔn a wokura wɔn mudi mu ma no no. Afã a ɛyɛ nkɔmhyɛ no hyɛ yɛn gyidi den denam kyerɛ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa di kan hu nsɛm a esisi wɔ abakɔsɛm mu mfehaha pii—mfe mpempem pii mpo no so.

9 Nkɔmhyɛ ahorow a Daniel yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no twe adwene si Onyankopɔn Ahenni so. Sɛ yehu nkɔmhyɛ ahorow a ɛtete saa mmamu a, ɛhyɛ yɛn gyidi den, ma enti yenya awerɛhyem sɛ yɛte awiei bere no mu. Nanso akyinnyegyefo kasa tia Daniel, na wɔka sɛ wɔkyerɛw nhoma a ne din da so no mu nkɔmhyɛ ahorow no wɔ bere a nsɛm a wose ɛno na ɛmaa nkɔmhyɛ no nyaa mmamu no sisii akyi. Sɛ nea wɔkyerɛ yi yɛ nokware a, ɛno bɛma nsɛmmisa a anibere wom asɔre wɔ nea Daniel nhoma no ka siei wɔ awiei bere ho no ho. Akyinnyegyefo gye nhoma no mu nsɛm a esisii a wɔkaa ho asɛm no nso ho kyim. Enti momma yɛnhwehwɛ mu.

Yɛnhwehwɛ Mu Nhwɛ!

10. Ɔkwan bɛn so na wɔbɔ Daniel nhoma no sobo?

10 Fa no sɛ wowɔ asɛnnibea retie asɛm bi a wɔredi. Aban mmaranimfo no ka ketee sɛ nea wɔabɔ no sobo no yɛ ɔdaadaafo. Saa ara na Daniel nhoma no ka sɛ emu nsɛm yɛ nokware, na ne kyerɛwfo ne Hebrini diyifo bi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so asia ne ason A.Y.B. mu. Nanso, akyinnyegyefo ka sɛ nhoma no yɛ atosɛm. Sɛ saa de a, ma yenni kan nhwɛ sɛ nhoma no mu nsɛm a esisii a wɔkaa ho asɛm no ne abakɔsɛm mu nokwasɛm hyia anaa.

11, 12. Dɛn na ɛbaa sobo a ɛne sɛ na Belsasar yɛ anansesɛm mu nipa bi ara kwa no so?

11 Fa no sɛ yesusuw nea yebetumi afrɛ no ɔhempɔn a wonnim no no ho. Daniel ti 5 kyerɛ sɛ na Belsasar na ɔredi hene wɔ Babilon bere a wɔko faa saa kurow no wɔ afe 539 A.Y.B. mu no. Akyinnyegyefo annye asɛm yi antom efisɛ na Belsasar din nni nhoma biara mu ka Bible no ho. Mmom no, tete abakɔsɛm akyerɛwfo kae sɛ Nabonido ne Babilon hene a otwa to.

12 Nanso, wotuu dɔte anwenne ketewa bi wɔ tete Babilon kurow Ur a ɛwɔ baabi a ɛnnɛ ɛyɛ Iraq no amamfo so wɔ afe 1854 mu. Na mpaebɔ bi a Ɔhene Nabonido kaa “Bel-sar-ussur” ho asɛm sɛ “me ba panyin” wom no ka saa nkyerɛwee no ho. Akyinnyegyefo mpo gye toom sɛ: Oyi ne Belsasar a wɔka ne ho asɛm wɔ Daniel nhoma no mu no. Enti sɛɛ ɔhempɔn a wɔkyerɛ sɛ wonnim no no nyɛ nea wonnim no ankasa, na mmom, wiase nhoma ahorow mu nko na na wonnim no. Eyi yɛ adanse bebree a ɛkyerɛ sɛ Daniel nhoma no yɛ nokware ankasa no mu biako pɛ. Adanse a ɛte saa no kyerɛ sɛ Daniel nhoma no ka Onyankopɔn Asɛm a ɛfata sɛ yesusuw ho yiye nnɛ, wɔ awiei bere yi mu, no ho.

13, 14. Na hena ne Nebukadnesar, na atoro nyame bɛn na ɔsom no titiriw?

13 Daniel nhoma no fã titiriw bi yɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa wiase tumi ahorow a ɛbaa nnidiso nnidiso ne wɔn sodifo no bi nneyɛe ho. Yebetumi afrɛ saafo yi mu biako sɛ ɔkofoni a ɔkyekyee ahemman. Sɛ́ Babilon hene ba no, ɔne n’asraafo sɛee Misrini Farao Neko dɔm pasaa wɔ Karkemis. Nanso asɛm bi a wɔsoma bɛka kyerɛɛ ɔhene ba no ma ogyaw n’akyi maa n’asahene. Bere a aberantewa Nebukadnesar tee sɛ ne papa Nabopolassar awu no, ɔbɛtraa ahengua no so wɔ 624 A.Y.B. mu. Ɔkyekyee ahemman a nsase a bere bi na Asiria di so ka ho, na ɔtrɛw n’ahemman no mu kɔfaa Siria ne Palestina de koduu Misraim ahye so wɔ ne mfe 43 ahenni no mu.

14 Marduk, Babilon nyame no titiriw na Nebukadnesar som no. Ɔhene no kyerɛe sɛ ne nkonimdi nyinaa fi Marduk. Nebukadnesar sii abosonnan maa Marduk ne Babilon anyame afoforo wɔ Babilon, na osiesiee mu fɛfɛɛfɛ. Ɛbɛyɛ sɛ wohyiraa sika honi a Babilon hene yi de sii Dura tataw so no so maa Marduk. (Daniel 3:1, 2) Na ɛte sɛ nea Nebukadnesar de ne ho too adebisa so kɛse wɔ n’akodi ho nhyehyɛe mu.

15, 16. Dɛn na Nebukadnesar yɛ maa Babilon, na dɛn na esii bere a ɔde kurow no kɛse hoahoaa ne ho no?

15 Bere a Nebukadnesar wiee Babilon afasu akɛse a ɛbɔ ho abien a ne papa na ofii ase sii no, ɔmaa ahenkurow no yɛɛ te sɛ nea wontumi nko mfa. Sɛnea ɛbɛyɛ na Nebukadnesar ama ne yere a ofi Media a na n’ani gyina ne kurom mmepɔw ne kwae no anya nea ɔhwehwɛ no, wɔkyerɛ sɛ ɔyɛɛ turo bi wɔ abansoro so—ɛyɛ tete wiase no mu anwonwade ason no mu biako. Ɔmaa Babilon yɛɛ saa bere no mu kurow a n’afasu yɛ den sen biara. Na hwɛ sɛnea na n’ani gye kurow a atoro som ahyɛ mu ma no ho!

16 Da koro bi Nebukadnesar hoahoaa ne ho sɛ: ‘So ɛnyɛ Babel Kɛse a makyekye no ni?’ Nanso, sɛnea Daniel 4:30-36 kyerɛ no, “asɛm no da so wɔ ɔhene anom no,” ɔbɔɔ dam. Sɛnea Daniel ka siei pɛpɛɛpɛ no, wamfata sɛ odi hene mfe ason na ɔwee wura. Afei wɔsan de n’ahenni no maa no. So wunim nea eyi nyinaa kyerɛ wɔ nkɔmhyɛ mu? So wubetumi akyerɛkyerɛ sɛnea ne mmamu kɛse de yɛn ba awiei bere yi mu pɛɛ no mu?

Nkɔmhyɛ Mu Nsɛm a Yebesusuw Ho

17. Wobɛkyerɛkyerɛ nkɔmhyɛ kwan so dae a Onyankopɔn maa Nebukadnesar soe wɔ afe a ɛto so abien a na odi tumi sɛ wiase sodifo no mu dɛn?

17 Afei, momma yensusuw Daniel nhoma no mu nkɔmhyɛ no bi ho nhwɛ. Wɔ Nebukadnesar tumi a odii sɛ wiase sodifo wɔ Bible nkɔmhyɛ mu afe a ɛto so abien (606/605 A.Y.B.) mu no, Onyankopɔn ma ɔsoo dae bi a ɛyɛ hu. Sɛnea Daniel ti 2 kyerɛ no, na dae no fa ohoni kɛse bi a ne ti yɛ sika pa, ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, n’afuru ne n’asrɛ yɛ kɔbere, na ne nan yɛ dade, na ne nansoaa yɛ dade ne dɔte a afrafra no ho. Na ohoni no afã horow no gyina hɔ ma dɛn?

18. Dɛn na dae no mu ohoni no sika tiri, ne koko ne n’abasa a ɛyɛ dwetɛ, n’afuru ne n’asrɛ a ɛyɛ kɔbere no gyina hɔ ma?

18 Onyankopɔn diyifo ka kyerɛɛ Nebukadnesar sɛ: “Wo, ɔhene, . . . wone sika tiri no.” (Daniel 2:37, 38) Na Nebukadnesar yɛ ahene abusua bi a edii Babilon Ahemman so no ti. Medo-Persia a na ohoni no koko ne n’abasa a ɛyɛ dwetɛ yɛ ho mfonini no na etu gui. Nea edii so bae ne Hela Ahemman a n’afuru ne n’asrɛ a ɛyɛ kɔbere yɛɛ ho mfonini no. Ɛyɛɛ dɛn na saa wiase tumi no bae?

19, 20. Hena ne Alexander Ɔkɛseɛ no, na dɛn na ɔyɛ maa Hela bɛyɛɛ wiase tumidi?

19 Wɔ afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu no, aberante bi dii dwuma titiriw bi wɔ Daniel nkɔmhyɛ yi mmamu mu. Wɔwoo no wɔ 356 A.Y.B. mu, na wiase no bɛfrɛɛ no Alexander Ɔkɛseɛ. Bere a wokum ne papa Philip wɔ 336 A.Y.B. mu no, Alexander a na wadi mfe 20 no bɛtraa Makedonia ahengua no so.

20 May mfiase wɔ 334 A.Y.B. mu no, Alexander fii ase ko dii aman pii so. Ná ɔwɔ asraafo kakra bi a wonim ko yiye a wɔn a wɔnam fam yɛ 30,000, na wɔn a wɔtete apɔnkɔ so yɛ 5,000. Wɔ 334 A.Y.B. mu no, Alexander dii Persia so nkonim a edi kan wɔ Granicus Asubɔnten ho wɔ Asia Kumaa atifi fam atɔe (seesei wɔfrɛ hɔ Turkey). Ebeduu 326 A.Y.B. mu no, na nkonimdifo yi aka wɔn ahyɛ ma wɔakodu apuei fam tɔnn wɔ Asubɔnten Indus a ɛwɔ nnɛyi Pakistan no ho. Nanso Alexander dii nkogu wɔ n’akodi a etwa to no mu bere a na ɔwɔ Babilon no. Wɔ June 13, 323 A.Y.B. mu, bere a na wadi mfe 32 ne asram 8 pɛ no, ɔtamfo a ɔyɛ den sen biara a ɔne owu kum no. (1 Korintofo 15:55) Ná Hela nam ne nkonimdi ahorow no so abɛyɛ wiase tumidi sɛnea wɔka siei wɔ Daniel nkɔmhyɛ no mu no.

21. Roma Ahemman no akyi no, wiase tumidi foforo bɛn na ohoni no nan a ɛyɛ dade no yɛɛ ho mfonini?

21 Ná ohoni kɛse no nan a ɛyɛ dade no gyina hɔ ma dɛn? Wiɛ, Roma a na ɛte sɛ dade no na ebubuu Hela Ahemman yam no pasaa. Esiane sɛ Roma ankyerɛ obu amma Onyankopɔn Ahenni a Yesu Kristo bɔɔ ho dawuru no nti, ekum no wɔ dua so wɔ 33 Y.B. mu. Nea ɛbɛyɛ na Roma agu Kristosom no, ɛtaa Yesu asuafo no. Nanso, Nebukadnesar dae no mu ohoni no nan a ɛyɛ dade no nyɛ Roma Ahemman no nkutoo ho mfonini, na mmom amammui tumi a efii mu bae no nso—Anglo-Amerika Wiase Tumidi no.

22. Ɔkwan bɛn so na dae no mu honi no boa yɛn ma yehu sɛ yɛadu akyiri wɔ awiei bere no mu?

22 Nhwehwɛmu a wɔahyɛ da ayɛ di adanse sɛ yɛwɔ awiei bere no mu tɔnn, efisɛ yɛadu dae no mu honi no nan a ɛyɛ dade ne dɔte no so. Nniso a ɛwowɔ hɔ nnɛ no binom te sɛ dade anaa kankabi, na afoforo nso te sɛ dɔte. Ɛmfa ho sɛ dɔte yɛ mmerɛw na wɔde nwenee “nnipa” no, wɔahyɛ nniso horow a wɔyɛ den te sɛ dade no ma wɔama nnipa mpapahwekwaa kwan ma wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nniso a edi wɔn so ho. (Daniel 2:43; Hiob 10:9) Nokwarem no, sɛnea dade ne dɔte ntumi mfra yiye no, saa ara na kankabi nniso ne mpapahwekwaa ntumi nyɛ biako. Nanso ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni de wiase a amammui ama emu apaapae no bɛba awiei.—Daniel 2:44.

23. Wobɛkyerɛkyerɛ dae a Daniel soe ne anisoadehu a onyae wɔ Belsasar ahenni afe a edi kan mu no mu dɛn?

23 Nkɔmhyɛ a ɛyɛ hu a ɛwɔ Daniel ti 7 no nso de yɛn ba awiei bere yi mu. Ɛka asɛm bi a esii wɔ Babilon hene Belsasar afe a edi kan mu. Saa bere yi a na Daniel adi mfe 70 ne akyi no, ‘onyaa anisoadehu bi bere a ɔda ne mpa so no.’ Hwɛ sɛnea saa anisoadehu ahorow no ma osuroe! Ɔteɛm sɛ: “Hwɛ, ɔsoro mframa anan tu bɔe ɛpo kɛse no so. Na mmoa akɛse anan pue fii ɛpo no mu, ɛsono oyi, na ɛsono oyi.” (Daniel 7:1-8, 15) Mmoa a wɔn ho yɛ hu bɛn ara ni! Nea odi kan no yɛ gyata a ɔwɔ ntaban, na nea ɔto so abien no te sɛ osisi. Afei ohu ɔsebɔ a ɔwɔ ntaban anan ne ti anan! Aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ den boro so no wɔ dade se akɛseakɛse ne mmɛn du. Abɛn ketewa bi a “aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa” wowɔ ho ne “ano a ɛkeka nsɛnkɛse” pue wɔ mmɛn du no ntam. Mmoa a wɔn ho yɛ hu bɛn ara ni!

24. Sɛnea Daniel 7:9-14 kyerɛ no, dɛn na Daniel hu wɔ soro, na anisoadehu yi twe adwene si dɛn so?

24 Daniel anisoadehu no dan adwene kɔ ɔsoro. (Daniel 7:9-14) Ohu ‘Obi a Ne Nna Akyɛ’ a ɔne Yehowa Nyankopɔn sɛ ɔte ahengua so wɔ anuonyam mu sɛ Ɔtemmufo wɔ soro. “Mpem mpem som no, na ɔpedu huhaa gyina n’anim.” Bere a Onyankopɔn rebu mmoa no ntɛn no, ogye tumidi fi wɔn nsam na ɔsɛe aboa a ɔto so anan no. Ɔde ahenni a ɛbɛtra hɔ daa a ebedi “aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa” so ma “obi a ɔte sɛ onipa ba.” Eyi twe adwene si awiei bere no ne Onipa Ba a ɔne Yesu Kristo ahensi wɔ afe 1914 mu no so.

25, 26. Nsɛmmisa bɛn na ebetumi asɔre bere a yɛkenkan Daniel nhoma no, na nhoma bɛn na ebetumi aboa ma yɛanya ho mmuae?

25 Akyinnye biara nni ho sɛ Daniel nhoma no akenkanfo benya nsɛmmisa pii. Sɛ nhwɛso no, mmoa anan a wɔn ho asɛm wɔ Daniel ti 7 no gyina hɔ ma dɛn? Nkɔmhyɛ kwan so “adapɛn aduɔson” a ɛwɔ Daniel 9:24-27 nkyerɛkyerɛmu ne dɛn? Na Daniel ti 11 ne nkɔmhyɛ kwan so ɔko a ‘atifi fam hene’ ne ‘anafo fam hene’ di no nso ɛ? Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan afi saa ahene yi hɔ wɔ awiei bere yi mu?

26 Yehowa ama n’asomfo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so a wɔfrɛ wɔn “ɔsorosoroni no akronkronfo” wɔ Daniel 7:18 no ate nneɛma a ɛtete saa ase. Bio nso, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ nsiesiei ama yɛn nyinaa na yɛasan ate nsɛm a wɔde honhom kaa odiyifo Daniel ma ɔkyerɛwee no ase. (Mateo 24:45) Ɛnnɛ, yebehu eyi wɔ nhoma foforo a woyii no adi a wɔato din sɛ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! mu. Nhoma a mfonini a ɛyɛ fɛ wom yi a ekura nkratafa 320 no ka Daniel nhoma no fã biara ho asɛm. Ɛka nkɔmhyɛ a ɛhyɛ gyidi den ne nsɛm a esisii biara a odiyifo Daniel a wɔdɔ no no kyerɛwee ho asɛm.

Ɛkyerɛ Biribi Ankasa Ma Yɛn Bere Yi

27, 28. (a) Dɛn ne Daniel nkɔmhyɛ nhoma no mmamu ho nokwasɛm? (b) Bere bɛn mu na yɛte yi, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

27 Susuw asɛntitiriw yi ho: Daniel nhoma no mu nkɔmhyɛ nyinaa anya mmamu gye nsɛm kakraa bi pɛ. Sɛ nhwɛso no, yɛahu wiase tebea a Daniel ti 2 dae no mu ohoni no yɛ ho mfonini no dedaw. Wɔsanee dunsin a na ɛwɔ mpokyerɛ mu a ɛho asɛm wɔ Daniel ti 4 no bere a wɔde Mesia Hene Yesu Kristo no sii so wɔ 1914 mu no. Yiw, sɛnea wɔka siei wɔ Daniel ti 7 no, Nea Ne Nna Akyɛ no de ahenni maa onipa Ba no.—Daniel 7:13, 14; Mateo 16:27–17:9.

28 Nnafua 2,300 a ɛho asɛm wɔ Daniel ti 8 ne nnafua 1,290 ne 1,335 a ɛho asɛm wɔ ti 12 no nyinaa atwam. Daniel ti 11 ho adesua kyerɛ sɛ ‘atifi fam hene’ ne ‘anafo fam hene’ ntam ɔko no adu n’awiei. Eyi nyinaa si Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛne sɛ yɛwɔ awiei bere no mu tɔnn no so dua. Sɛ yesusuw baabi titiriw a bere kyerɛ sɛ yɛadu no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yetie Yehowa Nyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ adesamma nyinaa hu wɔ yɛn bere yi ho?

• Ɔkwan bɛn so na Daniel nhoma no betumi ahyɛ yɛn gyidi den?

• Nneɛma bɛn na na ɛwɔ Nebukadnesar dae mu honi no ho, na na saa nneɛma no yɛ dɛn ho mfonini?

• Dɛn na ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Daniel no mmamu no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]