Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛhe na Wubetumi Akɔhwehwɛ Afotu Pa?

Ɛhe na Wubetumi Akɔhwehwɛ Afotu Pa?

Ɛhe na Wubetumi Akɔhwehwɛ Afotu Pa?

Ɛnnɛ, “nnwuma a wɔde afotu ma” no nya dɔla ɔpepepem pii afe biara. Nkurɔfo hia mmoa. Adwenemyare ho ɔbenfo Heinz Lehmann ka sɛ: “Nhomasua ne nnipa ntam fekubɔ ho aba asɛm [wɔ nnɛ wiase yi mu]. Ɔsom mu gyinapɛn ahorow nte sɛ nea na ɛte kan no bio. Mmusua ntumi nnyina papa . . . ., ma enti nkurɔfo nhu wɔn ho ano.” Nhoma kyerɛwfo Eric Maisel ka sɛ: “Wɔn a kan no na wɔde nsɛm a ɛhaw wɔn adwene, honhom fam ne honam fam, kɔdan wɔn dunsini, ɔsɔfo anaa wɔn abusua duruyɛfo no adan kɔ akwankyerɛ nhoma horow so.”

AMERIKA Adwene ne Nneyɛe Fekuw bi tew kuw bi a wɔde bɛyɛ adwuma a ɛrenya nkɔso yi mu nhwehwɛmu. Wɔka sɛ bere a “wobetumi aboa ankorankoro ma wɔate wɔn ankasa ne sɛnea afoforo te ase no . . . , wɔkɔ so gugu nsɛm a wɔka de hyɛ ho nkuran no mu, na wogye saa dwumadi no ho dodo.” Toronto Star sɛnkyerɛwfo bi ka sɛ: “Hwɛ yiye wɔ wɔn a wɔboa frɛ wɔn ho nyamesomfo no ho. . . . Ne titiriw no, hwɛ yiye wɔ akwankyerɛ nhoma horow, nsɛm a wɔkyere gu hama so, anaa nhyiam ahorow a ɛka nsɛm pii wɔ bere tiaa mu, a enhia sɛ obi haw ne ho pii anaa ɔhyɛ ne ho so, no ho.” Nokwarem no, nnipa pii wɔ hɔ a wɔwɔ koma pa, na wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn a ade ahia wɔn no. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa bɔnefo binom de ankonamyɛ ne amanehunu a ato ebinom no ayɛ hokwan a wɔde didi wɔn ho, nanso wontumi mmoa wɔn ankasa.

Esiane eyinom nyinaa nti, ɛhefa na yebetumi anya mmoa a yebetumi de yɛn ho ato so? Ɛhefa na yebetumi anya afotu a ebetumi adi aboa yɛn bere nyinaa?

Akwankyerɛ a Enni Huammɔ Fibea

Afeha a ɛto so 19 no mu Amerikani sɛnkafo, Henry Ward Beecher kae sɛ: “Bible no ne Onyankopɔn akwankyerɛ nhoma a ebetumi akyerɛ wo kwan afi po ase de wo akɔ po so hyɛn gyinabea, ne sɛnea wubedu hɔ a woremfa abotan anaa anhwea so.” Ɔbarima bi nso kaa Bible no ho asɛm sɛ: “Obiara ntumi nnwen ntra Kyerɛwnsɛm no; yehu mu yiye bere a yenyinyin no.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wususuw nhoma yi ho yiye?

Bere a Bible no ankasa rekamfo ne ho akyerɛ no, ɛka sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” (2 Timoteo 3:16, 17) Bible mu nsɛm no fi Nkwamafo, Yehowa Nyankopɔn nkyɛn. (Dwom 36:9) Ne saa nti, onim sɛnea yɛte ankasa, sɛnea Dwom 103:14 kae yɛn no: “Onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” Enti, yebetumi anya ɛbo a Bible no som no mu ahotoso akosi ase.

Nokwarem no, nnyinasosɛm ne akwankyerɛ ahorow wɔ Bible no mu a wubetumi de adi dwuma ma ɛso aba wo mfaso wɔ tebea biara a wobɛkɔ mu mu. Onyankopɔn nam so ka kyerɛ yɛn sɛ: “Eyi ne kwan,. . . . monnantew so.” (Yesaia 30:21) So Bible betumi adi ankorankoro ahiade ho dwuma ankasa nnɛ? Ma yɛnhwɛ.

Bible Di Yɛn Ahiade Ho Dwuma . . .

Wɔ Dadwen a Yebegyina Ano Mu. Bible kyerɛ yɛn sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) So mpaebɔ atumi aboa nkurɔfo ma wɔagyina dadwen a sikasɛm mu ahokyere, nna mu ɔbrasɛe ne atɛnnidi, anaa obi a wɔdɔ no wu de ba no ano anaa? Susuw osuahu a edi so yi ho hwɛ.

Bere a Jackie hui sɛ wɔato ne babea mmonnaa no, ɔkae sɛ: “Nsɛm biara nni hɔ a obi betumi de akyerɛ sɛnea ɔte nka wɔ bɔ a wantumi ammɔ ne ba ho ban no mu. Mabɔ mmɔden biara sɛ medi ɛyawdi, afodi, ne abufuw a ɛhyɛ me so no so. Anka saa nkate horow yi reyɛ asɛe m’asetra. Ná mihia sɛ Yehowa bɔ me koma ho ban denneennen.” Bere a ɔkenkan Filipifo 4:6, 7 no, ɔbɔɔ mmɔden yiye sɛ ɔde emu afotu no bedi dwuma. Jackie ka sɛ: “Mebɔ mpae daa, na mekɔ so srɛ sɛnea ɛbɛyɛ a bu a mibu me ho fɔ no rensɛe me, na Yehowa aboa me ma manya abotɔyam ne anigye. Mete nka sɛ mewɔ asomdwoe ankasa.”

Wo nso, wubetumi akɔ tebea bi a ɛyɛ den sɛ wubetumi agyina ano na woadi ho dwuma, na ɛma wo dadwen pii mu. Sɛ wudi mpaebɔ ho afotu a Bible de ma no akyi a, wubetumi agyina ano yiye. Odwontofo no de nsɛm yi hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa, NW] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.”—Dwom 37:5.

Hyɛ Yɛn Nkuran. Odwontofo no kaa nsɛm yi de kyerɛɛ anisɔ sɛ: “[Yehowa, NW], medɔ wo fi trabea ne faako a w’anuonyam te. Me nan gyina nea ɛhɔ da fam, asafo ahyiae mu na mehyira [Yehowa, NW].” (Dwom. 26:8, 12) Wɔhyɛ yɛn nkuran wɔ Bible mu sɛ yenhyiam daa nsom Yehowa. Ɔkwan bɛn so na saa fekubɔ yi betumi adi w’ahiade ho dwuma? Dɛn na afoforo ahu?

Becky ka sɛ: “M’awofo nsom Yehowa, enti sɛ mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ biribi a ɛne Onyankopɔn som wɔ abusuabɔ a, wɔma ɛyɛ den ma me. Me fam no, egye mmɔdenbɔ na matumi akɔ nhyiam ahorow.” Becky te nka sɛ wanya nhyira pii efisɛ wabɔ mmɔden atumi akɔ Kristofo nhyiam daa. Nhyiam ahorow no hyɛ me gyidi den sɛnea ɛbɛyɛ a metumi agyina nhyɛso a mihyia daa sɛ sukuuni, ɔbabea, ne Yehowa somfo no ano. Nkurɔfo a wɔwɔ Ahenni Asa so no yɛ soronko fi adesuafo a wɔwɔ sukuu mu no ho koraa! Wosusuw nnipa ho, na wɔboa afoforo, na bere nyinaa wɔn nkɔmmɔbɔ hyɛ nkuran. Wɔyɛ nnamfo paa.”

Yiw, sɛ yedi Bible no akwankyerɛ a ese yenhyiam daa so no a, ebetumi ama Yehowa ahyɛ yɛn nkuran. Ɛha na yehu nokware a odwontofo no nsɛm no yɛ no: “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.”—Dwom 46:1.

Ma Yɛyɛ Adwuma a Abotɔyam Wom na Mfaso Wɔ So. Bible hyɛ nkuran sɛ: “Muntintim, munnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.” (1 Korintofo 15:58) So “Awurade adwuma” no ma abotɔyam ampa? So Kristofo adwuma no tumi yɛ biribi a mfaso wɔ so?

Amelia ka sɛnea ɔte nka: “Me ne awarefo bi a anka wɔn aware reyɛ agu suaa Bible. Afei nso meboaa ɔbea bi a wokum ne babea yayaaya. Tebea a awufo wom a na ɔbea no nnim no yiye no haw n’adwene. Wɔ eyinom mu biara mu no, Bible nnyinasosɛm a wɔde dii dwuma no maa wonyaa asomdwoe ne anidaso wɔ wɔn asetra mu. Mete nka sɛ mewɔ anigye ne abotɔyam kɛse efisɛ me nso meboaa wɔn bi.” Scott ka sɛ: “Sɛ wowɔ asɛnka adwuma mu osuahu a ɛyɛ anigye a, fi Bible adesua foforo ase, di adanse bɔnnɔ so, na wobɛka ho asɛm mfe pii. Bere biara a wobɛkae no, wunya anigye koro no ara! Asɛnka adwuma no mu na anigye a ɛtra hɔ kyɛ na ɛso nni no fi ba.”

Ɛda adi pefee sɛ, Bible akwankyerɛ a obi bedi akyi ayɛ ɔsomfo a ɔyɛ nsi no adi saafo yi ahiade ho dwuma ma wɔanya adwuma a abotɔyam wom na mfaso wɔ so. Wo nso, yɛto nsa frɛ wo sɛ benya afoforo a wɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan ne ne mmara ahorow mu mu kyɛfa bi, na bere koro no ara no, wubenya mu mfaso.—Yesaia 48:17; Mateo 28:19, 20.

Onyankopɔn Asɛm a Yebenya Mu Mfaso

Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi anya akwankyerɛ pa a yɛde bedi dwuma wɔ nnɛ wiase yi mu afi Bible mu. Sɛ yebenya mu mfaso a, ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani. Ɛsɛ sɛ yɛkenkan no daa, sua, na yesusuw ho. Paulo tuu fo sɛ: “Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.” (1 Timoteo 4:15; Deuteronomium 11:18-21) Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ sɛ wobɔ mmɔden de n’afotu a ɛwɔ Bible mu no di dwuma a, ebesi wo yiye. Ɔhyɛ bɔ sɛ: ‘Fa wo ho to Yehowa so w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.’—Mmebusɛm 3:5, 6.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Bible afotu a wodi akyi no ma asetra yɛ anigye ne nea mfaso wɔ so