Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Wo “Nkwagye Anidaso” Mu Nyɛ Den!

Ma Wo “Nkwagye Anidaso” Mu Nyɛ Den!

Ma Wo “Nkwagye Anidaso” Mu Nyɛ Den!

“Yɛnhyɛ . . . nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.”—1 TESALONIKAFO 5:8.

1. Ɔkwan bɛn so na “nkwagye anidaso” no boa ma yenya boasetɔ?

ANIDASO a obi wɔ sɛ wobegye no nkwa no betumi aboa no ma wagyina nsɛm tebea a emu yɛ den sen biara ano. Obi a po so hyɛn a ɔte mu agu asu na ɔte obonto mu wɔ nsu no ani no betumi agyina tebea no ano bere tenten, sɛ onim sɛ ɛrenkyɛ na wanya mmoa a. Saa ara na ‘Yehowa nkwagye’ ho anidaso awowaw mmarima ne mmea gyidifo wɔ mmere a emu yɛ den mu mfirihyia mpempem pii, na saa anidaso yi nnii huammɔ da. (Exodus 14:13; Dwom 3:8; Romafo 5:5; 9:33) Ɔsomafo Paulo de “nkwagye anidaso” no totoo Kristofo honhom fam akode a ɛne “dade kyɛw” no ho. (1 Tesalonikafo 5:8; Efesofo 6:17) Yiw, ahotoso a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn begye yɛn no bɔ yɛn adwene ho ban, na ɛboa yɛn ma yɛn ani da hɔ ɛmfa ho amanehunu, ɔsɔretia, ne sɔhwɛ.

2. Akwan bɛn so na “nkwagye anidaso” yɛ nokware som mu ade titiriw?

2 The International Standard Bible Encyclopedia ka sɛ: “Ná abosonsom wiase,” wiase a na afeha a edi kan no mu Kristofo te mu no mufo “no nni daakye ho anidaso biara.” (Efesofo 2:12; 1 Tesalonikafo 4:13) Nanso, “nkwagye anidaso” no yɛ nokware som mu ade titiriw. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, Yehowa asomfo nkwagye bata n’ankasa din ho. Odwontofo Asaf bɔɔ mpae sɛ: “Di boa yɛn, yɛn nkwagye Nyankopɔn, wo din anuonyam nti na yi yɛn.” (Dwom 79:9; Hesekiel 20:9) Afei nso, Yehowa nhyira ahorow ho bɔhyɛ mu ahotoso a yebenya no ho hia na ama yɛne no anya abusuabɔ pa. Paulo kaa no saa kwan yi so sɛ: “Gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Bio nso, Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔn a wɔasakra wɔn adwene no nkwagye titiriw nti na Yesu baa asase so. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo.” (1 Timoteo 1:15) Na ɔsomafo Petro kaa nkwagye ho asɛm sɛ ‘yɛn gyidi awiei.’ (1 Petro 1:9) Ɛda adi pefee sɛ, ɛyɛ papa sɛ yɛhwɛ nkwagye kwan. Nanso, dɛn ankasa ne nkwagye? Na dɛn na ɛhwehwɛ na ama yɛn nsa aka?

Dɛn Ne Nkwagye?

3. Nkwagye bɛn na Yehowa asomfo a wɔtraa ase tete no nyae?

3 Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, “nkwagye” taa kyerɛ sɛ wogye obi fi ɔpatuwu a ɛnam nhyɛso anaa basabasayɛ so ba mu. Sɛ nhwɛso no, bere a Dawid frɛɛ Yehowa ‘Ogyefo’ no, ɔkae sɛ: “Me botantim Nyankopɔn . . . me guankɔbea, m’agyenkwa a wugyee me fii akakabensɛm mu. [Yehowa, NW] a woyi no ayɛ no na misu mefrɛ no, na wogye me m’atamfo nsam.” (2 Samuel 22:2-4) Ná Dawid nim sɛ sɛ Yehowa asomfo anokwafo su frɛ no a, Otie.—Dwom 31:22, 23; 145:19.

4. Daakye nkwa ho anidaso bɛn na na Yehowa asomfo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no wɔ?

4 Ná Yehowa asomfo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no nso wɔ daakye nkwa ho anidaso. (Hiob 14:13-15; Yesaia 25:8; Daniel 12:13) Nokwarem no, ná ogye ho bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no yɛ nkwagye kɛse no ho nkɔmhyɛ—nea ɛde kɔ daa nkwa mu no. (Yesaia 49:6, 8; Asomafo no Nnwuma 13:47; 2 Korintofo 6:2) Yesu bere so no, na Yudafo pii hwɛ daa nkwa kwan, nanso wɔannye Yesu antom sɛ ɔne nea wɔnam no so bɛma wɔn anidaso no aba mu. Yesu ka kyerɛɛ ne bere so nyamesom akannifo no sɛ: “Mohwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛne nea edi me ho adanse.”—Yohane 5:39.

5. Dɛn na nkwagye kyerɛ koraa?

5 Onyankopɔn nam Yesu so daa nea nkwagye kyerɛ nyinaa adi. Nea ɛka ho ne ogye a wonya fi bɔne tumidi ase, atoro som nkoayɛ, wiase a ɛhyɛ Satan ase, onipa ho suro, ne owu mpo ho suro mu. (Yohane 17:16; Romafo 8:2; Kolosefo 1:13; Adiyisɛm 18:2, 4) Awiei koraa no, wɔ Onyankopɔn asomfo anokwafo fam no, Onyankopɔn nkwagye nkyerɛ ogye a wonya fi nhyɛso ne amanehunu mu nko, na mmom, hokwan a wɔde benya daa nkwa nso. (Yohane 6:40; 17:3) Yesu kyerɛkyerɛe sɛ wɔ “kuw ketewa” no fam no, nea nkwagye kyerɛ ne sɛ wobenyan wɔn akɔ ɔsoro asetram ma wɔne Kristo akodi Hene. (Luka 12:32) Adesamma a aka fam no, nea nkwagye kyerɛ ne sɛ wɔbɛma wɔanya nkwa a ɛyɛ pɛ na wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ a na Adam ne Hawa ne no wɔ wɔ Eden turom ansa na wɔreyɛ bɔne no bi. (Asomafo no Nnwuma 3:21; Efesofo 1:10) Ná daa nkwa wɔ paradise asetra a ɛte saa mu no yɛ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma. (Genesis 1:28; Marko 10:30) Nanso, ɔkwan bɛn so na wobetumi de yɛn akɔ tebea horow a ɛte saa mu?

Nea Yegyina so Nya Nkwagye—Agyede No

6, 7. Dwuma bɛn na Yesu di wɔ yɛn nkwagye mu?

6 Kristo agyede afɔre no nkutoo na yebetumi agyina so anya daa nkwagye. Dɛn ntia? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ bere a Adam yɛɛ bɔne no, ‘ɔtɔn’ ɔne n’asefo a na wɔbɛba daakye nyinaa, a yɛn nso yɛka ho, kɔɔ bɔne mu—ma enti sɛ na adesamma benya anidaso a edi mũ a, na agyede ho behia. (Romafo 5:14, 15; 7:14) Mmoa a na wɔde bɔ afɔre wɔ Mose Mmara ase no yɛɛ agyede a na Onyankopɔn de bɛma ama adesamma nyinaa no ho mfonini. (Hebrifo 10:1-10; 1 Yohane 2:2) Yesu ne obi a n’afɔrebɔ no maa saa nkɔmhyɛ ho mfonini no nyaa mmamu. Yehowa bɔfo de ho amanneɛbɔ too gua ansa na wɔrewo Yesu sɛ: “Ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu.”—Mateo 1:21; Hebrifo 2:10.

7 Ɔbaabun Maria na ɔwoo Yesu anwonwakwan so, na sɛ́ Onyankopɔn Ba no, na Adam wu no nni ne so tumi. Nokwasɛm yi ne ne nokwaredi a ɛyɛ pɛ no maa ne nkwa yɛɛ nea ɛfata a na wohia de atɔ adesamma afi bɔne ne owu mu. (Yohane 8:36; 1 Korintofo 15:22) Nea ɛnte sɛ nnipa nyinaa no, ɛnyɛ bɔne nti na wobuu Yesu kumfɔ. Nea enti a ɔbaa asase so ankasa ne sɛ ‘ɔde ne kra bɛyɛ agyede ama nnipa pii.’ (Mateo 20:28) Bere a wayɛ eyi no, Yesu a mprempren wɔanyan no na wɔde no asi agua so no betumi agye wɔn a wodu Onyankopɔn ahwehwɛde ho nyinaa nkwa.—Adiyisɛm 12:10.

Dɛn na Wɔhwehwɛ na Ama Yɛanya Nkwagye?

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu buaa aberante sikani sodifo bi asɛm a ɛfa nkwagye ho no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu de hokwan yi kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no?

8 Bere bi, Israelni aberante sikani sodifo bi bisaa Yesu sɛ: “Dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?” (Marko 10:17) Ebetumi aba sɛ n’asɛmmisa no daa adwene a na Yudafo kura wɔ ne bere so no adi—sɛ Onyankopɔn hwehwɛ nnwuma pa bi, na saa nnwuma no pii a obi bɛyɛ no betumi ama Onyankopɔn agye no nkwa. Nanso, nnipa ani so som a ɛte saa betumi ayɛ nea efi pɛsɛmenkominya mu. Nnwuma a ɛte saa amma wɔannya nkwagye ho anidaso ankasa, efisɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ mu biara ntumi nnu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho ankasa.

9 Bere a Yesu rebua ɔbarima no asɛm no, ɔkaee no sɛ ɛsɛ sɛ odi Onyankopɔn mmara nsɛm so. Ntɛm ara na aberante no ka kyerɛɛ Yesu sɛ ofi ne mmofraase na edii so. Ne mmuae no kaa Yesu ma ɔdɔɔ no. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Aka wo ade biako: kɔ na kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi.” Nanso, aberante no de awerɛhow kɔɔ ne kwan, “efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree.” Ɛno akyi no, Yesu sii so dua kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wiase yi mu ahonyade a obi bedi akyi pii no besiw ne nkwagye kwan. Ɔde kaa ho sɛ obi mmɔdenbɔ ntumi mma onnya nkwagye. Nanso, Yesu kɔɔ so maa wɔn awerɛhyem sɛ: “Nnipa fam na entumi nyɛ, na ɛnyɛ Onyankopɔn fam, efisɛ Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.” (Marko 10:18-27; Luka 18:18-23) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya nkwagye?

10. Nneɛma atitiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yedu ho na ama yɛanya nkwagye?

10 Nkwagye yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, nanso yennya no kɛkɛ. (Romafo 6:23) Nneɛma atitiriw bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ankorankoro du ho na ama wɔafata ama saa akyɛde no. Yesu kae sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” Na ɔsomafo Yohane de kaa ho sɛ: “Nea ogye ɔba no di no wɔ daa nkwa; na nea ontie ɔba no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so.” (Yohane 3:16, 36) Ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn hwehwɛ gyidi ne osetie fi ankorankoro biara a ɔpɛ sɛ onya daa nkwa hɔ. Ɛsɛ sɛ ankorankoro biara si gyinae gye agyede no tom na odi Yesu anammɔn akyi.

11. Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a ɔnyɛ pɛ atumi anya Yehowa anim dom?

11 Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛnyɛ yɛn su ankasa sɛ yɛbɛyɛ osetie, na yentumi nyɛ osetie nkosi ase. Ɛno nti na Yehowa maa yɛn agyede a ɛbɛkata yɛn bɔne so no. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden tra ase ma ɛne Onyankopɔn akwan hyia. Sɛnea Yesu ka kyerɛɛ aberante sikani sodifo no, ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn mmara nsɛm so. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnyɛ Onyankopɔn anim dom nko na yebenya, na mmom anigye kɛse nso, efisɛ “n’ahyɛde no nyɛ den”; ɛma “akwahosan.” (1 Yohane 5:3; Mmebusɛm 3:1, 8) Ne nyinaa akyi no, ɛnna fam sɛ yɛbɛkɔ so akura nkwagye anidaso no mu.

‘Mompere Gyidi no Ho’

12. Ɔkwan bɛn so na nkwagye anidaso no hyɛ Kristoni den ma ɔko tia ɔbrasɛe ho sɔhwɛ ahorow?

12 Ná osuani Yuda pɛ sɛ ɔkyerɛw tete Kristofo no fa ‘nkwagye a ɛyɛ wɔn nyinaa de’ no ho. Nanso, ɔbra bɔne a na ɛrekɔ so no maa no tuu ne nuanom fo sɛ ‘wɔmpere gyidi no ho.’ Yiw, sɛ yebenya nkwagye a, ɛnnɔɔso sɛ yebenya gyidi, abata nokware Kristofo gyidi ho, na yɛayɛ osetie bere a biribiara rekɔ so dwoodwoo no. Ɛsɛ sɛ ahofama a yɛwɔ ma Yehowa no mu yɛ den kɛse na aboa yɛn ma yɛatumi ako atia sɔhwɛ ne ɔbrasɛe nkɛntɛnso ahorow. Nanso, na nna mu nneyɛe bɔne ne aguamammɔ, obu a wɔnkyerɛ mma tumidi, mpaapaemu, ne adwenem naayɛ renya afeha a edi kan no mu asafo no honhom so nkɛntɛnso. Nea ɛbɛboa ma wɔatumi ako atia nkɛntɛnso a ɛte saa no, Yuda hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ wɔmma wɔn botae ntra wɔn adwenem fann: “Adɔfo, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae Honhom Kronkron mu mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.” (Yuda 3, 4, 8, 19-21) Ná anidaso a wɔwɔ sɛ wobenya nkwagye no betumi ahyɛ wɔn den ma wɔako atia ɔbrasɛe.

13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yennyee Onyankopɔn dom no kwa?

13 Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔn a obegye wɔn nkwa no yɛ nhwɛso pa wɔ abrabɔ fam. (1 Korintofo 6:9, 10) Nanso, Onyankopɔn abrabɔ pa ho gyinapɛn mu a yebekura no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yebu afoforo atɛn. Ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ nea ɛbɛba yɛn yɔnko nnipa so daa. Mmom no, Onyankopɔn na ɔbɛyɛ saa, sɛnea Paulo ka kyerɛɛ Helafo a na wɔwɔ Atene no: “Wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ”—Yesu Kristo—“so bebu wiase ntɛn trenee mu.” (Asomafo no Nnwuma 17:31; Yohane 5:22) Sɛ yɛde Yesu agyede no mu gyidi rebɔ yɛn bra a, ɛnsɛ sɛ yesuro atemmu da a ɛreba no. (Hebrifo 10:38, 39) Ade a ehia ne sɛ ‘yɛrennye Onyankopɔn dom no kwa [ka a wɔka yɛn bata no ho denam agyede no so]’ nnyae yɛn ho mu mma nsusuwii ne nneyɛe bɔne. (2 Korintofo 6:1) Afei nso, sɛ yɛboa afoforo ma wonya nkwagye a, yɛkyerɛ sɛ yennyee Onyankopɔn mmɔborohunu no kwa. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn?

Nkwagye Anidaso a Yɛbɛka Akyerɛ

14, 15. Henanom na Yesu de hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnka nkwagye ho asɛmpa no?

14 Bere a Paulo refa odiyifo Yoel asɛm aka no, ɔkyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa, NW] din no benya nkwa.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ nea wonnye no nni? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?” Nkyekyem kakraa bi akyi no, Paulo da no adi sɛ yemfiti prɛko pɛ nnya gyidi; mmom, ‘ɛnam asɛm a yɛate so na ɛba,’ kyerɛ sɛ, ‘Kristo ho asɛm so.’—Romafo 10:13, 14, 17; Yoel 2:32.

15 Henanom na wɔde “Kristo asɛm” no bɛkɔ amanaman no nkyɛn? Yesu de saa adwuma no hyɛɛ n’asuafo no nsa—wɔn a na wɔadi kan akyerɛkyerɛ wɔn saa “asɛm” no. (Mateo 24:14; 28:19, 20; Yohane 17:20) Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ Ahenni ho asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma no mu a, na yɛreyɛ nea ɔsomafo Paulo kyerɛw ho asɛm no, saa bere yi de ɔfaa Yesaia asɛm na ɛkae: “Nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ dɛn ara!” Sɛ nnipa pii mpo nnye asɛmpa a yɛde kɔ wɔn nkyɛn no ntom a, yɛn anan da so ara ‘yɛ Yehowa fɛ.’—Romafo 10:15; Yesaia 52:7.

16, 17. Atirimpɔw abien bɛn na asɛmpaka adwuma a yɛreyɛ no di ho dwuma?

16 Ahyɛde yi a yebedi so no ma yedi atirimpɔw atitiriw abien ho dwuma. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no na ama yɛahyɛ Onyankopɔn din anuonyam, na wɔn a wɔpɛ daa nkwa no ahu baabi a wɔbɛdan akɔ. Paulo tee ahyɛde yi fã yi ase. Ɔkae sɛ: “Saa ara na [Yehowa, NW] ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagye akodu asase ano.” Enti, sɛ́ Kristo asuafo no, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara nya nkwagye asɛm a yɛka kyerɛ nkurɔfo no mu kyɛfa.—Asomafo no Nnwuma 13:47; Yesaia 49:6.

17 Nea ɛto so abien no, asɛmpaka adwuma no so na wogyina de Onyankopɔn trenee atemmu no ba. Ɛdefa saa atemmu no ho no, Yesu kae sɛ: “Onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu.” Ɛwom sɛ atemmu ne mpaapaemu adwuma no bɛba so bere a ‘onipa ba no ba n’anuonyam’ mu de, nanso asɛmpaka adwuma no rema nkurɔfo anya hokwan ahu Kristo honhom fam nuanom no, na wɔnam saayɛ so ayɛ adwuma de aboa wɔn ama wɔn ankasa nkwagye daakye.—Mateo 25:31-46.

Munkura “Anidaso a Akyinnye Nni Mu Koraa Mu”

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn “nkwagye anidaso” no mu ayɛ den?

18 Yɛn ho a yɛde bɛhyɛ asɛnka adwuma mu denneennen no nso yɛ ɔkwan a yɛfa so boa yɛn ho ma yɛn anidaso mu yɛ den. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdenbɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de kodu ase.” (Hebrifo 6:11) Ɛnde, ɛmmra sɛ yɛn mu biara bɛhyɛ “nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw,” na ama yɛakae sɛ “Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuw, na mmom oyii yɛn sɛ Awurade Yesu Kristo nti yemmenya nkwagye.” (1 Tesalonikafo 5:8, 9) Momma yentie Petro afotu yi nso: “Monkyekye mo adwene asen, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna ɔdom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyi mu no so koraa.” (1 Petro 1:13) Wɔn a wɔyɛ saa nyinaa behu sɛ wɔn “nkwagye anidaso” no bɛbam koraa!

19. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Enkosi saa bere no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu bere a aka ama saa nhyehyɛe yi no? Ɔkwan bɛn so na yebetumi de saa bere no adi dwuma ama yɛn ankasa ne afoforo anya nkwagye? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn “nkwagye anidaso” mu yɛ den?

• Dɛn na nkwagye a yebenya no kyerɛ?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn nsa aka akyɛde a ɛne nkwagye no?

• Dɛn na yɛn asɛnka adwuma no di ho dwuma ma ɛne Onyankopɔn atirimpɔw hyia?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Nkwagye kyerɛ pii sen gye a wogye obi fi ɔsɛe mu kɛkɛ