Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔaboa Me Ma Madi Me Fɛre So

Wɔaboa Me Ma Madi Me Fɛre So

Asetram Nsɛm

Wɔaboa Me Ma Madi Me Fɛre So

SƐNEA RUTH L. ULRICH KA KYERƐE

Mituee su mu wɔ ɔsɔfo no pon ano pɛɛ. Ná watwa nkontompo pii agu Charles T. Russell, a na wasom sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan no so. Momma menkyerɛkyerɛ nea enti a na abeawa te sɛ me, meresrasra nkurɔfo no mu nkyerɛ mo.

WƆWOO me too abusua bi a na wɔpɛ nyamesom mu wɔ Nebraska, U.S.A., akuraa bi ase wɔ 1910 mu. Anɔpa ne anwummere biara, sɛ yedidi wie a, na yɛn abusua no bom kenkan Bible. Ná Paapa na ɔyɛ Metɔdist asɔre no mmofra asɔre kyerɛkyerɛfo wɔ kurow ketewa Winside, a efi yɛn afum rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ kilomita asia no mu. Ná yɛwɔ ɔdan a pɔnkɔ twe a mfɛnsere deda ho, enti na yetumi kɔ asɔre Kwasida anɔpa biara.

Bere a midii bɛyɛ mfirihyia awotwe no, me nuabarima a na ɔyɛ akokoaa no bubui, na Maame de no kɔɔ ayaresabea wɔ Iowa. Ɛmfa ho mmɔden a ɔbɔe nyinaa no, me nuabarima no wui wɔ hɔ. Saa bere no mu ara na Maame hyiaa Bible Suani bi, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, wɔ Iowa. Wɔbɔɔ nkɔmmɔ pii, na mpo Maame dii awuraa no akyi ne no kɔɔ Bible Asuafo no asafo nhyiam ahorow bi ase.

Bere a Maame bae no, ɔde Studies in the Scriptures nhoma a na Ɔwɛn Aban Asafo no atintim no pii baa fie. Ankyɛ na obegye dii sɛ Bible Asuafo no na wɔrekyerɛkyerɛ nokware no, ne sɛ ɔkra a enwu da ne abɔnefo a wɔbɛyɛ wɔn ayayade daa no nyɛ nokware.—Genesis 2:7; Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4.

Nanso, Paapa bo fuwii yiye, ma enti ɔsɔre tiaa mmɔden a Maame bɔe sɛ ɔbɛkɔ Bible Asuafo no asafo nhyiam ahorow no. Ɔkɔɔ so de me ne me nua panyin, Clarence kɔɔ asɔre. Nanso sɛ Paapa nni fie a, na Maame ne yɛn sua Bible no. Ne saa nti, yɛn a yɛyɛ mmofra no nyaa hokwan de Bible Asuafo no nkyerɛkyerɛ totoo yɛn asɔre de no ho.

Ná me ne Clarence kɔ mmofra asɔre Kwasida biara, na na obisa yɛn kyerɛkyerɛfo no nsɛm a ontumi mma ho mmuae. Sɛ yedu fie a, na yɛka kyerɛ yɛn maame, na eyi ma yesusuw nsɛm yi ho kɔɔ akyiri. Akyiri yi, migyaee asɔre no fii ase ne Maame kɔɔ Bible Asuafo no nhyiam ahorow, na ankyɛ koraa na Clarence nso yɛɛ saa.

Fɛre a Migyinaa Ano

Me ne Maame kɔɔ Bible Asuafo no nhyiam titiriw bi a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio wɔ September 1922 mu no. Ntama kɛse a Joseph F. Rutherford, a saa bere no na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no kaa ɛso asɛm a ɛne “Mommɔ Ɔhene no ne N’ahenni Dawuru” kyerɛɛ atiefo bɛboro 18,000 no, da so ara gyina m’ani so. Ɛkaa me paa ma mihuu sɛ ɛsɛ sɛ mede nsi ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo.—Mateo 6:9, 10; 24:14.

Wogyee tirimbɔ ahorow toom wɔ nhyiam ahorow a wɔyɛ fi 1922 kosi 1928 no ase, na wotintim emu nsɛm no guu nkratawa so maa Bible Asuafo no kyekyɛɛ ɔpepem pii maa nkurɔfo wɔ wiase nyinaa. Ná meyɛ nipa teatea—enti na wɔfrɛ me ateaa donko—na na mede ahoɔhare kɔ afie afie kɔkyekyɛ nkratawa yi. M’ani gyee saa adwuma yi ho ankasa. Nanso, na ka a mɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ afoforo wɔ wɔn afie mu no yɛ asɛm foforo koraa.

Wunim, na mefɛre ade araa ma enti afe biara sɛ Maame to nsa frɛ abusuafo pii a, na misuro. Ná miguan kɔhyɛ me dan mu a mimpue. Bere bi, na Maame pɛ sɛ wotwa abusua mũ no nyinaa mfonini, enti ɔfrɛɛ me sɛ mimfi dan mu mmra. Esiane sɛ na mempɛ sɛ meba nti, bere a obesoo me mu twee me no, meteɛteɛɛm.

Nanso, ɛbae sɛ bere bi, misii me bo de Bible ho nhoma bi guu me bag mu. Mekaa no mpɛn pii sɛ, “mintumi nyɛ,” nanso ɛno akyi no, mekaa no me tirim sɛ, “ɛsɛ sɛ meyɛ.” Awiei koraa no, mekɔɔ asɛnka. Ɛno akyi no, m’ani gyei yiye sɛ minyaa akokoduru de kɔe. Nea ɛmaa m’ani gyei kɛse ne adwuma a meyɛe no, ɛnyɛ ɔkwan a mefaa so yɛe no ankasa. Saa bere no mu hɔ baabi na mihyiaa ɔsɔfo a midii kan kaa ne ho asɛm a mede nusu fii n’anim no. Bere rekɔ so no, ɛdenam Yehowa mmoa so no, mitumi kasa kyerɛɛ nkurɔfo wɔ wɔn afie mu, na ɛmaa m’ani gyei kɛse. Afei wɔ 1925 mu no, menam nsu mu asubɔ so yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

Bere Nyinaa Som Adwuma a Mifii Ase

Bere a midii mfirihyia 18 no, mede sika a minya fii me sewaa bi a midii n’ade hɔ no tɔɔ kar, na mifii akwampae adwuma, sɛnea wɔfrɛ bere nyinaa som adwuma no, ase. Mfe abien akyi, wɔ 1930 mu no, me ne me yɔnko bi gyee asɛnka dwumadi bi too yɛn ho so. Ebeduu saa bere no, na Clarence nso afi akwampae adwuma ase. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔpenee nsa a wɔto frɛɛ no sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ Betel, Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no so.

Saa bere no mu ara na yɛn awofo tetew mu, enti me ne Maame sii dan a wɔde lɔre twe, na yɛbɔɔ mu fii akwampae adwuma ase. Ná ɛno yɛ bere a Sikasɛm mu ahokyere aba United States no. Akwampae adwuma a na yɛbɛkɔ so ayɛ no bɛyɛɛ asɛnnennen, nanso na yɛasi yɛn bo sɛ yɛrennyae. Ná yɛde Bible ho nhoma ma de gye nkokɔ, nkesua, ne afum nneɛma, ne nneɛma bi nso te sɛ, batere ne alumina nkyɛnsee dedaw. Ná yɛtɔn alumina nkyɛnsee dedaw no de tɔ pɛtro gu yɛn kar mu, san de tuatua yɛn ho aka. Afei misuaa sɛnea wɔde ngo gugu kar no mu ne sɛnea wɔsesa kar mu ngo sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremmɔ ka pii. Yehui ampa sɛ, Yehowa dii ne bɔhyɛ so buee kwan a yɛbɛfa so adi akwanside ahorow so.—Mateo 6:33.

Mekɔ Asɛmpatrɛw Dwumadi Mu

Wɔ 1946 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a na ɛwɔ South Lansing, New York no. Ebeduu saa bere no, na me ne Maame abom de bɛboro mfe 15 ayɛ akwampae adwuma, nanso na ɔmpɛ sɛ otwitware hokwan a manya sɛ wɔbɛtete me ama asɛmpatrɛw adwuma no mu. Enti, ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menso hokwan no mu nkɔ Gilead Sukuu no. Miwiei no, me ne Martha Hess a ofi Peoria, Illinois, bɛyɛɛ yɔnko adwumayɛfo. Bere a na yɛretwɛn amannɔne dwumadi no, wɔmaa yɛne afoforo baanu yɛɛ adwuma afe, wɔ Cleveland, Ohio.

Saa dwumadi no bae wɔ 1947 mu. Wɔmaa me ne Martha dwumadi wɔ Hawaii. Esiane sɛ na ɛnyɛ den sɛ obi bɛkɔ supɔw yi so nti, Maame baa hɔ bɛtraa baabi a na ɔbɛn yɛn wɔ Honolulu kurow mu. Na n’akwahosan ho aba asɛm, enti meyɛɛ m’asɛmpatrɛw adwuma no, san boaa Maame. Mitumi hwɛɛ no kosii sɛ owui wɔ Hawaii wɔ 1956 mu, bere a na wadi mfirihyia 77. Bere a yeduu Hawaii no, na Adansefo bɛyɛ 130 na wɔwɔ hɔ, nanso ebeduu bere a Maame wui no, na wɔboro apem, enti na wonhia asɛmpatrɛwfo bio.

Afei me ne Martha nyaa krataa fii Ɔwɛn Aban Asafo no hɔ sɛ wɔama yɛn dwumadi wɔ Japan. Ade a na yedwen ho titiriw ne sɛ ebia yɛn mfe a yɛadi no nti yentumi nsua Japanfo kasa no. Saa bere no na madi mfirihyia 48, na na mesen Martha mfe anan pɛ. Nanso yegyaee asɛm no mu maa Yehowa, penee adwuma no so.

Wowiee 1958 amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ New York City Yankee Stadium ne Polo Grounds no, yɛfaa po so hyɛn kɔɔ Tokyo. Yɛreyɛ abɛn Yokohama ahyɛn gyinabea no, ahum bi tu hyiaa yɛn wɔ faako a Don ne Mabel Haslett, Lloyd ne Melba Barry, ne asɛmpatrɛwfo afoforo behyiaa yɛn no. Saa bere no, na Adansefo 1,124 pɛ na wɔwɔ Japan.

Ntɛm ara na yefii ase suaa Japanfo kasa no, na yefii afie afie asɛnka adwuma no ase. Yɛde Engiresi nkyerɛwde kyerɛw Japan kasa mu nsɛm a wɔka kyerɛ a na yɛkenkan kyerɛ afoforo no. Sɛ yɛkenkan a, afiewuranom no gye so, “Yoroshii desu” anaa, “Kekko desu,” a yɛbɛtee ase sɛ, “eye” anaa “ɛyɛ papa” no. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na na yehu sɛ ofiewura no ani gye ho anaasɛ n’ani nnye ho, esiane sɛ na wɔde nsɛm koro no ara di dwuma de kyerɛ sɛ wɔmpɛ nti. Ná ɛnne nnyigyei anaa onipa no anim yɛbea so na yebetumi agyina ahu. Egyee bere kakra ansa na yɛretumi ate eyinom ase.

Osuahu Ahorow a Ɛkaa Me Koma

Bere a na mentee kasa no ahe biara no, da bi, mekɔɔ Mitsubishi Adwumayɛbea dan bi mu kɔtoo ɔbea bi a na wadi mfirihyia 20. Onyaa nkɔso wɔ Bible mu nimdeɛ mu yiye, na wɔbɔɔ no asu wɔ 1966 mu. Afe akyi no, ofii akwampae adwuma ase na ankyɛ na wɔmaa no dwumadi sɛ ɔkwampaefo titiriw. Wakɔ so asom de besi nnɛ. Ne mmabaa bere mu ahoɔden ne ne bere a ɔde ayɛ bere nyinaa som adwuma no hyɛ me nkuran bere nyinaa.

Bible mu nokware akyi a wogyina no yɛ asɛnnennen ma nnipa a wɔte mmeae a wɔnyɛ Kristofo no titiriw. Nanso, nnipa mpempem pii atumi agyina asɛnnennen yi ano, a wɔn a me ne wɔn asua Bible no mu pii ka ho. Wɔabubu Buddhafo afɔremuka ahorow ne Shintofo apon a ɛwɔ Japanfo afie pii mu no agu. Esiane sɛ abusuafo taa di mfomso ka sɛ nneyɛe a ɛtete saa nkyerɛ obu mma nananom a wɔawuwu nti, egye akokoduru na ama wɔn a wɔyɛ foforo no atumi ayɛ eyi. Akokoduru mu a wofi yɛ nneɛma no ma yɛkae tete Kristofo a wɔtoo nneɛma a ɛne atoro som wɔ abusuabɔ gui no.—Asomafo no Nnwuma 19:18-20.

Mekae Bible suani bi a na ɔyɛ ɔbaa warefo, a na ɔreyɛ nhyehyɛe ma ɔne n’abusua atu afi Tokyo no. Na ɔpɛ sɛ otu kɔ fie foforo a abosonsom ho nneɛma biara nni mu mu. Enti ɔkaa nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no kyerɛɛ ne kunu, na ne kunu no fi ne pɛ mu penee so. Ɔde anigye kaa ho asɛm kyerɛɛ me, nanso ɔkaee sɛ ɔde nneɛma ahyɛ kuku kɛse bi a wɔde aboɔden abo ayɛ a na wakɔtɔ esiane sɛ na wɔkyerɛ sɛ ɛma anigye ba fie nti no mu. Esiane sɛ na osusuw sɛ ɛne atoro som wɔ abusuabɔ nti, ɔde asae bɔɔ kuku no, tow gui.

Ɔbea yi ne afoforo a wɔsɛe nneɛma a ne bo yɛ den a ɛne atoro som wɔ abusuabɔ, na wofi akokoduru mu sakra wɔn asetra som Yehowa a mihu no, ayɛ osuahu a ɛyɛ anigye sen biara a ɛma me abotɔyam. Meda Yehowa ase bere nyinaa sɛ matumi de bɛboro mfe 40 ayɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Japan.

Nnɛyi “Anwonwade Ahorow”

Sɛ mehwɛ bɛboro mfe 70 a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma no a, nea ayɛ te sɛ nnɛyi anwonwade ahorow no ma me ho dwiriw me. Sɛ́ ababaa a na mefɛre ade no, mansusuw da sɛ mede me nkwa nna nyinaa befi nkɔmmɔbɔ ase de aka Ahenni a nnipa pii mpɛ ho asɛm atie no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Nanso, ɛnyɛ sɛ matumi ayɛ saa nko, na mmom mahu nnipa ɔhaha anaa mpempem pii a wɔayɛ saa ara. Na wɔde ahokokwaw ayɛ eyi araa ma Adansefo a na wɔn dodow boro apem kakraa bi a na wɔwɔ Japan bere a miduu hɔ wɔ 1958 mu no adɔɔso akodu 222,000 nnɛ!

Bere a me ne Martha duu Japan no, wɔde yɛn kɔtraa baa dwumadibea a ɛwɔ Tokyo no. Wɔ 1963 mu no, wosii abansoro dan a ɛtoa so asia wɔ baa dwumadibea hɔ, na yɛatra hɔ abesi nnɛ. Wɔ November 1963 mu no, na yɛka nnipa 163 a wotiee ɔdan no so hyira kasa a yɛn baa dwumadibea sohwɛfo, Lloyd Barry mae no ho. Ebeduu saa bere no, na Adansefo a yɛwɔ Japan no adu 3,000.

Ɛyɛ anigye sɛ mahu sɛ Ahenni asɛnka adwuma no anya nkɔso ma ayɛ nwonwa saa, na eduu bɛboro 14,000 wɔ 1972 mu bere a wowiee baa dwumadibea a wɔatrɛw mu wɔ Numazu kurow mu no. Nanso ebeduu 1982 no, na Ahenni adawurubɔfo bɛboro 68,000 na wɔwɔ Japan, na wosii baa dwumadibea a ɛyɛ kɛse paa wɔ Ebina kurow, a efi Tokyo rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin 50 no.

Saa bere no, wosiesiee kan baa dwumadibea a na ɛwɔ Tokyo kurow mu no. Bere bi akyi no, wɔde bedii dwuma sɛ asɛmpatrɛwfo fie maa asɛmpatrɛwfo bɛboro 20 a wɔde mfe 40 anaa 50 anaa nea ɛboro saa asom wɔ Japan a, me ne me yɔnko dwumayɛni a yɛayɛ adwuma akyɛ, Martha Hess ka ho. Oduruyɛfo bi ne ne yere a ɔno nso yɛ ɔyarehwɛfo te yɛn fie hɔ. Wɔhwɛ yɛn, na wofi ɔdɔ mu hwɛ yɛn akwahosan ho nsɛm ma yɛn. Nnansa yi ara, wɔde ɔyarehwɛfo foforo abɛka ho, na da biara, anuanom mmea Kristofo ba bɛboa ayarehwɛfo no. Ebina Betel abusua no mufo baanu di nsesa bere nyinaa ba bɛnoa yɛn nnuan, san siesie yɛn fie ma yɛn. Nokwarem no, Yehowa ne yɛn adi no yiye.—Dwom 34:8, 10.

Ade titiriw bi sii wɔ m’asɛmpatrɛw mmere no mu wɔ November, afe a etwaam no, a ɛyɛ mfe 36 fi bere a wohyiraa ɔdan a yɛn a yɛayɛ asɛmpatrɛw akyɛ te mu mprempren no so akyi no. Wɔ November 13, 1999 no, na meka nnipa 4,486, a wɔbaa Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Ebina a wɔatrɛw mu wɔ Japan a na worehyira so no ase a na Adansefo a wɔasom akyɛ a wofi aman 37 so ka ho no ho. Mprempren, nnipa bɛyɛ 650 na wɔwɔ saa abusua no mu.

Wɔ bɛyɛ mfirihyia 80 ni a mede ehu fii ase kɔɔ afie afie kɔkaa Bible mu asɛm no, Yehowa ahyɛ me den kɛse. Waboa me ma madi me fɛre so. Migye di paa sɛ Yehowa betumi de obiara a ɔwɔ ne mu ahotoso adi dwuma, mpo wɔn a wɔfɛre ade paa te sɛ me. Na hwɛ asetra a ɛma abotɔyam araa a manya sɛ meka yɛn Nyankopɔn, Yehowa ho asɛm kyerɛ nnipa a minnim wɔn!

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Me ne Maame ne Clarence a na ofi Betel abɛsra yɛn

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yɛn adesuakuw mufo a yɛresua ade wɔ Gilead Sukuu a ɛbɛn South Lansing, New York, aboboano

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Benkum: Me, Martha Hess, ne maame wɔ Hawaii

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Nifa: Yɛn asɛmpatrɛw fie a ɛwɔ Tokyo no mufo

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ase hɔ: Me ne me yɔnko a me ne no ayɛ adwuma akyɛ, Martha Hess

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Wohyiraa yɛn baa dwumadibea a wɔatrɛw mu wɔ Ebina no so November a etwaam no