Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asetra a Ɛyɛ Pɛ—Ɛnyɛ Adaeso Ara Kwa!

Asetra a Ɛyɛ Pɛ—Ɛnyɛ Adaeso Ara Kwa!

Asetra a Ɛyɛ Pɛ—Ɛnyɛ Adaeso Ara Kwa!

Wiase a ɛyɛ pɛ—dɛn na ɛkyerɛ ma wo? Yɛ adesamma abusua a nsɛmmɔnedi, nnubɔnenom, ɔkɔm, ohia, anaa ntɛnkyea nnim ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Wɔn nyinaa ani gye na wɔwɔ ahoɔden. Awerɛhow nni hɔ bio efisɛ wɔayi owu afi hɔ. So yebetumi ahwɛ wiase a ɛte saa kwan ankasa?

BERE a yemmu yɛn ani ngu nkɔso a aba wɔ nyansahu ne mfiridwuma mu so no, nnipa dodow no ara na wonnye nni ankasa sɛ nnipa nyansa anaa nhomasua bɛma yɛanya wiase a ɛyɛ pɛ a obiara bɛtra ase asomdwoe ne anigye mu. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ onipa pɛ sɛ ɔbɛma nneɛma ayɛ yiye na wasiesie nneɛma a ɛtɔ sin no. Nokwarem no, akwanhwɛ a enni nnyinaso remmoa wɔn a wonni afie te mu ne ahiafo, saa ara na ɛrenyi wɔn a wɔadi dɛm ne ayarefo a wɔde bere tenten ahwɛ ayaresa kwan no mfi wɔn amanehunu mu. Ɛnyɛ nneɛma a nnipa yɛ so na wiase a ɛyɛ pɛ no nam bɛba. Nanso, ɛmfa ho mprempren ahohia ne nhyɛso no, yɛwɔ nnyinasosɛm a emu yɛ den a ɛma yegye di sɛ wiase a wobɛka ho asɛm sɛ ɛyɛ pɛ no abɛn ankasa.

Sɛ wususuw asetra a ɛyɛ pɛ ho a, ebia Yesu Kristo asetra ho asɛm bɛba w’adwenem. Ɛnyɛ Yesu nkutoo ne onipa a ɔyɛ pɛ a watra ase pɛn wɔ asase so. Adam ne Hawa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn suban so no, nyaa asetra a ɛyɛ pɛ wɔ paradise mu. Nanso, wɔhweree asetra a ɛkyɛn so yi esiane atua a wɔtew tiaa wɔn soro Agya no nti. (Genesis 3:1-6) Nanso, Ɔbɔadeɛ no de ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase daa hyɛɛ nnipa mu. Ɔsɛnkafo 3:11 si so dua sɛ: “[Onyankopɔn ayɛ] ade nyinaa fɛfɛ ne bere mu, nso ɔde wiase ahyɛ wɔn komam, anyɛ saa de a, anka onipa renhu adwuma a Onyankopɔn yɛ fi mfiase kosi awiei no.”

Bere a sintɔ ne bɔne de adesamma kɔɔ asetra ‘hunu’ ne ‘ɔsom porɔwee’ mu no, hyɛ ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛyɛ awerɛkyekye yi nsow: “Abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi. Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:19-21) Bible ma emu da hɔ sɛ Onyankopɔn nam Yesu Kristo so na ɛyɛɛ nsiesiei a ɛde nnipa bɛkɔ pɛyɛ mu no.—Yohane 3:16; 17:3.

Nea ɛka daakye anidaso yi ho no, yɛn nyinaa wɔ hokwan a ɛbɛma yɛanya nkɔso wɔ honhom fam, na yɛama yɛn nkɔso ada adi nnɛ mpo.

Bɔ Mmɔden sɛ Wobɛda Ntease Adi

Yesu Kristo buu pɛyɛ ho asɛm sɛ ade a ɛho hia kɛse ma enti ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm bi sɛ: “Enti monyɛ pɛ sɛnea mo agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ.” (Mateo 5:48) So na Yesu hwɛ kwan ankasa sɛ yɛbɛyɛ nnipa a mfomso nni yɛn ho wɔ mprempren nhyehyɛe yi mu? Dabi. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ankasa sɛ yɛbɛda ayamye ne ɔdɔ adi akyerɛ yɛn yɔnko nnipa, nanso mpɛn pii na yentumi nyɛ nea ɛteɛ. Yesu asomafo no mu biako mpo kyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu. Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma ɔdan ɔtorofo, na n’asɛm no nni yɛn mu.”—1 Yohane 1:9, 10.

Nanso, yebetumi anya nkɔso wɔ sɛnea yebu yɛn ho ne sɛnea yɛne afoforo di no mu, na yɛakwati sɛ yɛbɛyɛ nneɛma ma atra so. Hena na obetumi anya akwankyerɛ a eye a yɛnam so benya su a ɛkari pɛ na ɛma yɛda ntease adi sen nea yehu wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no? Su ahorow te sɛ anigye ne odwo a yebenya bɛboa yɛn ma yɛne afoforo abɔ wɔ adwumam, ne sɛnea yɛne yɛn aware mu hokafo, ne yɛn awofo anaa yɛn mma di nsɛm mu. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye! Momma nnipa nyinaa nhu mo [ntease, NW]!”—Filipifo 4:4, 5.

Ntease a Yɛbɛda no Adi so Mfaso

Sɛ woda ntease adi wɔ nneɛma a wohwɛ kwan mu, na wokwati sɛ wobɛteetee wo ho ahwehwɛ pɛyɛ atra so a, w’ankasa ne afoforo benya so mfaso. Nea ɛbɛma woahu nneɛma a wubetumi ayɛ ankasa ne sɛ wode nneɛma a ntease wom a wubetumi ayɛ besisi w’anim. Kae sɛ, Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yɛntra asase so na yɛnyɛ adwuma pa a yɛne afoforo benya so mfaso mu anigye.—Genesis 2:7-9.

Sɛ wuhu sɛ wode nneɛma pii haw wo ho a, dɛn nti na wonkɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu? Onyankopɔn anim dom a wubenya bɛma woanya ahotɔ. Yehowa nim yɛn su ne yɛn sintɔ, enti ɔnyɛ obi a ɔyɛ katee anaa ɛyɛ den sɛ yɛbɛsɔ n’ani. Odwontofo no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ [Yehowa, NW] yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:13, 14) Hwɛ sɛnea yebetumi ada Onyankopɔn ase sɛ ɔne nnipa di wɔ mmɔborohunu mu saa! Onim yɛn sintɔ ahorow, nanso yebetumi asom bo wɔ n’ani so sɛ mma adɔfo.

Sɛ́ anka yɛbɛhwehwɛ pɛyɛ ntraso no, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yebenya honhom fam nhumu ne adwene a ɛkari pɛ! Afei nso, yebetumi anya ahotoso sɛ obiara ntumi nsiw Yehowa kwan wɔ n’atirimpɔw a ɔbɛma abam ma ɔde adesamma akɔ pɛyɛ mu wɔ N’ahenni mu no ho. Nanso, dɛn na pɛ a nnipa bɛyɛ no kyerɛ?

Asetra a Ɛyɛ Pɛ Ye Sen Pɛyɛ Ntraso a Wɔhwehwɛ

Pɛyɛ nkyerɛ pɛyɛ ntraso a obi bɛhwehwɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wobenya hokwan atra Paradise asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no renyɛ nkurɔfo a wɔyɛ katee, na wobu wɔn ho treneefo. Ahwehwɛde ahorow a ɛbɛma yɛanya yɛn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu biako ne anisɔ kɛse a yebenya ama agyede no, sɛnea amanaman ntam nnipakuw kɛse no daa no adi a ɔsomafo Yohane kaa ho asɛm yi no: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.” (Adiyisɛm 7:9, 10, 14) Wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu nyinaa bɛda Kristo ase sɛ ofii ne pɛ mu wu maa wɔn ne wɔn a wɔkyerɛɛ ne mu gyidi no nyinaa. Afɔre a ofi ɔdɔ mu bɔe no na ɛbɛma wɔanya daa ogye afi wɔn sintɔ ne wɔn mmerɛwyɛ ahorow mu.—Yohane 3:16; Romafo 8:21, 22.

Asetra a ɛyɛ pɛ bɛyɛ sɛ dɛn? Sɛ́ anka nnipa besi akan na wɔafi pɛsɛmenkominya mu ma wɔn ani abere ade no, ɔdɔ ne ayamye bɛma asetra ayɛ nea ɛsom bo, na ebeyi dadwen ne obu a obi nni mma ne ho afi hɔ. Nanso, asetra a ɛyɛ pɛ renyɛ anihaw anaa mfonoe. Onyankopɔn Asɛm nka Paradise ho asɛm nyinaa nkyerɛ yɛn, nanso ɛka asetra a yebetumi ahwɛ kwan ho asɛm: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu, efisɛ wɔyɛ wɔn a [Yehowa, NW] ahyira wɔn no asefo, wɔne wɔn mma.”—Yesaia 65:21-23.

Sɛ́ anka yɛbɛdwennwen anigyede, sotɔɔ adan, mfiridwuma, anaa akwantu nhyehyɛe a yebenya wɔ Ahenni no mu ho no, wo de fa no sɛ worenya saa nsɛm yi mmamu mu kyɛfa dedaw: “Habɔdɔm ne oguammaa bedidi faako, na gyata awe wura sɛ nantwi; na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan; wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, [Yehowa, NW] na ose.” (Yesaia 65:25) Hwɛ sɛnea asetra a ɛyɛ pɛ bɛyɛ soronko koraa wɔ nea wuhu no nnɛ no ho! Sɛ wunya hokwan ka wɔn a wɔfata sɛ wɔbɛtra ase saa bere no ho a, wubenya nea enti a ɛsɛ sɛ wunya ahotoso sɛ wo soro Agya ani begye wo ne w’abusua ho no. “Ma w’ani nka [Yehowa, NW] ho, na wama wo nea wo koma pɛ.”—Dwom 37:4.

Asetra a ɛyɛ pɛ nyɛ adaeso ara kwa. Yehowa atirimpɔw a ɔdɔ wom ma adesamma no bɛbam koraa. Wo ne w’abusua betumi aka wɔn a wɔbɛma wɔadu nnipa pɛyɛ mu no ho na woatra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Bible hyɛ nkɔm sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yebetumi anya nkɔso wɔ sɛnea yebu yɛn ho ne afoforo no mu, na yɛakwati pɛyɛ ntraso anaa kateeyɛ

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Dɛn nti na womfa no sɛ wowɔ paradise tebea horow a asomdwoe ne trenee te mu no mu dedaw?