Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugyae Pɛyɛ Ntraso a Wobɛhwehwɛ?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugyae Pɛyɛ Ntraso a Wobɛhwehwɛ?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugyae Pɛyɛ Ntraso a Wobɛhwehwɛ?

So wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea eye sen biara bere nyinaa? Ɛda adi pefee sɛ, saa a wobɛyɛ no so bɛba wo ne afoforo a wɔne wo te so mfaso wɔ akwan pii so. Nanso, ebinom ayɛ ade kɔ akyiri ma wɔabɛyɛ nkurɔfo a wɔhwehwɛ pɛyɛ tra so. Dɛn na ɛno kyerɛ?

WIƐ, asɛm “pɛyɛ ntraso” no nkyerɛase biako ne sɛ “obi bu biribiara a ɛnyɛ pɛ sɛ ade a ɛmfata.” Ɛda adi sɛ woahyia nnipa bi a wɔwɔ su a ɛte saa pɛn. Wubetumi ahu sɛ nneɛma a ɛboro afoforo ahoɔden so a wɔhwehwɛ no betumi de ɔhaw pii aba, na akɔfa ahoyeraw ne abasamtu aba. Nnipa a wɔn ani da hɔ dodow no ara hu sɛ pɛyɛ ntraso ne nneɛma a ɛboro so a ntease nnim a wɔhwehwɛ wɔ asetram biribiara mu no nyɛ ade papa ankasa. Ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wogyae. Nanso, asɛm no ne sɛ, ɛdefa yɛn ankasa nneyɛe anaa yɛn suban ho no, ebetumi ayɛ den sɛ yebehu pɛyɛ ntraso a ɛte saa, ma enti ɛyɛ den sɛ yebegyae.

Na Nelson wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru ne ɔhaw pii a ɛsɛ sɛ odi ho dwuma. Ɔyɛ nneɛma ho nhwehwɛmu bu ho akontaa daa, na adwuma nkɔso ho hia no sen biara. Wɔtaa bu pɛyɛ ntraso sɛ biribi a ɛho hia na ama wɔadi yiye wɔ aguadi ho akansi mu. Ɛwom sɛ nnipa binom ani betumi agye sɛnea Nelson hwehwɛ sɛ ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ no ho de, nanso pɛyɛ ntraso a ɔhwehwɛ no ma onya honam fam haw pii te sɛ tipae ne dadwen. So wote sɛ Nelson?

Pɛyɛ ntraso a wɔhwehwɛ no ka mmofra nso. Bere a Rita a ofi Rio de Janeiro yɛ abofra no, na n’ani gye sukuukɔ ho. Na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔmma ne ho so nsen afoforo, nanso sɛ wɔyɛ sɔhwɛ na wantwa pii a na ɛhaw no yiye. Rita ka sɛ: “Efi me mmofraase no, na mede me ho toto afoforo a wɔwɔ bere pii ho, nanso na mehaw me ho de ahopere yɛ ade bere nyinaa. Mante nka da sɛ manya bere a ɛsɛ sɛ mede gye m’ahome, efisɛ na mewɔ biribi yɛ bere nyinaa.”

Bere a na Maria yɛ abeawa no, sɛ wantumi anyɛ mfonini ma anyɛ fɛ te sɛ afoforo de a, na n’abam bu ma osu. Afei nso, esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ohu nnwom to yiye nti, na ɔtaa haw mmom sen sɛ n’ani begye ne nnwom ho. Brazilni abeawa foforo, Tânia, a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ anifere na wakwati akansi no, gye toom sɛ ɔde gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn yiye besisi n’anim wɔ sukuu ne fie nyinaa. Osusuwii sɛ sɛ n’adwuma anyɛ pɛ a, nkurɔfo ani rennye ne ho pii. Afei nso, ɛtɔ mmere bi a na Tânia hwehwɛ pii fi afoforo hɔ, na eyi buu n’abam ma odii awerɛhow.

Ɛwom sɛ ahokokwaw, nsiyɛ, ne abotɔyam ho hia de, nanso nea ebetumi de adwene a ɛmfata te sɛ suro a obi suro sɛ obedi nkogu aba ne sɛ ɔde botae horow a ɛyɛ den besisi n’anim. Awofo anaa afoforo betumi de gyinapɛn bi a ɛkorɔn a ɛyɛ den sɛ wɔn mma bedu ho asisi wɔn anim wɔ sukuu dwumadi anaa agumadi mu. Sɛ nhwɛso no, na Ricardo maame hwɛ kwan sɛ ne ba no betumi ayɛ nneɛma pii, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ oduruyɛfo, ɔbɔ adakabɛn, na otumi ka kasa horow. So wuhu sɛ sɛ wɔde ani si adeyɛ yi so kɔ akyiri a, ebetumi de nsɛnnennen anaa huammɔdi aba?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokwati sɛ Wobɛhwehwɛ Pɛyɛ Atra So?

Nkurɔfo pɛ adwuma a edi mũ, wɔde ahokokwaw yɛ no pɛpɛɛpɛ ma ɛho twa. Enti ɛsɛ sɛ nkurɔfo si akan wɔ adwumayɛ mu. Ade foforo nso a ɛma nkurɔfo yere wɔn ho denneennen ne suro a wosuro sɛ wɔn ano aduan bɛbɔ wɔn. Adwumayɛfo binom bɛyɛ sɛ mmirikatufo a ɔde nneɛma pii bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a obegye abodin foforo. Enti, sɛ ɔrebesi akan a emu yɛ den a, ebetumi ama wayɛ ahosiesie pii, na ebia ɔbɛnonom nnuru a ɛbɛma watumi abɔ mmɔden—na ɛno ma onya anidaso—sɛ obedi nkonim. Sɛ́ anka pɛyɛ ntraso bɛyɛ ade pa a ɛkyɛn so ama nkurɔfo no, ɛma “nkogudi ho suro ka wɔn,” anaa “ɛma wonya ɔpɛ sɛ wobedi kan.”—The Feeling Good Handbook.

Ɛyɛ nokware sɛ, ebinom susuw sɛ wobetumi anya nkɔanim wɔ mmɔden a wɔbɔ wɔ nhomasua anaa agumadi mu no mu bere nyinaa. Nanso, sɛnea Oduruyɛfo Robert S. Eliot kyerɛ no, “pɛyɛ ntraso a wɔhwehwɛ yɛ akwanhwɛ a ɛmma mu da.” Ɔde ka ho sɛ: “Afobu, ahwɛyiye, ne suro a wosuro sɛ wobedi wɔn ho fɛw nkutoo na ɛwɔ mu.” Enti, hwɛ sɛnea Ɔhene Salomo nyansafo no nsɛm no yɛ nokware: “Mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.”—Ɔsɛnkafo 4:4.

Sɛ woyɛ obi a ɔhwehwɛ pɛyɛ tra so a, dɛn na wubetumi ayɛ? So ɛyɛ nokware sɛ dodow a woyere wo ho no, dodow no ara na wudi huammɔ? So wobɛpɛ sɛ worenhwehwɛ pii mfi afoforo hɔ, na woayɛ fakaa kɛse? Pɛ a wobɛyɛ no kyerɛ dɛn? So w’ani nnye ho sɛ wobɛyɛ nea wubetumi nyinaa bere a worenyɛ obi a ɔhwehwɛ pɛyɛ ma ɛtra so? Sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ tumi de Onyankopɔn dom akyɛde a ɔde ama wɔn yɛ nneɛma ma ɛso ba afoforo mfaso a, hwɛ nea adesamma betumi ayɛ wɔ tebea horow a ɛyɛ pɛ ne Onyankopɔn akwankyerɛ ase ho!

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Awofo anaa afoforo betumi ahwehwɛ pɛyɛ a mmofra ntumi nnu ho