Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mo Nyinaa Yɛ Anuanom”

“Mo Nyinaa Yɛ Anuanom”

“Mo Nyinaa Yɛ Anuanom”

“Wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom.”—MATEO 23:8.

1. Asɛm bɛn na ɛfata sɛ yesusuw ho?

“KRISTONI bea bi a ɔwɔ Apuei fam man bi so de adwempa bisaa ɔsɛmpatrɛwfo bi a ofi Australia sɛ: “Hena na ɔfata obu kɛse, ɔsɛmpatrɛwfo anaa Betelni?” Ná ɔpɛ sɛ ohu nea ɛsɛ sɛ wobu no kɛse, ɔsɛmpatrɛwfo a ofi ɔman foforo so anaa ɛhɔnom somfo a ɔsom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea hɔ. Saa asɛmmisa a na onnim nea ɛkyerɛ ankasa, a ɛda dibea ho adwene adi no maa ɔsɛmpatrɛwfo no ho dwiriw no. Nanso, asɛmmisa a ɛfa nea ɔyɛ kɛse ho no fi pɛ a obi pɛ sɛ ohu nkurɔfo gyinabea ne tumi a wokura mu.

2. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu yɛn mfɛfo asomfo?

2 Ahiasɛm yi nyɛ ade foforo koraa. Yesu asuafo no mpo kɔɔ so gyee nea ɔyɛ wɔn mu ɔkɛse ho akyinnye. (Mateo 20:20-24; Marko 9:33-37; Luka 22:24-27) Wɔn nso, na wofi mmusua a na dibea ho asɛm hia wɔn paa, afeha a edi kan Yudasom, mu. Bere a na abusua a ɛte saa ho adwene wɔ Yesu tirim no, otuu n’asuafo no fo sɛ: “Wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom.” (Mateo 23:8) Bible ho ɔbenfo Albert Barnes kae sɛ, ɔsom mu abodin te sɛ “Rabi,” a ɛkyerɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo” no “kanyan ahantan ne ahomaso su wɔ wɔn a wonya no mu, na ɛma wɔn a wodi wɔn so tumi no ani bere wɔn na wɔte nka sɛ wɔba fam; na sɛ ne nyinaa boa ano a, ɛne ‘Kristo asetra a ɛda ahobrɛase adi no nhyia.’” Nokwarem no, Kristofo kwati sɛ wɔbɛfrɛ ahwɛfo sɛ “Ɔpanyin Asimasi anaa Ɔbenten,” bere a wɔde asɛmfua “ɔpanyin” no di dwuma sɛ abodin a wɔde hoahoa obi no. (Hiob 32:21, 22) Nanso, mpanyimfo a wɔde Yesu afotu no di dwuma no di asafo no mufo afoforo ni, sɛnea Yehowa di asomfo anokwafo ni na Yesu Kristo nso di akyidifo anokwafo ni no ara pɛ.

Yehowa ne Yesu Nhwɛso

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa dii ne honhom abɔde no ni?

3 Ɛwom sɛ Yehowa ne “Ɔsorosoroni” de, nanso efi mfiase pɛɛ na odii n’abɔde ni denam kyɛfa a ɔma wonyae wɔ ne nnwuma mu no so. (Dwom 83:18) Bere a Yehowa bɔɔ onipa a odi kan no, ɔmaa ne Dɔba a ɔwoo no koro no nyaa adwumayɛ no mu kyɛfa, sɛ ‘odwumayɛni a waben.’ (Mmebusɛm 8:27-30; Genesis 1:26) Bere a na Yehowa asi ne bo sɛ ɔbɛsɛe Ahab mpo no, Ɔtoo nsa frɛɛ ne soro abɔfo ma wɔkyerɛɛ wɔn adwene wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so asɛe ɔhene tirimɔdenfo no ho.—1 Ahene 22:19-23.

4, 5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa di n’abɔde a wɔyɛ nnipa no ni?

4 Yehowa di tumi sɛ Amansan Sodifo Pumpuni. (Deuteronomium 3:24) Enhia sɛ ɔne nnipa tu agyina. Nanso, sɛnkyerɛnne kwan so no, ɔbɔ ne mu ase, susuw wɔn ho. Odwontofo bi too dwom sɛ: “Hena na ɔte sɛ [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn a ne trabea wɔ soro, na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase so? Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so.”—Dwom 113:5-8.

5 Ansa na Yehowa resɛe Sodom ne Gomora no, ɔyɛɛ aso maa Abraham nsɛmmisa, na Odii atemmu ho adwene a na ɔwɔ no ho dwuma maa no. (Genesis 18:23-33) Ɛwom sɛ na Yehowa nim nea na ebefi Abraham abisade no mu aba de, nanso ɔtoo ne bo ase maa Abraham, na ogyee ne nsusuwii toom.

6. Dɛn na efii nidi a Yehowa daa no adi no mu bae bere a Habakuk bisaa no asɛm no?

6 Yehowa tiee Habakuk nso, bere a obisae sɛ: “[Yehowa, NW], mateɛm makyɛ dɛn ara, na wuntie?” So Yehowa buu asɛmmisa no sɛ ade a ɔde retwa ne tumidi mpoa? Dabi, ɔfaa Habakuk asɛmmisa no aniberesɛm, na ɔnam so daa n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma Kaldeafo adi n’atemmu ho dwuma no adi. Ɔmaa odiyifo no awerɛhyem sɛ ‘atemmu a wɔaka ho asɛm ato hɔ no bɛbam ɔkwan biara so.’ (Habakuk 1:1, 2, 5, 6, 13, 14; 2:2, 3) Yehowa nam Habakuk ahiasɛm a ɔfaa no aniberesɛm na ɔmaa no ho mmuae no so dii odiyifo no ni. Ne saa nti, odiyifo a na n’adwene ayɛ no basaa no anim tewee na n’ani gyei, na onyaa ne nkwagye Nyankopɔn no mu ahotoso koraa. Eyi da adi wɔ Habakuk nhoma a Yehowa ma ɔkyerɛwee a ɛhyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Ne mu den nnɛ no mu.—Habakuk 3:18, 19.

7. Dɛn nti na dwuma a Petro dii wɔ Pentekoste 33 Y.B. no yɛ biribi titiriw?

7 Yesu Kristo nso yɛ obi a ɔdaa obu adi kyerɛɛ afoforo ho nhwɛso pa. Na Yesu aka akyerɛ n’asuafo no sɛ “obiara a ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.” (Mateo 10:32, 33) Nanso, anadwo a woyii no mae no, n’asuafo no nyinaa gyaw no, na Petro paa no mprɛnsa. (Mateo 26:34, 35, 69-75) Yesu hwɛ traa nea aniwa tua ara kwa, na osusuw Petro nkate, n’ahonu a emu dɔ no ho. (Luka 22:61, 62) Nnafua 51 pɛ akyi no, Kristo dii ɔsomafo a na wanu ne ho no ni denam ma a ɔma ogyinaa Yesu asuafo 120 ananmu wɔ Pentekoste da no ma ɔde “ahenni ano nsafe” a edi kan dii dwuma no so. (Mateo 16:19; Asomafo no Nnwuma 2:14-40) Wɔmaa Petro kwan ma ‘ɔsan bɛhyɛɛ ne nuanom den.’—Luka 22:31-33.

Abusuafo a Wodi Wɔn Ni

8, 9. Ɔkwan bɛn so na okunu betumi asuasua Yehowa ne Yesu wɔ sɛnea odi ne yere ni no mu?

8 Eye sɛ okununom ne awofo suasua Yehowa ne Yesu Kristo wɔ sɛnea wɔde tumi a efi Onyankopɔn nkyɛn di dwuma no mu. Petro tuu fo sɛ: “Okununom, mo ne wɔn ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no difo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Petro 3:7) Fa no sɛ wukura anwenne a wɔde dɔte ayɛ a ɛda adi sɛ ɛyɛ mmerɛw sen nea wɔde dua ayɛ. So worenyɛ ahwɛyiye? Okunu betumi ayɛ saa denam sua a obesua Yehowa, atie ne yere adwenkyerɛ bere a wɔresisi nneɛma ho gyinae wɔ abusua no mu no so. Kae sɛ Yehowa gyee bere ne Abraham susuw nsɛm ho. Esiane sɛ okunu nyɛ pɛ nti, ebia ɔrenhu asɛm no nyinaa ani so. Enti so ɛrenyɛ papa sɛ obedi ne yere ni denam n’adwenkyerɛ a obefi komam asusuw ho no so?

9 Wɔ aman a wogye mmarima tumidi tom kɛse mu no, ɛsɛ sɛ okunu ma ɛtra n’adwene mu sɛ ebia egyee mmɔdenbɔ kɛse ansa na ne yere no retumi ada ne komam nsusuwii ankasa adi. Suasua sɛnea Yesu Kristo ne n’asuafo, a wɔyɛ ne daakye ayeforo kuw no fã, dii bere a na ɔwɔ asase so no ho hwɛ. Ná ɔpɛ wɔn asɛm, na ansa na wɔbɛka nea ehia wɔn ho asɛm no, na wadi kan asusuw wɔn honam fam ne honhom fam sintɔ ho dedaw. (Marko 6:31; Yohane 16:12, 13; Efesofo 5:28-30) Bio nso, gye bere fa susuw nea wo yere reyɛ ama wo ne w’abusua no ho, na kyerɛ ho anisɔ denam nsɛm a woka ne wo nneyɛe so. Yehowa ne Yesu nyinaa kyerɛɛ wɔn a wɔfata no nnwuma ho anisɔ, kamfoo wɔn hyiraa wɔn. (1 Ahene 3:10-14; Hiob 42:12-15; Marko 12:41-44; Yohane 12:3-8) Bere a ɔbea Kristoni bi a ɔte Apuei fam man bi so kunu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo no, ɔkae sɛ: “Sɛ me ne me kunu nam a, na ɔkɔ gya me, na na ɔma mesoa biribiara. Mprempren de, ɛyɛ a okura bag ahorow no, na ɔkyerɛ nea mereyɛ wɔ fie no ho anisɔ!” Nokwasɛm a wɔka de kyerɛ anisɔ tumi boa yiye ma wo yere te nka sɛ ɔsom bo.—Mmebusɛm 31:28.

10, 11. Dɛn na awofo betumi asuasua afi nhwɛso pa a Yehowa yɛe wɔ sɛnea ɔne Israel man atuatewfo no dii no mu?

10 Sɛ awofo ne wɔn mma redi, ne titiriw, bere a asotwe ho abehia no a, ɛsɛ sɛ wosuasua Onyankopɔn nhwɛso no. ‘Yehowa kɔɔ so bɔɔ Israel ne Yuda’ kɔkɔ sɛ wɔnsan mfi wɔn akwammɔne so, nanso “wosinsen wɔn kɔn.” (2 Ahene 17:13-15) Israelfo no de “wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no, na wɔde wɔn tɛkrɛma dii atoro kyerɛɛ no.” Awofo pii betumi ate nka sɛ ɛtɔ mmere bi a, wɔn mma yɛ saa. Israelfo no “sɔɔ Onyankopɔn hwɛe” na woyii no ahii maa ne werɛ howee. Nanso na Yehowa yɛ ‘timmɔbɔ, enti ɔkataa wɔn amumɔyɛ so, na wansɛe wɔn.’—Dwom 78:36-41.

11 Yehowa srɛɛ Israelfo no mpo sɛ: “Mommra ma yenni ɛ, . . . sɛ mo bɔne te sɛ dammaramma a, ɛbɛhoa sɛ sukyerɛma.” (Yesaia 1:18) Ɛwom sɛ na Yehowa nnii mfomso biara de, nanso ɔtoo nsa frɛɛ ɔman atuatewfo no sɛ wɔmmra mma wonni. Su pa a ɛsɛ sɛ awofo suasua bere a wɔne wɔn mma redi bɛn ara ni! Sɛ tebea bi hwehwɛ sɛ woyɛ saa a, di wɔn ni denam wɔn fam de a wubetie wɔ asɛm bi ho so, na wo ne wɔn nsusuw nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae no ho.

12. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yebedi yɛn mma ni asen Yehowa? (b) Sɛ yebetumi adi yɛn mma ni bere a yɛreteɛ wɔn so no a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?

12 Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a, mmofra hia nkaanim a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ awofo suasua Eli a ‘ɔsɔɔ ne mma ani sen Yehowa no.’ (1 Samuel 2:29) Nanso ehia sɛ mmofra hu ɔdɔ ho asɛm a ɛwɔ nteɛso a wɔde rema wɔn no mu. Ɛsɛ sɛ wotumi hu sɛ wɔn awofo dɔ wɔn. Paulo tu agyanom fo sɛ: “Munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Bere a yegye agyanom tumi tom sɛ awofo no, nea yɛreka ho asɛm ne hia a ehia sɛ agya bi bedi ne mma ni denam nsɛm a ɛyɛ yaw tra so a ɔrenka mfa nhyɛ wɔn abufuw no so. Yiw, egye bere ne mmɔdenbɔ na ama awofo atumi asusuw nidi a wɔde bɛma mmofra ho, nanso mfaso a ɛwɔ saa a wɔbɛyɛ no so ma nneɛma a wɔde bɔ afɔre no nyinaa yɛ nea ɛfata.

13. Dɛn na Bible ka fa abusuafo a wɔn mfe akɔ anim no ho?

13 Abusuafo a yebedi wɔn ni no hwehwɛ pii sen sɛ obi bedi ne yere ne ne mma ni. Japanfo bu bɛ bi sɛ: “Sɛ wunyin a, tie wo mma.” Aba a ɛwɔ saa abebusɛm no mu ne sɛ ɛsɛ sɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim no kwati sɛ wɔbɛyɛ ade ma atra nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ sɛ awofo, na wotie nea wɔn mma a wɔanyinyin no ka. Bere a Kyerɛwnsɛm no hyɛ nkuran sɛ awofo nni wɔn mma ni denam aso a wɔbɛyɛ ama wɔn so no, ɛnsɛ sɛ mmofra da aniammɔnho adi kyerɛ abusuafo a wɔn mfe akɔ anim no. Mmebusɛm 23:22 ka sɛ: “Wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.” Ɔhene Salomo de abebusɛm yi bɔɔ ne bra, na odii ne maame ni bere a ɔde n’asɛm bɛdan no no. Salomo ma wɔde agua besii ne de nifa so, na otiee ne maame, Bat-Seba asɛm a ɔde baa ne nkyɛn no.—1 Ahene 2:19, 20.

14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi asafo no mufo a wɔn mfe akɔ anim no ni?

14 Wɔ yɛn honhom fam abusua kɛse yi mu no, yɛwɔ hokwan kɛse sɛ ‘yedi kan’ di asafo no mufo a wɔn mfe akɔ anim no ni. (Romafo 12:10) Ebia wɔrentumi nyɛ pii te sɛ nea na kan no wɔyɛ no, na ɛno betumi ahaw wɔn. (Ɔsɛnkafo 12:1-7) Ɔdansefo bi a wɔasra no a ne mfe akɔ anim a waka mpa mu wɔ wɔn a wɔanyinyin atrae kaa ɔhaw yi ho asɛm sɛ: “Me ho pere me sɛ mewu na masɔre akɔyɛ adwuma.” Kyerɛ a yɛbɛkyerɛ mpanyimfo a wɔtete saa no ho anigye na yɛadi wɔn ni no betumi aboa. Wɔmaa Israelfo no ahyɛde sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni.” (Leviticus 19:32) Da tema adi denam wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wobɛma wɔate nka sɛ wɔn ho hia na w’ani sɔ wɔn so. ‘Sɔre a wobɛsɔre’ no nso betumi akyerɛ sɛ wobɛtra ase ma wɔaka nea wɔayɛ atwam mfe pii ni no akyerɛ wo. Ɛno bɛma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no anim aba nyam, na yɛn ankasa benya so mfaso wɔ honhom fam.

‘Di Kan Di Afoforo Ni’

15. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de adi asafo no mufo ni?

15 Sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ nhwɛso pa a, ɛsi asafo no mufo yiye. (1 Petro 5:2, 3) Ɛmfa ho sɛ wonni adagyew no, mpanyimfo a wosusuw afoforo ho no di kan bɛn mmofra, mmusua ti, ɛnanom a wonni ahokafo, mmea awarefo, ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, sɛ ebia saafo yi rehyia nsɛnnennen anaasɛ ɛnte saa. Mpanyimfo no tie nea asafo no mufo wɔ ka, na wɔkamfo wɔn wɔ nea wotumi yɛ ho. Ɔpanyin a ɔde n’ani to fam na ɔka nsɛm a ɛhyɛ nkuran fa nea onua anaa onuawa bi ayɛ ho no suasua Yehowa, nea ɔkyerɛ n’asase so abɔde ho anisɔ no.

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu mpanyimfo sɛ nidi a yɛde ma asafo no mufo a aka no ara bi na ɛfata wɔn?

16 Sɛ mpanyimfo suasua Yehowa a, wɔyɛ nhwɛso pa wɔ Paulo afotusɛm yi a wɔde di dwuma no mu: “Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.” (Romafo 12:10) Eyi yɛ betumi ayɛ den ama mpanyimfo a wɔte aman a dibea ho hia wɔn mu no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Apuei fam man bi so no, wɔde nsɛm abien na egyina hɔ ma “onua,” biako kura nidi na ɔfoforo no nni bi. Kan no na asafo no mufo de nea nidi wom no na ɛfrɛ mpanyimfo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, na wɔde nea nidi nnim no afrɛ afoforo a aka no. Nanso wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa nea nidi biara mmata ho no nni dwuma bere nyinaa efisɛ sɛnea Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no, “mo nyinaa yɛ anuanom.” (Mateo 23:8) Ɛwom sɛ ebia saa nyiyim no nna adi kɛse wɔ aman foforo so de, nanso ehia sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ɔpɛ a nnipa wɔ sɛ wɔbɛyɛ nyiyim no ho.—Yakobo 2:4.

17. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma afoforo tumi bɛn wɔn? (b) Akwan bɛn so na mpanyimfo betumi asuasua Yehowa bere a wɔne asafo no mufo redi no?

17 Ɛwom, Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa nidi a ɛbɔ ho abien’ mma mpanyimfo bi de, nanso wɔda so ara yɛ anuanom. (1 Timoteo 5:17) Sɛ ‘yetumi de nnam ba’ Amansan Hene no ‘dom ahengua no anim’ a, so ɛnsɛ sɛ yetumi bɛn mpanyimfo a ɛsɛ sɛ wosuasua Yehowa no? (Hebrifo 4:16; Efesofo 5:1) Ɛsɛ sɛ ahwɛfo ankasa kari sɛnea afoforo tumi bɛn wɔn no denam mpɛn dodow a afoforo tumi ba wɔn nkyɛn bɛhwehwɛ afotu na wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma ho no so. Sua biribi fi ɔkwan a Yehowa ma afoforo nya ne nnwuma mu kyɛfa no mu. Odi afoforo ni denam nnwuma a ɔde hyehyɛ wɔn nsa so. Sɛ ɛba mpo sɛ nyansahyɛ ahorow a Ɔdansefo bi de ma no ntumi nyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no kyerɛ adwene a ɔkyerɛe no ho anisɔ. Kae sɛnea Yehowa yɛɛ n’ade wɔ Abraham nsɛmmisa a na ɔde repɛ ahu N’adwene, ne teɛ a Habakuk fi ahohia mu teɛɛm no ho.

18. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi asuasua Yehowa bere a wɔreteɛ wɔn a wohia mmoa so no?

18 Yɛn mfɛfo Kristofo binom hia nteɛso. (Galatifo 6:1) Nanso, wɔda so ara som bo wɔ Yehowa ani so a enti ɛfata sɛ yedi wɔn ni. Ɔdansefo bi kae sɛ: “Sɛ ɔfotufo bi di me ni a, ɛnyɛ me den sɛ mɛbɛn no.” Nnipa pii de afotu di dwuma bere a wɔne wɔn di no nidi mu no. Ebetumi agye bere, nanso sɛ wutie obi a wafom kwan nsɛm nyinaa a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ obegye afotu a ehia atom. Ma sɛnea Yehowa ne Israelfo no susuw nsɛm ho mpɛn pii esiane sɛ na ne yam hyehye no ma wɔn no ntra w’adwenem. (2 Beresosɛm 36:15; Tito 3:2) Afotu a wofi tema ne mmɔborohunu mu de ma no bɛka wɔn a wohia mmoa no koma.—Mmebusɛm 17:17; Filipifo 2:2, 3; 1 Petro 3:8.

19. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wonkura Kristofo gyidi no?

19 Nidi a yɛbɛkyerɛ ama afoforo no kɔ akyiri kɔka wɔn a ebia wobetumi abɛyɛ yɛn honhom fam anuanom daakye no. Ebia saafo no bɛtwentwɛn wɔn nan ase wɔ asɛm a yɛka no ho mprempren de, nanso ehia sɛ yɛtɔ yɛn bo ase ma wɔn na yedi wɔn ni sɛ nnipa. Yehowa ‘mpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.’ (2 Petro 3:9) So ɛnsɛ sɛ yenya Yehowa adwene? Sɛnea nnipa nyinaa te no, sɛ yɛbɔ mmɔden da adamfofa su adi a, yebetumi abɔ kwan ama adansedi. Ɛwom, yɛtwe yɛn ho fi fekubɔ a ebetumi apira yɛn wɔ honhom fam no ho. (1 Korintofo 15:33) Nanso, yɛda ‘ayamye’ adi denam nnipa a wɔne yɛn nkura gyidi biako a yɛmmu yɛn ani ngu wɔn so no so.—Asomafo no Nnwuma 27:3.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa ne Yesu Kristo nhwɛso no ka yɛn ma yɛyɛ?

20 Yiw, Yehowa ne Yesu Kristo di yɛn mu biara ni. Ɛmmra sɛ yɛbɛkae sɛnea wɔyɛ wɔn ade no bere nyinaa, na yɛn nso yɛadi kan adidi yɛn ho yɛn ho ni. Na yɛmma yɛn Awurade Yesu Kristo asɛm yi ntra yɛn adwenem bere nyinaa: “Mo nyinaa yɛ anuanom.”—Mateo 23:8.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wubu mfɛfo asomfo?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Yesu nhwɛso no ka wo ma wudi afoforo ni?

• Ɔkwan bɛn so na okununom ne awofo betumi adi afoforo ni?

• Sɛ mpanyimfo bu wɔn mfɛfo Kristofo sɛ anuanom a, ɛka wɔn ma wɔyɛ wɔn ade wɔ akwan bɛn so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ka nsɛm a ɛkyerɛ anisɔ fa di wo yere ni

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Di wo mma ni denam tie a wubetie wɔn so

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Di asafo mufo ni