Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munni Wɔn A Wɔama Wodi Mo So Tumi No Ni

Munni Wɔn A Wɔama Wodi Mo So Tumi No Ni

Munni Wɔn A Wɔama Wodi Mo So Tumi No Ni

“Munni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Munsuro Onyankopɔn! Munni ɔhene ni!”—1 PETRO 2:17.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo bu tumidi nnɛ? Dɛn ntia?

ƐNA bi de awerɛhow ka sɛ: “Mmofra tumi yɛ nea wɔpɛ biara. Wommu awofo bio.” Wɔakyerɛw krataa bi a wɔde tare kar anim so sɛ: “Kasa Tia Tumidi.” Sɛnea ɛsɛ sɛ wuhu no, eyinom yɛ nneɛma a ɛma yehu tebea a yɛwom nnɛ no mu abien pɛ. Awofo, akyerɛkyerɛfo, adwumawuranom, ne aban mpanyimfo a wommu wɔn no abu so wɔ wiase nyinaa.

2 Ebia ebinom bɛwosow wɔn mmati aka sɛ, ‘Gyae, ɛmfata sɛ mede obu ma wɔn a wodi tumi no.’ Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ayɛ den sɛ obi begye eyi ho kyim. Yɛtaa te aban mpanyimfo adwowtwafo, adwumawuranom adifudepɛfo, akyerɛkyerɛfo a wonnim adwuma, ne awofo a wɔyɛ wɔn mma basabasa ho nsɛm pii. Anigyesɛm ne sɛ Kristofo kakraa bi pɛ na wobu wɔn a wodi tumi wɔ asafo no mu no saa.—Mateo 24:45-47.

3, 4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo kyerɛ obu ma wɔn a wodi tumi no?

3 Sɛ́ Kristofo no, “etwa sɛ” yɛkyerɛ obu ma wɔn a wodi tumi wɔ wiase no. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ ‘wɔmmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase. Na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn. Nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.’ (Romafo 13:1, 2, 5; 1 Petro 2:13-15) Paulo nso kyerɛɛ fata a ɛfata sɛ wɔkyerɛ obu ma tumidi wɔ abusua mu: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ, Awurade mu. Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.” (Kolosefo 3:18, 20) Ɛfata sɛ yɛkyerɛ obu ma asafo mu mpanyimfo efisɛ ‘honhom kronkron na ɛde wɔn asisi yɛn so ahwɛfo sɛ wɔnyɛn Onyankopɔn asafo.’ (Asomafo no Nnwuma 20:28) Bu a yebu Yehowa nti na yɛde nidi ma nnipa tumidi ahorow. Sɛnea ɛte no, nidi a yɛbɛkyerɛ ama Yehowa tumidi no na edi kan wɔ yɛn asetra mu bere nyinaa.—Asomafo no Nnwuma 5:29.

4 Bere a Yehowa tumi a ɛkorɔn sen biara no wɔ yɛn adwenem no, momma yensusuw nnipa bi a wɔankyerɛ nidi amma wɔn a na wɔwɔ tumi, ne wɔn a wɔkyerɛɛ nidi no nhwɛso horow no ho nhwɛ.

Obu a Obi Nkyerɛ Mma Onnya Ɔdom

5. Aniammɔnho bɛn na Mikal daa no adi wɔ Dawid ho, na ekowiee no dɛn?

5 Yebetumi ahu sɛnea Yehowa bu wɔn a wobu tumi a efi Nyankopɔn animtiaa no afi Ɔhene Dawid abakɔsɛm mu. Bere a Dawid ma wɔde apam adaka no baa Yerusalem no, ne yere Mikal ‘huu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehuruhuruw na ɔresaw Yehowa anim, na obuu no animtiaa ne koma mu.’ Ná anka ɛsɛ sɛ Mikal hu sɛ Dawid nyɛ abusua ti nko, na mmom na ɔyɛ asase no so hene nso. Nanso ɔkasa twiw no sɛ: “Onyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ ne nkoa mfenaa anim, sɛ ahuhufo no bi pa ne ho!” Nea efii eyi mu bae ne sɛ, Mikal anwo mma da.—2 Samuel 6:14-23.

6. Yehowa buu Kora aniammɔnho a ɔdaa no adi wɔ wɔn a Wasra wɔn ho no dɛn?

6 Animtiaabu a enye koraa a wɔdaa no adi kyerɛɛ Onyankopɔn teokrase tumidi ho nhwɛso ne nea Kora yɛe no. Sɛ́ Kehatni no, hwɛ hokwan ara a onyae sɛ na ɔsom Yehowa wɔ ntamadan no mu! Nanso, onyaa Mose ne Aaron, Israel akannifo a na Onyankopɔn asra wɔn no ho mfomso. Kora boaboaa Israel mmapɔmma ano, na wofi animtiaabu mu ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Asafo mũ yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara, na [Yehowa, NW] wɔ wɔn mu; na ɛdɛn nti na moma mo ho so [Yehowa, NW] bagua so?” Yehowa buu Kora ne n’akyitaafo no suban no dɛn? Onyankopɔn buu wɔn nneyɛe no sɛ nea ɛbɔ Yehowa ankasa ahohora. Bere a asase buee n’anom menee wɔn a wɔwɔ Kora afã nyinaa wɔ n’anim no, ogya a efi Yehowa hɔ bɛsɛee ɔne mmapɔmma 250 no nyinaa.—Numeri 16:1-3, 28-35.

7. So na wɔn a wɔyɛ “asomafo atitiriw” no wɔ biribi a wobegyina so akasa atia tumi a na Paulo wɔ no?

7 Ná nnipa a wobu teokrase tumidi animtiaa wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu. Ná “asomafo atitiriw” a wɔwɔ Korintofo asafo no mu no mmu Paulo. Wɔkasa tiaa ne kasa sɛ: “Ne nipadua wɔ hɔ a, ɛyɛ mmerɛw, na ɔkasa a, wɔmfa nyɛ hwee.” (2 Korintofo 10:10; 11:5) Sɛ́ ebia na Paulo nim kasa anaasɛ ɛnte saa no, na ɛfata sɛ wɔde obu ma no sɛ ɔsomafo. Nanso, so ɛyɛ ampa sɛ na Paulo kasa nyɛ dɛ? Ne baguam kasa horow a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no ma yehu sɛnea na ne kasa tɔ asom fa. Hwɛ, bere a Paulo ne Herode Agripa II, ‘obi a onim amanne nyinaa ne akyinnyegyesɛm a ɛwɔ Yudafo mu’ no kasae bere tiaa bi no, otumi nyaa ɔhene no so nkɛntɛnso araa ma ɔkae sɛ: ‘Aka kakraa na woama madan okristoni’! (Asomafo no Nnwuma 13:15-43; 17:22-34; 26:1-28) Nanso, asomafo atitiriw a na wɔwɔ Korinto no bɔɔ no sobo sɛ ne kasa nyɛ dɛ! Yehowa buu wɔn suban no dɛn? Wɔ asɛm bi a Yesu Kristo de kɔmaa Efeso asafo no mu mpanyimfo mu no, ɔkamfoo wɔn a wɔamma “wɔn a wose wɔyɛ asomafo na wɔnyɛ no” antwe wɔn ankɔ no.—Adiyisɛm 2:2.

Kyerɛ Obu Ma Wɔn Ɛmfa Ho Wɔn Sintɔ

8. Ɔkwan bɛn so na Dawid kyerɛe sɛ obu tumi a Yehowa de ama Saul no?

8 Wɔn a wodii ankorankoro bi a na wɔwɔ tumi ni ɛmfa ho sɛ na atumfoɔ yi de wɔn tumi no di dwuma ɔkwammɔne so anaasɛ wɔde sisi wɔn no ho nhwɛso pii wɔ Bible mu. Dawid yɛ saafo a wɔyɛɛ nhwɛso pa yi mu biako. Ɔhene Saul a na ɔsom wɔ n’ase no ani beree nneɛma a Dawid tumi yɛe no, na ɔpɛe sɛ okum no. (1 Samuel 18:8-12; 19:9-11; 23:26) Nanso, ɛmfa ho sɛ Dawid nyaa hokwan a anka ɔde bekum Saul no, ɔkae sɛ: ‘Yehowa mma ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa maka nea Yehowa asra no!’ (1 Samuel 24:3-6; 26:7-13) Ná Dawid nim sɛ Saul afom, nanso ogyae maa Yehowa sɛ ommu no atɛn. (1 Samuel 24:12, 15; 26:22-24) Wanka Saul ho asɛmmɔne na ɔne no ankasa basabasa.

9. (a) Dawid tee nka dɛn bere a na Saul retan n’ani no? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ obu a na Dawid wɔ ma Saul no nyɛ nnaadaa?

9 Bere a na wɔrehiahia Dawid ho no, so ɛhaw no? Dawid teɛɛm frɛɛ Yehowa sɛ: “Atirimɔdenfo rehwehwɛ me kra.” (Dwom 54:3) Ofi ne komam su frɛɛ Yehowa sɛ: “Me Nyankopɔn, gye me fi m’atamfo nsam, . . . Akokobirifo boaboa wɔn ho ano hyɛ me, [Yehowa, NW], ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti. Ɛnyɛ m’amumɔyɛ nti na wotu mmirika siesie wɔn ho. Sɔre bɛboa me, na fa w’ani hwɛ.” (Dwom 59:1-4) So woate nka saa pɛn—sɛ wonyɛɛ obi a tumi wɔ ne nsam bɔne, nanso ɔhaw w’adwene bere nyinaa? Dawid ammu Saul animtiaa da. Bere a Saul wui no, sɛ anka obedi ahurusi no, Dawid twaa kwadwom sɛ: “Saul ne Yonatan te ase, na wɔyɛ ahoɔfɛfo a wɔn ho yɛ anika, . . . Wɔn ho yɛ hare sen akɔre, wɔn ho yɛ den sen agyata. Israel mmabea, Saul na munsu no.” (2 Samuel 1:23, 24) Hwɛ obu kɛse araa a Dawid kyerɛ maa nea Yehowa asra no no, ɛmfa ho sɛ na Saul ayɛ no bɔne!

10. Nhwɛso pa bɛn na Paulo yɛe wɔ nidi a ɔde maa sodikuw no wɔ Onyankopɔn tumi a ɔde maa wɔn no ho, na ekowiee dɛn mu?

10 Yɛwɔ wɔn a wodii tumi a efi Onyankopɔn ni no ho nhwɛso a ɛda nsow nso wɔ Kristofo bere so. Susuw Paulo ho sɛ nhwɛso. Ɔkyerɛɛ obu maa afeha a edi kan Kristofo asafo no sodikuw no gyinaesi ahorow. Wɔ Paulo nsrahwɛ a etwa to a ɔkɔɔ Yerusalem no, sodikuw no tuu no fo sɛ onnwira ne ho mma afoforo nhu sɛ onni Mose Mmara no ho adwemmɔne biara. Ná anka Paulo betumi aka sɛ: ‘Saa anuanom yi tuu me fo kan sɛ minguan mfi Yerusalem bere a na me nkwa da asiane mu no. Mprempren de, wɔpɛ sɛ mema wohu wɔ baguam sɛ mibu Mose Mmara no. Madi kan akyerɛw Galatifo no atu wɔn fo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Mmara no ho. Sɛ mekɔ asɔrefie hɔ a, ebia afoforo rente me ase, na wobesusuw sɛ me ne wɔn a wɔatwa wɔn twetia no regyae nneɛma mu asiesie.’ Nanso ɛda adi sɛ Paulo ansusuw nneɛma ho saa kwan no so. Esiane sɛ na ɛno nkyerɛ sɛ ɔregyae ne Kristofo nnyinasosɛm mu asiesie nti, ɔkyerɛɛ obu, na ɔde afotu a afeha a edi kan sodikuw no de mae no yɛɛ adwuma. Nea ankyɛ biara efii mu bae ne sɛ, ɛho behiae sɛ wogye Paulo fi Yudafo basabasayɛfo nsam, na akyiri yi no, ɔkɔdaa afiase mfe abien. Ewiee ase koraa no, Onyankopɔn pɛ yɛɛ hɔ. Paulo dii atumfoɔ adanse wɔ Kaesarea, na afei aban bɔɔ ne ho ka ma wɔde no kɔɔ Roma ma okodii Kaesare ankasa adanse.—Asomafo no Nnwuma 9:26-30; 21:20-26; 23:11; 24:27; Galatifo 2:12; 4:9, 10.

So Wokyerɛ Obu?

11. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ obu ama wiase tumidi?

11 So wode obu a ɛfata ma wɔn a wodi tumi no? Wɔhyɛ Kristofo sɛ ‘wontua obiara nea ɛsɛ no. Wonni nea nidi sɛ no ni.’ Nokwarem no, ɛnyɛ nea brɛ a yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama ‘atumfoɔ a wɔkorɔn’ no kyerɛ ara ne sɛ yebetua yɛn tow ahorow, na mmom sɛ yɛnam yɛn nneyɛe ne yɛn kasa so bedi wɔn ni nso. (Romafo 13:1-7) Sɛ yehyia aban mpanyimfo a wɔn tirim yɛ den a, yɛyɛ yɛn ade dɛn? Wɔ Chiapas Mantam mu, Mexico no, na atumfoɔ bi a wɔwɔ mpɔtam bi agye Yehowa Adansefo mmusua 57 nsase afi wɔn nsam esiane sɛ na Kristofo yi mfa wɔn ho nhyɛ nyamesom afahyɛ ahorow bi mu nti. Sɛ wokohyiam wɔ faako a wodi asɛm no a, na Adansefo no di wɔn ho ni hyɛ ntade a ɛfata bere nyinaa, na na wɔkasa wɔ nidi ne obu mu. Bɛyɛ afe biako akyi no, wobuu wɔn bem. Wɔn suban nyaa bɛhwɛadefo no bi so nkɛntɛnso araa ma wɔn nso pɛe sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo!

12. Dɛn nti na ehia sɛ obi “fɛre” ne kunu a onnye nni?

12 Ɔkwan bɛn so na wubetumi akyerɛ obu ama tumi a Onyankopɔn de ama wɔ abusua mu no? Bere a ɔsomafo Petro kaa Yesu amanehunu ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Saa ara na mo, ɔyerenom mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn.” (1 Petro 3:1, 2; Efesofo 5:22-24) Ɛha no, Petro sii hia a ehia sɛ ɔyere a ɔhyɛ ne kunu ase “fɛre” no so dua ɛmfa ho sɛ ebia okunu no mmɔ ne ho mmɔden mfa nkyerɛ sɛ ɔfata obu a ɛte saa no. Obu mu a ɔyere befi ayɛ ade no betumi ama wanya ne kunu a onnye nni no.

13. Ɔkwan bɛn so na ɔyerenom betumi adi wɔn kununom ni?

13 Wɔ saa kyerɛw nsɛm yi mu no, Petro twe yɛn adwene si nhwɛso a Sara a ne kunu, Abraham, yɛɛ gyidi ho nhwɛso pa, yɛe no so. (Romafo 4:16, 17; Galatifo 3:6-9; 1 Petro 3:6) So ɛsɛ sɛ ɔyerenom a wɔn kununom nyɛ gyidifo no di wɔn ni sen ɔyerenom a wɔn kununom yɛ gyidifo no anaa? Na sɛ ɛba sɛ wo ne wo kunu nyɛ adwene wɔ asɛm bi ho nso ɛ? Yesu de afotu bi a obiara betumi de adi dwuma mae wɔ ha sɛ: “Obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wo ne no nnantew kwansin biako no, wo ne no nkɔ abien.” (Mateo 5:41) So wudi wo kunu ni denam nea ɔka a woyɛ so? Sɛ ɛte sɛ nea eyi a wobɛyɛ yɛ den ma wo a, wo ne no nsusuw sɛnea wote nka wɔ asɛm no ho no ho. Mfa no sɛ onim sɛnea wote nka. Nanso sɛ woreka w’adwene akyerɛ no a, yɛ saa wɔ obu mu. Bible tu fo sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.”—Kolosefo 4:6.

14. Nidi a wobɛkyerɛ ama awofo no kyerɛ dɛn?

14 Na mo mmofra nso ɛ? Onyankopɔn Asɛm de ahyɛde ma sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu.” (Efesofo 6:1-3) Hyɛ no nsow sɛ, tie a wubetie w’awofo asɛm no te sɛ nea ‘wudi w’agya ne wo nna ni’ ara pɛ. Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘nidi’ no kura ntease a ɛne sɛ “wɔma biribi bo” anaasɛ “wotwa bo to biribi so.” Enti sɛ́ wobɛyɛ osetie no hwehwɛ pii sen sɛ wubefi amemenemfe mu adi awofo akwankyerɛ a ɛte sɛnea ntease nnim wɔ w’ani so no akyi. Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wode obu a ɛkɔ akyiri ma w’awofo na wofa wɔn akwankyerɛ aniberesɛm.—Mmebusɛm 15:5.

15. Sɛ ɛba mpo sɛ mmofra te nka sɛ wɔn awofo adi mfomso a, ɔkwan bɛn so na wobetumi akura obu a wɔwɔ ma wɔn no mu?

15 Sɛ w’awofo yɛ biribi a ɛma obu a wowɔ ma wɔn no so tew a, dɛn na wobɛyɛ? Bɔ mmɔden sɛ wubehu nea enti a wɔreyɛ saa. So ɛnyɛ wɔn na ‘wɔwoo wo’ hwɛɛ wo? (Mmebusɛm 23:22) So ɛnyɛ dɔ a wɔdɔ wo na ɛrema wɔayɛ saa? (Hebrifo 12:7-11) Wo ne w’awofo nkasa obu mu, na fi odwo mu kyerɛ wɔn sɛnea wote nka. Sɛ ɛba mpo sɛ wɔantie wo sɛnea wopɛ a, kwati sɛ wo ne wɔn bɛkasa animtiaabu mu. (Mmebusɛm 24:29) Kae sɛnea Dawid kɔɔ so nyaa obu maa Saul bere a na ɔhene no aman afi Onyankopɔn afotusɛm ho mpo no. Srɛ Yehowa ma ɔmmoa wo na di wo nkate so. Dawid kae sɛ: ‘Yenyi yɛn yam nkyerɛ no na yɛmfa yɛn ho nto no so daa.’—Dwom 62:8; Kwadwom 3:25-27.

Di Wɔn a Wodi Anim no Ni

16. Dɛn na yebetumi asua afi atoro akyerɛkyerɛfo no ne abɔfo no nhwɛso no mu?

16 Honhom kronkron na ɛpaw asafo mu mpanyimfo, nanso wɔda so ara tɔ sin na wodi mfomso. (Dwom 130:3; Ɔsɛnkafo 7:20; Asomafo no Nnwuma 20:28; Yakobo 3:2) Ne saa nti, asafo no mufo bi ani rennye mpanyimfo no ho. Sɛ yɛte nka sɛ wɔanni biribi ho dwuma yiye anaasɛ ɛte sɛ nea wɔanni ho dwuma yiye wɔ asafo no mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ho? Hyɛ nsonsonoe a ɛwɔ afeha a edi kan atoro akyerɛkyerɛfo no ne abɔfo no ntam no nsow: “Wɔyɛ anuɔdenfo, ahopɛfo, wɔn [atoro akyerɛkyerɛfo] ho mpopo sɛ wɔbɛka anuonyamfo ho asɛmmɔne. Nanso abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi a ɛso no nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn [Yehowa, NW] anim.” (2 Petro 2:10-13) Bere a atoro akyerɛkyerɛfo no ka “anuonyamfo”—mpanyimfo a wɔmaa wɔn tumi wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu no—ho nsɛmmɔne no, abɔfo no anka atoro akyerɛkyerɛfo a na wɔde mpaapaemu ba anuanom no mu no ho nsɛmmɔne. Na abɔfo a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn na wonim atemmu mu sen nnipa no nim nea na ɛrekɔ so wɔ asafo no mu no. Nanso, esiane ‘obu a na wɔwɔ ma Yehowa’ nti, wogyaee atemmu mu maa Onyankopɔn.—Hebrifo 2:6, 7; Yuda 9.

17. Ɔkwan bɛn so na wo gyidi ho hia bere a woresusuw nsɛm bi a wote nka sɛ mpanyimfo adi ho mfomso ho no?

17 Sɛ ɛba sɛ wɔanni biribi ho dwuma sɛnea ɛsɛ a, so ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ Yesu Kristo mu gyidi sɛ Kristofo asafo no Ti a ɔte ase? So onnim nea ɛrekɔ so wɔ n’ankasa wiase nyinaa asafo no mu no? So ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma ɔkwan a ɔfa so di nsɛm ho dwuma no na yegye tumi a ɔwɔ sɛ obetumi adi nsɛm ho dwuma no tom? Nokwarem no, ‘hena ne yɛn a yebu yɛn yɔnko atɛn?’ (Yakobo 4:12; 1 Korintofo 11:3; Kolosefo 1:18) Dɛn nti na womfa wo dadwen mma Yehowa anim wɔ wo mpaebɔ mu?

18, 19. Sɛ wote nka sɛ ɔpanyin bi adi mfomso a, dɛn na wubetumi ayɛ?

18 Esiane nnipa sintɔ nti, nsɛnnennen ne ɔhaw ahorow betumi asɔre. Bere bi wɔ hɔ a ebetumi aba sɛ ɔpanyin bi bɛfom ma ahaw ebinom. Pere a yɛbɛpere yɛn ho ayɛ ade wɔ tebea a ɛte saa mu no rensakra tebea no. Ebetumi asɛe asɛm no koraa. Wɔn a wɔwɔ honhom fam nhumu no bɛtwɛn ma Yehowa ateɛteɛ nneɛma na ɔde asotwe a ebia ebehia ama wɔ n’ankasa ne bere mu ne ɔkwan a ɔpɛ so.—2 Timoteo 3:16; Hebrifo 12:7-11.

19 Na sɛ asɛm bi haw w’adwene nso ɛ? Sɛ́ anka wobɛka wo nsɛm akyerɛ afoforo wɔ asafo no mu no, dɛn nti na wumfi obu mu nkɔhwehwɛ mmoa wɔ mpanyimfo no hɔ? Fa adwempa kyerɛkyerɛ sɛnea ahaw wo no mu. Nya ‘tema’ ma wɔn bere nyinaa, na fi obu mu ka wo tirim asɛm kyerɛ wɔn. (1 Petro 3:8) Nkasa ntwiw wɔn, na mmom nya wɔn mu ahotoso sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw. Kyerɛ Kyerɛwnsɛm mu nkuranhyɛsɛm biara a ebia wobefi ayamye mu de ama wo no ho anisɔ. Na sɛ ɛkɔba sɛ ɛte sɛ nea ɛsɛ sɛ wɔteɛteɛ nneɛma foforo a, nya ahotoso sɛ, Yehowa bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ nea ɛteɛ.—Galatifo 6:10; 2 Tesalonikafo 3:13.

20. Dɛn na yɛrebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

20 Nanso, nidi ne obu a yɛde ma wɔn a wodi tumi no ho asɛm foforo nso wɔ hɔ a yebesusuw ho. So ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔama wɔn dibea no kyerɛ obu ma wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no? Momma yɛnhwehwɛ ɛno mu wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛfata sɛ yedi wɔn a tumi hyehyɛ wɔn nsa no ni?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Yesu bu wɔn a wɔnkyerɛ obu mma tumi a efi Onyankopɔn no?

• Wɔn a wodii wɔn a tumi hyehyɛ wɔn nsa ni no ho nhwɛso pa bɛn na yɛwɔ?

• Sɛ ɛte sɛ nea odi yɛn so tumi no adi mfomso a, dɛn na yebetumi ayɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Sara daa obu a ɛkɔ akyiri adi maa Abraham tumi a na okura no na n’ani gyei

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Mikal ankyerɛ obu amma tumi a na Dawid wɔ sɛ abusua ti ne ɔhene no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

‘Ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa aka nea Yehowa asra no!’

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Dɛn nti na womfa wo dadwen mma Yehowa anim wɔ wo mpaebɔ mu?