Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ogye A Wɔanya Wɔ Robinson Crusoe Supɔw So

Ogye A Wɔanya Wɔ Robinson Crusoe Supɔw So

Ogye A Wɔanya Wɔ Robinson Crusoe Supɔw So

ROBINSON CRUSOE yɛ nsupɔw abiɛsa a ɛwɔ Pacific Po no mu a ɛka bom yɛ nsupɔw a wɔfrɛ no Juan Fernández a efi Chile mpoano rekɔ hɔ yɛ kilomita 640 no mu biako. * Supɔw a n’afanan nyinaa kɛse yɛ kilomita 93 no nyaa ne din fii afeha a ɛto so 18 no mu ayɛsɛm a wɔtoo din Robinson Crusoe, a Engiresini nhoma kyerɛwfo Daniel Defoe kyerɛwee no mu. Ayɛsɛm a ɛda adi sɛ na egyina abaninsɛm a Scotlandni, Alexander Selkirk, a ɔno nkutoo traa supɔw no so bɛyɛ mfirihyia nan, dii no so.

Nsɛm a wɔakyerɛw wɔ dua bi a esi supɔw no fã bi so ka sɛ: “Ɛha na Scotlandni hyɛnmuni Alexander Selkirk dii adekyee ne adesae bɛboro mfirihyia anan de ahoyeraw hwɛɛ ahyɛmma a wɔde bɛba abegye no afi ankonamyɛ mu no kwan.” Awiei koraa no, wokogyee Selkirk nkwa de no san kɔɔ ne kurom, baabi a na afei n’ani nnye hɔ bio bere a na ɔno nkutoo akɔtra n’ankasa paradise ketewaa mu akyi no. Akyiri yi ɔkɔɔ so kae sɛ: “Oo, me supɔw a m’ani gye wo ho! Me yam a anka mannyaw wo!”

Bere kɔɔ so no, wɔde supɔw no so bɛyɛɛ beae a wɔtwe abɔnefo aso, na ɛbɛyɛɛ nkurɔfo a “wɔatew atua atia asɔre,” Katolek Asɔre no, trabea. Hwɛ nsakrae ara a ɛbaa paradise supɔw a na Selkirk nim so bere bi a atwam no so! Nanso, wɔn a wɔte supɔw no so nnɛ wɔ asomdwoe a ebi nni wiase no afã pii. Esiane sɛ nnipa a wɔte nsupɔw so taa gye wɔn ahome nti, ɛyɛ mmerɛw sɛ wo ne obiara bɛbɔ nkɔmmɔ.

Nnipa a wɔte Robinson Crusoe ankasa bɛyɛ 500, nanso nnipa bɛyɛ 400 pɛ na wɔtra supɔw no so afe no mu fã kɛse no ara. Nea ɛma ɛba saa no bi ne sɛ, ɛnanom binom ne wɔn mma kɔtra Chile asasetam no so wɔ mmere a mmofra no de kɔ sukuu afe biara, na wɔsan ba supɔw no so wɔ akwamma bere mu ne wɔn mmusua a wɔwɔ hɔ no bɛtra.

Ɛmfa ho sɛ Robinson Crusoe te sɛ turo a ɛyɛ fɛ no, honhom fam kɔm de supɔw no sofo binom na wohia mmoa. Afoforo te nka sɛ wohia honhom fam ogye.

Honhom Fam Ogye

Honhom fam ogye adwuma a ɛte saa no fii ase bɛyɛ afe 1979 mu. Ɔbea bi a na ɔne Yehowa Adansefo resua Bible wɔ Santiago, Chile, tu kɔɔ supɔw no so, na ofii ase de nea wasua no kyerɛkyerɛɛ afoforo. Bere bi akyi no, ɛyɛɛ asafo mu panyin bi a esiane adwuma nti ɔkɔɔ supɔw no so nwonwa sɛ ohui sɛ Bible asuafo kuw ketewaa bi nam ɔbea no mmoa so renya honhom fam nkɔso. Eduu bere a ɔpanyin no san kɔɔ supɔw no so bio wɔ asram abiɛsa akyi no, na saa Bible kyerɛkyerɛfo yi ne n’asuafo baanu a wɔwɔ akyirikyiri no asiesie wɔn ho sɛ wobegye asubɔ, enti ɔpanyin no hwɛ ma wɔbɔɔ asu. Akyiri yi, Kristofo a wɔabɔ wɔn asu foforo no mu biako waree, na ɔne ne kunu kɔɔ so hwehwɛɛ afoforo a wohia honhom fam ogye. Ne kunu no dii anim ma wosii Ahenni Asa korokorowa bi a kuw a ɛwɔ supɔw no so da so ara kɔ mu. Bere kɔɔ so no, esiane sikasɛm nti, wofii Robinson Crusoe kɔɔ asafo bi mu wɔ Chile mfinimfini fam, na wogu so resom Yehowa denneennen.

Nkakrankakra no, kuw ketewa a ɛwɔ supɔw no so no kɔɔ so nyinii bere a wogyee afoforo fii atoro som mu no. Nanso, esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔn mu sukuufo no kɔ asasetam no so ntoaso sukuu nti, kuw no so tewee ma ɛkaa anuanom mmea baanu a wɔabɔ asu ne abeawa kumaa bi. Kuw no mufo dɔɔso wɔ akwamma bere mu bere a ɛnanom bi san ba supɔw no so no. Eyi kanyan Kristofo baasa a wɔaka wɔ hɔ a wɔtra hɔ afe mũ no. Esiane adwumaden a saa mmea yi yɛ nti, wonim Yehowa Adansefo yiye wɔ Robinson Crusoe. Nokwarem no, supɔw no sofo bi asɔre atia wɔn adwuma no, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ afoforo ma wɔapo Ahenni asɛm no. Nanso, Bible mu nokware no aba a wɔagu wɔ komapafo mu no kɔ so nyin.

Wɔn a Wɔagye Wɔn a Wɔhyɛ Wɔn Den

Ɔhwɛfo kwantufo kɔsra supɔw no sofo pɛnkoro afe biara. Adansefo kakraa bi a wɔwɔ supɔw a atew ne ho so nsrahwɛ te dɛn? Ɔmansin sohwɛfo bi ka ne nsrahwɛ a edi kan wɔ Robinson Crusoe so ho asɛm sɛ:

“Ná akwantu no yɛ anigyesɛm ankasa. Yefii ase anɔpa 7:00, bere a yetu fii Valparaiso kɔɔ Cerrillos Wimhyɛn Gyinabea a ɛwɔ Santiago no. Yɛforoo wimhyɛn ketewaa bi a ɛfa nnipa baason. Yetui akyi nnɔnhwerew 2 ne simma 45 no, yehuu bepɔw bi atifi wɔ mununkum no mu wɔ akyirikyiri. Bere a yɛbɛn ho no, yehuu supɔw no—botan kɛse bi a esi po no mfinimfini. Na ɛte sɛ nea ɛtɛn nsu no ani, te sɛ po so hyɛn bi a ayera kwan wɔ po so.

“Bere a yesii fam no, ahyɛmma bi de yɛn kɔɔ akuraa no ase. Abotan apue fi po no mu ayeyɛ nsupɔw nketewa pii a ɛyɛ Juan Fernández so sukraman a wɔn ho wɔ nhwi no ahomegyebea. Wɔbɔ sukraman a wɔn ho wɔ nhwi no ho ban esiane sɛ wɔn dodow so atew nti. Biribi tu faa ahyɛmma no ho prɛko pɛ ansa na ɛresan akɔhyɛ nsu no mu. Ná ɛyɛ apataa bi a otu a ne ntɛtɛw te sɛ ntaban no. Ɛte sɛ nea n’ani gye ho sɛ obehuruw afi nsu mu akyere nkoekoemmoa no. Nanso, ɛtɔ mmere bi a aboa foforo nso kyere no; huruw a ohuruw no ma nkekaboa foforo a wɔrepɛ no amene no no hu no.

“Awiei koraa no, yeduu San Juan Bautista (Ɔhotefo Yohane Osuboni) akuraa ase. Ná supɔw no sofo kakraa bi na wogyinagyina hyɛn gyinabea hɔ retwɛn wɔn ahɔho anaasɛ wɔrebɛhwɛ wɔn a wɔreba saa bere no kɛkɛ. Yɛn ani gyee asase a ɛyɛ fɛ no ho—bepɔw kɛse bi a ɛyɛ hwirenhwiren a wɔfrɛ no El Yunque (Ɔtommo), a ɛte sɛ nea wɔde ago ahabammono asɛw so, na wim a atew ayɛ bruu no wɔ akyi, na mununkum fitaa wowɔ nkyɛnkyɛn.

“Ankyɛ na yehuu yɛn nuanom Kristofo mmea ne wɔn mma sɛ wɔretwɛn yɛn wɔ hyɛn gyinabea hɔ. Ná ɛyɛ akwamma bere, enti na kuw no mufo dɔɔso sen nea ɛte daa no. Bere a yɛkyiakyiaa yɛn ho ɔdɔ mu wiei no, wɔde yɛn kɔɔ ɔdan ketewa fɛfɛ bi a na ɛbɛyɛ yɛn fie dapɛn no mu.

“Na ɛyɛ dapɛn titiriw ankasa, na yehui sɛ ebetwam ntɛm. Ná ehia sɛ yɛde yɛn bere di dwuma yiye. Saa da no ara, bere a yedidi wiei awia no, yɛkɔsraa Bible suani bi a na ɛrenkyɛ ɔbɛyɛ yɛn honhom fam nuabea ne Onyankopɔn honhom fam paradise no muni no. Ná n’ani agye, nanso na ehu kakra wɔ ne mu. Ná ne botae a ɛne sɛ ɔbɛbɔ asu a na ɔde bere tenten ahwɛ kwan no rebɛn. Yɛne no susuw nsɛm bi a ɛho hia ho na ama watumi afata sɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo. Ade kyee no, onyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa nea edi kan. Ne nnansa so no, yɛne no fii ase susuw asubɔ ahwehwɛde no ho. Yɛbɔɔ no asu ansa na dapɛn no reba awiei.

“Nnipa dodow a wɔbaa asafo nhyiam ahorow a yɛyɛɛ no dapɛn no nyinaa si 14. Yɛyɛɛ nhyehyɛe da biara kɔɔ asɛnka, yɛɛ sankɔhwɛ, Bible adesua, ne nguanhwɛ adwuma. Hwɛ sɛnea eyi hyɛɛ anuanom mmea a wɔn ankasa yɛ wɔn som adwuma no afe no mu nyinaa no den!”

Ɛyɛ den kɛse ma mmarima a wɔwɔ supɔw no so sɛ wobegye nokware no, ebia honam fam adwumaden a wɔyɛ ntia. Adwuma titiriw a wɔyɛ ne sɛ wɔkyere mmɔnkɔ, na egye bere pii. Nsusuwii hunu a enni nnyinaso nso ma wɔn mu pii da adwemmɔne adi. Nanso, yɛhwɛ kwan sɛ supɔw no sofo pii, mmarima ne mmea nyinaa, begye asɛm no atom daakye.

Ɛde besi nnɛ no, nnipa du na wɔagye wɔn nkwa wɔ supɔw no so denam nokware no ne Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw ahorow a wɔabehu so. Esiane nneɛma ahorow bi nti wɔn mu binom afi supɔw no so. Nanso, sɛ́ wɔkɔ so tra supɔw no so anaa wotu kwan no, wɔn honhom fam ogye no ayɛ nea mfaso wɔ so sen Alexander Selkirk de no. Baabiara a wɔwɔ no, wɔte honhom fam paradise mu mprempren. Anuanom mmea a wɔda so te supɔw no so no ne wɔn mma te turo mu, na nea ɛsen saa no, wɔwɔ anidaso sɛ sɛ asase nyinaa dan paradise ankasa a, wɔbɛtra mu bi.

Ogye Adwuma no Kɔ So

Sɛ yɛreka asase ho asɛm a, saa Yehowa Adansefo kuw ketewa yi a wɔte Robinson Crusoe no ne wɔn honhom fam nuanom mmarima ne mmea ntam kwan ware yiye. Nanso, wɔnte nka sɛ wɔagyaw wɔn, sɛnea Scotlandni Selkirk yɛe no. Wɔnam teokrase nhoma, amansin ne amantam nhyiam ahorow ho video a Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Chile no de kɔma wɔn mprɛnsa afe biara, ne pɛnkoro a ɔmansin sohwɛfo kɔsra wɔn no so ne Yehowa ahyehyɛde no nya abusuabɔ a emu yɛ den. Enti wɔda so yɛ ‘anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa’ no fã a wɔyɛ nnam.—1 Petro 5:9.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔtoo supɔw no din ankasa Más a Tierra.

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

CHILE

Santiago

ROBINSON CRUSOE SUPƆW

San Juan Bautista

El Yunque

PACIFIC PO

SANTA CLARA SUPƆW

[Mfonini]

Sɛ wuhu supɔw no a, ɛte sɛ ɔbotan kɛse bi a esi po no mfinimfini

[Asɛm Fibea]

Map of Chile: Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Bepɔw kɛse a ɛyɛ hwirenhwiren a wɔfrɛ no El Yunque (Ɔtommo) no

[Mfonini wɔ kratafa 9]

San Juan Bautista (Ɔhotefo Yohane Osuboni) akuraa no

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Nsupɔw nketewa no yɛ sukraman a wɔn ho wɔ nhwi ne po mu agyata ahomegyebea

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yɛfaa wimhyɛn ketewa bi fii Santiago, Chile

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Robinson Crusoe Supɔw no mpoano a ɛyɛ aboabo

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ahenni Asa korokorowa a ɛwɔ supɔw no so