Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wugye Nea Wuntumi Nhu Di?

So Wugye Nea Wuntumi Nhu Di?

So Wugye Nea Wuntumi Nhu Di?

SƐ OBI ka sɛ, ‘ade a mitumi hu nkutoo na migye di’ a, na ɔnka nokware. Nokwarem no, yɛn nyinaa gye nneɛma a yentumi nhu di.

Sɛ nhwɛso no, wɔ sukuu no, ebia woyɛɛ nhwehwɛmu bi a wɔde kyerɛ sɛ twebo ahoɔden wɔ hɔ ankasa. Sɛnea wobetumi ayɛ no ni: Fa dade mporoporowa gu krataa so. Afei, fa krataa no sɛw twebo no so. Bere a krataa no wosow no, dade mporoporowa no boa ano bɛn twebo no ti abien no ho, na ɛto santen fa baabi a twebo no mu ahoɔden no di akɔneaba no. Sɛ woyɛ saa a, so wutumi hu twebo mu ahoɔden no ankasa? Dabi, nanso wutumi hu tumi a enya wɔ dade mporoporowa no so pefee, na ɛma wunya adanse a ɛkyerɛ ankasa sɛ twebo mu ahoɔden wɔ hɔ.

Yegye nneɛma foforo a yentumi nhu tom a yennye ho kyim. Sɛ yɛhwɛ mfonini anaa adwini bi a ɛyɛ fɛ a, yennye wɔ a mfoniniyɛfo anaa odwumfo wɔ hɔ no ho kyim. Enti sɛ yɛrehwɛ aworoeɛ anaa owia a ɛretɔ a, so ɛnsɛ sɛ ɛka yɛn ma yesusuw ho sɛ ɛyɛ Mfoniniyɛfo anaa Odwumfo Kɛse bi nsa ano adwuma?

Nea Enti a Ebinom Nnye Nni

Nea ɛyɛ nwonwa no, nnipa bi nnye Onyankopɔn nni bio esiane nea wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ asɔre mu nti. Ɛte saa wɔ Norwayni barima bi a wɔka kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn hyew abɔnefo wɔ hellgya mu no fam. Ɔbarima no ante Onyankopɔn a ɔyɛ nkurɔfo ayayade saa kwan no so no ase, enti ɔbɛyɛɛ obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.

Nanso, akyiri yi, ɔbarima no penee so sɛ ɔbɛhwehwɛ Bible no mu, na Yehowa Adansefo no mu biako boaa no. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohui sɛ Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ wɔyɛ abɔnefo ayayade wɔ hellgya mu. Bible de owu toto nna ho. Yɛnte ɛyaw wɔ ɔdamoa mu; yennim biribiara. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Ɔbarima no hui nso sɛ nnipa abɔnefo a Onyankopɔn bu wɔn sɛ wontumi nsakra no bɛka adamoa mu daa. (Mateo 12:31, 32) Wobenyan awufo a aka no wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu, a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ Paradise mu. (Yohane 5:28, 29; 17:3) Saa nkyerɛkyerɛmu yi tɔ asom. Ɛne Bible mu asɛm a ɛne sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” no hyia. (1 Yohane 4:8) Saa ɔbarima komapafo yi toaa Onyankopɔn Asɛm no sua so, na bere kɔɔ so no, n’ani begyee Onyankopɔn a ɔmaa wɔkyerɛw Bible no ho.

Amanehunu ne atɛnkyea a abu so nti na ɛmma ebinom nnye ntom sɛ Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ wɔ hɔ no. Wɔne Swedenni barima bi a bere bi ɔde ne nsa kyerɛɛ soro no yɛ adwene, nea obisae ne sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi aka sɛ ade nyinaa so tumfoɔ, Onyankopɔn a ɔyɛ ɔyamyefo kɛse bi wɔ soro hɔ bere a dwowtwa ne amumɔyɛ abu so wɔ asase so ha?” Esiane sɛ obiara antumi ammua n’asɛmmisa no nti, ɔno nso bɛyɛɛ obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Akyiri yi ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Ohui sɛ Onyankopɔn Asɛm ma asɛmmisa dedaw a ɛne, Dɛn nti na Onyankopɔn ma nsɛmmɔnedi ho kwan? no ho mmuae a ntease wom. *

Ɔbarima komapafo yi hui sɛ abɔnefosɛm a ɛwɔ hɔ no ankasa nkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Ɔbarima bi betumi ayɛ sekan a wɔde twitwa nam. Obi betumi abɛtɔ sekan no a ɔremfa ntwitwa nam, na mmom ɔde bedi awu. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wamfa sekan no anni dwuma ɔkwampa so no nkyerɛ sɛ ne yɛfo no nni hɔ. Saa ara na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔamfa asase anni dwuma ma ɛne atirimpɔw a enti wɔbɔe anhyia no nkyerɛ sɛ enni Yɛfo.

Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nnwuma yɛ pɛ. “Nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:4) Onyankopɔn ma onipa akyɛde pa, nanso onipa de akyɛde no bi adi dwuma akwammɔne so ma ɛde amanehunu pii aba. (Yakobo 1:17) Ne nyinaa mu no, Onyankopɔn de amanehunu bɛba awiei. Ɛno akyi no, “ahobrɛasefo benya asase no adi, . . . na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:11, 29.

Bere a Swedenni barima a yɛadi kan aka ne ho asɛm no huu amane a ne mfɛfo nnipa rehu no, ɛkaa ne koma. Nokwarem no, sɛnea ofi ɔdɔ mu susuw afoforo ho no ma ogye tom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɔkwan bɛn so?

Nnipa dodow no ara fam no, ade a wobetumi apaw de asi Onyankopɔn mu gyidi ananmu ara ne adannandi mu gyidi. Adannandifo kyerɛkyerɛ sɛ “nea otumi ne yɔnko na ɔkɔ so tra ase”—kyerɛ sɛ nnipa ne mmoa ne wɔn ho wɔn ho di aperepere na ama wɔatumi atra ase. Nea ne ho yɛ den no na ɔtra ase; nea ɔyɛ mmerɛw no na owu. Wɔka sɛ ɛyɛ ɔbrasu nhyehyɛe. Nanso sɛ ɛyɛ “ɔbrasu” sɛ ɛsɛ sɛ nea ɔyɛ mmerɛw wu na ama nea ne ho yɛ den atra ase a, ɛnde ɔkwan bɛn so na yɛbɛkyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa bi a wɔn ho yɛ den te sɛ Swedenni barima no hu wɔn mfɛfo amanehunu a, ɛka wɔn koma no mu?

Onyankopɔn a Yebehu No

Yɛrentumi nhu Onyankopɔn efisɛ onni honam nipadua. Nanso, Onyankopɔn pɛ sɛ yehu no. Ɔkwan biako a yebetumi afa so ahu no ne sɛ yɛbɛhwɛ ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa no—adebɔ mu “mfonini” ne “adwini.” Wɔ Romafo 1:20 no, Bible ka sɛ: ‘Onyankopɔn ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.’ Yiw, sɛnea mfonini anaa adwini a wubesua betumi aboa wo ma woahu odwumfo no nipasu no, saa ara na Onyankopɔn nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ho a wubesusuw betumi aboa wo ma woahu ne nipasu yiye.

Nokwarem no, yɛrentumi nhwɛ Onyankopɔn adebɔ nnwuma kɛkɛ nnya asetram nsɛmmisa a ɛhaw adwene no nyinaa ho mmuae. Nanso, yɛnam Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu a yɛbɛhwehwɛ so betumi anya nsɛmmisa a ɛtete saa no ho mmuae. Ɛyɛ Bible no a mmarima baanu a yedii kan kaa wɔn ho asɛm no de adwempa kenkanee no na ɛma wɔkae sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na nea ɛto yɛn no fa ne ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Sɛ wopɛ nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan no ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ hwɛ Is There a Creator Who Cares About You?, nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no ti 10.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]

J. Hester and P. Scowen (AZ State Univ.), NASA